Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 7/8 kr. 26-27
  • Kwaebirentuw Ahorow—Hena na Ɔbɛkora So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kwaebirentuw Ahorow—Hena na Ɔbɛkora So?
  • Nyan!—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nneɛma Titiriw a Ɛsɛe Kwae
  • Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ Ma Kwaebirentuw Ahorow?
  • Kwaebirentuw Ahorow—So Wobetumi Akora So?
    Nyan!—2003
  • Kwae
    Nyan!—2023
  • Kwaebirentuw Ahorow—So Yebetumi De Adi Dwuma a Yɛrensɛe No?
    Nyan!—2003
  • Asase Bi A Kwae Nni So​—So Ɛno Ne Nea Ɛbɛba Daakye?
    Nyan!—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2003
g03 7/8 kr. 26-27

Kwaebirentuw Ahorow—Hena na Ɔbɛkora So?

ƐSƐ sɛ obiara a ɔpɛ sɛ odi ɔhaw ahorow a ɛfa kwaebirentuw ahorow ho no ho dwuma no di kan di nneɛma a ɛde ba no ho dwuma. Ɛne dɛn? Ɔhaw no nyɛ nhyɛso a nnipa a wɔredɔɔso dodo no de ba no ara kwa. Asase no afã horow a srade wom no betumi awowaw wiase no mu nnipa—ama aboro so mpo.

Nokwarem no, mfuw mu nnɔbae a ebu so a ɛma nnuan bo kɔ fam no haw aman bi so nniso ahorow. Nniso no bi hyɛ akuafo nkuran sɛ wɔmfa wɔn asase nyɛ ahomegyebea, te sɛ nhyiambea, baabi a wɔbɔ gɔlf, ne mmoa atrae a wɔagye ho ban.

Dɛn nti na wiase no mu kwae ahorow resa? Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ nneɛma a ɛde ba no kɔ akyiri sen nea yɛaka ho asɛm dedaw no.

Nneɛma Titiriw a Ɛsɛe Kwae

Bere tenten ansa na nnipa redɔɔso dodo nnɛ no, na nniso pii sɛe kwae ahorow bere a na wɔrehwehwɛ tumidi ne ahonyade no. Sɛ nhwɛso no, hia a na Britania Ahemman no hia nnua de ayɛ ahyɛn no ma wɔsɛee Britania adum, ne afei Burma ne Thailand teak kwae ahorow no. Saa ahemman koro no ara buu India kwae ahorow mu nnua de sɔɔ atonnan mu gya. Wɔdɔw kwae afoforo de yɛɛ rɔba, kɔfe, ne kookoo mfuw.

Nanso, wɔ wiase ko a ɛto so abien akyi no, mfiri a wɔde bu nnua ne katapila ma wotumi buu kwae pii gui. Wobuu kwae ahorow a ne sɛe nyɛ den de hwehwɛɛ ahonyade.

Nnwumakuw akɛse tɔɔ nsasebere akɛse de mfiri twaa so nnɔbae a ɛbɛma wɔanya mfaso pii. Esiane sɛ woyii nkuraa no asefo mpempem pii adi fii adwuma mu nti, wotu kɔtraa nkurow akɛse mu. Nanso, wɔhyɛɛ afoforo nkuran sɛ wontu nkɔtra kwaebirentuw ahorow mu. Na wɔtaa kamfo mmeae a ɛte saa no kyerɛ sɛ “asase a nnipa nte so a wɔde ma nnipa a wonni asase.” Eduu bere a nkurɔfo hui sɛnea ɛyɛ den sɛ wɔbɛyɛ kua wɔ saa mmeae no, na aka akyi dodo—wɔabu kwae akɛse agu.

Aban mpanyimfo a wɔn bra asɛe nso aboa ma wɔasɛe kwae ahorow pii. Wogye sika kɛse wɔ tumi krataa a wɔde bu nnua ho. Wonim sɛ aban mpanyimfo bi a wonni nokware ama nnwumakuw a wobu nnua a wonnwen kora a wɔbɛkora kwae so no ho no bere tiaa mu tumi krataa de agye adanmude.

Nanso, ade titiriw a ebetumi atɔre kwae mu mmoa ase no nyɛ nnuatwa, na mmom kwae a nnua wom a wɔdɔw de yɛ kua. Wɔ tebea bi mu no, sɛ srade wɔ asase no mu a, ɛnde mfuw a wɔde yɛ no betumi ayɛ nea ɛfata. Nanso, mpɛn pii no aban mpanyimfo a wɔn bra asɛe anaa wonnim adwuma ama kwan ma wɔabu kwae ahorow a wontumi nnya foforo nsi ananmu agu.

Nsɛmmɔnedifo nso sɛe kwae ahorow. Nnuatwafo a wonni tumi krataa wiawia wɔn ho twitwa nnua a ɛsom bo, nea ɛwɔ ɔmanfo ahomegyebea mpo. Ɛtɔ mmere bi a, wɔpaapae nnua no wɔ kwae no mu hɔ ara—adesɛe ne adeyɛ a mmara mma kwan. Wɔma hɔfo sika ma wɔde sakre twe nnua no anaa wɔsoa wɔ wɔn akyi mpo. Afei, sɛ ade sa a, mfiri bɛfa no komm de kɔfa mmepɔw so akwan so na wɔmfa mmeae a wogyina mfiri hwehwɛ mu.

Enti, ɛnyɛ nnipa a wɔredɔɔso a wontumi nyɛ ho hwee no na ɛma wobu kwae gu ma wuram mmoa wuwu. Nneɛma a wɔnhwɛ so yiye, adifudepɛ aguadi, nsɛmmɔnedi ne nniso a aporɔw na ɛtaa de ba. Esiane sɛ saa na ɛte nti, anidaso bɛn na yɛwɔ sɛ wɔbɛkora abɔde a nkwa wom pii a wohu wɔ kwaebirentuw ahorow mu no so?

Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ Ma Kwaebirentuw Ahorow?

The Cutting Edge: Conserving Wildlife in Logged Tropical Forest nhoma no ka sɛ: “Wiase nyinaa kwaebirentuw ahorow no mu kakraa bi pɛ na wɔhwɛ so yiye.” Ɛka ka ho sɛ: “Mprempren kwae kakraa bi na wotumi hwɛ so yiye (sɛ ebi wɔ hɔ mpo a).” Wobetumi ahwɛ so yiye, nanso nokwasɛm a ada adi wɔ wiase nyinaa ne sɛ kwae ahorow resa ntɛmntɛm.

Wɔaka sɛ baabi a eyi nte saa wɔ hɔ koraa ne Bolivia a wɔkyerɛ sɛ wotumi hwɛ hɔnom kwaebirentuw no mu ɔha mu nkyem 25 so yiye no. Nanso, wɔ wiase nyinaa no, ebia ne dodow rennu ɔha mu nkyem biako—ɛyɛ ketewaa bi pɛ. Wɔsɛe kwaebirentuw dodow no ara ma ɛyɛ hu. Pɛsɛmenkominya ne adifudepɛ ankasa na ɛma wɔsɛe no saa. So ntease wom sɛ yebenya anidaso sɛ wiase no aguadifo ne amammuifo bɛma eyi agyae na wɔabɔ adesamma agyapade a wɔrennya foforo nsi ananmu yi ho ban?

Nhoma Forests of Hope de botae yi si adesamma anim de wie sɛ: “Sɛ́ yebehu asetra kwan a ɛfata ma nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa a ɛnsɛe asase no ne ɛso nneɛma na yɛadi akyi.” Saa botae no kanyan anigye—nanso so ntease wom?

Dɛn na yɛn Bɔfo no pɛe sɛ ɔyɛ asase ne nnipa? Ɔde ahyɛde maa nnipa baanu a wodi kan no sɛ: “Monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma, na monhyɛ so, na munni ɛpo mu mpataa ne wim nnomaa ne mmoa a wɔkeka wɔn ho wɔ asase so nyinaa so.” (Genesis 1:28) Enti Onyankopɔn ma adesamma kwan sɛ wɔmfa abɔde nni dwuma. Nanso ‘hyɛ a wɔbɛhyɛ nnipa ase’ no nkyerɛ sɛ wɔama wɔn kwan sɛ wɔnsɛe wɔn.

Ɛnde, asɛmmisa no ne sɛ, So adesamma bɛsakra wɔn asetra wɔ wiase nyinaa ma abɛyɛ nea “ɛnsɛe asase ne ɛso nneɛma”? Saa nsɛm no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yenya ɔdɔ bi ma yɛn yɔnko ne obu a ɛho yɛ na wɔ nnɛ wiase no mu ma Onyankopɔn abɔde. Sɛ yebenya anidaso sɛ adesamma akannifo bɛpaw asetra kwan a ɛte saa na wɔahyɛ ho nkuran no te sɛ nea yebenya nsusuwii hunu mu anidaso.

Nanso, Onyankopɔn Asɛm ka siei sɛ bere bi bɛba a nkurɔfo a wɔdɔ wɔn mfɛfo nnipa ne wɔn Bɔfo no bɛhyɛ asase no so ma. Bible ka sɛ: “Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio, me bepɔw kronkron no nyinaa so, na [Yehowa, NW] hu bɛyɛ asase ma, sɛ nsu kata po so no.” (Yesaia 11:9; Dwom 37:29; Mateo 5:5) Hyɛ no nsow sɛ esiane sɛ Onyankopɔn nkurɔfo abehu Yehowa, Ɔbɔadeɛ Pumpuni, no na wɔdɔ no nti, ‘wɔnyɛ bɔne’ na ‘wɔnsɛe ade.’ Akyinnye biara nni ho sɛ nnipa a wɔte saa no rensɛe asase no.

Eyi nyɛ anidaso hunu bi ara kwa. Ɛnnɛ mpo, Yehowa reboaboa nnipa komapafo ano rekyerɛkyerɛ wɔn. Esiane sɛ nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa asua Onyankopɔn Asɛm nti, wɔasua asetra kwan a egyina ɔdɔ a wɔde ahofama yi adi kyerɛ afoforo so. (Yohane 13:34; 1 Yohane 4:21) Wɔatintim nsɛmma nhoma yi ne nea ɛka ho a ɛne Ɔwɛn-Aban no na aboa nnipa ma wɔasua saa asetra kwan no ho ade na wɔadi akyi. Yɛreka akyerɛ wo sɛ kɔ so sua. Ade foforo biara nni hɔ a ɛho betumi aba wo mfaso asen eyi.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 26]

Nnipa bɛhwɛ asase a ɛyɛ fɛ no so sen sɛ wɔbɛsɛe no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena