Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 3/8 kr. 4-6
  • Nsɛmmɔnedi Ho Akodi mu Nkogudi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmɔnedi Ho Akodi mu Nkogudi
  • Nyan!—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛmmɔnedi Fi Ase Nkakrankakra
  • Henanom Ne Nsɛmmɔnedifo No?
  • Nsusuwii Pa Nkutoo Nnɔɔso
  • Mmarahyɛfo Di Mmara So Dɛn?
  • Mmɔden a Wɔrebɔ sɛ Wɔbɛma Nsɛmmɔnedi Afi Hɔ
    Nyan!—1996
  • So Nsɛmmɔnedi Yɛ Asiane Ankasa Ma Wo?
    Nyan!—1985
  • Bere a na Nsɛmmɔnedi Nni Hɔ
    Nyan!—1998
  • Afotu Pa Bɔ Obi Ho Ban Fi Nsɛmmɔnedi Ho
    Nyan!—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 3/8 kr. 4-6

Nsɛmmɔnedi Ho Akodi mu Nkogudi

WƆKA sɛ owura bi a kan no na ɔyɛ Kuropɔn mu Polisi panyin kae wɔ England Liverpool Daily Post mu sɛ: “Sɛ obiara bɔɔ ne ho mmɔden a, anka wobetumi adi nsɛmmɔnedi so ntɛm ara.” Nokwarem no, sɛ obiara di mmara so a, anka nsɛmmɔnedi befi hɔ.

Nanso, nsɛmmɔnedi renya nkɔanim wɔ mmeae pii. Nsɛm a wɔkae mfe mpempem pii a atwam ni no fa yɛn bere yi ho: “Na asase asɛe wɔ Onyankopɔn anim, na anuɔden ahyɛ asase so ma.” (Genesis 6:11)—Hwɛ adaka a ɛne eyi di nhwɛanim no.

Nsɛmmɔnedi Fi Ase Nkakrankakra

Mmara a obi bu so wɔ nneɛma nketenkete mu no betumi ama wabu so wɔ nneɛma akɛse mu. Nea ɛbɛyɛ na wama ne sukuufo ate saa nokwasɛm yi ase yiye no, ɔkyerɛkyerɛfo bi kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Wɔn a wotwa dwow wɔ sikakorabea no fi ase denam pɛnsere a wowia wɔ sukuu no so.”

Akyiri yi, dɛn na ɛtaa sisi nnwumam? Nkurɔfo tra fie a wɔnkɔ adwuma esiane kyerɛ a wɔkyerɛ sɛ wɔyare nti, na afei wogye yare ho sika a anka ɛnsɛ sɛ wonya no. Saa nneyɛe a ɛnkyerɛ nokwaredi yi abu so koraa sen sɛnea obi betumi asusuw. Wɔ Germany sɛ nhwɛso no, nna a adwumayɛfo kyerɛe sɛ wɔyare no ɔha biara mu 6 na na ɛyɛ Wukuda, ɔha biara mu 10 yɛɛ Benada, na ɔha biara mu 16 yɛɛ Yawda, nanso nea ɛyɛ nwonwa no, ɔha biara mu 31 yɛɛ Dwoda, na nea ɛboroo ne nyinaa ne Fida a enyaa ɔha biara mu 37 no! So ɛyɛ a nkurɔfo taa yare Dwoda ne Fida ankasa, anaasɛ eyi yɛ ɔkwan foforo a wɔfa so bɔ korɔn kɛkɛ?

Henanom Ne Nsɛmmɔnedifo No?

Nokwarem no, ɔhaw a efi nsɛmmɔne a nnipa mpapahwekwa di mu ba no ntaa nyɛ sɛ nea efi nsɛmmɔne a nnipa a wɔwɔ tumi di mu ba no. Wɔ 1970 mfe no mfiase no, amammui mu nsɛmmɔnedi bi sii United States, na na emu yɛ duru araa ma edin a wɔde too so no mpo bɛyɛɛ Engiresi kasa fã.

Sɛnea Barnhart Dictionary of New English kyerɛ no, “Watergate” kyerɛ “aniwusɛm, titiriw nea ɛfa mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛkata asɛm bi a ɛsɛe ade anaa sum ase nnwuma so ho no.”a Afei ɛde ka ho sɛ: “Watergate asɛm no gyee ntini kɛse wɔ Engiresi kasa mu wɔ 1970 mfe no mu. Asɛmfua no tumi maa wonyaa nsɛmfua ahorow, na na wɔtaa de asɛmfua a ɛka ho, -gate, no di dwuma de kyerɛ aniwusɛm anaa dwowtwa.”

Efi saa bere no, asɛmfua Watergate a wɔde di dwuma biara da no adi sɛ nsɛmmɔnedi abu so, wɔ wɔn a anka ɛsɛ sɛ wɔyɛ nhwɛso pa wɔ mmara sodi mu mpo mu. Wɔ Japan no, amammui mu dwowtwa trɛwee araa ma na ɛsɛ sɛ wɔyɛ mmara foforo wɔ 1990 mfe no mfiase de ko tia. Wɔ 1992 mu no, wɔbɔɔ Brazil mampanyin sobo sɛ watwa dwow.

So ɛnna adi sɛ nsɛmmɔne a wɔn a wɔwɔ tumi, a ebi ne awofo, akyerɛkyerɛfo, ne mpanyimfo a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ ma mmara yɛ adwuma, di no na ɛma nnipa dodow no ara di nsɛmmɔne?

Nsusuwii Pa Nkutoo Nnɔɔso

Nnipa pii begye atom sɛ nniso ahorow no pɛ sɛ woyi nsɛmmɔnedi fi hɔ. Nanso, aban dwumayɛni bi a onyin ama wagyae adwuma kaa nea edi so yi faa ne man ho: “Aban no nyɛɛ akwan a atɛntrenee bɛfa so ayɛ adwuma ntɛmntɛm wɔ ɔkwampa so no ho hwee. Yenni atemmufo pii, enti adwuma boro kakra a yɛwɔ no so. Polisifo dodow sua, na wonni nneɛma a wɔde yɛ adwuma papa. Ɛtɔ mmere bi a, wontua polisifo ka ntɛm, na ɛma ɛyɛ sɔhwɛ kɛse ma wɔn sɛ wonnye adanmude.”

Italy nsɛmma nhoma La Civiltà Cattolica di “yɛ a Ɔman no ntumi nyɛ nsɛmmɔnedifo akuw ho hwee no ho yaw,” na afei ɛka sɛ: “Mmɔden a ahyehyɛde ahorow a wɔhwɛ ma mmara yɛ adwuma ne asɛnnibea no bɔ sɛ wɔbɛko atia nsɛmmɔnedi no yɛ nea wɔkyerɛ ho anisɔ, nanso ɛda adi sɛ ennyaa nsɛmmɔnedifo akuw so nkɛntɛnso ahe biara; mmom no, ahoɔden ne tumi ara na nsɛmmɔnedifo renya.”

Ɛda adi pefee sɛ nsusuwii pa a nniso no wɔ sɛ ɛbɛko atia nsɛmmɔnedi no ara nnɔɔso. Anita Gradin, Europa soafo a ɔhwɛ atubrasɛm ne mmara ho nsɛm so no ka ma ɛfatae sɛ: “Yehia akwampa a edi mu kɛse a ɛbɛma yɛayɛ biako de ako atia nnubɔne a wɔtɔn no sum ase, ne nnipa a wɔde wɔn fa sum ase kɔ ɔman bi mu ne nnipa a wotu bɛtra ɔman mu a mmara mma ho kwan, nsɛmmɔnedifo akuw, amimdi ne dwowtwa.”

Mmarahyɛfo Di Mmara So Dɛn?

Ebinom bisa faako a atumfoɔ bɔ mmɔden kodu sɛ wɔbɛko atia nsɛmmɔnedi ho asɛm. Owura bi a kan no na ɔyɛ polisifo nyinaa panyin wɔ ɔman bi mu no ka sɛ obiara “kasa tia dwowtwa ne sikasɛm mu amimdi,” anyɛ yiye koraa no, wɔ baguam. Nanso, ɔka sɛ, obiara nni ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wobeyi nsɛmmɔnedi ne dwowtwa afi hɔ. Ɛda adi sɛ, nnipa dodow no ara—a mmarahyɛfo ka ho—bu adanmude, amimdi, ne korɔnbɔ sɛ akwampa a wɔnam so di yiye.

Akyinnye biara nni ho sɛ, nokwasɛm a ɛyɛ sɛ “wɔnyɛ” nnipa pii a “wodi nsɛmmɔne no hwee,” sɛnea adwumayɛni bi a ɔhwehwɛ nneɛma mu kaa no no, ne ade biako nti a nsɛmmɔnedi anya nkɔanim saa. Sɛ nhwɛso no, Russiafo nhoma bi Arguments and Facts ka “sɛnea nsɛmmɔnedifo fa wɔn ho di a wɔntwe wɔn aso” no ho asɛm. Nhoma no de ka ho sɛ, “ɛte sɛ nea” eyi ne ade a “ɛkanyan ɔmanfo no mu biara ma odi nsɛmmɔne a ɛyɛ hu sen biara no.” Eyi te sɛ nea Bible kyerɛwfo no kae bɛyɛ mfe 3,000 ni no pɛpɛɛpɛ: “Sɛ nneyɛe bɔne ho afobu mma ntɛm nti na nnipa mma bɔne ho atirimpɔw ayɛ wɔn koma ma.”—Ɔsɛnkafo 8:11.

Ɛnyɛ nea yɛreka agugu mu sɛ nniso ahorow no redi nkogu wɔ nsɛmmɔnedi ho akodi mu. German atesɛm krataa Rheinischer Merkur ka sɛ: “Ɛnyɛ amanyɔkuw nsɛm a wɔtaa keka anaa akontaabu a wɔde kyerɛ sɛ tebea no nyɛ aniberesɛm sɛnea ebia wosusuw no na ebeyi amumɔyɛ a anya nkɔanim ho suro a agye ntini wɔ ɔmanfo mu no afi hɔ.”

Sɛ́ anka nsɛmmɔnedi bɛyɛ sɛ nea ɛnyɛ aniberesɛm sɛnea ebia wobesusuw no, kɔ ara na ɛrenya nkɔanim mmom. Nanso, biribi wɔ hɔ a yebegyina so anya anidaso. Wiase a nsɛmmɔnedi nnim rebɛn ntɛmntɛm, na wubetumi atra ase ahu. Asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛ nea enti a yɛka saa.

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔtoo din Watergate asɛm efisɛ ɔdan bi a na ekura saa din no a wobuu ani kɔɔ mu no na ɛmaa asɛm no puei. Aniwusɛm no maa awiei koraa no U.S. Mampanyin Richard Nixon gyaee adwuma, na wɔde ne mpanyimfo pii guu afiase.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]

Nnipa pii bu nsɛmmɔnedi sɛ ɔkwampa a wɔnam so di yiye

[Kratafa 5 adaka]

Asase a Nsɛmmɔnedi Ahyɛ so Ma

BRAZIL: “Bere a wɔreyɛ nsɛmmɔnedi a ɛrenya nkɔanim kɛse ho ade no, nnipa ɔpehaha pii yɛɛ [Rio de Janeiro] akwan so ma, na wɔdaa osuro ne abufuw adi wɔ nsɛmmɔnedi a agye wɔn kurow no afa no ho.”—International Herald Tribune.

CHINA: “Apoobɔfo akuw resan aba China, na ɛte sɛ nea wontumi nni nsɛmmɔnedi akɛse so bio. . . . China abenfo bi ka sɛ apoobɔfo ne ‘sum ase akuw’ no renya nkɔanim ntɛmntɛm sen sɛnea polisifo betumi akan.”—The New York Times.

GERMANY: “Ɔkwan a ɛda krado a obi yɛ sɛ obedi nsɛmmɔne ne tebea a ɛma ɔyɛ saa ntam no sua koraa. Enti ɛnyɛ nwonwa koraa sɛ nsɛmmɔnedi abɛyɛ da biara adeyɛ.”—Rheinischer Merkur.

GREAT BRITAIN: “Nsɛmmɔnedi anya nkɔanim ntɛmntɛm, na nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nsɛmmɔnedi ne ade a edi kan a nea odi bɔne de bɛyɛ adwuma no reyɛ kɛse.”—The Independent.

IRELAND: “Nsɛmmɔnedifo a wodi dwuma wɔ sum ase no agye ntini wɔ Dublin kurow mu ne n’atɔe fam mmorɔn a wodi hia buruburoo so. Apoobɔfo kuw no de akode asiesie wɔn ho yiye.”—The Economist.

MEXICO: “Nsɛmmɔnedi anya nkɔanim kɛse wɔ bere tiaa bi mu ma ɛyɛ hu.”—The Wall Street Journal.

NIGERIA: “Sɛnea polisi kasamafo, Owura Frank Odita, kyerɛ no, abusua, asɔre ahorow, nkramofo, sukuu ne fekuw ahorow no adi nkogu wɔ wɔn asɛyɛde a ɛne sɛ wɔremma mmofra mfa wɔn ho nhyehyɛ nsɛmmɔnedi mu no mu.”—Daily Champion.

PHILIPPINES: “Philippines mmusua du biara mu asia ka sɛ wɔte nka sɛ wonni ahobammɔ wɔ wɔn afie anaa mmɔnten so.”—Asiaweek.

RUSSIA: “Apoobɔfo kuw a wodi dwuma wɔ sum ase no adan kurow a wɔ Soviet nna no mu no, na emu dwo sen biara wɔ wiase no, nsɛmmɔnedibea koraa. . . . Polisi panyin Gennadi Groshikov ka sɛ, ‘wɔ mfe 17 a mede akyinkyin yi mu no, minhuu nsɛmmɔnedi wɔ Moscow pii saa da, na saa ara na minhuu atantanne biara a ɛte saa.’”—Time.

SOUTH AFRICA: “Nsɛmmɔnedi a wontumi nsiw ano na ɛkame ayɛ sɛ wontumi nni so no de yɛn mu biara nkwa ne biribiara a yɛyɛ reto asiane mu—na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho biribi ntɛm so.”—The Star.

TAIWAN: “Wɔ Taiwan no . . . dwowtwa, ntua ne awudi rehyɛn ɔman no mu . . . Nokwarem no, nsɛmmɔnedi renya nkɔanim nkakrankakra, na wɔ mmeae bi no, ɛboro nea ɛwɔ Atɔe fam aman mu so.”—The New York Times.

UNITED STATES: “U.S. ne ɔman a basabasayɛ wom sen biara wɔ aman a anya mfiridwuma mu nkɔanim no mu . . . Aman a anya mfiridwuma mu nkɔanim no mu biara nni hɔ a ɛbɛn no.”—Time.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena