Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 2/8 kr. 16-18
  • Bepɔw so Akaatia a Yɛkɔhwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bepɔw so Akaatia a Yɛkɔhwɛ
  • Nyan!—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛbɛn Wɔn Pɛɛ a Yebetumi Aso Wɔn Mu!
  • Equatorial Guinea—Anwonwade Ahorow Akorae-Fie
    Nyan!—1992
  • Ɔkwankyerɛfo A Ɔwɔ Adanse Horow A Ɛyɛ Nwonwa
    Nyan!—1982
  • Mmoa Ahemman No—So Ɛreyera?
    Nyan!—1983
Nyan!—1998
g98 2/8 kr. 16-18

Bepɔw so Akaatia a Yɛkɔhwɛ

Efi Nyan! kyerɛwfo a ɔwɔ Tanzania hɔ

EMU bɛyɛ 320 pɛ na wɔwɔ ogya bepɔw a ɛwɔ Rwanda ne Democratic Republic of Congo hye so no so. Uganda kwaebirentuw mu na 300 foforo wɔ. Wɔne bepɔw so akaatia—wɔka wiase nufuboa a wɔn ase reyɛ atɔre koraa no ho!

Amerikani mmoadoma ho nimdefo Dian Fossey bɔɔ mmɔden kɛse kanyan ɔmanfo no adwene baa nea ɛreba saa mmoa yi so no so. Fossey baa Afrika wɔ 1960 mfe no awiei hɔ besuaa bepɔw so akaatia ho ade. Saa bere no, na abɔmmɔfo a wowia wɔn ho kunkum mmoa no retɔre wɔn ase ntɛmntɛm. Nyansahufo kokodurufo yi nkutoo kɔtraa Virunga Mmepɔw mu, na ɔfaa akaatia a wɔwɔ hɔ no nnamfo ntɛm ara. Fossey tintim nea ohui no ho nsɛm wɔ nsɛmma nhoma ne Gorillas in the Mist (Akaatia a Wɔwɔ Kusukuukuu Mu) nhoma no mu. Bere kɔɔ so no, osii ne bo denneennen sɛ ɔbɛbɔ ne nnamfo a wɔn ho wɔ nhwi pii no ho ban, na ɔko tiaa abɔmmɔfo a wowia wɔn ho kunkum wɔn no ankasa. Nanso, ɔde n’ankasa nkwa twaa akodi no so, na otuafo bi a wonnim no kum no wɔ 1985 mu.

Ɔpɛ a na me ne me yere wɔ sɛ yɛn ankasa behu saa mmoa a wɔn ho dwo yi kanyan yɛn ma yesii gyinae wɔ 1993 mu sɛ yɛbɛkɔ baabi a akaatia no wɔ no. Yɛsrɛ sɛ, ma yɛnka nea yekohui wɔ yɛn abaninsɛmdi mu no ho asɛm nkyerɛ.

Yefi ase bere a akwankyerɛfo no de yɛn twa dɔnhwerew biako kwan foro Visoke ogya bepɔw a ne tenten yɛ mita 3,700 no kodu Volcanoes National Park a ɛwɔ Rwanda no ano no. Bere a yegye yɛn ahome no, yɛn akwankyerɛfo no kyerɛkyerɛ yɛn sɛnea ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade wɔ baabi a akaatia no wɔ no. Wɔka kyerɛ yɛn sɛ ahɔho baawɔtwe pɛ na wɔma kwan ma wɔkɔhwɛ saa mmoa yi da koro. Eyi ma nyarewa a ebetumi asan wɔn no so huan, na afei nso ɛmma wɔnyɛ basabasa.

Ɔkwankyerɛfo biako kae yɛn sɛ: “Sɛ yenya du kwae no mu pɛ a, ɛsɛ sɛ yɛkasa brɛoo. Eyi bɛboa yɛn ma yɛahu kwae no mu mmoa ne nnomaa foforo, efisɛ nkontromfi kɔkɔɔ, adowa, atwe, asono, ne ɛkoɔ mpo wɔ hɔ.”

Wɔkyerɛ yɛn nso sɛ nsasono ne ntɛtea wɔ wuram hɔ, na yɛbɛnantew kusukuukuu ne atɛkyɛ mu wɔ wuram hɔ. Me ne me yere hwɛ yɛn ho anim. Yensiesiee yɛn ho mmaa eyi! Nanso akwankyerɛfo a wɔwɔ adamfofa su no boa yɛn ma yɛn ntade a nsu ntumi mfɔw no ne mpaboa.

Afei yɛn kwankyerɛfo no kyerɛkyerɛ mu sɛ nnipa ho nyarewa taa san akaatia, enti nea ɛbɛyɛ na yɛabɔ wɔn ho ban no, obiara a ɔyare anaasɛ ebia onim sɛ nsanyare bi wɔ ne ho no nsan n’akyi. Akwankyerɛfo no mu biako ka sɛ: “Sɛ wugyina akaatia nkyɛn na wopɛ sɛ wobɔ waw anaa wonwansi a, yɛsrɛ sɛ dan w’ani hwɛ nkyɛn na bɔ mmɔden kata wo hwene ne w’ano. Kae! Yɛwɔ wɔn atrae a kusukuukuu wɔ no.”

Yɛbɛn Wɔn Pɛɛ a Yebetumi Aso Wɔn Mu!

Bepɔw no bɛyɛ donkudonku bere a yɛreforo no. Yedu soro bɛyɛ mita 3,000. Mframa no ano yɛ nwini, na ɛma ahomegu yɛ den, na anammɔnkwan no yɛ nteanteaa. Nanso yɛn ani gye hagenia dua a ɛyɛ fɛ a ne mman adennan, na ɛho afuw abosonhwi, aya, na nhwiren gu so no ho. Ɛma kwae no yɛ fɛ te sɛ paradise.

Afei akwankyerɛfo no fi ase hwehwɛ baabi a wohuu akaatia no nnɛra no, ɛwom sɛ akaatia di atutra daa hwehwɛ aduan foforo de. Obi teɛm sɛ: “Monhwɛ hɔ!” Ná akaatia a n’akyi te sɛ dwetɛ da wura tofoo, anaa ebuw so.

Ɔkwankyerɛfo no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔfrɛ no Umugome. Sɛ akaatia barima nyin di bɛyɛ mfe 14 a, n’akyi yɛ fitaa te sɛ dwetɛ. Afei wobu no sɛ kuw no so panyin. Nea n’akyi te sɛ dwetɛ no nkutoo na ɔforo akaatia mmea no nyinaa. Wɔpam nkumaa no mu biara a ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛforo mmea no ntɛm ara! Nanso, sɛ wɔn mu bi tumi kum nea n’akyi te sɛ dwetɛ no a, okunkum n’asefo nkae nyinaa nso. Afei, ɔpanyin foforo no bedi ade, na ɔne mmea a wɔwɔ kuw no mu wo.”

Bere a yedi akwankyerɛfo no akyi kɔ mpampuro kusuu no mu no, yɛn mu biako bisa sɛ: “Akaatia tumi tra ase bere tenten ahe?”

Obua brɛoo sɛ: “Bɛyɛ mfe 40.”

Bere a wɔte nteɛm kɛse te sɛ akaatia su no, obi yɛ “Sh! Sh! Dɛn ne no? Akaatia anaa?” Dabi, ɛyɛ akwankyerɛfo no mu biako na ɔreteɛm te sɛ akaatia, rebɔ mmɔden akanyan wɔn ma wɔagye so. Ɛbɛyɛ sɛ yɛabɛn wɔn pɛɛ!

Nokwarem no, wɔn mu bɛyɛ 30 wɔ yɛn anim bɛyɛ mita 5 pɛ! Wɔka sɛ yɛnkotow, na yɛnyɛ komm. Ɔkwankyerɛfo bi ka sɛ: “Mommfa mo nsa nnkyerɛ wɔn so, efisɛ wobesusuw sɛ moretow biribi abɔ wɔn. Yɛsrɛ sɛ monnteɛteɛm. Sɛ moretwa mfonini a, monkɔ bɔkɔɔ na monhwɛ yiye, na mommfa kanea a etwa yerɛw nnni dwuma.”

Yɛabɛn wɔn pɛɛ a yebetumi aso wɔn mu! Nanso ansa na obi betumi ayɛ saa no, ɔkwankyerɛfo bi ka sɛ: “Mommfa mo nsa nnka wɔn!” Bere a ɔka saa no, ɛnkyɛ, akaatia nkumaa bɛnenam yɛn ho hwɛ yɛn. Ɔkwankyerɛfo no de dubaa ketewa bi prɛprɛ wɔn nkakrankakra, na nkumaa a wɔyɛ asɛmpɛfo no de wɔn ho to fam di apiripiragorɔ munimuni siansian te sɛ mmofra nkumaa. Sɛ agodie no mu yɛ den dodo a, wɔn “maame” pata.

Nea n’akyi te sɛ dwetɛ no wɔ akyirikyiri rehwɛ yɛn. Ɔba yɛn so mpofirim, na aka mita kakraa bi ma wadu yɛn nkyɛn no, ɔtra ase. Ɔsõ na ne mu duru bɛyɛ kilogram 200! Ɔredidi a onni yɛn ho adagyew koraa sɛ ɔde n’adwene besi yɛn so, nanso n’ani da hɔ. Nokwarem no, adidi yɛ akaatia adwuma titiriw! Nea n’akyi te sɛ dwetɛ no betumi adi aduan bɛyɛ kilogram 30 da koro. Na mmoa a wɔwɔ kuw no mu biara de anibere hwehwɛ aduan fi anɔpa kosi anwummere. Ɛtɔ mmere bi a wutumi hu sɛ wɔreko “akɔnnɔduan” bi a wɔahu ho.

Aduan a wɔpɛ paa ne nnubaa akɛse mfinimfini. Wɔn ani gye wuram karɔt, afifide ahorow bi ntini, ne mpampuro mma ho. Ɛtɔ mmere bi a wɔde mpampuro mma ne akraate ahabammono, nsasono, sare, ne afifide ahorow ntini ne obobe frafra de yɛ “salad” mpo. Obi bisa sɛ: “Dɛn nti na nsasono no nhyehye akaatia bere a wosom yiyi ho no?” Ɔkwankyerɛfo bi kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔn nsayam nhoma no yɛ pipiripii.”

Yɛrehwɛ ade a ɛyɛ fɛ yi ara, mpofirim, ɔbarima kɛse no sɔre gyina, ɔde akuturuku bobɔ ne koko, na ɔteɛm denneennen! Ɔkɔ akwankyerɛfo no biako so, na aka kakra ma wadu ne nkyɛn no, ogyina. Ɔhwɛ ɔkwankyerɛfo no kɔɔ! Nanso yɛn kwankyerɛfo no bo ntu. Mmom no, ɔkotow su te sɛ akaatia, na ɔkɔ n’akyi nkakrankakra. Ɛte sɛ nea na nea n’akyi te sɛ dwetɛ no pɛ sɛ yehu n’ahoɔden ne ne tumi kɛkɛ. Nokwarem no, ɔma yehui!

Afei akwankyerɛfo no ka kyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ nkɔ. Ná yɛadi bɛboro dɔnhwerew biako wɔ mmoa a wɔn ho yɛ anika, na wɔn ho dwo yi nkyɛn sɛ ahɔho “wɔ kusukuukuu” no mu. Ɛwom sɛ yɛn nsrahwɛ no yɛ tiawa de, nanso ayɛ osuahu ahorow a ɛsen biara a yɛn werɛ remfi da no mu biako. Ɛma yesusuw Bible bɔhyɛ a ɛne wiase foforo a ɛreba, a emu na onipa ne aboa bɛtra asomdwoe mu daa no ho!—Yesaia 11:6-9.

[Asase mfonini ahorow a ɛwɔ kratafa 18]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Bepɔw so Akaatia Atrae

DEMOCRATIC REPUBLIC OF CONGO

Ɔtare Kivu

UGANDA

RWANDA

AFRIKA

Beae a Wɔatrɛw Mu No

[Asɛm Fibea wɔ kratafa 18]

Mountain High Maps® Copyright © 1997 Digital Wisdom, Inc.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena