Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 7/8 kr. 19-20
  • Kwaebirentuw Ahorow—So Wobetumi Akora So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kwaebirentuw Ahorow—So Wobetumi Akora So?
  • Nyan!—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nneɛma a Kwae a Wɔsɛe no Ma Yɛhwere
  • Asetram Nneɛma a Ne Sɛe Nyɛ Den
  • Kwaebirentuw Ahorow—Hena na Ɔbɛkora So?
    Nyan!—2003
  • Kwaebirentuw Ahorow—So Yebetumi De Adi Dwuma a Yɛrensɛe No?
    Nyan!—2003
  • Kwae
    Nyan!—2023
  • Asase Bi A Kwae Nni So​—So Ɛno Ne Nea Ɛbɛba Daakye?
    Nyan!—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2003
g03 7/8 kr. 19-20

Kwaebirentuw Ahorow—So Wobetumi Akora So?

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ BOLIVIA HƆ

RAMIRO wɔ kwaebirentuw bi a omununkum si wom a ɛda obon mu.a Saa obon yi a ɛda nkoko a ɛwɔ Amerika Anafo fam Andes Mmepɔw ase mu no yɛ mpɔtam hɔ mmeae kakraa bi a tete nnua da so ara sisi no mu biako. Wɔasɛe mmepɔw no ho kwae nyinaa. Nyansahufo fi mmaa nyinaa besua Ramiro kwaebirentuw no mu mmoa ahorow ho ade, na wɔahu wɔn mu pii a wɔnkaa wɔn ho asɛm da. Ramiro ani gye ho paa sɛ ɔbɛkora kwae no so. Ɔka sɛ: “Meremma kwan mma wommu me kwae no mu nnua da.”

Nea ɛne eyi bɔ abira no, Roberto hwɛ kwaebirentuw a ɛyɛ kilomita ahinanan 5,600 so wɔ Amazon asubɔnten no ho. Ɔyɛ obi a ɔhwɛ kwae so na obu nnua tɔn wɔ wiase no mmeae ahorow. Nanso, Roberto ani gye ho paa nso sɛ ɔbɛbɔ kwaebirentuw ne emu mmoa ahorow ho ban. Ɔka sɛ: “Wobetumi abu kwae mu nnua a wɔrensɛe emu afifide ne mmoa ahorow no koraa.”

Ɛwom sɛ ɛsono Ramiro tebea na ɛsono Roberto de de, nanso sɛnea wɔyɛ kwaebirentuw ahorow no haw wɔn baanu nyinaa yiye. Ɛnyɛ wɔn nkutoo na ɛhaw wɔn. Wɔ mfe kakraa a atwam mu no, kwaebirentuw ahorow a wɔsɛe no a wonnwen ho no anya nkɔanim ma ɛyɛ hu.

So haw a ahaw wɔn saa no yɛ nea ɛtra so? Anyɛ yiye koraa no, nkurɔfo buu kwae pii a na ɛwɔ mmeae a wim nyɛ hyew pii no mu fã kɛse no ara wɔ mfehaha pii a atwam no mu sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatumi ayɛ kua titiriw. Ɛnde, sɛ nnipa a wɔwɔ mmeae a osu tɔ na owia bɔ kɛse no yɛ saa ara a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔma ɛhaw wɔn? Nsonsonoe atitiriw bi wom. Sɛ nhwɛso no, kwaebirentuw taa nyin wɔ nsase a srade nnim so, wɔ faako a kuayɛ ntumi nyɛ yiye. Afei nso, kwaebirentuw ahorow mu afifide ne mmoa ahorow dɔɔso yiye; sɛ wɔn ase tɔre a, ɛka adesamma nyinaa.

Nneɛma a Kwae a Wɔsɛe no Ma Yɛhwere

Wohu wiase no mu abɔde a nkwa wom no mu bɛboro fã wɔ kwaebirentuw ahorow mu. Efi nkontromfi a wɔn dua yɛ atenten ne asebɔ so kosi abotan so nhwi a ɛho yɛ na ne nhwiren ahorow so, efi awɔ ne mpɔtorɔ so kosi mfofantɔ a wɔn ho yɛ na ne nkoo so—abɔde ahorow no dɔɔso dodo sɛ yebetumi abobɔ wɔn din.

Abɔde ahorow tumi tra kwaebirentuw ahorow pii mu. Yɛwɔ mmepɔw so kwae ahorow a omununkum si wom a entumi nnyin ntɛmntɛm, kwae a emu yɛ sum a nnua no nhaban abua kusuu, ne kwae a nnua no ntam tetew. Nanso, nnipa dodow no ara nkɔɔ kwaebirentuw mu da. Ebia wonkɔɔ ebi mu da. Ɛnde, dɛn nti na ɛsɛ sɛ woma mmeae a ɛte saa ho asɛm hia wo?

Kwaebirentuw ahorow so kora ho hia ma wo efisɛ ɔkwan bi so no, wonya nnua a wɔtɛw ne nea wɔtɔn a wode di dwuma no fi nea wɔntɛw a ɛda so ara wɔ kwae ahorow a ɛte saa mu no mu. Ɛtɔ mmere bi a, saa kwae mu nnua yi mu na wonya nnua foforo a nyarewa ne mmoawa ntumi nsɛe no no fi. Enti kwae mu nnua ahorow a yenya no ho hia.

Afei nso, nhwehwɛmufo renya nneɛma a mfaso wɔ so afi kwaebirentuw ahorow mu. Sɛ nhwɛso no, wɔde kwaebirentuw mu nnua na ɛyɛɛ nnuru a wɔde di dwuma nnɛ no dodow no ara. Enti wɔtaa de kwaebirentuw mu abɔde ahorow pii toto nhomakorabea ho, nanso ɛyɛ nhomakorabea a wɔnkenkanee emu “nhoma ahorow” no dodow no ara.

Asetram Nneɛma a Ne Sɛe Nyɛ Den

Kwaebirentuw mu nneɛma dɔɔso paa na ne sɛe nyɛ den. Nneɛma a nkwa wom ɔpepem pii dan wɔn ho wɔn ho. Sɛ nhwɛso no, nnomaa, nkoekoemmoa, ne mmoa pɔtee bi na ɛma afifide dodow no ara tumi nya nea ɛma ɛsow aba na ɛma ase trɛw kɔ mmeaemmeae. Wɔ nkwa kyinhyia a asete yɛ den mu no, kwae no siesie emu abɔde a nkwa wom nyinaa, a afifide, mmoa, nkoekoemmoa ne mmoawammoawa ka ho. Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ mpɛn pii no abɔde a nkwa wom yi ne wɔn dwumadi gyina dɔte a srade nnim so. Sɛ wɔsɛe eyi pɛ a, ebetumi ayɛ den sɛ kwae a ɛte saa no bɛsan anyin bio.

Nnipa pii nya wɔn ano aduan fi kwaebirentuw yi mu. Wɔ ma a kwaebirentuw no ma wonya beae a wɔyɛ nyansahu mu nhwehwɛmu ne mmeae a nnipa bɛhwehwɛ hɔ akyi no, ɛho hia na ama wɔanya ntaboo, nnuaba, ɛwo, rɔba ne aneneduru atɔn. Nanso, kwaebirentuw ase retɔre ntɛmntɛm ma ɛyɛ hu. Wogye ne dodow ho kyim, nanso nokwasɛm biako da adi pefee: Wɔretɔre kwae ahorow ase ntɛmntɛm.

Nea ɛma adehwere yi yɛ awerɛhow titiriw ne sɛ wɔtaa sɛe kwaebirentuw de nya mfaso ketewaa bi a ɛtra hɔ bere tiaa bi. Wɔadan kwae ahorow yi pii anantwi adidibea. Nanso, mpɛn pii no, asase no mma wonnya afifide a wohia no na wogyaw to hɔ. Wɔbɔ amanneɛ sɛ wɔagyaw asase kilomita ahinanan 165,000 ato hɔ saa wɔ Brazil Amazonia.

Anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma kwaebirentuw ahorow ne emu mmoa pii no? Ramiro, Roberto, ne afoforo pii a wɔte sɛ wɔn rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛbɔ kwaebirentuw ahorow ho ban wɔ amanaman ntam aguadifo, nnipa a wɔredɔɔso dodo, mfirisumfo, abɔmmɔfo ne nnuatwafo a mmara mma wɔn kwan no ho. Nanso, nneɛma atitiriw bɛn na ɛma wɔsɛe kwae ahorow no? So ɔkwan bi wɔ hɔ a yɛbɛfa so de kwaebirentuw mu nneɛma pii no adi dwuma a yɛrensɛe no?

[Ase hɔ asɛm]

a Kwae a omununkum si wom yɛ kwaebirentuw a enyin wɔ mmepɔw a ne sorokɔ boro mita 1,000 so.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 19]

Wohu wiase no mu mmoa ne afifide pii no mu dodow no ara wɔ kwaebirentuw ahorow mu

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 20, 21]

Nnuatwafo ne akwan a wɔpae no betumi asɛe kwaebirentuw

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena