Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 3/8 kr. 3
  • Bere a na Nsɛmmɔnedi Nni Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere a na Nsɛmmɔnedi Nni Hɔ
  • Nyan!—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛhe na Nsɛmmɔnedi Fi Bae?
  • So Nsɛmmɔnedi Yɛ Asiane Ankasa Ma Wo?
    Nyan!—1985
  • Nsɛmmɔnedi Ho Akodi mu Nkogudi
    Nyan!—1998
  • Mmɔden a Wɔrebɔ sɛ Wɔbɛma Nsɛmmɔnedi Afi Hɔ
    Nyan!—1996
  • So Mfaso Wɔ Nsɛmmɔnedi So?
    Nyan!—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 3/8 kr. 3

Bere a na Nsɛmmɔnedi Nni Hɔ

SO WUBETUMI ayɛ wiase bi a nsɛmmɔnedi nnim ho mfonini wɔ w’adwene mu? Ebia worenyɛ saa, sɛ woakenkan nsɛm ho amanneɛbɔ te sɛ nea epuee German atesɛm krataa Süddeutsche Zeitung mu no a: “Nsɛmmɔnedi ho abenfo resusuw sɛnea nsɛmmɔnedi anya nkɔanim kɛse no ho. Nsɛm a wɔka no nyinaa yɛ nkɔmhyɛ, na nneɛma a wɔka ho asɛm no yɛ hu yiye.”

Sɛnea nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ 1995 mu wɔ Europafo mpempem pii mu kyerɛ no, ɛkame ayɛ sɛ obiara suro sɛ wobedi no nsɛmmɔne. Wɔ Germany, Netherlands, Poland, Russia, ne United Kingdom no, nsɛmmɔnedi na edi nneɛma a nkurɔfo suro sen biara no kan. Nsɛmmɔnedi ho suro tɔɔ so abien wɔ Denmark, Finland, ne Switzerland, na ɛtɔɔ so abiɛsa wɔ France, Greece, ne Italy. Wɔ aman 12 a wɔyɛɛ mu nhwehwɛmu mu no, Spain nkutoo na amfa nsɛmmɔnedi anka nneɛma atitiriw abiɛsa a nkurɔfo suro no ho.

Nsɛmmɔnedi anya nkɔanim kɛse wɔ Europa Apuei fam. Wɔ saa aman yi mu dodow no ara mu no, nkɔanim a aba no fi ɔha biara mu 50 kosi 100, na wɔ aman a aka mu no, ɛboro ɔha biara so 193 kosi 401 mpo!

Nanso bere bi, na wiase bi a nsɛmmɔnedi nnim wɔ hɔ. Ná ɛyɛ bere bɛn, na ɔkwan bɛn so na wɔsɛee saa wiase no?

Ɛhe na Nsɛmmɔnedi Fi Bae?

Nsɛmmɔnedi, a wɔkyerɛ ase “mmarato,” no nyaa ne mfiase wɔ ahonhom atrae. Wɔamfa nsɛmmɔnedi su ammɔ nnipa baanu a wodi kan, Adam ne Hawa, na saa ara na ɛnyɛ wɔn nkutoo na wɔyɛ maa nsɛmmɔnedi baa adesamma abusua mu. Onyankopɔn honhom mu ba bi a na ɔyɛ pɛ na ɔmaa kwan maa nsusuwii bɔne gyee ntini wɔ ne koma mu, na bere a enyinii no, ɛwoo nsɛmmɔnedi. Ɔno na ɔyɛ maa wiase a mfiase no na nsɛmmɔnedi nnim no sɛee. Ɔnam Onyankopɔn mmara a obuu so so yɛɛ ne ho nsɛmmɔnedifo, na wɔda no adi wɔ Bible mu sɛ Satan Ɔbonsam.—Yakobo 1:13-15; Adiyisɛm 12:9.

Bere a Satan sɔre tiaa Onyankopɔn wɔ ɔsoro a aniwa nhu akyi no, osii ne bo sɛ ɔbɛtrɛw ne nsɛmmɔnedi akwan no mu akɔ adesamma mu wɔ asase so. Bible kyerɛwtohɔ a ɛfa sɛnea Ɔbonsam yɛɛ eyi ho no yɛ tiawa, nanso ɛyɛ nokwasɛm. (Genesis, atiri 2-4) Adam ne Hawa a saa nsɛmmɔnedifo oniferefo a ne tumi boro nnipa de so daadaa wɔn no amfa Onyankopɔn gyinapɛn antra ase. Wɔnam osetie a wɔanyɛ amma Onyankopɔn so bɛyɛɛ nsɛmmɔnedifo. Akyinnye biara nni ho sɛ akyiri yi, wosuroe bere a wɔn abakan, Kain, yɛɛ ade kɔɔ akyiri maa ne nua Abel hweree n’agyapade a ɛsom bo sen biara, ne nkwa ankasa no!

Enti, nnipa baanan a wodii kan traa asase so no mu baasa na wɔbɛyɛɛ nsɛmmɔnedifo. Adam, Hawa, ne Kain nam saayɛ so hweree hokwan a ɛne sɛ wɔbɛtra wiase a nsɛmmɔnedi nnim mu no. Dɛn nti na wɔ saa bere yi nyinaa akyi no, yebetumi anya awerɛhyem sɛ wiase bi a ɛte saa abɛn seesei?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena