Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 7/8 kr. 10-11
  • Ano Aduru Ankasa—So Yebetumi Anya?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ano Aduru Ankasa—So Yebetumi Anya?
  • Nyan!—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛho Hia sɛ Wɔsakra Adwene ne Koma No
  • Wobetumi Anya so Mfaso Nnɛ
  • Wiase a Nsɛmmɔnedi Nnim Bɛba Nnansa Yi Ara!
    Nyan!—1998
  • Bere a na Nsɛmmɔnedi Nni Hɔ
    Nyan!—1998
  • “Onyankopɔn Asɛm Wɔ Nkwa Na Ahoɔden Wɔ Mu”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Sɛnea Yɛbɛhyɛ Nipasu Foforo no a Yɛrenyi Ngu Hɔ Da
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2003
g03 7/8 kr. 10-11

Ano Aduru Ankasa—So Yebetumi Anya?

ƐTE sɛ nea nsɛmmɔnedi abɛyɛ nnɛyi asetra fã. Wɔ adwempa a asetram nsɛm ho adwumayɛfo, polisifo ne wɔn a wɔboa nsɛmmɔnedifo ma wɔsakra wɔ nyinaa akyi no, wiase no reyɛ baabi a ɛyɛ hu. So ano aduru wɔ hɔ?

Bible kyerɛ sɛ nsakrae kɛse bi reba. Eyi remma denam mmɔden a nnipa nniso rebɔ so. Nnipa sodifo nyinaa wɔ sintɔ, ɛmfa ho adwempa a wokura no. Wonni tumi ne nneɛma a wɔde betu nea ɛde nsɛmmɔnedi ba no ase anaasɛ nea ɛbɛma wɔde ahobammɔ ho nhyehyɛe a ɛtra hɔ daa asi hɔ.

Yɛn Bɔfo no na ɔde nsakrae a Bible ka ho asɛm yi bɛba. Sɛ amansan Yɛfo no, ɔwɔ tumi ne mmara mu hokwan sɛ ɔyɛ nea nnipa ntumi nyɛ. Bible ka ne ho asɛm sɛ “Ɔno na ɔma abirɛmpɔn yɛ sɛ wɔnyɛ hwee, ɔdan asase so atemmufo sɛ ahuhude . . . , ɔwɔ tumi ne n’ahoɔden nso.” (Yesaia 40:23-26, NW) Nsakrae bɛn na Onyankopɔn hyɛ ho bɔ, na ɔkwan bɛn so na ɛma yenya anidaso ankasa sɛ yebenya wiase bi a eye?

Dwom 37:10 ka Onyankopɔn bɔhyɛ ho asɛm kyerɛ yɛn sɛ: “Aka kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ, na wɔhwehwɛ ne trabea a, na onni hɔ.” Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ obeyi wɔn a wɔasen wɔn kɔn na wɔnyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛsakra no afi hɔ. Nanso, ɔnsɛe nnipa nyinaa. Odwontofo no hyɛ wɔn a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ nnipa a wodwo, ahobrɛasefo, na wɔpɛ asomdwoe no bɔ sɛ: “Twɛn [Yehowa, NW], na fa ne kwan so, na ɔbɛma wo so, na woanya asase no adi; sɛ wogu abɔnefo ase a, wubehu.” Bere a abɔnefo nni hɔ bio no, wɔn a wɔaka no begye wɔn ani “asomdwoe bebree mu”—wɔ wiase a nsɛmmɔnedi biara nnim mu.—Dwom 37:11, 34.

Ɛho Hia sɛ Wɔsakra Adwene ne Koma No

Abɔnefo a wɔbɛsɛe wɔn na wɔagye nnipa pa no ara nnɔɔso sɛ ebetu ɔhaw a nsɛmmɔnedi yɛ no ase afi hɔ koraa. Nnipa koma ne wɔn adwene a wɔntete no yiye no na ɛma wɔtaa di nsɛmmɔne. Nanso, ɛno mu na Onyankopɔn nniso bɛkyɛn nniso afoforo no koraa. Wɔde akwankyerɛ ne ntetee a mfaso wɔ so bɛma na wɔde atete nnipa ama wɔadɔ trenee. Yesaia 54:13 ka sɛ: ‘Na wo mma nyinaa bɛyɛ Yehowa asuafo, na wo mma asomdwoe bɛdɔɔso.’

Nokwarem no, nea ebefi mu aba no bɛma abotɔyam! Bible ka nsakrae a nnipa a na anka wɔwɔ su horow te sɛ mmoa no bɛyɛ ho asɛm wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. Ɛka sɛ: “Habɔdɔm ne oguanten ba bɛtra, na ɔsebɔ ne apapowa ada, na nantwi ba ne gyata ba ne nantwi a wadɔ bɛtra faako.” Dɛn ntia? ‘Esiane sɛ Yehowa ho nimdeɛ bɛyɛ asase ma, sɛ nsu kata po so no.’ (Yesaia 11:6, 9) Nanso ɛho nhia sɛ wo ne w’abusua twɛn daakye ansa na moayɛ nsakrae a ɛte saa. Ɔkwan bɛn so?

Wobetumi Anya so Mfaso Nnɛ

Nnipa bi wɔ hɔ a nnɛ wɔreyɛ nsakrae a ɛho hia de asiesie wɔn ho ama wiase a nsɛmmɔnedi biara nnim no. Wɔrehyɛ nipasu foforo no, nipasu a Onyankopɔn pɛ sɛ nnipa a wɔbɛtra ne wiase foforo no mu nya no. (2 Petro 3:13) Wɔyɛ eyi denam Bible mu nnyinasosɛm a wɔde di dwuma wɔ wɔn asetram no so. Hyɛ nkyerɛkyerɛmu a ɛyɛ anigye a Bible de ma no nsow: “Momma wɔnyɛ mo foforo mo adwene honhom mu, na monhyɛ onipa foforo a wɔbɔɔ no Nyankopɔn so, nokware trenee ne ahotew mu.”—Efesofo 4:23, 24.

Kolosefo 3:12-14 nso kyerɛkyerɛ su pa a nnipa komapafo renya seesei no mu. Ɛka sɛ: “Enti sɛ moyɛ nnipa a Onyankopɔn apaw mo, ahotefo ne adɔfo, yi, monhyɛ ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, abodwokyɛre. Na sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, munhuhu mma mo ho na momfa nkyekyɛ mo ho; sɛnea [Yehowa, NW] de akyɛ mo no, sɛnea mo nso monyɛ ne no. Na eyinom nyinaa so na monhyɛ ɔdɔ a ɛne pɛyɛ hama no ngu.”

So wobɛpɛ sɛ wunya mmoa na ama woada Kristofo nipasu foforo no adi? Nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa reyɛ saa dedaw denam Yehowa Adansefo mmoa so. Wɔ asafo nhyiam ahorow a wɔyɛ daa wɔ Ahenni Asa ahorow so, ne nhyiam akɛse ase no, nnipa mpo a na anka wɔyɛ nsɛmmɔnedifo asua sɛnea wɔbɛda asomdwoe su adi.a Sɛ wopɛ sɛ wunya mfaso fi Bible nkyerɛkyerɛ nhyehyɛe a ɛkyɛn so yi mu a, ntwentwɛn wo nan ase sɛ wubehu wɔn a wotintim saa nsɛmma nhoma yi. Wɔn ani begye sɛ wɔbɛboa wo ma woabɛka nnipa a wɔresiesie wɔn ho nnɛ sɛ wɔbɛtra Onyankopɔn wiase foforo a nsɛmmɔnedi biara nnim mu no ho.

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ nhwɛso no, hwɛ Nyan! May 8, 2001 de no, kratafa 8-10.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10]

Nnipa ɔpepem pii renya nkyerɛkyerɛ a ɛbɛma wɔanya nkwa wɔ wiase a nsɛmmɔnedi biara nnim mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena