Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 2/8 kr. 3
  • Yare A Ɛma Nnipa Fã Dwudwo!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yare A Ɛma Nnipa Fã Dwudwo!
  • Nyan!—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Efi Mu Ba Ano a Wobegyina
    Nyan!—1998
  • Yare A Ɛma Nnipa Fã Dwudwo Nea Ɛde Ba
    Nyan!—1998
  • Dɛn na Ɛma Wohu sɛ Asi Obi Yiye?
    Nyan!—2014
  • Abotare—Animia a Yɛde Gyina Tebea Bi Ano
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 2/8 kr. 3

Yare A Ɛma Nnipa Fã Dwudwo!

ADE a ekunkum nnipa na edi wɔn dɛm wɔ Atɔe fam aman a anya nkɔanim wɔ mfiridwuma mu no mu sen biara ne yare a ɛma nnipa fã dwudwo. Nea “yare a ɛma nnipa fã dwudwo” kyerɛ ne yare a “ɛka amemene no” mpofirim. Wutumi te nka bere bi sɛ wo ho ye, na wote nka bere foforo sɛ ayerɛmo asi wo so—yare a ɛma nnipa fã dwudwo a emu yɛ den betumi asesa w’asetra koraa mpofirim. Bere a ɛredi wo dɛm na ɛrebubu wo no, ebetumi ama woatɔ mum, asɛe wo nkate, asesa wo nipasu ne tumi a wode kae ade, na ama wode bere a enni ano adi apere sɛ wubesi wo dedaw mu na wo ne w’abusua anya asetra pa a na anka mowɔ mu no bio.

Susuw Ellen Morgan ho hwɛ.a Wukuda no, na Ellen a wadi mfe 64 no te apɔw. Yawda, bere a Ellen ne ne kunu redi gua no, ɔtɔɔ mum mpofirim, na n’anim kisae. Ne nipadua yɛɛ mmerɛw, na ohim so te sɛ nea wabow nsa. Na yare a ɛma nnipa fã dwudwo a emu yɛ den ayɛ Ellen!

Bere a yare no yɛɛ Ellen akyi no, obubui koraa a na ontumi nyɛ nneɛma nketenkete te sɛ aguare anaa n’ahosiesie mpo. Bere a na ontumi nkyerɛw, nnwene anaa ɔmpam ade no, osui mpɛn pii na ɔbrɛe kɛse. Eyi nyinaa mu no, na Ellen adwenem da hɔ; nanso, bere a ɔtee nka sɛ gyama afoforo bu no sɛ wagyigyiri no, ɔfɛree. Akyiri yi, Ellen kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Nnipa kakraa bi pɛ na wohu sɛnea nsakrae a ɛyɛ ahodwiriw a ɛba mpofirim yi tumi ka obi nkate ne n’adwene. Metee nka sɛ nea gyama m’asetra aba awiei ara ne no.”

Dɛn na ɛma obi fã dwudwo? So yare no ka obiara a ebi ayɛ no wɔ ɔkwan koro so? Ɔkwan bɛn so na wɔn a yare no ayɛ wɔn agyina ano? Ɔkwan bɛn so na wɔn a yare no ayɛ wɔn no mmusua gyina ano? Dɛn na yɛn nyinaa betumi ayɛ de aboa? Nyan! hwehwɛ nsɛmmisa a ɛte saa mu, na ɛma yehu wɔn a yare no ayɛ wɔn ne wɔn mmusua a wɔne wɔn bom di apere no asetram nsɛm mu.

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔasesa din no bi esiane tema a yɛwɔ ma ayarefo no ne wɔn mmusua nti.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena