Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g85 12/8 kr. 3-4
  • So Nsɛmmɔnedi Yɛ Asiane Ankasa Ma Wo?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Nsɛmmɔnedi Yɛ Asiane Ankasa Ma Wo?
  • Nyan!—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛmmɔnedi​—Wiase “Adwuma a Ɛrenya Nkɔso”
  • Mmɔden a Wɔrebɔ sɛ Wɔbɛma Nsɛmmɔnedi Afi Hɔ
    Nyan!—1996
  • Bere a na Nsɛmmɔnedi Nni Hɔ
    Nyan!—1998
  • Nsɛmmɔnedi Ho Akodi mu Nkogudi
    Nyan!—1998
  • Ɛhe na Ɔman a Nsɛmmɔnedi Nnim no Wɔ?
    Nyan!—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1985
g85 12/8 kr. 3-4

So Nsɛmmɔnedi Yɛ Asiane Ankasa Ma Wo?

So wɔabɔ wo korɔn pɛn, anaasɛ wunim obi a wɔabɔ no bi pɛn?

So wusuro sɛ wobɛnantew mmorɔn so bere a owia akɔtɔ? Anaasɛ sɛ wonam mmorɔn so a, so wode ahodaso kɛse na ɛyɛ saa?

Sɛ edu mmere bi wɔ da no mu a, so wopow sɛ wobɛfa kwan a ɛda mfikyiri so anaasɛ wopow sɛ wobɛfa kar?

Sɛ wowɔ mma nkumaa a, so wobɔ wɔn kɔkɔ wɔ ahɔho a wɔne wɔn bɛkasa ho?

So ɛhaw wo sɛ ebia nsɛmmɔnedifo bɛtow ahyɛ wo mma so wɔ sukuu?

So wode safe a ɛboro biako na ɛtow wo pon mu?

So wowɔ akorɔnfo dɔn anaa biribi foforo bi a woahyɛ da ayɛ a wode tow wo kar no pon mu?

So wotow wo baesekre no mu bere a wode asi nkyɛn baabi wɔ borɔn so no?

Sɛ wubua sɛ yiw wɔ nsemmisa yi mu biara ho a, ɛnde wuhu sɛ nsɛmmɔnedi yɛ asiane ankasa ma wo.

NKURƆFO ani aba wɔn ho so kɛse wɔ nsɛmmɔnedi ho wɔ nnansa yi mfe no mu. Dɛn ntia? Efisɛ aka wɔn wɔ wɔn mpɔtam hɔ, aka wɔn nnamfo, wɔn abusua, ne wɔn ankasa. Sɛnea The New York Times asɛm bi atifi asɛm ka no, “Nsɛmmɔnedi Atrɛw Adu Nkurow Akɛse Asetra no Ase Pɛɛ Mprempren.” Asɛm no kɔɔ so kae sɛ: “Wɔ wɔn a wɔte New York kurom, adefo ne ahiafo nyinaa, fam no, nsɛmmɔnedi nyɛ biribi a nnipa afoforo nko na ɛka wɔn bio. Atrɛw wɔ kurow no mu na ama nsakrae ahorow aba​—ebi mu yɛ mmerɛw, ebi nso mu yɛ den​—wɔ ɔkwan a nkurɔfo fa so tra ase no mu.” Na ɛnyɛ New York nko na eyi fa ne ho, na mmom ɛfa nkurow akɛse afoforo pii ho wɔ wiase nyinaa.

Nsɛmmɔnedi​—Wiase “Adwuma a Ɛrenya Nkɔso”

INDIA: Ɛda, adi sɛ ɛnyɛ Amerika nko na nsɛmmɔnedi abɛyɛ ɔhaw. Ɛyɛ nea aka wiase no nyinaa. Sɛ nhwɛso no, India Today nsɛmma nhoma no kaa atifi mantam a wɔfrɛ no Bihar ho asɛm sɛ ɛyɛ “Adwowtwafo Ahemman.” Obi a wɔkyeree ne nua siei kae sɛ: “Ehu aka obiara. Sɛ owia kɔtɔ a, yempue mfi yɛn afie mu bio. Ehu na yɛde te hɔ bere nyinaa.” Na atesɛm krataa mu asɛm foforo biatifi asɛm ne, “Nsɛmmɔnedi, Adwuma a Ɛrenya Nkɔso wɔ India.”

ITALY: Italy nso wɔ ne haw ahorow a ɛfa nsɛmmɔnedi ho​—a ɛnyɛ nea ɛfa Mafia ho no nko. Sɛnea The Washington Post kyerɛ no, “Cammora a ɛyɛ nsɛmmɔnedifo ahemman a wɔde sii hɔ bɛboro mfirihyia ɔha a atwam ni a ɛte sɛ Siciliafo Mafia a ɛyɛ ɔman wɔ ɔman foforo mu” no nso wɔ hɔ. Atesɛm krataa koro no ara ka sɛ, saa nsɛmmɔnedifo ahyehyɛde yi “yɛ nea wogye di sɛ ɛno na ɛma wodii awu ahorow bɛyɛ 1,000 wɔ mfe abiɛsa a atwam no mu no.”

JAPAN: Nsɛmmɔnedi abɛyɛ asɛm a ɛhaw Japanfo. Atesɛm krataa biako bɔɔ amanneɛ nnansa yi sɛ nsɛmmɔnedifo akuw 2,330 wɔ Japan a polisifo nim a emufo dodow bɛyɛ 100,000.

CHINA: Sɛnea Far Eastern Economic Review kyerɛ no, aban no afa ɔkwan a emu yɛ den so wɔ mmɔden a ɛrebɔ sɛ ɛbɛma n’ankasa “nsɛmmɔnedi a ɛrenya nkɔso” no ano abrɛ ase no mu. Ɛtɔ bere bi a wokum awudifo ne mmonaatofo wɔ baguam, na wɔma nsɛmmɔnedifo afoforo to santen fa mmorɔn so a wɔde nkrataa asensɛn wɔn kɔn mu a wɔn din ne bɔne a wɔyɛe no wɔ so.

BBAZIL: Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ São PauIo ne Rio de Janeiro kyerɛ sɛ ɔmanfo no ɔha biara mu 65 hyɛ da pow sɛ wɔbɛkɔ mmeae ahorow bi a wonim sɛ ɛhɔ yɛ hu; ɔha biara mu 85 mfa agude anaa nneɛma a ɛsom bo nngu wɔn kɔn mu anaa wɔn nsa bere a wɔrepue no. Na wɔn a wobisabisa wɔn nsɛm no mu ɔha biara mu 90 gye di sɛ nsɛmmɔnedifo betumi atow ahyɛ wɔn so bere biara.

NIGERIA: Nsɛmmɔnedi yɛ nea ɛhaw adwene wɔ asetra mu wɔ Afrika aman ahorow so nso. Ɔrekyerɛw wɔ New Nigerian mu no, ɔkyerɛwfo A. Adamu kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Adewia, akode a wɔde bɔ korɔn, nneɛma a wɔhyew, awudi ne afoforo a wɔhyɛ da di wɔn dɛm, atirimɔden kwan a wɔfa so di nsɛmmɔne ahorow yi wɔ ɔman yi mu nnɛ no ma obi tɔ mum a onhu ɔkwan a eye a obetumi afa so akyerɛkyerɛ ehu kɛse a nsɛmmɔnedi ama aka nnipa dodow no ara wɔ wɔn adwene mu no mu.”

Nokwasɛm no ne sɛ, nsɛmmɔnedi ho hu ka nkurow akɛse pii. Saa nsɛmmɔnedi a emu atrɛw kɛse a wohu yi mma wɔn a wodi mmara so no ntumi nyɛ hwee. Na nkurɔfo abrɛ wɔ haw a wɔkɔ so haw wɔn, ne ahobammɔ a edi mu a wonnya no ho. Enti bere a ɔman ba bi yɛ ade de tua nsɛmmɔnedifo no so ka no, onya wɔn a wɔne no yɛ adwene pii mfitiase no.

Nanso dɛn nti na nnipa pii dan kɔ nsɛmmɔnedi so saa? So ebetumi aba sɛ nea ɛne tete asɛm bi a wɔka bɔ abira no, nsɛmmɔnedi yɛ nea mfaso wɔ so ampa?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena