Yare A Ɛma Nnipa Fã Dwudwo Nea Ɛde Ba
AMEMENE ntini ho ɔbenfo, Oduruyɛfo Vladimir Hachinski, a ɔwɔ Western Ontario Sukuupɔn a ɛwɔ London, Canada, ka sɛ: “Amemene no ne nnipa mu akwaa a ɛyɛ mmerɛw sen biara.” Bere a amemene no yɛ nipadua no mu duru mu ɔha mu nkyekyem 2 pɛ no, ɛhon ntini bɛboro ɔpepepem du na ɛwɔ mu a edi nkitaho bere nyinaa ma yɛn nsusuwii, ahokeka, ne yɛn nkate biara yɛ adwuma. Amemene no nam komam ntini akɛse nwonwaso no so na enya mframa pa ne asikre a ɛma etumi yɛ adwuma no pɛpɛɛpɛ.
Nanso, sɛ amemene no fã bi annya mframa pa wɔ anibu kakraa bi mu mpo a, amemene mu ntini a ɛyɛ mmerɛw no nyɛ adwuma yiye. Sɛ eyi kɔ so simma kakraa bi pɛ a, amemene no sɛe, efisɛ amemene mu nkwammoaa no fi ase wuwu, na wogyae adwuma yɛ. Wɔfrɛ saa tebea yi ischemia, a ɛyɛ mframa pa a amemene no nnya a ade titiriw a ɛde ba ne komam ntini kɛse a emu siw. Amemene no mu nkwammoaa foforo sɛe bere a mframa pa a ennya no de nsakrae a edi awu ba amemene no mu ntoatoaso no. Nea ɛde ba ne yare a ɛma nnipa fã dwudwo. Nnipa fã tumi dwudwo nso bere a ntini a mogya fa mu pae ma mogya tu fra amemene no ma esiw akwan a amemene no nam so yɛ adwuma no. Eyi sɛe nnuru ne anyinam ahoɔden a ɛfa ntini no mu no, na ɛsɛe amemene no mu nneɛma.
Nea Ɛde Ba
Ɛsono sɛnea yare a ɛma nnipa fã dwudwo biara te, na ɛkame ayɛ sɛ etumi yɛ ankorankoro wɔ akwan ahorow pii so. Ɛwom sɛ obiara nni hɔ a ohu amane a ɛde ba no nyinaa de, nanso nea ɛde ba no tumi yɛ nea ano nyɛ den, nea ɛnna adi papa, anaa nea ɛda adi a ɛyɛ yaw yiye. Amemene no fã a yare no ka no na ɛkyerɛ nipadua no fã a asɛm ba ho.
Nea ɛtaa de ba ne nsa ne anan a ɛyɛ mmerɛw anaa edwudwo. Mpɛn pii no, nipadua no fã na ɛka, na ɛka nipadua no fã a ɛne amemene no fã a yare no ka di nhwɛanim no. Enti, sɛ amemene no sɛe wɔ nifa so a, nipa no benkum na edwudwo, na sɛ amemene no sɛe wɔ benkum so a, nipa no nifa na edwudwo. Ebinom tumi de wɔn nsa ne wɔn anan yɛ adwuma, nanso wohu sɛ ɛwosow araa ma emu biara hwɛ ne baabi. Nea yare no ayɛ no no bɛyɛ te sɛ nsukyenee so ogofo foforo a ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔrenhwe ase. Oduruyɛfo David Levine, a ɔwɔ New York Nnuruyɛ Asoɛe Sukuupɔn mu ka sɛ: “Wɔahwere nkate a ɛma wohu sɛ wɔrema wɔn nsa anaa wɔn nan so, ne baabi a wɔama so akodu no.”
Wɔn a yare no ayɛ wɔn no mu bɛboro ɔha biara mu 15 na yare no kɔ so kye wɔn mpofirim bere ne bere mu, a ɛmma wontumi nnantew, na wɔtaa tɔ mum. Afei nso, wɔtaa nya nipadua mu nkate ne nsakrae ahorow a ɛyɛ yaw. Obi a yare no ayɛ no a ne nsa ne n’anan yɛ titirii daa ka sɛ: “Anadwo bi wɔ hɔ a biribi ka m’anan ma minyan, efisɛ ɛte sɛ nea anyinam ahoɔden akye me.”
Nneɛma a wohu no abien abien ne ademene a ɛyɛ den betumi aka nsɛnnennen a yare no de ba ho. Sɛ obi a yare no ayɛ no ano ne ne menem ntini sɛe a, obetumi ahyia animguasede foforo te sɛ n’ano a ɛbɛsɔ nsu. Ebetumi aka nkatede anum no mu biara, na ɛmma wontumi nhu ade yiye, nte nnyigyei, nte pampan, ne biribi dɛ, na wontumi nso ade mu.
Nkitahodi Mu Nsɛnnennen
Fa no sɛ nnipa abran baanu a wunnim wɔn di w’akyi wɔ abɔnten so baabi a kanea nni hɔ papa. Wohwɛ w’akyi hu sɛ wɔde mmirika reba wo so. Wobɔ mmɔden sɛ wobɛteɛm ahwehwɛ mmoa, nanso empue! Wubetumi ahu abasamtu a tebea a ɛte saa de bɛba wo so? Saa ara na ɛto nnipa a wɔn fã dwudwo pii a wɔtɔ mum mpofirim no.
Obi nsusuwii, nkate, anidaso, ne nneɛma a osuro a ontumi nka ho asɛm—yi a wɔayi no afi ne nnamfo ne n’abusua mu ɔkwan bi so no—yɛ ɔhaw ahorow a yare a ɛma nnipa fã dwudwo de ba a ɛhaw adwene sen biara no mu biako. Obi a yare no ayɛ no kaa ho asɛm wɔ saa kwan yi so sɛ: “Bere biara a mebɔɔ mmɔden sɛ mɛkasa no, hwee ampue. Ɛhyɛɛ me maa meyɛɛ komm a na mente nsɛm a wɔka anaa nea wɔakyerɛw ase. Nsɛmfua gyigyee m’aso mu . . . te sɛ nea nnipa a wɔatwa me ho ahyia no reka kasa foforo. Ná mente kasa, na saa ara na na mintumi nkasa.”
Charles de, ɔte biribiara a wɔka ase. Nanso, sɛ ɔrebua a, ɔkyerɛw sɛ: “Ná meboaboa nsɛm a mepɛ sɛ meka ano, nanso meka a na ɛtõtõ basaa. Saa bere no metee nka sɛ nea biribi ahini me.” Arthur Josephs kyerɛkyerɛ mu wɔ ne nhoma Stroke: An Owner’s Manual (Yare a Ɛma Nnipa Fã Dwudwo: Obi a Ebi Ayɛ No Akwankyerɛ Nhoma) mu sɛ: “Amemene kyerɛ ntini ahorow bɛboro ɔha kwan bere a obi rekasa, na amemene mu ntini ahorow bɛboro ɔha na ɛkyerɛ saa ntini no mu biara kwan. . . . Amemene mu ntini dodow a ɛyɛ nwonwa 140,000 na ehia sɛ edi dwuma bere a obi kasa wɔ anibu biara mu. Enti so ɛyɛ nwonwa sɛ amemene a ɛkyerɛ saa ntini ahorow yi nyinaa kwan no ho baabi ka a etumi ma kasa tõtõ?”
Yare a ɛma nnipa fã dwudwo de kasa mu nneyɛe pii a ɛhaw adwene ba. Sɛ nhwɛso no, obi a ontumi nkasa no betumi ato dwom. Ɔfoforo betumi akasa ɔhyew so, nanso ɛnyɛ bere a ɔpɛ sɛ ɔka no no, anaa ɔkwan foforo so no, obetumi ayare kasa tenten. Afoforo tĩ nsɛm mu mpɛn pii anaasɛ wɔde nsɛmfua di dwuma wɔ ɔkwan a ɛmfata so, wɔka yiw bere a wɔkyerɛ dabi, ne dabi bere a wɔkyerɛ yiw. Ebinom nim nsɛmfua a wɔpɛ sɛ wɔde di dwuma no, nanso amemene no ntumi mma ano, anofafa, ne wɔn tɛkrɛma nka. Anaasɛ esiane wɔn ntini a ayɛ mmerɛw nti wɔn kasa bɛyɛ nea emu nna hɔ. Ebia ebinom begyinagyina wɔ wɔn kasa mu, na wɔateɛteɛm.
Adesɛe foforo a yare no de ba betumi ayɛ amemene no fã a ɛkyerɛ nkate a ɛwɔ sɛnea ɛnne gyigye mu kwan no a ɛsɛe. Nea etumi de ba ne kasa a ɛyɛ nyaa. Anaasɛ ebetumi ayɛ den ama wɔn sɛ wobehu nkate a ɛwɔ afoforo kasa mu. Nkitahodi mu akwanside ahorow a ɛte sɛ eyi ne nea yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no betumi de mpaapaemu aba abusuafo te sɛ okunu ne ɔyere mu. Georg kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Esiane sɛ yare a ɛma nnipa fã dwudwo no maa m’anim dua ne m’ahokeka sesae, nokwarem no, me nipasu nyinaa sesae nti, mpofirim ara na yɛn ntam abusuabɔ ankɔ so anyɛ te sɛ nea na ɛte kan no. Ɛyɛɛ me sɛ nea na me yere yɛ nipa foforo koraa, obi a na ɛsɛ sɛ misua sɛnea ɔte bio koraa.”
Nkate ne Nipasu Mu Nsakrae Ahorow
Nneyɛe mu nsakrae ahorow a ɛmfata, nusu a wɔtew ne serew a wotu no mpofirim, abufuhyew, nsusuwii bɔne a wonya, ne awerɛhodi bebrebe yɛ nkate ne nipasu mu haw ahorow a ɛyɛ hu a wɔn a yare no ayɛ wɔn ne wɔn mmusua gyina ano no fã bi kɛkɛ.
Gilbert a wanya yare no bi no ka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a mifi nkate mu yɛ ade, meserew anaa misu wɔ nneɛma nketenkete ho. Ɛtɔ mmere bi na meserew na obi bisa sɛ, ‘Dɛn nti na woreserew?’ a, mintumi nkyerɛ dekode pɔtee.” Eyi ne si a na Gilbert betumi asi pirim anantew kakra ho haw maa no kae sɛ: “Mete nka sɛ nea mahyɛ nipadua foforo, te sɛ nea meyɛ onipa foforo, na menyɛ nipa koro no ara a na meyɛ ansa na me fã redwudwo no.”
Nnipa dodow no ara na sɛ wɔn adwene ne wɔn nipadua ho ka a wɔyɛ basaa wɔ nkate fam. Hiroyuki a yare no maa ne kasa yɛɛ basaa na ne fã dwudwoe no ka sɛ: “Bere tenten bi akyi mpo no me ho antɔ me. Bere a mihui sɛ merentumi nyɛ m’adwuma sɛ kan no, m’abam bui. Mifii ase bɔɔ nneɛma ne nkurɔfo sobo, na me bo fuwii araa ma anka mereyɛ apae. Manyɛ m’ade sɛ ɔbarima.”
Ehu ne dadwen taa ka wɔn a yare no yɛ wɔn no. Ellen ka sɛ: “Sɛ mete ɛyaw wɔ me tiri mu a ɛyɛ kɔkɔbɔ sɛ yare no betumi akye me bio a, mete nka sɛ minni ahobammɔ. Sɛ minya adwene a ɛnteɛ a, ehu ka me ankasa.” Ron kyerɛkyerɛ dadwen a ogyina ano mu sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ ɛtɔ mmere bi a mintumi nsi gyinae ahorow a ɛfata. Nsɛm nketenkete abien anaa abiɛsa ho a mesusuw bere koro mu bu m’abam. Me werɛ fi nneɛma ntɛmntɛm araa ma ɛtɔ mmere bi a mintumi nkae gyinae bi a masi wɔ simma kakraa bi a abɛsen mu no. Ne saa nti, midi mfomso ahorow a ɛyɛ nwonwa, na ɛhyɛ me ne afoforo aniwu. Tebea bɛn mu na mɛba nnansa yi ara? So mintumi nni nkɔmmɔ nyansam anaasɛ mintumi nka kar? So mɛyɛ adesoa ama me yere?”
Abusuafo Nso Hu Amane
Enti yetumi hu sɛ ɛnyɛ wɔn a yare no yɛ wɔn nko na ɛsɛ sɛ wodi apere gyina ɔhaw ahorow a ɛhaw adwene no ano. Wɔn mmusua nso ka ho. Wɔ nsɛm bi mu no, ɛsɛ sɛ wogyina ahodwiriw kɛse a ɛyɛ sɛ wobehu sɛ obi a na anka ne ho yɛ den no gyigya mpofirim wɔ wɔn ani so, ma ɔbɛyɛ sɛ akokoaa a wɔyɛ ne ho biribiara no ano. Abusuabɔ ahorow tumi sɛe bere a ebia abusuafo yɛ nnwuma a wɔnyɛɛ bi da no.
Haruko ka awerɛhosɛm a ɛbae no ho asɛm saa kwan yi so sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ na me kunu ntumi nkae biribiara a ɛho hia. Na ɛsɛ sɛ yegyae adwuma a na ɔhwɛ so no yɛ mpofirim na yɛn fie ne yɛn agyapade ahorow fi yɛn nsa. Nea na ɛhaw adwene sen biara ne me kunu a na mintumi ne no nni nkɔmmɔ anaa mintumi nkɔ ne nkyɛn nkogye afotu no. Esiane sɛ ontumi nhu nsonsonoe a ɛwɔ adekyee ne adesae mu nti, ɔtaa yi danta a ɛbɔ ne ho ban a ohia anadwo no. Ɛwom sɛ na yenim sɛ ɔbɛba saa tebea yi mu da bi de, nanso ɛda so yɛ den ma yɛn sɛ yebegye ne tebea no atom ankasa. Yɛn tebea asesa koraa, ma seesei me ne me babea na ɛhwɛ me kunu.”
Elaine Fantle Shimberg ka wɔ Strokes: What Families Should Know (Nyarewa a Ɛma Nnipa Fã Dwudwo: Nea Ɛsɛ sɛ Mmusua Hu) nhoma no mu sɛ: “Obi a ne fã adwudwo a wobɛhwɛ no—ɛmfa ho ɔdɔ kɛse a wowɔ ma no—betumi afono wo mmere bi. Emu nhyɛso ne asɛyɛde to ntwa da.” Wɔ tebea bi mu no, ɔhwɛ a emu yɛ den a abusuafo de ma tumi sɛe wɔn akwahosan, wɔn nkate, ne wɔn honhom fam yiyedi. Maria kyerɛkyerɛ mu sɛ yare no a ɛyɛɛ ne maame no nyaa n’asetra so nkɛntɛnso kɛse: “Mesra no da biara bɔ mmɔden sɛ mɛhyɛ no den honhom fam, ne no akenkan ade abɔ mpae, na afei mada ɔdɔ kɛse adi akyerɛ no, ayɛ no atuu, na mafew n’ano. Mɛba fie no na mabrɛ wɔ nkate fam—nna bi wɔ hɔ a, m’abam bu.”
Nea ɛyɛ den sen biara ma wɔn a wɔde ɔhwɛ ma no ne nnipa a wɔhwɛ wɔn no suban a ɛsesa no. Amemene ho nimdefo, Oduruyɛfo Ronald Calvanio ka kyerɛ Nyan! sɛ: “Sɛ wunya yare a ɛka akwaa a ɛde akwankyerɛ ma amemene no—kyerɛ sɛ, sɛnea onipa dwen, sɛnea ɔbɔ ne bra, sɛnea ɔyɛ n’ade wɔ nkate fam—a ɛnde na nipa no su ho dwuma na yɛredi, enti wɔ akwan bi so no, n’adwene ne ne nneyɛe a ɛsɛe no sesa abusua no asetra wɔ ɔkwan bi so a ɛyɛ nwonwa yiye.” Yoshiko ka sɛ: “Ɛyɛɛ sɛnea me kunu asesa koraa wɔ ne yare no akyi, ne bo fuw wɔ nneɛma nketenkete koraa ho. Me werɛ how yiye wɔ saa mmere no mu.”
Mpɛn pii na nnipa a wonni abusua no mu no nhu nipasu mu nsakrae ahorow yi. Enti, ebinom a wɔde ɔhwɛ ma no te nka sɛ wɔayɛ ankonam, na wɔn nkutoo na wɔso wɔn nnesoa. Midori kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Yare no ama me kunu adi dɛm wɔ adwene ne nkate fam. Ɛwom sɛ ohia nkuranhyɛ pii de, nanso ɔnka ho asɛm nkyerɛ obiara, na ɔno nko ara soa n’amanehunu. Enti ɛsɛ sɛ me na midi ne nkate fam ahiade ho dwuma ma no. Sɛnea me kunu yɛ n’ade a mehwɛ da biara no ama mayɛ basaa na ɛtɔ mmere bi mpo a, ehu ka me.”
Ɔkwan bɛn so na wɔn a yare no ayɛ wɔn no ne wɔn mmusua agyina nsakrae ahorow a yare no de ba wɔn asetra mu no ano? Akwan bɛn so na yɛn mu biara betumi aboa wɔn a yare no abubu wɔn no? Yɛn asɛm a edi hɔ no kyerɛkyerɛ mu.
[Kratafa 7 adaka/mfonini]
Kɔkɔbɔ Nsɛnkyerɛnne
• Mmerɛwyɛ, titirii a obi yɛ, anaa animdua, nsa, anaa nan titiriw a ekisa mpofirim
• Ani so a ɛyɛ wusiwusi anaa tumm, titiriw wɔ aniwa biako so; nneɛma a wohu no abien abien
• Yɛ a ɛyɛ den ma obi sɛ ɔbɛkasa anaasɛ ɔbɛte nsɛm a ɛnyɛ den mpo ase
• Anisobiri anaa si a wontumi nsi pirim, titiriw bere a yare ho sɛnkyerɛnne foforo ka ho
Nsɛnkyerɛnne a Wɔntaa Nhu
• Tipae a emu yɛ den a ɛba mpofirim a wontumi nte ase—a wɔtaa ka ho asɛm sɛ “tipae a ɛsen biara a wonya”
• Abofono ne ahoɔhyew a ɛba mpofirim—a sɛnea ɛba mpofirim (simma anaa nnɔnhwerew mu sen sɛ ebedi nna pii) no ma ɛsono ɛno ne yarehunu bi
• Ade a ɛtɔ obi so bere tiaa mu anaa hu a obi nhu nea ɛkɔ so bere bi mu (pititɔ, anisotan, abiribiriw, mumtɔ)
Mmu W’ani Ngu Nsɛnkyerɛnne no So
Oduruyɛfo David Levine hyɛ nkuran sɛ sɛ ɔyarefo no hu nsɛnkyerɛnne no a, ɛsɛ sɛ “ɔkɔ baabi a wɔhwɛ ayarefo a wɔn tebea gye ntɛmpɛ wɔ ayaresabea no ntɛm sɛnea obetumi. Adanse wɔ hɔ sɛ sɛ wɔsa yare a ɛma nnipa fã dwudwo no nnɔnhwerew kakraa a edi kan no mu a, adesɛe no so tumi tew.”
Ɛtɔ mmere bi a nsɛnkyerɛnne no da ne ho adi bere tiaa mu na ɛsan kɔ. Wɔfrɛ saa nsɛnkyerɛnne yi TIA ahorow, anaa komam ntini akɛse mu mogya a egyinagyina. Mmu w’ani ngu so, efisɛ ebetumi ayɛ yare a ɛma nnipa fã dwudwo ho nsɛnkyerɛnne a anibere wom, na yare no ankasa betumi aba akyiri yi. Oduruyɛfo betumi asa nea ɛde ba no, na aboa atew yare no a ebetumi aba akyiri yi no so.
Wonya fii akwankyerɛ ahorow a National Stroke Association, Englewood, Colorado, U.S.A. de mae mu.