Nsɛmmɔnedi Ne Basabasayɛ A Ɛredɔɔso
FA NO sɛ wo na wuhyiaa tebea a ɔbarima a ɔwɔ Italia a na wapɔn adwuma rekɔ fie no wom no mu. Ɔde anibiannaso gyaw ne kar safe wɔ kar no mu a n’ani da so sɛ ɔrekɔ akɔtɔ biribi afi aguadidan bi a ɛbɛn hɔ no mu. Ankyɛ koraa na ɔsan bae, nanso bere a ɔsan bae no—wo de susuw ho, ne kar no nni hɔ!
Bere a wahaw anadwo mu no nyinaa no, hwɛ sɛnea n’ani gyei na ɛyɛɛ no nwonwa bere a ade kyee anɔpa no ohui sɛ ne kar no si faako a ɔtaa de si wɔ ne fie no anim no. Woakyerɛw krataa bi de ahyɛ nea wɔde popa ahwehwɛ no anim no ase sɛ: “Ɛyɛ yɛn yaw sɛ yɛahaw wo. Na ɛyɛ asɛnhia nti. Yɛda wo ase, na yɛwɔ anidaso sɛ w’ani begye anadwo yi efisɛ yɛatua ɛka a wobɛbɔ no dedaw.” Wɔatwa agorudibea bi tekiti abien ama no saa anadwofa no wɔ agorudibea hɔ—obenya agua a eye sen biara wɔ agorudibea hɔ. W’asan anya gyidi wɔ adesamma mu bio.
Bere a wakɔ agorudibea hɔ akogye n’ani yiye no, ɔne ne yere san baa fie, ɔde ne nsa hyehyɛɛ ne kotoku mu yii ne nsafe buee ɔpon no kɔɔ ɔdan no mu—nanso dɛn na wohui! Hwee nni ɔdan no mu! Woawia wɔn biribiara! Gyidi a wonyaa wɔ adesamma mu no ankyɛ.
Ɛwom sɛ saa asɛm yi yɛ soronko de, nanso saa asɛm a ɛyɛ nokware yi ne afoforo pii a wobetumi aka de akyerɛkyerɛ sɛnea nsɛmmɔnedifo de akokoduru di dwuma no mu biako. Mmom, saa nsɛmmɔnedi yi yɛ nea sɛ wɔde to nsɛmmɔne ahorow a wodi ne nkurɔfo ayayade a wɔyɛ wɔn no ho a na ɛnyɛ hwee koraa, efisɛ ɛbɛyɛ wo nwonwa na woawosow wo ti a wuntumi nnye nea wuhu no nni. Ɛnde ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa pii ayera ahotoso a wɔwɔ wɔ adesamma mu na wɔte osuro mu no.
Yɛn nyinaa ahu nsɛmmɔnedi mu amane. Nsɛmmɔnedi a wɔahyɛ da ayɛ ho nhyehyɛe gye sika fi obiara kotoku mu Chicago aban adwumayɛfo bu akontaa ka sɛ esiane nsisi a Mafia (nsɛmmɔnedifo kuw bi) sisi afoforo nti, anaasɛ ɛka a wɔbɔ wɔ adan ne nnwuma horow a wobɔ ho ban ho nti, ama Amerikani biara tua bɛyɛ sɛ mpɛsɛwa abien wɔ cedi biara so.
Adwumayɛfo a wonni nokware ne nneɛma a, wowia wɔ aguadidan mu adan adwuma kɛse na ɛno ma wato nneɛma so na wɔde agye sika a wɔhwere no. Wotɔ nneɛma aboɔden so wɔ afoforo korɔnbɔ nti. Sɛ nhwɛso no, nnipa a wɔfa wɔn wɔ adwuma mu a wowia adwuma no mu nneɛma wɔ Federal Republic of Germane no ma wɔn a wotua tow no tua bɛyɛ sɛ Amerika sika dɔla 500,000,000 afe biara. Nsɛmmɔnedi bo yɛ den ampa, sɛ ɛnte saa wɔ nsɛmmɔnedifo no fam, anyɛ yiye koraa no na saa na ɛte ma nea wɔyɛ no bɔne no, efisɛ nea wɔyɛ no bɔne no na bere nyinaa ɛsɛ sɛ otua.
Tebea Foforo a Ɛhaw Adwene
Nnipa fii ase dii nsɛmmɔne akyɛ. Nanso nnansa yi de, nea ɛrekɔ so no yɛ hu. Nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ a ɛredɔɔso bere nyinaa a ɛnyɛ ɔman biako mu anaasɛ beae pɔtee bi na ɛrekɔ so wɔ hɔ ama tumidifo a wɔhwɛ ma wodi mmara so ne nnipa horow nyinaa de anibere susuw nsɛmmɔnedi ne nea wobetumi ayɛ de adi so nkonim no ho denneennen.
Kan no na nkuraa ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa yɛ mmeae a nsɛmmɔnedi nni hɔ. Eyi te saa titiriw wɔ Afrika. Nanso tebea no asakra. Ahɔhoyɛ a kan no na Afrikafo yi no adi no reyera. Na eyi fi nsɛmmɔnedi nti. Afrikafo suro sɛ wɔbɛyɛ nnipa a wonnim wɔn no hɔho anadwo. Wɔ nokwarem no, wɔmpɛ mpo sɛ wobebue wɔn apon ama obi gye nea ɔyɛ wɔn adamfo anaa wɔn busuani.
Nsɛmmɔne ahorow a wodi no mu taa yɛ den na pii yɛ nea wɔyɛ nnipa ayayade ankasa wɔ mu. Sɛ nhwɛso no, mmerante baanu a wɔadi mfirihyia dumien kɔtoaa ɔbarima bi a wadi mfirihyia 33 wɔ Germane kuropɔn no biako tia de sekan wowɔɔ no a wɔtoatoa so yɛ; akyiri no polisifo no hui sɛ asekan ano a ɛwɔ ne ho a ɛkyerɛ mpɛn dodow a wɔwowɔɔ no kum no yɛ mpɛn aduɔwɔtwe! Bere a wobisaa wɔn nea enti a wɔyɛɛ saa no, mmerante baanu yi maa mmuae sɛ: “Yenyaa nkate bi sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa.” Asɛm foforo nso ne sɛ, bere a obibini panyin bi a ofi Afrika kesee fam resan akɔ ne fie Kwasida anadwofa bi no, apoobɔfo bi bɛtoaa wɔn, ɛwom sɛ na aberante bi a ɔbɔ ne ho ban ka ne ho. Apoobɔfo no bisaa ɔpanyin no hɔ sika, nanso esiane sɛ na onni bi nti wɔwɔɔ no sekan kum no yayaw. Wɔabɔ amanneɛ sɛ eyi na wɔyɛ wɔ asase no fa ha wɔ bere a apoobɔfo annya sika amfi obi hɔ no, wɔtɔ onii ko no so were denam kum a wokum no so. Esiane eyi nti abibifo taa kura sika kakra wɔ wɔn nsam na wɔde amma apoobɔfo.
Su bi a ɛno nso haw adwene ne mmea a wɔde wɔn ho hyɛ nsɛmmɔnedi mu no. Sɛ nhwɛso no, nsɛmmɔnedi a ɛkɔ so wɔ Germane no yɛ soronko wɔ mmea pii a wɔde wɔn ho hyɛ mu no nti. Efi February 1979 reba no, na nsɛmmɔnedifo 16 a na polisifo hwehwɛ wɔn titiriw sen biara no mu 12 yɛ mmea.
Nea ebia ɛhaw atemmufo ne mmarahyɛfo titiriw ne nsɛmmɔne a mmofra di a ɛredɔɔso no nti. Times nsɛmma nhoma no kaa asɛm faa tebea a ɛwɔ U.S. Amerika no ho sɛ: “Nnipa pii taa ka bere nyinaa sɛ mmofra di awu fa wɔn ho di. Afei de eyi yɛ nokware ankasa. Nsɛmmɔnedi rekɔ so wɔ Amerika nyinaa a ɛhaw adwene na ɛyɛ abofono nso. Mmofra pii na ɛte sɛ nea wɔbɔ nkurɔfo apoo, wɔto mmonnaa, di nkurɔfo dɛm na wokum nnipa sɛnea wɔpɛ.”
Su a ɛte sɛɛ a ɛwɔ mmofra mu no nkyerɛ daakye bi a eye. Atesɛm krataa Hamburger Abendblatt no kaa tebea a ɛwɔ Germane no hɔ asɛm sɛ: “Sɛnea nsɛmmɔnedi ho akontaabu a yɛn nsa ka nnansa yi kyerɛ no, mmofra a wɔadi efi mfirihyia 14 kosi 18 a wɔakyere wɔn wɔ nsɛmmɔnedi ho efi 1975 reba no dodow akɔ anim akodu 25 wɔ ɔha biara mu. Nsɛmmɔne a mmofra a wonnii mfirihyia 14 di so nso akɔ anim akodu 30 wɔ ɔha biara mu. . . . na wonhu biribi a ɛkyerɛ sɛ nea ɛrekɔ so yi bɛba awiei. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ nsɛmmɔne a mmofra di no dodow bɛkɔ anim bio.”
Akyinnye biara nni ho. Nsɛmmɔnedi yɛ ɔhaw na ɛyɛ nea ɛsɛ sɛ yɛde anibere di ho dwuma. France nniso no susuw ho hui sɛ eyi yɛ aniberesɛm enti wɔhyɛɛ da yii nnipa 11 a wɔyɛ baguafo na wɔapɛpɛɛ asɛm no mu. Saa baguafo yi de asram 16 pɛɛpɛɛ nsɛm mu. Awiei no wɔde amanneɛbɔ a ekura nkratafa 300 mae a wɔakamfo nneɛma horow 103 a wɔde bedi ɔhaw no so nkonim akyerɛ.
Amanaman Nkabom (U.N.) ahyehyɛde no nso susuw ɔhaw no ho hui sɛ ɛyɛ aniberesɛm ma enti wɔhyehyɛɛ baguafo a wɔn dodow yɛ nnipa 15 a wobedi nsɛmmɔne a wobesiw ano wɔ wiase nyinaa a wobehyiam asram anum biara asusuw akwan horow a wɔbɛfa so de adi so nkonim no ho dwuma. Afe 1975 nhyiam a wɔyɛe no ti ne “Nsɛmmɔnedi Ano a Wobesiw na Wɔadi So—Afeha Yi Mu Mfirihyia Aduanu Anum a Etwa To no Mpoatwa.” Wɔayɛ nhyehyɛe sɛ baguafo no behyiam nea ɛto so asia wɔ Sydney, Australia, wɔ afe 1980 yi mu.
Dɛn na nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ a ɛkɔ so bere nyinaa nnɛ no kyerɛ? So ɛbɛkɔ so adɔɔso saa ara akosi sɛ anidaso biara nni hɔ sɛ wobetumi adi so nkonim? Dɛn na wobɛyɛ na wode abɔ wo ho ban?
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 12]
“Nnipa taa toto mmofra ano sɛ wɔfa wɔn ho di fi nsɛmmɔnedi mu bere nyinaa. Afei de eyi abɛyɛ nokware ankasa.”