Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 3/8 kr. 7-9
  • Wiase a Nsɛmmɔnedi Nnim Bɛba Nnansa Yi Ara!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase a Nsɛmmɔnedi Nnim Bɛba Nnansa Yi Ara!
  • Nyan!—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nhomasua a Ehia
  • Sɛnea Wiase Foforo Bɛba
  • Onyankopɔn Wiase Foforo no Abɛn
  • Ano Aduru Ankasa—So Yebetumi Anya?
    Nyan!—2003
  • Bere A Wiase Foforo No Bɛba
    Nyan!—1993
  • So Wiase Yi Bɛkɔ so Atra Hɔ?
    So Wiase Yi Bɛkɔ so Atra Hɔ?
  • Wiase A Ɛwɔ Ne Nyinaa Ano Aduru
    Nyan!—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 3/8 kr. 7-9

Wiase a Nsɛmmɔnedi Nnim Bɛba Nnansa Yi Ara!

SƐ YƐHWƐ wiase tebea nnɛ a, ɛda adi sɛ ɛyɛ den yiye sɛ yɛremma bɔneyɛ nkɛntɛn yɛn so. Nokwarem no, wɔwoo yɛn nyinaa wɔ sintɔ mu, na yetumi yɛ nneɛma bɔne. (1 Ahene 8:46; Hiob 14:4; Dwom 51:5) Na esiane sɛ wɔato Satan Ɔbonsam afi soro nti, ɔrebɔ mmɔden kɛse sen bere biara sɛ ɔde ɔhaw bɛba.—Adiyisɛm 12:7, 12.

Nea afi mu aba no yɛ hu. Sɛ nhwɛso no, mmofra 4,000 bi a wɔyɛɛ wɔn mu nhwehwɛmu wɔ Scotland no daa no adi sɛ, wɔn a wɔadi fi mfe 11 kosi 15 no mu nkyem abiɛsa mu abien na na wɔadi nsɛmmɔne dedaw. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛɛ no Britain nyinaa no daa no adi sɛ mmofra a wɔadu wɔn mpanyin afe so bɛyɛ baasa biara mu biako na ɛnhaw wɔn sɛ wobewia nneɛma wɔ adetɔnbea. Na bɛboro wɔn mu fã na wogye tomm sɛ sɛ wɔsesa wɔn ma ɛboro so a wɔbɛfa.

Italiafo nhoma Lʹoccasione e lʹuomo ladro (The Opportunity and the Thief [Hokwan ne Owifo])kyerɛ nea enti a nkurɔfo bɔ korɔn no. Nhoma no ka sɛ awifo “nni ahosodi koraa,” ma enti “wontumi nkwati akɔnnɔ.” Nhoma no de ka ho sɛ awifo dodow no ara nyɛ wɔn a wɔawea korɔnbɔ mu, na mmom wɔyɛ “adifudepɛfo a wɔpɛ sɛ wonya hokwan didi afoforo ho” ara kwa.

Anigyesɛm ne sɛ, nhoma no san kyerɛ nea enti a nnipa pii “mmu mmara so” no. Ɛka sɛ ɛnyɛ “suro a wosuro sɛ wɔbɛma wɔn mmara mu asotwe nti, na mmom abrabɔ ho gyinapɛn ahorow a wɔwɔ nti na wɔnyɛ saa.” Ɛhe na nkurɔfo betumi asua saa abrabɔ ho gyinapɛn a ɛfata no?

Nhomasua a Ehia

Wiɛ, susuw nea yesua fi nkitahodi akwan pii mu no ho hwɛ. Sɛ nhwɛso no, nsɛm a yenya fi sini ne television so no nyinaa kyerɛ sɛ nsɛmmɔnedi, awaresɛe, ne basabasayɛ yɛ nneɛma a wogye tom. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ nkurɔfo nni ahosodi koraa saa no. Nanso, Bible kyerɛkyerɛ yɛn nyansam sɛ: “Nea ne bo kyɛ fuw no yɛ sen dɔmmarima, na nea odi ne honhom so no sen nea ɔko fa kurow.”—Mmebusɛm 16:32.

Sɛ yesusuw nnɛyi nnaadaasɛm ho a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ nnipa pii “ntumi nkwati ahodom.” Mpɛn pii na nkurɔfo te sɛ: “Tɔ no nnɛ na tua ka akyiri yi.” “Yɛ wo ho yiye.” “Wo na ɛsɛ sɛ wunya nea eye sen biara no.” “Dwen w’ankasa yiyedi ho.” Wɔka ahodom ho asɛm sɛ eye na ɛfata. Nanso ahopɛ adwene a ɛte saa no ne Bible nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ ‘nhwɛ wo nko ade, na mmom hwɛ wo mfɛfo de bi’ no bɔ abira.—Filipifo 2:4.

So worennye ntom sɛ wɔn a wonni nokware no mu dodow no ara yɛ adifudepɛfo? Awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa dodow no ara na wɔpɛ sɛ wɔde tebea horow di dwuma ɔkwammɔne so de pɛ wɔn ankasa mfaso. Wommisa sɛ ebia adeyɛ bi teɛ wɔ abrabɔ fam anaasɛ ɛnteɛ. Nea wodwen ho ara ne sɛ, ‘So metumi ayɛ a wɔnkyere me?’

Dɛn na ehia? Sɛnea yehui wɔ atifi hɔ no, abrabɔ ho gyinapɛn pa na ehia. Eyi na ɛbɛma nkurɔfo atwe wɔn ho afi nsɛmmɔnedi ho, na wɔakyerɛ obu ama kronkron a nkwa yɛ, wɔremmu ani ngu kronkron a aware yɛ so, nyɛ ade ntra so, na ɔkwan foforo so no, wontiatia hokwan a afoforo wɔ so. Sɛnea Bible ka no, wɔn a wonsua gyinapɛn a ɛte saa no “ani nwu ade bio.” (Efesofo 4:19) Nsɛmmɔne a abɔnefo a wɔte saa di no nti na yentumi nnya wiase a nsɛmmɔnedi nnim no.

Sɛnea Wiase Foforo Bɛba

Nokwarem no, nnipa pii bɔ mmɔden biara sɛ wobedi nokware, wobebu wɔn mfɛfo nnipa na wɔasusuw wɔn ho, na wɔatwe wɔn ho afi nneyɛe a ɛmfata ho. Nanso ɛbɛyɛ nea nyansa nnim sɛ yebesusuw sɛ obiara a ɔwɔ wiase yi mu bɛbɔ mmɔden saa. Nnipa pii renyɛ saa, sɛnea na nnipa dodow no ara a wɔwɔ ɔtreneeni Noa nna no mu nni ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ nea ɛteɛ no. Wɔ saa wiase a na nsɛmmɔnedi ahyɛ no ma mu no, Noa ne n’abusua nkutoo na wɔtwee wɔn ho fii nnebɔne ho, na wɔnam saayɛ so nyaa Onyankopɔn anim dom. Yɛn Bɔfo no nam abɔnefo a oyii wɔn hɔ wɔ wiase nyinaa Nsuyiri mu no so de wiase foforo bi a nsɛmmɔnedi nnim bae bere tiaa bi.

Ɛho hia sɛ yɛkae sɛ Bible kyerɛwtohɔ a ɛfa Nsuyiri ne abɔnefo sɛe ho no nyɛ asɛm a ɛyɛ anigye kɛkɛ. Yesu Kristo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛnea ɛyɛe Noa nna no mu no, saa ara na ɛbɛyɛ onipa ba no nna mu.” (Luka 17:26; 2 Petro 2:5; 3:5-7) Sɛnea Onyankopɔn sɛee saa basabasayɛ wiase a na ɛwɔ hɔ ansa na Nsuyiri no reba no, saa ara na ɔbɛsɛe wiase a nsɛmmɔnedi ahyɛ no ma yi nso.

Yɛwɔ nokwasɛm a edi so yi a efi beae a ahotoso wom, sɛnea Yesu somafo Yohane a na ɔdɔ no kae no: “Wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.” (1 Yohane 2:17) Saa wiase yi awiei no bɛbɔ kwan ama wiase foforo, na Bible ka sɛ emu no, ‘Onyankopɔn ne adesamma bɛtra, na wɔbɛyɛ ne man. Na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio.’—Adiyisɛm 21:3, 4.

Bere a Bible reka ɔkwan a saa wiase foforo no bɛfa so aba ho asɛm no, ɛka nso sɛ: “Na wobegu abɔnefo ase afi asase so, na wɔatu nkontompofo afi so.” (Mmebusɛm 2:22) Bere a aka teefo nkutoo wɔ asase so no, Bible nkɔmhyɛ yi bɛbam sɛ: “Ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”—Dwom 37:11.

Wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu no, mmoa mpo renyɛ basabasa. Bible hyɛ nkɔm sɛ: “Habɔdɔm ne oguanten ba bɛtra, na ɔsebɔ ne apapowa ada, na nantwi ba ne gyata ba ne nantwi a wadɔ bɛtra faako, na abofra ketewa aka wɔn. . . . Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio, me bepɔw kronkron no nyinaa so, na [Yehowa, NW] hu bɛyɛ asase ma, sɛ nsu kata po so no.”—Yesaia 11:6-9; 65:17; 2 Petro 3:13.

Onyankopɔn Wiase Foforo no Abɛn

Anigyesɛm ne sɛ saa tebea ahorow a asomdwoe wom no bɛba nnansa yi ara wɔ wiase nyinaa. Dɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem saa? Esiane nea Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ ɛbɛba bere tiaa bi ansa na wiase no awiei aba nti. Nea ɛka nneɛma foforo ho no, ɔka siei sɛ: “Ɔman bɛsɔre ɔman so, ne ahenni ahenni so; na ɔkɔm ne asasewosow bɛba mmeaemmeae.” Ɔde kaa ho sɛ: ‘Esiane sɛ amumɔyɛ bɛdɔɔso nti, nnipa dodow no ara dɔ ano bedwo.’—Mateo 24:7, 12.

Yesu somafo bi nso ka siei sɛ: “Hu eyi sɛ, [wiase yi] nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo, sikapɛfo, ahohoahoafo, ahantanfo, abususɛnkafo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, wɔn a wonni dɔ, . . . wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, . . . wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn.” (2 Timoteo 3:1-5) Nokwarem no, yɛte wiase yi “nna a edi akyiri” mu! Enti, ɛrenkyɛ na Onyankopɔn trenee wiase foforo no abesi ananmu!

Bible no sua ama nnipa ɔpepem pii agye adi sɛ wobetumi anya wiase a nsɛmmɔnedi nnim, na wɔreyɛ nsa a wɔto frɛ wɔn sɛ wɔmmra ma wɔnkyerɛkyerɛ wɔn wɔ yɛn Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn, akwan so no ho adwuma. (Yesaia 2:3) So wobɛpɛ sɛ woka wɔn ho? So woayɛ ahoboa sɛ wobɛbɔ mmɔden anya asetra wɔ wiase foforo a nsɛmmɔnedi nnim no mu?

Yesu kyerɛɛ nea ehia sen biara a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobenya wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo, no ho nimdeɛ.” Enti, wo daa yiyedi gyina Onyankopɔn Asɛm a wubesua na wode nea wusua no adi dwuma so.—Yohane 17:3, NW.

[Mfonini wɔ kratafa 8, 9]

Bible ka wiase foforo a nsɛmmɔnedi—nnim, ne sɛnea yɛn nsa betumi aka ho asɛm

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena