Afotu Pa Bɔ Obi Ho Ban Fi Nsɛmmɔnedi Ho
NNIPA ahorow pii na wɔakyerɛw nhoma ne nsɛm a wɔde tu fo fa ɔkwan a eye sen biara a wɔbɛfa so adi nsɛmmɔne so nkonim ho. Wɔn nyansahyɛ ahorow no pii ye na mfaso wɔ so ankasa, ɛwom sɛ mprempren yi ɔkwan biara nni hɔ a obi bɛfa so anya awerɛhyem sɛ obenya ahobammɔ koraa de. Nanso eyi nkyerɛ sɛ yɛrentumi nyɛ ho biribiara. Yebetumi, na esiane nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ a ɛrekɔ so bere nyinaa nti ɛsɛ sɛ yɛyɛ ho biribi.
Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛanya nyansahyɛ ahorow a yebetumi adi ho dwuma no, momma yɛnnan yɛn ho nkɔ ɔbarima bi a Onyankopɔn maa no “nyansa ne nhumu bebree pa,” yiw, nyansa a ɛma ɔbɛyɛɛ nea “onim nyansa sen nnipa nyinaa” a na wɔwɔ ne bere so na etumi ma “obubuu mmɛ mpensa” no nkyɛn. (1 Ahe. 4:29, 31, 32) Wubetumi ahu saa ɔbarima yi sɛ ɔne Ɔhene Salomo.
Spaniani ɔkyerɛwfo Cervantes a wagye din no kyerɛkyerɛɛ mmebusɛm mu wɔ ɔkwan a ɛfata so sɛ “ɛyɛ nsentiatiaa a wonya fi tete osuahu mu.” Obiara nni hɔ a wanya onipa ne ne haw horow no ho osuahu akyɛn onipa Bɔfo no ankasa, a ɔde nyansa a ehia Salomo maa no na ɔde hyehyɛɛ saa “nsentiaa” a yehu wɔ Bible mu nhoma a ɛyɛ Mmebusɛm ne Ɔsɛnkafo mu no. Salomo afotu, a efi Nyankopɔn hɔ ba no yɛ nea eye sen biara a ɛwɔ hɔ. Momma yɛnhwɛ ɔkwan a yɛbɛfa so de adi dwuma wɔ yɛn ankasa ahobammɔ mu.
EDI KAN HU BƆNE A ƐREBA
“Onitefo hu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hintaw, na ntetekwaa fa mu, na wonya asotwe.”—Mmeb. 22:3.
Nnyinasosɛm a ɛwɔ eyi akyi ne sɛ ɛsɛ sɛ obi di kan hu asiane horow a ɛbɛba na ɔde no ho ahintaw ansa na asiane horow no aba. Wɔ ɔkwan foforo so no, yɛ nhyehyɛe na fa hwɛ wo ho so yiye. Eyi ne ahobammɔ ho nhwɛso a eye sen biara nhwɛso horow? Pii wɔ hɔ.
Toto w’apon ne wɔ mfɛnsere mu bere a wunni fie. Mmeae ahorow bi wɔ hɔ a ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wobɛtoto mu bere nyinaa. Sɛ wote abibirim wɔ kurow ketewaa anaa akuraa bi ase a, ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛbɔ wo nnamfonom amanneɛ bere a wunni fie. Eyi bɛboa ama wɔahwɛ wo pon ano ama wo bere a ɔhɔho bi anaa obi a wunnim no ba wo fie no.
Nea ɛfa wo fie ho nso fa wo kar ho. To mu bere nyinaa. Wɔ nkurow binom mu no sɛ woanto wo kar mu a na woato mmara, na eyi fata saa nso. Bere a wote kar no mu rekɔ mpo no, ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wobɛtoto w’apon mu; anyɛ saa a ɔbɔnefo bi betumi ahyɛn wo kar no mu bere a woretwɛn wɔ ɔkwan so esiane sɛ ɔkanea agyina mo nti. Sɛ ɛho ahia sɛ wugyaw wo kar no wɔ abɔnten so anadwo a, ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛhwehwɛ beae a ɔkanea wɔ hɔ na wɔakogyaw wɔ hɔ.
Akorɔnfo pɛ sɛ wɔyɛ adwuma a obi nhaw wɔn na obi nhu wɔn, enti wɔbɛba wo fie bere a wunni hɔ. Biribi a ɛbɛbɔ owifo no kɔkɔ sɛ wɔate ne nka (wɔ ofie no mu anaasɛ wɔ kar no mu) anaasɛ ɔkraman a ɔbobom mpo ye na ebetumi ama akorɔnfo no ate ase sɛ tebea a wɔwom no nye. Sɛ wufi fie kɔ na wobɛkyɛ a, mma obiara nhu eyi denam krado a wubegyaw ama obiara ahu wɔ wo pon akyi no so. Mmom ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛto wo pon mu wɔ ɔkwan a ɛremma wɔn a wotwam no nhu so.
Sɛ wufi fie anadwofa a, kyɛnerɛ a wobɛsɔ asi ɔdan no mu no bɛma ayɛ sɛ nea wowɔ fie. Mmom, ɛsɛ sɛ wohwɛ hu sɛ kyɛnerɛ no si faako a eye anaasɛ esi prɛte bi mu a nsu wɔ ase sɛnea ɛbɛyɛ na anhyew wo dan no.
Ma wo nneɛma a ɛsom bo ma wo no ntra beae a eye a akorɔnfo rensusuw sɛ ɔbɛhwehwɛ hɔ ahu. Ɛbɛyɛ papa mpo sɛ wobɛma atra mmeae ahorow, sɛnea ɛbɛyɛ na otumi fa bi kɔ a, ɛrenyɛ sɛ ne nyinaa na wafa kɔ. Bɔne a ɛreba a obi di kan hu no ho wɔ mfaso.
NNYE WO HO NNI DODO,
“Atetekwaa gye nsɛm nyinaa di, na onitefo hwɛ ne nantew mu yiye.”—Mmeb, 14:15.
Anigye bɛn na ɛbɛyɛ sɛ yebegye obiara a yehyia no no adi na eyi te saa mprempren wɔ mmeae ahorow wɔ wiase. Nanso mmeae foforo a nkuropɔn ahorow ka ho de, nsɛmmɔnedi rekɔso denneennen wɔ hɔ. Na ɛsɛ sɛ yehu sɛ saa na ɛte. Ɛha na ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ yɛhwɛ yɛn ho so yiye wɔ nnipa ne tebea horow a yɛn adwenem yɛ yɛn naa wɔ wɔn ho no ho.
Sɛ nhwɛso no, ɛbɛyɛ nea nyansa nnim sɛ wobɛto nsa afrɛ nnipa a wunnim wɔn aba wo fie, wɔ bere a ɛte sɛ nea atirimpɔw bi a ɛfata nti na ɛma wɔbaa hɔ, gye sɛ wokura biribi pɔtee a ɛhyɛ wɔn agyirae ansa. Wɔ nokwarem no, esiane sɛ ɔpon no a wubue no mpo betumi ayɛ nea asiane wom wɔ mmeae ahorow nti, ɛbɛyɛ papa sɛ wubenya tokuru bi a wode w’ani bɛfa mu ahwɛ onii ko anaasɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn bi wɔ ɔpon no akyi sɛ wote beae a tebea no hwehwɛ sɛ woyɛ saa a.
Nnyaw wo safe wɔ kɛtɛ a wode asɛw ɔpon no anim a wopopa wo nan ase wɔ so no ase anaasɛ beae foforo a ɛrenyɛ den sɛ wobehu. Wubetumi agye nea woregyaw ama no no adi, nanso so wubetumi agye obi a ɔbɛba abɛhwehwɛ ahu no nso adi anaa? Afei nso ɛyɛ nea nyansa nnim sɛ wode wo din ne wo address bɛsɛn wo safe no ho a wugye di sɛ sɛ woyera wo safe no a obi a odi nokware de bɛbrɛ wo.
Ahwɛyiye yɛ nyansa kwan wɔ bere a worehyia obi wɔ abɔnten so no, titiriw anadwo. Ebia ɔbɛyɛ ne ho sɛ obi a ɔnyɛ ɔbɔnefo nanso sɛ woma kwan ma ɔbɛn wo yiye a obetumi apira wo. Ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛhwɛ wo ho so yiye kyɛn sɛ wobɛma kwan ama obi atwa wo dwow. Sɛ́ wo nkutoo woremfi adi anadwo no yɛ nea ebetumi abɔ wo ho ban. Wɔntaa ntoa nnipa baanu te sɛ obiakofo. Ɔsɛnkafo 4:12 se: “Na sɛ obi toa wɔn mu biako a, baanu no ne no besi anim; na hama a ɛbɔ ho abiɛsa no rentew ntɛm so.”
Sɛ wokɔ nnipa mu a, hwɛ w’ahosiesie so yiye. Ɔkwan a wofa so siesie wo ho no nso ho hia. Ebetumi akanyan nkurɔfo ma wɔayɛ ade a, worempɛ.
Afei nso sɛ wokɔ nhyiam horow bi ase a, ɛsɛ sɛ wohwɛ yiye. Sɛ́ wubegyaw nneɛma a ɛsom bo wɔ w’agua so, asɔre akɔ sɛ worekogye w’ahome anaasɛ worekɔtɔ biribi no nyɛ nea nyansa wom; Obiakofo a onni nokware a ɔwɔ nnipa a wodi nokware mu no bɛma woanu wo ho kɛse wo anibiannaso a woyɛe no nti.
Nyɛ wo ho “ɔdefo.” Ɔbarima a oyi sika pii adi kyerɛ ne ɔbea a ɔde nnwinne ahyehyɛ ne ho no rehwehwɛ ɔhaw. Asɛm bi a nnansa yi wɔkyerɛw wɔ Times nsɛmma nhoma no mu no kae sɛ “esiane asikafo a wɔkyere wɔn sie ne basabasa a wɔyɛ Italia asikafo pii nti, nnansa yi ahosiesie pii no ne ntade a wɔhyɛ de kyerɛ a ɛkyerɛ sika a obi wɔ no nyinaa ayera.” Wɔkyerɛ sɛ adefo bi kae sɛ: “Wobɛpɛ sɛ wote nka sɛ woyɛ ɔdefo na afoforo ahu wo sɛ woyɛ ohiani wɔ Italia mprempren.”
FA AHWƐYIYE PAW W’AYƆNKOFO
“Omimdifo sisi ne yɔnko, na ɔde no fa ɔkwan a enye so.”—Mmeb. 16:29.
Basabasayɛ te sɛ nsanyare; etumi san nnipa. Akyinnye a bɔne bi nnim a wɔne adwumayɛfo, nnamfonom anaasɛ abusuafo gye no betumi atrɛw na ayɛ basabasa wɔ bere a obi nhwɛ yiyie no. Sɛ nhwɛso no, wɔtaa ka sɛ awu a wodi wɔ Amerika no mu nkyem anan mu biako yɛ nea efi abusua mu nsɛm, na mpɛn pii no ɛyɛ a nea ɛde ba fi ofie ntɔkwaw. Sɛ wokɔ apontow bi a wɔnom nsa pii wɔ mu ase anaasɛ wode wo ho hyɛ kuw bi a wɔrekasa atia nniso no adeyɛ bi mu, anaasɛ faako a abufuw ano ayɛ den wɔ ho a, ɛrenyɛ den sɛ basabasayɛ bɛpae wɔ hɔ. Ɛnde hwɛ sɛnea ɛyɛ nea nyansa wom sɛ wobɛtwe wo ho afi nnipa a wɔyɛ basabasa ne tebea horow a ɛde eyi ba no ho!
Ɛsɛ sɛ wohwɛ w’ankasa w’abrabɔ yiye, ɛnsɛ sɛ wohaw wo ho dodo wɔ afoforo abrabɔ bɔne ho. Sɛ wuhu sɛ obi reyɛ ade a ɛmfata wɔ baguam a, ɛsɛ sɛ wunya ahosodi na woayɛ komm mpɛn dodow a obi nkwa nna asiane mu no. Mmebusɛm 26:17 kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nea ɔde ne ho fra asɛm a ɛnyɛ ne de mu te sɛ nea oso ɔkraman a ɔretwam aso mu.” Ɛnyɛ den sɛ wobɛfa nsɛm a ɛmfata a wɔbɛka so anaasɛ animtiaa a wubebu afoforo so akanyan basabasayɛ.
Obi hu sɛ ɔde no ho akɔhyɛ ntɔkwaw bi a ɛnyɛ ɔno na efi no mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ?
SƐ WUBETUMI A, Fl HƆ KƆ
“Ɔham mu nnya nyɛɛ den no, gyae.”—Mmeb. 17:14.
Mfa ngo ngu ogya a ɛredɛw mu, denam akyinnyegye so. Mmebusɛm 26:20 ka kyerɛ yɛn sɛ: “Nnyina sa a, ogya dum.” Akyinnyegye no kɔ so mpɛn dodow a wugyina hɔ no. Sɛ́ wobɛkwati basabasayɛ denam ɛhɔ a wubefi akɔ no nyɛ ohufo a woyɛ ho sɛnkyerɛnne, na mmom ɛkyerɛ onyansafo a woyɛ. Yesu Kristo ne ɔsomafo Paulo nhwɛsode no di eyi ho adanse.—Hwɛ Luka 4:28-30; Aso. 9:23-25; 14:5, 6.
Na sɛ nea ɔsɔre tia wo no hyɛ da siw wo kwan a ɔmpɛ sɛ wufi hɔ kɔ ɛ? Ɛnde wo ne no nkasa odwo mu. Kae sɛ: “Mmuae bɔkɔɔ sianka anibere.” (Mmeb. 15:1) Nea eyi hwehwɛ ne ahosodi, nanso, awiei no mfaso betumi afi mu aba. Wonim mmea a wɔne nnipa a wɔpɛ sɛ wɔto wɔn mmonnaa no akasa denam komm a wɔyɛe a wofi Bible no mu kyerɛkyerɛɛ wɔn wɔn gyinabea wɔ abrabɔ ho no mu nti.
Nanso, ɛtɔ bere bi a na wuntumi nguan, na nsɛm a woka no bɔkɔɔ anaa wɔ odwo mu no bɛyɛ nea wɔrentie. Ɛnde dɛn? Egyina nea onipa no hwehwɛ so. So ɔhwehwɛ w’agyapade, wo sika? Sɛ ɛte saa a, fa ma no. Wubetumi de nneɛma foforo asi honam fam nneɛma ananmu nanso ɛnyɛ w’akwahosan anaa wo nkwa. Mfa eyinom nto asiane mu esiane honam fam nneɛma nti. Sɛ́ wowɔ nyansa ne nhumu a wutumi de hu sɛnea honam fam nneɛma ho nhia bere a wode to nkwa ho no te sɛ nea Mmebusɛm 3:14 ka no, “emu adenya ye sen dwetɛ de.”
Sɛ nea ɔretoa wo no pɛ sɛ ɔsɛe ɔbaabun a woyɛ no a, ɛnde na tebea no yɛ soronko na wowɔ nea wubegyina so wɔ Kyerɛwnsɛm no mu de abɔ wo ho ban Wɔ ɔkwan biara a wo nsa bɛka anaa wubetumi so. Asɛm bi a wɔkyerɛw wɔ Germane kusuu fam atesɛm krataa bi mu nnansa yi kyerɛkyerɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so ayɛ eyi no mu. Etuu mmea anaasɛ mmabaa a mmarima pɛ sɛ wɔto wɔn mmonnaa no fo sɛ “momfa odwo nsɔre ntia,” na sɛ wobetumi a wɔnteɛteɛm denneennen wɔ “bere koro no ara mu mma mmoa.” (Fa to Deuteronomium 22:23, 24 ho.) Wotu wɔn a wonni ahoɔden a wɔde bɛsɔre atia eyi no fo sɛ wɔmfa nyansa kwan so nni ɔbɔnefo no so nkonim denam “n’adwene a wobɛtwe afi nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ no so denam mpae a wobɛbɔ no denneennen no so.” Eyi yɛ afotu a nyansa wom, efisɛ ɛyɛ nea egyina Kyerɛwnsɛm no so. Ɛde nyansahyɛ foforo a sodifo nyansafo no de mae no nso ma.
FA WO HO TO YEHOWA SO
“Nka sɛ: Mɛhyɛ bɔne ananmu. Twɛn Awurade [Yehowa] na ɔbɛboa wo.”—Mmeb. 20:22.
Ɛnsɛ sɛ yɛte saa nsɛm yi ase sɛ ɛkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ obi bɔ ne ho ban. Mmom ɛkyerɛ yɛn sɛnea ɛho hia sɛ yɛde nhumu ne kari a yɛbɛkari pɛ yɛ eyi ho adwuma.
Nsɛmmɔnedi taa yɛ nea egu ahorow abien: Nea wɔyɛ de tia obi agyapade, te sɛ korɔnbɔ anaasɛ apoobɔ, ne nea wɔyɛ de tia onii ko nipadua, te sɛ ɔhwe, mmonnaato anaasɛ awudi. Esiane sɛ nkwa som bo kɛse kyɛn agyapade nti, yebetumi anya hokwan kɛse de ayɛ ade de asɔre atia bɔne a wɔbɛyɛ yɛn nipadua akyɛn nea wɔyɛ de tia yɛn agyapade
“Su [a ɛwɔ France] a ɛne sɛ obi de ne ho bɛto n’ankasa ho so abɔ ne ho ban akyɛn sɛ ɔde ne ho bɛto polisifo so ama ahobammɔ no redɔɔso.” Eyi ne amanneɛ a German atesɛm krataa bi bɔe nnansa yi. Atesɛm krataa no kaa kuw bi a wɔbɔ wɔn ankasa ho ban a wotu emufo no fo sɛ: “Momfa atuo nhyehyɛ mo ho na munni kan ntow” no ho asɛm. Akuw a ɛtete sɛɛ rekɔ so wɔ aman horow mu. Nsɛmma nhoma bi bɔɔ amanneɛ sɛ wɔ Afrika no, wɔ nkuraa ase ne nkurow akɛse no nyinaa mu no, nnipa pii na nnɛ wɔde nkontimmaa, nnade, asekan, mmonnua ne atuo rehyehyɛ wɔn ho de bɔ wɔn ho ban.
Ebinom bɛte nka sɛ bɔne bi nni atuo a obi wɔ wɔ ne fie mu no ho, na wɔn anidaso ne sɛ, ‘ebia na ɛho behia,’ sɛ́ ebia wɔremfa nni dwuma mpo. Nanso sɛnea ɛte ankasa no, ɔkwan biako pɛ a ɛwɔ hɔ ankasa a wubegyina so de anya awerɛhyem sɛ wɔremfa akode nni dwuma da ne sɛ, nea edi kan no, wunni bi. Mpɛn pii, na nkurɔfo a wokura akode de adi dwuma wɔ osuro ho nhyɛso ase na ama wɔanu wɔn ho wɔ awiei. Wubetumi ahu ama obi a ɔtɔn pɛtro a ɔwɔ Paris kesee fam a ɔtee nnyigyei bi nka wɔ anadwo kɔnn no. Bere a ɔresian n’aban no na mpofirim ara ohuu sunsuma bi no. Osusuwii sɛ ɛyɛ ɔkorɔnfo, enti ɔtow tuo. Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ obehui sɛ watow ne ba a wadi mfirihyia awotwe a wasɔre anadwo sɛ ɔrekɔnom nsu no tuo!
Sɛ́ obi behwie onipa mogya agu wɔ bere a wanhyɛ da anyɛ saa no mpo yɛ aniberesɛm. Mmom, akode afoforo wɔ hɔ te sɛ gas pistol a wubetumi de adi dwuma de apam obi a ɔretoa ɔfoforo. Ɛwom sɛ ɛnyɛ nea wɔahyɛ da ayɛ a wɔde pira anaa wɔde kum obi de, nanso akode a ɛte saa a “asiane bi nnim no” nso betumi ama nea woresiw no kwan no adi wo awu. Enti ɛsɛ sɛ wokari dwuma a wode bedi no hwɛ yiye.
Nea wose wɔfrɛ no akodi agumadi te sɛ judo ne karate no yɛ nea afei de adan ɔkwan a afoforo fa so bɔ wɔn ho ban a ɛregye din. Saa akodi agumadi yi tete obi ma ɔde ne nsa ne ne nipadua di dwuma de kum anaasɛ opira obi a ɔretoa no no, enti, wɔ nokwarem no, ɛno nso yɛ akode. Esiane sɛ efi tete abosonsom ne akodi mu nti, ɛma adwenem naayɛ sɔre wɔ fata a ɛfata sɛ Kristofo de di dwuma no ho. So wugye di sɛ ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ wubehu ɔsomafo Yohane sɛ ɔde karate rebɔ ne ho ban anaasɛ Yesu Kristo sɛ ɔde kung fu reko atia wɔn a wɔsɔre tia no no. (Hwɛ December 8, 1975 Awake! no kratafa 28 ma saa asɛm yi mu nkyerɛkyerɛmu a ɛdɔɔso.)
Faako a wobɛkɔ akodu wɔ wo ne wɔn a wodɔ wɔn no ho ban a wobɔ, ne afei nso akwan a wopɛ sɛ wofa so yɛ no no yɛ wo ankasa w’asɛm a ɛsɛ sɛ wugyina ahonim a wɔatete no yiye so si ho gyinae. Nanso nsɛm kakraa a wubebisa wo ho no betumi aboa na woatumi asi nea wopɛ sɛ woyɛ no ho gyinae: So merekõ de abɔ nkwa ho ban anaasɛ de abɔ agyapade ho ban? So m’adwene ne sɛ mede bɛbɔ me ne m’adɔfo ho ban, anaasɛ mede bɛtɔ ɔdebɔneyɛfo no so were? So masusuw sɛnea madeyɛ no benya afoforo a ɔbɔnefo no ka ho no so nkɛntɛnso afa no ho? So mɛpɛ sɛ mipira no kɛse anaasɛ mpo mikum no? So minim sɛ ebia na tebea horow bi na ama wayɛ saa a ɛno nti ɛsɛ sɛ mihu no mmɔbɔ kyɛn sɛ mebu no fɔ? So ebia ebetumi aba sɛ sɛ onya ntetee pa, na wɔtwe adwene kɔ no so na wɔdɔ no a ebia ɔbɛpɛ sɛ oyi ne su pa no adi na ɔsakra fi nneyɛe bɔne no ho? So mɛpɛ sɛ mɛboa no sɛ minya ho kwan sɛ mɛyɛ saa anaa?
Wɔ ne tiaatwa mu no, wɔ bere a Kristofo nsɔre ntia wɔn ho ban a wɔbɛbɔ no, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye na wɔakwati tebea horow a ɛbɛma eyi yɛ ho ahia. Wonim sɛ sɛ wɔde adwenemtew di dwuma na wodi kan hu ɔhaw a ɛreba, na wɔyɛ nhyehyɛe hwɛ wɔn ho so yiye, hwɛ yɔnko a wɔne afoforo bɔ so yiye, hwɛ wɔn tɛkrɛma ne wɔn adeyɛ yiye, kwati wɔn ho a wɔde bɛto onipa so dodo, wɔ bere a wɔde wɔn ho to Yehowa so koraa no a, ɛno bɛkyerɛ sɛ na wɔretiw nyansa kwan. Eyi ne ɔkwan a eye sen biara a obi fa so bɔ n’ankasa ho ban sen nea wɔde gyina akode anaasɛ akodi agumadi so.
ƆSƐNKAFO 9:18 TWA NO TIAA
“Nyansa ye sen akode.”
Yehowa Nyankopɔn, a ɔyɛ onipa a ɔkorɔn sen biara wɔ amansan nyinaa, a bɔne ketewaa bi koraa a wɔbɛyɛ no renyɛ nea n’adwene befi so no betumi abu bɔne a wɔyɛ nyinaa ho akontaa pɛpɛɛpɛ na ɔne nsɛmmɔnedifo adi. Nanso so ɔbɛyɛ saa ankasa? So nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ a ɛredɔɔso bere nyinaa no bɛkɔ so saa ara a ɛremma awiei, anaasɛ Onyankopɔn de ahotɔ a ehia bɛbrɛ adesamma? Kenkan saa nsemmisa yi ho mmuae wɔ asɛm “So Wobetumi Ayi Nsɛmmɔnedi ne Basabasayɛ Afi Hɔ Da Bi?” no mu wɔ nkratafa 17 ne 18.
[Pictures on page 15]
So karate a wubesua anaasɛ otuo a wowɔ no betumi abɔ wo ho ban?