Polisifo—Wɔn Daakye Ne Dɛn?
SƐ POLISIFO nni hɔ a, anka yɛbɛyɛ sɛ nnipa a wɔnhyɛ tumidi biara ase. Nanso bere a polisifo wɔ hɔ mpo no, so ahotɔ wɔ yɛn wiase yi mu? Wɔ nkuropɔn pii mu nnɛ te sɛ nkuraa pii ase no, ɔhaw bi asɔre afa ahobammɔ ho. So yebetumi ahwɛ kwan sɛ polisifo bɛbɔ yɛn ho ban afi nsɛmmɔnedifo fekuw ne wɔn a wɔde nsɛmmɔnedi ayɛ wɔn su no ho? So yebetumi ahwɛ kwan sɛ polisifo bɛma ahobammɔ aba yɛn mmɔnten so? So wobetumi adi nkonim wɔ ɔko a etia nsɛmmɔnedi no mu?
David Bayley de adwenkyerɛ bi ma wɔ ne nhoma Police for the Future mu sɛ: “Polisifo nsiw nsɛmmɔnedi ano. Nokwarem no, polisifo ayɛ sɛ aduru bi a wɔde tare kokoram so kɛkɛ. . . . Yɛrentumi mfa yɛn ho nto polisifo so, sɛ mpo wɔasi wɔn bo ankasa sɛ wobesiw nsɛmmɔnedi ano, na wɔabɔ ɔman ho ban afi nsɛmmɔnedi ho a.” Nhwehwɛmu ada no adi sɛ dwuma titiriw abiɛsa a polisifo di—mmorɔn so a wokyinkyin, tebea a egye ntɛmpɛ ho dwuma a wodi, ne nsɛmmɔnedi mu nhwehwɛmu a wɔyɛ—nsiw nsɛmmɔnedi ano. Dɛn nti na eyi te saa?
Polisifo pii a wɔbɛfa wɔn de abɔ mmɔden sɛ wobesiw nsɛmmɔnedi ano no yɛ biribi a ɛho ka nna fam koraa. Sɛ wotumi tua ho ka mpo a, ɛte sɛ nea kyin a polisifo bekyinkyin kɛse no mfa nsɛmmɔnedifo ho anaasɛ ɛmmɔ wɔn hu. Nneɛma ho dwuma a wodi no ntɛm no nsiw nsɛmmɔnedi pii ano nso. Polisifo abɔ amanneɛ sɛ sɛ wɔantumi annu beae bi a nsɛmmɔnedi asi hɔ simma biako ntam a, akyinnye biara nni ho sɛ wontumi nkyere nsɛmmɔnedifo no. Ɛte sɛ nea nsɛmmɔnedifo nim sɛ ɛyɛ den sɛ polisifo bedu baabi a asɛm asi no ntɛm saa. Saa ara na nsɛmmɔnedi mu nhwehwɛmu a wɔyɛ nso mmoa. Sɛ wɔkyere nsɛmmɔnedifo hwehwɛ wɔn nsɛm mu bu wɔn fɔ de wɔn gu afiase mpo a, ɛno nkyerɛ sɛ asiw nsɛmmɔnedi ano. United States tumi de nsɛmmɔnedifo pii gu afiase sen ɔman foforo biara, nanso ɛhɔ na nsɛmmɔnedi wɔ sen biara; bere a Japan a wɔmfa nnipa pii ngu afiase no yɛ beae biako a nsɛmmɔnedi wɔ fam sen biara no. Nhyehyɛe te sɛ mpɔtam a wɔwɛn no mpo nyɛ biribi a etumi de mfaso a ɛtra hɔ kyɛ ba, titiriw wɔ mmeae a nsɛmmɔnedi agye ntini wɔ hɔ no. Anammɔn titiriw a wɔbɛhyɛ da atu atia nsɛmmɔnedi pɔtee bi, te sɛ nnubɔne a wɔde fa sum ase kɔtɔn anaa atuo a wɔde bɔ korɔn, tumi yɛ yiye kosi baabi, na ɛha nso, mfaso no ntra hɔ nkyɛ.
Police for the Future ka sɛ: “Ɛnsɛ sɛ ka a wɔka sɛ polisifo ntumi nsiw nsɛmmɔnedi ano no yɛ nnipa a wosusuw nneɛma ho no nwonwa koraa. Nnipa dodow no ara te ase sɛ asetram tebea horow a polisifo ntumi nyɛ ho biribi, na nsɛmmɔnedi ho mmara biara nso ntumi nni ho dwuma no na ɛkyerɛ sɛnea nsɛmmɔnedi bi anya nkɔanim akodu wɔ mpɔtam bi.”
Sɛ Polisifo Nni Hɔ a, Anka Dɛn na Ɛbɛba?
Sɛ polisini biara nni hɔ a ɔrewɛn a, woyɛ w’ade dɛn? So wode hokwan a woanya sɛ wonni hɔ no bu mmara so? Ɛyɛ nwonwa sɛ anka nnipa a wodi yiye kakra ne wɔn a wodi yiye paa a wobu wɔn no bɛsɛe wɔn din ne wɔn daakye esiane mfaso bɔne a adwuma mu dwowtwa bɛma wɔanya nti. The New York Times bɔɔ amanneɛ nnansa yi faa ‘nnipa 112 bi a wɔbɔɔ wɔn sobo sɛ wɔatwa dwow, a amanneɛbɔ kyerɛ sɛ wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛfa nnaadaa kwan so agye kar ho insurance nnwumakuw bi hɔ sika no’ ho. Wɔn a na wɔka ho bi ne mmaranimfo, nnuruyɛfo, akyi brɛmo ho ayaresafo, apɔw-mu-teɛteɛ ayaresafo, nnuruyɛfo a wɔde mpaane tuatua ayarefo ho de sa wɔn yare, ne Polisi Asoɛe dwumayɛni bi.’
Dwowtwa kɛse bi a esii nnansa yi no nso ho asɛm maa asikafo a wɔde wɔn sika boa nkurɔfo ma wodi adwinni no ho dwiriw wɔn bere a wobuaa Sotheby adwumakuw a ɛwɔ New York ne Christie adwumakuw a ɛwɔ London no kan mpanyimfo atitiriw fɔ sɛ wɔn ankasa twaa bo a wɔpɛ too nneɛma bi a wɔretɔn so no. Asɛnnibea no hyɛe sɛ wɔne wɔn adetɔn mmeae no ntua dɔla ɔpepem 843 sɛ asotwe ne sika a ɛsɛ sɛ wotua de dwudwo nkurɔfo koma! Eyi kyerɛ sɛ sikanibere adi nkurɔfo ti wɔ baabiara.
Asɛm a esii wɔ Recife, Brazil, wɔ 1997 mu, bere a polisifo ankɔ adwuma nna dodow bi no kyerɛ sɛ nnipa pii dan kɔ nsɛmmɔnedi so bere a biribiara nsiw wɔn kwan no. Ɔsom mu gyidi a wokura biara ntumi nnya wɔn nneyɛe so nkɛntɛnso. Wobetumi abrɛ abrabɔ pa ho nnyinasosɛm ase anaasɛ wɔmfa nyɛ adwuma. Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔ aman dodow no ara mu no polisifo ntumi nni akodi a etia wiase amumɔyɛsɛm, nketewa ne akɛse, no mu nkonim.
Nea ɛne eyi bɔ abira no, nnipa binom di mmara so esiane sɛ wɔkyerɛ obu ma tumidi nti. Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Kristofo a wɔwɔ Roma no sɛ wɔmmrɛ wɔn ho ase nhyɛ tumidi a Onyankopɔn ama ho kwan no ase esiane sɛ saafo yi ma asomdwoe bi tra ɔman mu nti. Ɛdefa tumidi a ɛte saa ho no, ɔkyerɛwee sɛ: “Wɔyɛ Onyankopɔn asomfo a wodi were de abufuw ba nea ɔyɛ bɔne no so. Enti etwa sɛ mobrɛ mo ho ase hyɛ wɔn ase, ɛnyɛ abufuw no nko nti, na mmom ahonim nso ntia.”—Romafo 13:4, 5.
Asetram Tebea a Ɛsesa
Akyinnye biara nni ho sɛ, polisi adwuma de mpontu bi ba nkurɔfo asetram. Sɛ nnubɔne ne basabasayɛ fi mmɔnten so korakora a, ɛma nkurɔfo yɛ wɔn ade de ma din pa a mpɔtam no anya no tra hɔ. Nanso nokwarem no, ɔmanfo asetra a wɔbɛma atu mpɔn no nyɛ biribi a polisifo betumi ayɛ.
So wubetumi asusuw wiase bi a nkurɔfo wɔ obu a ɛte saa ma mmara araa ma enti wonhia polisifo ho? So wubetumi asusuw wiase bi a nkurɔfo wɔ tema ma wɔn ho wɔn ho araa ma enti mpɔtam hɔfo benya ɔpɛ bere nyinaa sɛ wɔbɛboa wɔn ho a ɛho renhia sɛ obi bɛhwehwɛ polisifo mmoa? Ɛte sɛ nea ɛno yɛ adaeso. Ɛwom sɛ ntease foforo bi na Yesu de kaa nsɛm a edi so yi de, nanso edi dwuma ɔkwan biara so. Ɔkae sɛ: “Nnipa fam de, eyi ntumi nyɛ, na Onyankopɔn fam de, ade nyinaa betumi ayɛ.”—Mateo 19:26.
Bible no ka daakye bi a adesamma nyinaa bɛyɛ nniso a Yehowa Nyankopɔn de asi hɔ nkoa ho asɛm. ‘Ɔsoro Nyankopɔn de ahenni bi bɛba. Ebebubu ahenni ahorow no nyinaa ma asã.’ (Daniel 2:44) Ɛdenam nnipa komapafo nyinaa a wɔde Onyankopɔn dɔ bɛkyerɛkyerɛ wɔn so no, saa nniso foforo yi bɛsakra asetram tebea a ɛde nsɛmmɔnedi ba no. “[Yehowa, NW] hu bɛyɛ asase ma, sɛ nsu kata po so no.” (Yesaia 11:9) Yehowa Hene, Yesu Kristo, betumi asiw nsɛmmɔnedi nyinaa ano. “Ɛnyɛ nea n’ani hu so na obebu atɛn, na ɛnyɛ nea n’aso te so na obedi asɛm, na trenee na ɔde bebu atɛn ama mmɔboroni, na ɔde asɛntrenee adi ama asase so amanehunufo.”—Yesaia 11:3, 4.
Nsɛmmɔnedifo ne nsɛmmɔnedi befi hɔ. Polisifo ho renhia. “Wɔbɛtratra wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase, na obi bi renyi wɔn hu, efisɛ asafo [Yehowa, NW] ano na aka.” (Mika 4:4) Sɛ wopɛ sɛ woyɛ “asase foforo” a wɔka ho asɛm wɔ Bible mu no soni a, ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ woyɛ ade a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ wɔ N’asɛm mu no mu nhwehwɛmu.—2 Petro 3:13.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 12]
So wubetumi asusuw wiase bi a nkurɔfo wɔ obu a ɛte saa ma mmara araa ma enti wonhia polisifo ho?
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 12]
Nsɛmmɔnedifo ne nsɛmmɔnedi befi hɔ
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 11]
Polisifo ne Amumɔyɛfo Ntam Akameakame
Sɛnea nsɛm a esisii September 11, 2001 wɔ New York City ne Washington, D.C. kyerɛkyerɛ mu no, wɔn a wogye wimhyɛn anuɔden so, wɔn a wɔfa nkurɔfo nnommum, ne amumɔyɛfo, ma polisifo hyia nsɛnnennen a emu yɛ den yiye bere a wɔbɔ ɔmanfo ho ban no. Wɔahyɛ da atete polisifo wɔ wiase mmeae pii a sɛ wimhyɛn bi begyina pɛ a wɔbɔ wura mu kɔbɔ ho ban. Wɔasua sɛnea wɔhyɛn adan mu mpofirim nso—wɔde hama so wɔn mu fa suhyɛ so sian si dan mu, wotumi fa mpomma mu, na wɔtow aprɛm ne mframa bɔne de pam nnipa. Mpɛn pii no, polisifo a wɔanya saa ntetee yi tumi di amumɔyɛfo so nkonim ma ɛyɛ nwonwa ma ɛmma wontumi mfa nnipa pii nnommum.
[Asɛm Fibea]
James R. Tourtellotte/U.S. Customs Service
[Mfonini wɔ kratafa 12]
Nneɛma a ɛho renhia bio wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu