Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g84 7/8 kr. 24-26
  • So Wobetumi Akora Yɛn Kwae Ahorow No So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wobetumi Akora Yɛn Kwae Ahorow No So?
  • Nyan!—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kwae Ahorow a Ɛresa
  • Onipa Asodi
  • Ɛyɛ Nea Anibere Wom
  • Kora a Wɔbɛkora So Ho Nhyehyɛe Horow
  • Ɛda a Wɔde Bebu Akontaa?
  • Kwaebirentuw Ahorow—So Yebetumi De Adi Dwuma a Yɛrensɛe No?
    Nyan!—2003
  • ‘Wɔma Yehowa Nnua Mee’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Kwaebirentuw Ahorow—So Wobetumi Akora So?
    Nyan!—2003
  • Asase Bi A Kwae Nni So​—So Ɛno Ne Nea Ɛbɛba Daakye?
    Nyan!—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1984
g84 7/8 kr. 24-26

So Wobetumi Akora Yɛn Kwae Ahorow No So?

Efi Canada “Nyan!” kyerɛwfo hɔ

HWƐ anigye ara a ɛyɛ sɛ wobɛnantew kwae a ɛyɛ fɛ mu! Ɛkanyan wo ma wususuw sɛnea nnua akɛseakɛse yi nkɔnmu kɔka soro no ho. Bere a wutiatia apopobibiri a ɛte sɛ sumii tofoo ne nsɔe ahorow so no, wodwene nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ná nnua binom a ɛda so ara si hɔ nnɛ no yɛ nnua nketenkete bere a Onyankopɔn Ba no nantew asase so mfeha 19 a atwam ni no.

Kwae Ahorow a Ɛresa

Wɔasɛe kwae ahorow no akosi he? Wɔ 1980 mu no, Newsweek nsɛmma nhoma no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Wɔ bere a ebegye na wode akenkan saa asɛntiaa yi mu no, kwae a ne kɛse yɛ ahama 8 bɛsa.” Ɛtoaa so sɛ: “Ná nea ɛreyɛ adu kwae asase a ɛwɔ wiase no fã betumi asa efi 1950, na mprempren nea ɛsa afe biara no bɛyɛ ɔha biara mu 1 anaa 2​—ahama bɛyɛ ɔpepem 24 kosi 50.” Ɔbenfo Erik Eckholm kae sɛ: “Eye sɛ yɛbɛka nokware no sɛ, nea wɔresɛe no afe biara no bɛyɛ te sɛ aman a wɔfrɛ no Cuba no kɛse.”

Mprempren amanneɛbɔ ahorow kyerɛ sɛ kwae nsase a na mfiase no ɛwɔ Latin America no nkyem abiɛsa mu abien yɛ nea wɔasɛe no. Wɔ Afrika no, kwae nsase no mu fã asa. Thailand kwae nsase no nkyem anan mu biako yɛ nea wɔayɛ so adwuma wɔ mfirihyia du pɛ a atwam no mu. Wɔ Philippines no, wɔsɛee kwae asase no nkyem ason mu biako wɔ mfirihyia anum a etwaam no mu. Yebetumi akɔ so ara aka pii ho asɛm. Ampa, ɛsɛ sɛ wɔkɔ so ara de nnua ho nneɛma ahorow di dwuma, nanso ɛyɛ nea ɛhaw adwene kɛse sɛ wubehu sɛ wɔresɛe ade a mfaso wɔ so kɛse yi.

Onipa Asodi

Wɔde nnua di dwuma wɔ akwan horow a ɛyɛ nwonwa so nnɛ.

Bere a wohu hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ wobenya mfaso no, adwumayɛkuw akɛse no agye kwae nsase a ɛwɔ asase so no ahorow pii na wɔasɛe no wɔ ɔkwan a nyiyim biara nni mu so. Wɔn botae ne sɛ “wobetwa na wɔaguan,” a nea ɛde bɛba no mfa wɔn ho.

Nnɛyi mfiri ahorow ama eyi atumi aba saa sen bere biara a atwam. Sɛ́ anka wɔde abonnua na ebebu no, wɔde nnɛyi mfiri ahorow a ano yɛ den na ebubu nnua ahorow yi. Mfiri akɛse a ɛwɔ ahoɔden yiye boaboa nnua yi ano na ebubu nnua nketewa a ɛwɔ ne kwan mu nyinaa. Afiri foforo bi nso wɔ hɔ a bere a abubu nnua no akosi kwae no mu no, ɛde ahama a ɛyɛ dade so dunsin no mu na etutu dua no ne ne ntini nyinaa te sɛ nea wututu nwura wɔ wo turom no. So wubetumi asusuw nea ɛbɛka wɔ kwae no mu akyiri yi no ho?

Ɛyɛ Nea Anibere Wom

Hena na adesɛe a ɛte sɛɛ ho asodi da no so? Amazon no, adwumayɛkuw ahorow a ɛde nam hyehyɛ nnaka mu kɔ aman afoforo so a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛma aman a woanya nkɔso kɛse no anya nam pii a ne bo nyɛ den no gye ɛho asodi no fã kɛse no ara to wɔn ho so.

Nanso sɛ́ ɛyɛ nea wotwa na wɔpae a wɔfrɛ no borɔfo mu timber no bi anaasɛ ɛyɛ nea wɔde yɛ nnaka a wɔde nam gu mu no, sɛe a wɔsɛe no no kɔ so ara. Enti, nyansahufo ahorow a wɔagye din kɛse gye di sɛ ebedu afeha yi awiei no, nnua nketewaa a ɛwɔ nwuram no bɛyɛ nea ɛrentumi nyin papa​—sɛ wɔansɛe ne nyinaa mpo a.

Ade foforo a eyi betumi de aba ne nsakrae wɔ osutɔ mu, a ebetumi ama ɔpɛ akɔ so asi wɔ mmeae atitiriw a wɔyɛ kuadwuma wɔ Europa ne North America no. Nhoma a wɔfrɛ no The Forest Killers no kae sɛ: “Wɔ ne nyinaa mu no, yɛresɛe ade koro no ara a ɛma yenya mframa ne nsu no.”

Kora a Wɔbɛkora So Ho Nhyehyɛe Horow

Wɔrebɔ mmɔden ahorow sɛ wɔbɛkora kwae nsase ahorow no so. Wɔ aman binom so no, tumi nkrataa a wɔma ne ɛho mmara ahorow mu reyɛ den kɛse. Nnua dua ho adwuma ahorow ne nhyehyɛe afoforo rekɔ so kɛse wɔ Canada, United States, Japan ne Philippines. Nnua adwumayɛkuw ahorow binom yɛ nnua mfuw ahorow sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akɔ so anya bi bere nyinaa. Wɔresan adua wɔ mmeae horow pii a wɔatwa nnua no ma asase no so da hɔ no.

Ɛwom, egye bere na nnua de anyin. Enti, wɔreyɛ nhwehwɛmu ahorow wɔ nnua a etumi nyin ntɛm ho a wɔwɔ anidaso sɛ ɛbɛboa ma wɔasiw wiase kwae nsase a ɛresa no ano. Nnua yi tumi nyin ma ne tenten du bɛyɛ anammɔn 50 wɔ afe biako mu, na afei nso etumi siw gya a ɛdɛw wɔ kwae mu ano.

Ade foforo a wɔreyɛ na wɔde akora so ne si a wɔresi so dua sɛ wɔmfa nnua ho nneɛma a na kan wobu sɛ mfaso nni so no nyɛ adwuma no. Nnua a wotwa mprempren no mu ɔha biara mu 43 pɛ na wɔde di dwuma a mfaso wɔ so. Wɔ nnɛyi nhwehwɛmu ahorow mu no, wɔde nnua a wɔapae ase nkae no yɛ ntaboo ahorow bi. Wɔde nnua ho abona ahorow reyɛ nneɛma ahorow a wotumi de bɔ ɔdan so, nnuru ne nneɛma afoforo pii. Nnua asinasin ne nea akyeakyea a wontumi mfa nyɛ adwuma a wɔpɛ no yɛ nea wɔde mfiri twitwa de yɛ nkongua anan ne nneɛma afoforo pii. Bere a nhwehwɛmu ahorow kɔ so no, ɛba bɛyɛ te sɛ nea ɔkyerɛwfo biako kae no, “wobetumi anya dua ho nimdeɛ de adi, ɛkame ayɛ sɛ, nneɛma biara a onipa ne mmoa a wɔte ase hia ho dwuma, na ɛnam saa yɛ so abɛyɛ ade a ɛho hia titiriw wɔ anibuei mu.”

Ampa, kwae mu nneɛma a wohia no dɔɔso. Wobu akontaa sɛ nea nnua adwumayɛkuw ahorow no hia no dodow yɛ nea ɛkɔ anim yiye! Enti ka a wɔreka sɛ wɔnkora kwae ne nnua ahorow so no yɛ nea wɔrebu ani agu so denam mfiri akɛse a wɔde bu nnua ne nneɛma afoforo so. Esiane sɛ kwae biara nni hɔ a ɛma wonya onwini nti, nsuten ahorow taa yɛ nea emu yɛ hyew dodo ma nsu mu nam sɛ wɔbɛtra mu. Mmoa ahorow fi asase no so. Wɔ kwae nsase a ɛso yɛ hyew so no, awia no ano den no ma asase no kyen araa ma sare mpo ntumi nyɛ yiye wɔ so.

Ɛda a Wɔde Bebu Akontaa?

Akyinnye biara nni ho sɛ ebi wɔ hɔ! Yehowa, Ɔbɔadeɛ no, ahyɛ bɔ sɛ ‘ɔbɛsɛe wɔn a wɔasɛe asase no.’ (Adiyisɛm 11:8) Yebetumi anya ahotoso sɛ wobesiw asase yi kwae ahorow a wɔresɛe no no ano nnansa yi ara.

Bere foforo a wubenya hokwan anantew kwae a ɛyɛ fɛ bi mu no, gye bere na ma w’ani nnye saa hokwan a woanya no ho ankasa. Home mframa pa a efĩ biara nni mu no bi, na twe nnua ahorow a ne nhwiren yɛ huam no bi kɔ wo mu. Gyina hɔ komm na tie nnyigyei brɛoo a ɛwɔ kwae mu no. Hwɛ, na susuw nneɛma ahorow no ho, nhwiren ne nnua afoforo pii a ɛwɔ hɔ​—ne nyinaa yɛ Ɔbɔadeɛ a ɔwɔ ɔdɔ nsa ano adwuma a ɛyɛ fɛ.​—Dwom 69:34; Romafo 1:19, 20.

Na bere a wonenam nnua bi mu na w’ani agye no, wubetumi anya ahotoso wɔ ade biako yi ho: Yehowa Nyankopɔn bɛkora kwae ahorow no so, sɛ onipa renyɛ saa a.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 26]

“Monka amanaman mu sɛ, [Yehowa] di hene, na wiase tim hɔ a ɛrenhim, na obedi aman so trenee mu. Ɔsoro ani begye na asase ho asan no, ɛpo ne ne mãyɛ bɛworo. Petee mu ne nea ɛwom nyinaa bedi ahurusi, ɛno na kwae mu nnua nyinaa bɛte ahosan nnwom, [Yehowa] anim, na ɔreba, na ɔreba abebu asase atɛn. Ɔrebu wiase atɛn trenee mu, ne amanaman, ne nokware mu.”​—Dwom 96:10-13

[Diagram/Map on page 25]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)

Kwae Nsase a Ɛsa Afe Biara

Wɔ Asia ne Nsupɔw ahorow so Nhama ɔpepem 4.9 afe biara.

Wɔ Amerika Nhama ɔpepem 13.8 afe biara

Wɔ Afrika Nhama ɔpepem 8.9 afe biara

Wɔsɛe kwae asase a ne kɛse bɛyɛ sɛ Netherlands mmɔho anan afe biara

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena