Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 10/8 kr. 6-8
  • Mmɔden a Wɔrebɔ sɛ Wɔbɛma Nsɛmmɔnedi Afi Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmɔden a Wɔrebɔ sɛ Wɔbɛma Nsɛmmɔnedi Afi Hɔ
  • Nyan!—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Eyi Yɛ Adwene a Ɛnteɛ Koraa?
  • Aban Ahorow Rebɔ Mmɔden
  • Ahotoso a Wɔhwere
  • Nsɛmmɔnedi Ho Akodi mu Nkogudi
    Nyan!—1998
  • So Nsɛmmɔnedi Yɛ Asiane Ankasa Ma Wo?
    Nyan!—1985
  • Afotu Pa Bɔ Obi Ho Ban Fi Nsɛmmɔnedi Ho
    Nyan!—1980
  • Polisifo—Wɔn Daakye Ne Dɛn?
    Nyan!—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1996
g96 10/8 kr. 6-8

Mmɔden a Wɔrebɔ sɛ Wɔbɛma Nsɛmmɔnedi Afi Hɔ

BRITANIA atesɛm krataa bi a agye din mu asɛmti bi kae sɛ: “Mmofra Kyerɛ sɛ Asetra a Ɛyɛ Mfonoe Ne Ade Titiriw a Ɛma Mmofra Di Nsɛmmɔne.” Foforo ka sɛ: “Ofie Ntɔkwaw na Ama Nsɛmmɔnedi Anya Nkɔanim.” Na nea ɛto so abiɛsa kae sɛ: “Nnubɔnenom Ma Wodi Nsɛmmɔne Mpempem Pii.” Philippine Panorama nsɛmma nhoma no buu akontaa sɛ wɔn a wɔnom nnubɔne na wɔyɛɛ amumɔyɛde a ɛkɔɔ so wɔ Manila no nyinaa mu ɔha mu 75.

Nneɛma foforo nso ma nkurɔfo nya nsɛmmɔnedi su. Nea Nigeria polisi panyin paa kaa ho asɛm ne “ohia buburoo ne ahonya mmoroso.” Atipɛnfo nhyɛso ne adwuma pa a wonnya nyɛ, mmara a emu yɛ den a wɔde siw nneyɛe bɔne ano a enni hɔ, abusua ho gyinapɛn ahorow a asɛe, obu a wonni mma tumidi ne mmara, ɛne sini ne video ahorow mu basabasayɛ a ɛtra so a wɔtwe adwene si so nso.

Ade foforo nso ne sɛ nnipa pii nye nni bio sɛ mfaso nni nsɛmmɔnedi so. Nnipa asetra ho nimdefo bi a ɔwɔ Bologna Sukuupɔn mu wɔ Italy kae sɛ wɔ mfe pii mu no, “korɔnbɔ dodow a wɔabɔ ho amanneɛ dɔɔso sen nnipa dodow a wɔde wɔn agu afiase wɔ ho no.” Osii so dua sɛ “sɛ wɔde nnipa dodow a wɔde wɔn gu afiase nyinaa toto korɔn dodow a wɔbɔ ho amanneɛ ho a, ɛso ahuan fi ɔha mu 50 akodu ɔha mu 0.7.”

Nokwasɛm a ɛyɛ awerɛhow ne The New Encyclopædia Britannica mu nsɛm no: “Ɛte sɛ nea nsɛmmɔnedi a ɛrenya nkɔanim no yɛ ade a ɛkɔ so wɔ nnɛyi aman a wɔanya nkɔanim wɔ mfiridwuma nyinaa mu, na mmara ahorow a wɔayɛ anaa asotwe a wɔde ma biara nni hɔ a yebetumi aka sɛ atumi adi ɔhaw no ho dwuma titiriw bi. . . . Wɔ nnɛyi nkurow akɛse mu asetra a sika fam nkɔso ne ankorankoro yiyedi ne ade a ehia wɔn titiriw no, biribiara nni hɔ a yebetumi agyina so aka sɛ nsɛmmɔnedi a ɛrekɔ so no rennya nkɔanim.”

So Eyi Yɛ Adwene a Ɛnteɛ Koraa?

So tebea no asɛe koraa ankasa? So wɔmmɔ amanneɛ sɛ nsɛmmɔnedi so ahuan wɔ mmeae bi? Ampa, etumi ba saa, nanso akontaabu betumi ayɛ nnaadaa. Sɛ́ nhwɛso no, wɔbɔɔ amanneɛ sɛ nsɛmmɔnedi so huanee ɔha mu 20 wɔ Philippines bere a wɔbaraa atuo akyi no. Nanso, Asiaweek kyerɛkyerɛɛ mu sɛ aban panyin bi gye di sɛ akorɔmfo a wowia kar ne wɔn a wɔbɔ apoo wɔ sikakorabea no agyae karwia ne sikakorabea apoobɔ, na “wɔadan kɔ nkurɔfo a wɔkyere wɔn sie so.” Sikakorabea apoobɔ ne karwia a ɛso huanee no maa nsɛmmɔnedi a ɛkɔ so no so huanee, nanso mfaso amma ɛso a ehuanee yi so papa biara, esiane nkurɔfo a wɔkyere wɔn sie a ebu bɔɔ ho anan no nti!

Bere a HVG nsɛmma nhoma no rebɔ nea ɛrekɔ so wɔ Hungary ho amanneɛ no, wɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ wɔyɛ ntotoho a, nsɛmmɔnedi a ɛkɔɔ so wɔ 1993 fã a edi kan mu no baa fam ɔha mu 6.2. Nea polisifo werɛ fii sɛ wɔbɛka ho asɛm ne sɛnea ɛyɛe a ɛso huanee no . . . fi nsakrae a ɛbaa ɛho dwumadi mu no titiriw.” Ɛka a ɛba wɔ korɔnbɔ, amimdi, anaa adesɛe ho no kɔɔ soro ɔha mu nkyem 250. Enti wɔanyɛ agyapade a wɔsɛe no a ɛho ka nnu saa no ho kyerɛwtohɔ bio. Esiane sɛ nsɛmmɔnedi a ɛkɔ so wɔ ɔman no mu nyinaa anan biara mu abiɛsa nti, ɛyɛ den sɛ yɛbɛka no nokwarem sɛ nsɛmmɔnedi so huanee.

Wogye tom sɛ ɛyɛ den sɛ wobehu nsɛmmɔne a ɛkɔ so no dodow ankasa. Ade biako ne sɛ nsɛmmɔnedi pii—ebia bɛyɛ nsɛmmɔnedi ahorow bi mu ɔha mu 90—kɔ so a wɔmmɔ ho amanneɛ. Nanso, sɛ́ yebegye kyim sɛ ebia nsɛmmɔnedi so ahuan anaasɛ anya nkɔanim no yɛ nea ɛho nhia. Nea nnipa hwehwɛ ne sɛ wobegu nsɛmmɔnedi ase, na ɛnyɛ sɛ wobehuan so kɛkɛ.

Aban Ahorow Rebɔ Mmɔden

Nhwehwɛmu bi a Amanaman Nkabom yɛe wɔ 1990 mu daa no adi sɛ sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, aman a wodi yiye no sɛe wɔn afe afe sikasɛm nhyehyɛe no mu ɔha mu 2 kosi 3 wɔ nsɛmmɔnedi ano a wobesiw ho, bere a aman a wonnyaa nkɔso pii no sɛe nea ɛboro saa wɔ ho, na sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, ɛyɛ ɔha biara mu 9 kosi 14. Polisifo a wɔbɛma wɔadɔɔso, na wɔama wɔn anya nnwinnade papa a wɔde bedi dwuma no yɛ ahiasɛm titiriw wɔ mmeae bi. Nanso nea efi mu ba no nyɛ ade a ɛma abotɔyam. Hungaryfo binom nwiinwii sɛ: “Polisifo a wɔbɛkyere nsɛmmɔnedifo nnɔɔso da, nanso wɔn a wɔkyere wɔn a wobu karka ho mmara so no dɔɔso bere nyinaa.”

Aban ahorow pii ahu hia a ɛho hia sɛ wɔyɛ nsɛmmɔnedi ho mmara a emu yɛ den nnansa yi. Sɛ nhwɛso no, Time nsɛmma nhoma no ka sɛ esiane sɛ “nkurɔfo a wɔkyere wɔn sie renya nkɔanim wɔ Latin Amerika nyinaa nti,” aban ahorow a ɛwɔ hɔ no ayeyɛ mmara horow a “emu yɛ den na wɔnhwɛ mma ɛnyɛ adwuma.” Egye tom sɛ: “Ɛsono mmara a wɔhyɛ, na ɛsono hwɛ a wɔhwɛ ma ɛyɛ adwuma.”

Wobu akontaa sɛ wɔ 1992 mu no na akuw a wɔwɛn mpɔtam mpɔtam bɛboro 100,000 na ɛwɔ Britain, na anyɛ yiye koraa no, na wɔwɛn afie ɔpepem anan. Wɔyɛɛ nhyehyɛe a ɛte saa ara wɔ Australia wɔ 1980 mfe no mu. Australia Nsɛmmɔnedi Asoɛe no ka sɛ, wɔn botae ne sɛ “wɔbɛma ɔman mma no ani aba ɔmanfo ahobammɔ so kɛse, sɛ wɔbɛma afipamfo atu mpɔn wɔ wɔn nneyɛe ne wɔn su wɔ nsɛmmɔnedi ne mpɔtam adeyɛ bi a asɛm wɔ ho ho amanneɛbɔ mu, na wɔnam wɔn agyapade a wɔbɛhyɛ no nsow so ne nnwinnade a ɛbɔ nkurɔfo ho ban a etu mpɔn a wɔbɛhyehyɛ so” atew hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ wobetumi adi nsɛmmɔne so.

Wɔhyehyɛ television wɔ mmeae bi a ɛma polisifo tumi hu aguadidan ahorow mu. Polisifo, sikakorabea, ne adetɔnbea ahorow de video di dwuma sɛ ade a wɔde siw nsɛmmɔnedi ano anaasɛ adwinnade a wɔde kyere mmaratofo.

Wɔ Nigeria no, polisifo ahyehyɛ mmeae pii a wɔhwehwɛ nkurɔfo nneɛma mu wɔ akwan so a wɔnam so kyere akwanmukafo ne wɔn a wowia kar no. Aban no ahyehyɛ kuw bi a ɛhwehwɛ nneyɛe bɔne a ɛkɔ so wɔ aguadi mu sɛ nea wɔnam so besiw amimdi ano. Wɔahyehyɛ polisifo ne ɔmanfo ntam nkitahodi boayikuw ahorow a ɔmanfo no mu nnipa atitiriw na wɔwom a wɔde nsɛmmɔnedi bi a ɛkɔ so ne nnipa bi a wɔnna su pa adi ho amanneɛbɔ ma polisifo wɔ hɔ.

Ahɔho a wɔkɔ Philippines no hyɛ no nsow sɛ wɔmma afie nna hɔ mpan a obi nni hɔ, na nkurɔfo pii wɔ akraman a wɔwɛn wɔn afie. Aguadifo fa wɔn ankasa awɛmfo de bɔ wɔn nnwuma ho ban. Wɔtɔ nnwinnade a wɔde bɔ kar ho ban na wɔanwia no kɛse. Nnipa a wobetumi no tu kɔtra mmeae a wɔwɛn hɔ yiye anaasɛ baabi a nnipa pii tete.

London atesɛm krataa The Independent kae sɛ: “Bere a ɔmanfo ahotoso a wɔwɔ wɔ mmara mu so huan no, ɔman mma no ankasa reyɛ wɔn mpɔtam ahobammɔ ho nhyehyɛe pii.” Na nnipa pii na wɔde akode resiesie wɔn ho. Sɛ nhwɛso no, wɔ United States no, wobu akontaa sɛ anyɛ yiye koraa no, afie abien biara mu biako wɔ tuo biako.

Aban ahorow reyɛ akwan foforo a wɔbɛfa so ako atia nsɛmmɔnedi bere nyinaa. Nanso, V. Vsevolodov, a ɔwɔ Kɔlege a Wosua Ɔman Mu Nsɛm a ɛwɔ Ukraine, da no adi sɛ, sɛnea UN nsɛm bi kyerɛ no, nnipa pii a wonim nsɛmmɔnedi yiye rehwehwɛ “akwan soronko a wɔbɛfa so adi nsɛmmɔne” a “ntetee a wɔde rema wɔn a wɔhwɛ ma mmara yɛ adwuma” no rentumi wɔn. Nsɛmmɔnedifo a wɔn ani atew de sika akɛse reboa nnwumakuw ne yiyedi akuw de wɔn ho bɔ ɔmanfo, na “ɛma wonya gyinabea ahorow a ɛkorɔn wɔ nnipa mu.”

Ahotoso a Wɔhwere

Nnipa a wɔredɔɔso a wɔwɔ aman horow mu regye di mpo sɛ aban ankasa ka ho bi na ɔhaw no ba. Asiaweek faa nkurɔfo a wɔko tia nsɛmmɔnedi kuw bi panyin asɛm kae sɛ: “Nnipa a yesusuw sɛ wɔadi nsɛmmɔne a yɛkyere wɔn mu bɛyɛ ɔha biara mu 90 yɛ polisifo anaa asraafo.” Sɛ ɛyɛ nokware anaa ɛnte saa no, amanneɛbɔ ahorow a ɛte sɛ eyi maa mmarahyɛfo bi kae sɛ: “Sɛ wɔn a wɔka ntam sɛ wɔbɛhwɛ ma mmara ayɛ adwuma no ankasa yɛ mmaratofo a, ɛnde na yɛn man no da asiane mu.”

Ɔporɔw ho aniwusɛm a ɛfa aban mpanyimfo atitiriw ho aka aban ahorow wɔ wiase no afã horow nyinaa, na ama ɔmanfo no ahotoso a wɔwɔ asɛe kɛse. Sɛ yɛde anidaso a nkurɔfo rehwere wɔ mmɔden a aban ahorow bɔ sɛ wobesiw nsɛmmɔnedi ano mu no to nkyɛn a, nea wɔrebisa ho asɛm seesei ne si a wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ saa no. Nhomanimfo bi bisae sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na saa atumfoɔ yi ako atia nsɛmmɔnedi seesei, bere a wɔn ankasa de wɔn ho ahyem fee no?”

Aban ahorow ba na aban ahorow kɔ, na nsɛmmɔnedi da so wɔ hɔ. Nanso, bere bi reba nnansa yi ara a nsɛmmɔnedi befi hɔ koraa!

[Kratafa 7 mfonini ahorow]

Nnwinnade a wɔde ko tia nsɛmmɔnedi: TV mfoninitwa afiri ne nea eyi mfonini no kyerɛ, dade pon a ɛbobɔ, ne ɔwɛmfo a okura ɔkraman a wɔatete no

[Kratafa 8 mfonini]

Nsɛmmɔnedi ma nkurɔfo dan nneduafo wɔ wɔn ankasa afie mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena