Equatorial Guinea—Anwonwade Ahorow Akorae-Fie
Efi Equatorial Guinea Nyan! kyerɛwfo hɔ
WƆ AFRIKA no ɔman bi wɔ hɔ a asono ne akaatia da so araa nenam kwaem, na aguadi kɔ so a ɛte sɛ nea wonhu, na mmofra da so araa hima wɔn nsa kyerɛ anantefo. Na wɔn a wɔnte Afrika no mu kakraa bi na wɔate ho asɛm pɛn.
Ne din—Equatorial Guinea—no nyɛ mfomso. Ɛte sɛ nea ɔman yi a ne kɛse reyɛ ayɛ sɛ Belgium no bea equator no so. Wɔ December 1990 mu no, mekɔɔ amantam atitiriw abien no mu: Bioko supɔw ne Mbini, Afrika fã ketewaa bi no mu.
Ade a edi kan a ɛyɛɛ me nwonwa ne te a metee sɛ ɛhɔfo 350,000 no mu dodow no ara tumi ka Spain kasa yiye ka wɔn kurom kasa ahorow no ho no. Mihui sɛ ɛno nkutoo na abɛyɛ Afrika man a wɔka Spain kasa wɔ hɔ esiane nsɛm a esisii wɔ atubraman ho abakɔsɛm mu ade bi nti.
Europa Nkitahodi No
Bɛyɛ mfe 20 ansa na Columbus huu Amerika no, ná Portugesini ɔkwantufo Fernão do Pó rekyinkyin Gulf of Guinea na ohuu ogya bepɔw supɔw Bioko ne so wura kusuu no. Ɛyɛɛ no fɛ araa ma ɔfrɛɛ no Formosa (Fɛfɛ). Ɛno akyi mfe bi no, ɔkwantufo foforo a wagye din, Sir Henry Stanley, frɛɛ no “po mu agude.”
Nanso nkoatɔ a ennye no sɛee sɛnea na ɔmantam no mu yɛ fɛ no mfehaha pii. Beae a Bioko ne Corisco (Guinea supɔw foforo a ɛbɛn Mbini mpoano) dedae no ma ɛyɛɛ beae a eye a wobefi de Afrika nkoa akɔ Amerika. Efi afeha a ɛto so 16 kosi 19 no, wɔde nkoa ɔpehaha pii fi supɔw ahorow yi so kɔe.
Bioko ne mpoano a ɛbɛn hɔ a anka ɛyɛ Portugesifo de no bɛyɛɛ Spainfo de wɔ 1778 mu de siesiee aman abien no ntam asase manso wɔ Kesee Fam America no. Enti Spain nyaa n’ankasa nkoa fibea wɔ Afrika na egyaw Portugal nsase a ɛwɔ ne nsam wɔ Brazil no mu de sesae.
Nanso wɔantwa ahye no yiye, na na Spain atubrafo no nnɔɔso. Wɔ afeha a ɛto so 19 no mu, bere a Europafo refom Afrika atubraman ahorow no, Franse ne Germany kɛntɛn ɔman no ankasa so bere a na Britania afa Bioko supɔw no. Eduu 1900 mu ansa na wotwaa Equatorial Guinea ahye yiye, na ɛno akyi no ɛkɔɔ so yɛɛSpain atubraman kosii sɛ enyaa fahodi wɔ 1968 mu.
“Wɔserew Kyerɛ Wo Bi”
Mihui sɛ Equatorial Guineafo no yɛ amanfrafo a wɔn ho yɛ anigye. Bubefo wɔ Bioko supɔw no so, na Hausafo a wɔyɛ nnipa atenten no dɔɔso wɔ nkuropɔn atitiriw abien no mu. Wɔyɛ atubrafo a wofi kusuu fam, wɔn na wɔyɛ Guinea aguadifo titiriw. Fangfo na wɔdɔɔso yiye wɔ ɔman no fa a ɛyɛ asasepɔn no so, na wɔn na wɔyɛ aban adwumayɛfo titiriw. Guineafo pɛ serew, na ɛma Fangfo bɛ bi a ɛka sɛ, “Wɔserew kyerɛ wo bi” no yɛ nokware.
Adwinni ne amammerɛ da so ara wɔ hɔ yiye. Sɛnea Guineafo sisi wɔn afie no yɛɛ me anigye, ɛwom sɛ ɛnyɛ fɛ pii na wɔde wuram nneɛma na asisi de. Apofofo da so ara sen wɔn ankasa akorow na wɔnam saa tete akwan horow yi so yi mpataa.
Da biara Guineafo ɔpepem pii kɔ Bata ne Malabo, ɔman no mu kuropɔn atitiriw no abɔntengua no so. Gua so a mekɔe no ma minyaa nnipa no ne wɔn asetra ho ntease bi. Wɔtontɔn nneɛma ahorow nyinaa bi wɔ gua no so—efi adwinnade adedaw so kosi nkontromfi so (kontromfi nkwan yɛ dɛ). Samina a wɔyɛe wɔ fie ntoa ahorow ne ase ne aanwo a wɔahyehyɛ no fɛfɛ abu so wɔ hɔ. Wɔ Guinea no, wommu bere ho akontaa pii, na mihui sɛ ɛte sɛ nea wɔntoto aguadidan ahorow no mu da, anyɛ yiye koraa no kosi sɛ ade bɛsa anaasɛ wɔatɔn mu nneɛma nyinaa.
Wɔ Fangfo nkuraa pii ase no, mihuu amanfo asese akɛse. Wɔka kyerɛɛ me sɛ wɔfrɛ no Casa de la Palabra (Asɛm no Fie). Ɛha na nkuraasefo no hyia di wɔn ntam nsɛm, bere a afanũ no abɔ wɔn nkuro, anaasɛ wɔaka wɔn “nsɛm” awie no. Ɛnyɛ ɔdan a wɔatare nti ɛma obiara a ɔpɛ no tumi tie asenni no bi.
Kwae No—Agyapade a Ɛsɛ Sɛ Wɔbɔ Ho Ban
Nanso me fam de, kwae no titiriw na ɛkyerɛ sɛnea Guinea te ankasa. Sɛ yefi nkurow no mu a, kwae kusuu no ma ɛyɛ tesɛ nea yɛnam ɔkã bi a ɛyɛ ahabammono mu. Ahabammono yɛ Guinea su, ahabammono ahorow nyinaa bi, ahabammono a sɛ osu biara tɔ tew a ɛhyerɛn foforo. Wura frɔmfrɔm, mpampuro akuw akɛse, ne nnua ahorow ɔhaha pii no abom akata asase no ani. Kwae no—a ɛyɛ hwanyann nanso ɛbom koro—no yɛ biribi a ɛsɛ sɛ wɔ bɔ ho ban wɔ yɛn okyinsoroma a wɔapra so nyinaa yi so.
Equatorial Guinea afã horow pii da so araa yɛ kwaeberentuw, na emu bi wɔ hɔ a wɔapaw sɛ wɔde bɛyɛ ɔman no anigyebea ahorow. Na ɛnyɛ fɛ nko kwae no yɛ. Ɛma Guineafo no nya aduan, nnyina, ne mpo aduru. Ɛnyɛ nwonwa sɛ kwaem dua kɛse, onyaa na ɛyɛ Guineafo no ɔman agyiraehyɛde titiriw.
Mantumi sɛ ankwati m’ani a ebegye Bioko fɛ a ɛyɛ no ho, ne fɛ a Europa akwantufo a wodii kan kɔɔ hɔ mfe ahanum a atwam ni no nso ani gyee ho no. Ɛyɛ supɔw a mmepɔw pii wɔ so ná ogya mmepɔw abon a emu bi ayɛ atare deda so maenti ɛma nneɛma a wotumi hu wɔ hɔ no gu ahorow. Ɛka kakraa na bepɔw a ɛware sen biara wɔ supɔw no so no tenten adu mita 3,000, na nnomaa ne mfofantɔ a wɔyɛ fɛ ahorow pii wɔ kwae a ɛdeda ho no mu na ɛma afifide no fɛ a ɛyɛ no ye kɛse.
Wɔ bepɔw no atifi no, m’ani gyee aserewa a na wodi akɔneaba wɔ wura ne nhwiren a ɛwɔ bepɔw no ho so no ho. Anini no ho ntakra ahabammono ne kɔkɔɔ no twaa nyinanyinam wɔ awia no mu te sɛ aboɔden abo. Te sɛ America apẽẽpẽẽ no, wɔde boaseto twe nhwiren akɛse mu nsu dɛdɛ no anaasɛ wɔsosow nkoekoemmoa a wohu wɔn wɔ ho no.
Kwae no mu Mmoakuw Soronko
Mmoa pii wɔ kwae no mu, titiriw kwae a ɛwɔ ɔman no ankasa mu no. Ɛko, ne asono mu ahorow bi a wɔyɛ nketewa sen nea ɛwɔ Afrika sare so no wɔ kwaeberentuw no mu, nanso ebia mmoa titiriw a wɔwɔ kwae no mu ne akaatia a wɔn dodow rekɔ fam wɔ Afrika nyinaa no. Me ne akaatia ba bi a abɔmmɔfo akum ne nã dii agoru. Ne mmɔboronim no ma mekaee nea onipa de bɛyɛ akaatia daakye a yennim no.
Mfe aduonu anum a atwam ni no, ɛyɛɛ wɔn a wosua abɔde ho nsɛm a wɔwɔ wiase nyinaa no nwonwa sɛ wɔtee sɛ wɔahu akaatia ofiri wɔ Guinea. Na ɛne bere a edi kan a wɔate sɛ akaatia mu ofiri wɔ hɔ. Na ne ho nhwi yɛ fitaa koraa, na na ne honam yɛ kɔkɔɔ na n’aniwa yɛ bruu. Wɔtoo ne din sɛ Copito de Nieve (Sukyerɛmma Ketewa) na awiei koraa no wɔde no kɔɔ Barcelona mmoa turo no mu wɔ Spain, beae a nkurɔfo da so ara kyerɛ ne ho anigye.
Ade a edi kan a mehyɛɛ no nsow wɔ kwae no mu ne sɛ mmoa kakraa bi na wotumi hu wɔn ankasa. Wɔn mu pii da awia, anadwo ansa na dwumadi ankasa kɔ so wɔ kwaem hɔ. Sɛ edu anwummere a, mpan ɔpepem pii tu kyinkyin kwae no nnua no so, na patu a ɔkyere mpataa fi wɔn nsuwansuwa ne nsubɔnten ho a wokyin anadwo biara no ase. Apɔsɔw a wɔn aniwa akɛse no kyinkyin nnuam te sɛ nea ɛyɛ awiabere.
Sɛ ade kye a, nnomaa ne mfofantɔ titiriw na wɔma kwae no mu yɛ anigye na ɛyɛ fɛ. Mfofantɔ akɛse a wɔwɔ dua te sɛ asomfena a wɔn ntaban yɛ tuntum ne ahabammono a wotutu basabasa no na wɔn ho yɛ fɛ yiye. Wɔ nnua no so no, mmorɔma sũ ne anwãm a wɔn ho nyɛ fɛ no de di afra.
Wɔ kwae no ase no, mihuu ɔketew bi a ne ho yɛ bruu ne akokɔsrade a wama ne ti so wɔ dufunu bi so. Obutuw hɔ komm a nea ɔyɛ ara ne sɛ ɔtwetwe ne tɛkrɛma de fa ntɛtea biara a ɔbɛn no.
Me ti anyɛ yiye nti manhu Guinea nsu mu mmoa a wɔda nsow no mu biako. Apɔtrɔ a ɔso sen biara wɔ wiase a wɔfrɛ no Conraua goliath wɔ Asubɔnten Mbía aworoe no ho ne ano. Saa mpotrɔ yi mu duru tumi du kilo 3 anaa nea ɛboro saa, na efi wɔn ti besi wɔn nan ase no, wɔn tenten bɛyɛ mita 0.9. Sɛnea National Geographic nhwehwɛmufo Paul Zahl kyerɛ no, sɛ wohuruw kɛse biako pɛ a, wɔn anan a ahoɔden wom no tumi de wɔn kɔ mita 3.
Wɔ Equatorial Guinea no owi a ɛrekɔtɔ no nyɛ kɔkɔɔ pii, biribi a ɛkyerɛ sɛ efĩ nni mframa no mu te sɛ wiase no mmeae afoforo. Adetɔfo kuw no nsɛee ade ahe biara, na kwae no mu nnua no siesie mframa no da biara. Wiase no mmeae a wɔnsɛee no yi yɛ kakraa bi na wɔn ntam kwan ware. Yɛwɔ awerɛhyem sɛ, saa nkyempɛ hɔ akorade yi bɛkɔ so ayɛ emu biako.
[Asase mfonini a ɛwɔ kratafa 16]
(For fully formatted text, see publication.)
AFRICA
Equatorial Guinea
EQUATOR
[Asase mfonini]
Bioko
Mbini
[Kratafa 18 mfonini]
akaatia ba
Pel ɔpatu a ɔkyere mpataa
apɔsɔw
Africa afofantɔ
[Kratafa 17 mfonini]
Mpataayifo da so ara sen wɔn akorow
Ɔmanfo ɔsese ( “Casa de la Palabra”) faako a nkurasefo no hyia di nsɛm