Bible Ho Anigye Redɔɔso Wɔ Italia
NNIPA nokwaredifo pii repɛɛpɛɛ Onyankopɔn Asɛm no mu wɔ Italia na wɔanya asetra mu ɔhaw horow no ho mmuae. Wɔn ani gye sɛ wonya eyinom ho mmuae na wɔredan Onyankopɔn ne Mesia no nkoa sɛ́ n’ahenni no ho asɛnkafo. Eyinom mu binom ho nhwɛso a ɛyɛ asetra mu osuahu a ɛyɛ nokware ankasa no kyerɛ sɛnea wɔpɛ yiye sɛ wosua pii fa Onyankopɔn ho, ne akwanside ahorow a wodi so nkonim wɔ saa a wɔyɛ no mu.
Mpɛn pii no sɛ́ wobehu anaa wɔbɛkenkan Bible no yɛ ade foforo ma nnipa pii, ɛwom sɛ wɔyɛ wɔn a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo de. Eyi ne tebea a wohuu obi a ɔyɛ nokwaredifo wɔ mu. Ɔkae sɛ:
“Ná meyɛ Katolekni, ɛwom sɛ na memmɔ asɔrekɔ ho mmɔden de. Nso sɛ mekɔ asɔre a, mede awerɛhyem ne anibere bi na ɛkɔ. Nanso bere nyinaa no mete nka sɛ hwee nni m’asetra anaa me koma mu na mede nokwaredi pɛe yiye sɛ mɛyɛ Onyankopɔn somfo a ɔfata. Minni Bible no ho nimdeɛ biara; enti mifii ase susuw ho sɛ ɛsɛ sɛ mekenkan. Esiane sɛ mewɔ onuabarima bi a ɔyɛ Katolek sɔfo nti meka kyerɛɛ no sɛ ɔnhwehwɛ Bible mma me. Ɔtɔɔ bi manaa me sɛ akyɛde, na ɔkae sɛ, ‘Kenkan na yɛabɔ ho nkɔmmɔ.’ Bere a mifii ase kenkanee no ankyɛ na mehyɛɛ nsonsonoe a ɛda Bible mu nkyerɛkyerɛ ne Asɔre no de no ntam no nsow. Bere a bere retwam no, m’adamfo bi kaa Yehowa adansefo a ohyiaa wɔn wɔ Turin no ho asɛm kyerɛɛ me. Enti mehwehwɛɛ wɔn na meyɛɛ nhyehyɛe na wɔne me asua Bible no. Me nuabarima no yɛɛ nea obetumi nyinaa na ɔde abu m’abaw mu, ɛwom sɛ otumi yɛɛ saa wɔ bere bi mu de, nanso ankyɛ na mifii adesua no ase, minyaa nkɔso na afe 1974 mu na wɔbɔɔ me asu. Mewɔ anigye wɔ asetra mu mprempren na asetra a ɛte sɛ biribiara a enni m’asetra mu a na mete nka kan bere a na minni Onyankopɔn Asɛm no ho nimdeɛ biara no kɔ.”
Onyankopɔn Asɛm no ho Nimdeɛ Ma Ntease
“Asɛmpa” no ho nnwuma horow no mu biako ne Onyankopɔn din, Yehowa, a wɔbɛda no adi. Ɔbarima bi a ofi Italia kesee fam bɔɔ sɛnea eyi ho nimdeɛ nyaa ne so nkɛntɛnso no ho amanneɛ sɛ:
“Me ne Yehowa Adansefo hyiaam nea edi kan mfirihyia pii a atwam ni. Saa bere no na meyɛ Katolekni a migye me som di yiye. Na sɛ́ mɛma Mass apa me ho Kwasida no yɛ bɔne a merenyɛ da. Esiane eyi nti, mempɛ sɛ metie Adansefo no bere a wɔba me pon ano. Nanso, awiei no mepenee Bible mu nkɔmmɔ a me ne wɔn bɛbɔ so. Ade a edi kan a misuae ne Onyankopɔn din—Yehowa. Nea ɛyɛɛ me nwonwa ne mpɛn dodow a Kyerɛw Kronkron no bɔ saa Onyankopɔn yi din no. Afei Yesu ankasa sii saa din no ho a wɔbɛtew no so dua (wɔ mpaebɔ a ɛyɛ nhwɛsode a ɔde too hɔ maa n’asuafo no mu) . Ankyɛ na mihui sɛ nkyerɛkyerɛ no pii a na migye di no ne Bible no nhyia, na ɛyɛ atetesɛm ahorow a nnipa ahyehyɛ. Enti meyɛɛ nsakrae a ehia wɔ m’asetra mu. Migyaee asɔre no kɔ, metwee me ho fii ɔmansin no mu asɔre no akuw horow no mu yɛɛ nsakrae ahorow wɔ m’asetra mu. Akyiri no wɔbɔɔ me ne me yere asu wɔ nsu mu sɛ Yehowa ne ne Ba Yesu Kristo nkoa.”
Bible mu Nkwa Asɛm No Twetwe Nnipa Pii
Daa nkwa a nnipa hwehwɛ a wɔde saa anidaso no ma wɔ Bible no mu no yɛ nkanyan ma nnipa na wɔahwehwɛ Onyankopɔn Asɛm a ɛyɛ nokware no mu. Ɔbarima bi Tuscany kyerɛwee sɛ:
“Na m’asetra te sɛ Katolekfo pii de. Na migye di sɛ Onyankopɔn te ase, na midii Asɔre no tete nkyerɛkyerɛ no akyi. Da koro bi Yehowa Adansefo no mu baanu baa me pon ano na wɔn asemmisa no mu biako bɔɔ me piriw, ‘So wobɛpɛ sɛ wuhu sɛ wo mma aware na wo nenanom ne wo nenaansowanom nyinyin bɛyɛ mpanyimfo?’ Wubetumi ahu sɛ m’ani begye saa asɛm yi ho, bere a meyɛ agya a mewɔ mmofra 13 nti. Afei bio, sɛ́ obi a ɔhwɛ asiei bi so no, mede m’asetra bere mu nea ɛdɔɔso atra ase sɛ obi a awufo atwa ne ho ahyia. Enti, daa nkwa a wɔkaa ho asɛm wɔ Bible no mu no yɛɛ me sɛ biribi a ɛrentumi nyɛ yiye, wɔ me som no nyinaa akyi. Mepenee Bible no a wɔ ne me besua amonom hɔ ara no so. Ankyɛ na m’abusua no mufo fii ase sɔre tiaa me. Asɔfo no nso a wɔwɔ kurow no mu no yɛɛ wɔn fam de na wɔde ahaw me, ne ɔhaw afoforo nso a mihyia, te sɛ m’adwuma .mpo a wɔkae’sɛ wɔbɛma m’ahwere. Nanso, mekɔɔ so ara tɔɔ me bo ase wɔ eyinom mu na eyi asow aba pa pii. Mprempren yi me yere ani gye “asɛmpa” no ho na m’abusua no ayɛ biako. Me mma nya abusua Bible mu adesua no mu kyɛfa bere biara, na wɔde hyɛ wɔn wɔn gyidi den, na meda Yehowa ase sɛ waboa me na wama manya adwenem asomdwoe, abusuabɔ pa a ɛda me ne no ntam ne daakye ho anidaso a etim hɔ pintinn.”
Mpanyimfo Susuw Onyankopɔn A Wɔbɛsom no no Ho
“Asɛmpa” a Yehowa Adansefo pae mu ka wɔ Italia no retwetwe nnipa horow a wɔadi mfe ahorow nyinaa, “ɔman mu mpanyimfo” no mpo de anibere resusuw asetra ne anidaso a wɔpɛ sɛ wonya wɔ daakye ho no ho. Ɔbea bi a wadi mfirihyia 60 ka ne suahu yi kyerɛ sɛ:
“Efi mfirihyia 10 reba, a ɛkyerɛ sɛ mfirihyia 50 ni a makɔ Mass, adi Awurade Anwummeduan no bi da biara anɔpa. Na me babea panyin a ɔno nso yɛ Katolekni a watu ne ho ama ne Yehowa Adansefo akasa. Esiane nsemmisa bi a ɛsɔree nti yɛtee nka sɛ ɛho hia sɛ yɛma ɔsɔfo bi a ne ho akokwa kyerɛkyerɛ yɛn asɔre no nkyerɛkyerɛ no mu binom mu yiye. Ɛyɛɛ me nwonwa yiye bere a nyamekyerɛ ho ɔdenimfo a yebisaa no asɛm no paee mu ka kyerɛɛ yɛn pefee sɛ limbo anaa ahodwiragya biara nni hɔ. Metee nka sɛ biribiara a migye di no abubu agu fam. Mihui sɛ ebia na nea mayɛ wɔ m’asetra bere nyinaa mu no ayɛ ɔkwa—sɛ nhwɛso no, mpae a yɛabɔ ne Mass a yɛaka ama awufo no. “Nkɔmmɔbɔ no mu na yebisaa no sɛ ɔnkyerɛkyerɛ yɛn Triniti mu na yebisaa no sɛ ɔnkyerɛkyerɛ yɛn Triniti anaa baasakoro no ɛmu nkyerɛ yɛn. Ɛno na me babea no bisae sɛ: ‘Sɛ Yesu Kristo yɛ Nyankopɔn a, dɛn nti na Satan bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɔ no ahwɛ wɔ bere a onim sɛ ɔyɛ Onyankopɔn ankasa no? So ɛnsɛ sɛ ohu sɛ ɛbɛyɛ nea mfaso nni so?’ Ɔsɔfo no mmuae yɛ nea na yɛmpene so koraa. Ɔkae sɛ: ‘Satan nnim sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn.’ Efi saa bere no na yesii gyinae sɛ yɛne Yehowa Adansefo bɛbɔ nkɔmmɔ na yɛde Bible no bɛyɛ nea yebegyina so ayɛ saa. Ankyɛ na yɛn abusua no mu nnipa baasia ne me begyee nokware no, na mprempren yi wɔabɔ me asu sɛ Yehowa Nyankopɔn nokware asɔrefo no mu biako a m’ani agye sɛ meresom no wɔ ɔkwan a ɛne n’Asɛm a ɛyɛ nokware no hyia so.”
So Eye sɛ Obi Sakra ne Som?
So obi a wakɔ akyiri akosi sɛ wanya dibea anaa gyinabea bi wɔ ɔsom no mu no betumi asakra ne som ama Onyankopɔn apene so? Kan Katolek sɔfo anaa ɔkokorani bi kaa n’asɛm kyerɛɛ sɛ:
“Da a midii mfirihyia 35 no yɛ da a mɛkae bere nyinaa, efisɛ ɛne da a misii gyinae sɛ mefi nyamekyerɛ sukuu a matra hɔ mfirihyia pii no hyia. Dɛn nti na misii gyinae a ɛte sɛɛ? Wɔ m’anidaso a ɛyɛɛ ɔkwa no nti. Sɛnea yɛn atrae hɔ yɛ komm fa, ɔkasa soronko a yɛde kasa kyerɛ yɛn mpanyimfo, sɛnea yɛatew yɛn ho atra adan ankonam a yesusuw ade ho dwene yɛn ho, hyɛn ho yaw a yɛhyɛ, ohia ne osetie ho bɔ a yɛahyɛ a yedi akyi kɔ akyiri na ɛbrɛ yɛn ase—eyinom nyinaa maa saa asetra no yɛɛ nea anigye nni mu maa me. Atirimpɔw foforo a amma m’ani annye bio nso ne nea migye toom sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm no. Nanso mintumi nte ase. Mibisaa me mpanyimfo no nsɛm, nanso mmuae a me nsa taa ka ne, ‘Wurentumi nte saa nneɛma yi ase.’ Wɔ saa mfe pii yi akyi no, afei misii gyinae sɛ mefi hɔ. Nyamekyerɛ sukuu no mu ɔpanyin no maa me kwan ma mefaa me ho di fii bɔhyɛ horow ho, na ɔde abufuw kae sɛ, ‘Gye wo akwantu nhoma a ɛde wo kɔ Hɛll-gya mu no!’
“Eyi akyi no minyaa adwuma wɔ kurow no mu ne ɔdan ketewaa bi wɔ ofie bi mu. Da koro bi anadwofa bi a mekyɛe wɔ kurom ansa na mereba fie no, metwaam faa me fiewura no anim ka kyerɛɛ no sɛ merekɔda, na na saa bere no ɔne mmarima baanu bi rebɔ nkɔmmɔ. Mihui sɛ wɔresua Bible no. ‘Oo, asɛm bɛn ni!’ Na misusuw sɛ me Protestantfo abɛtra ofie. Nanso, mepenee nsa a wɔto frɛɛ me no so. Ɛno akyi no, misii gyinae sɛ mɛpene Bible adesua so wɔ faako a mete no. Mifii ase sɛ mɛsan apɛɛpɛɛ me som no mu yiye, nanso nea ɛyɛe ara ne sɛ esii nea minim dedaw no so dua. Afei nso, hwee nni Asɔre no mu, na ɛhɔ yɛ nwini, na afei mekɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam wɔ wɔn Ahenni Asa so. Nsonsonoe bɛn ni! Obiara ne ne yɔnko kasa, wonim wɔn ho wɔn ho yiye, na wɔde afotu pa ma. Eyi akyi no minyaa akokoduru gyaee Mass a mekɔ Kwasida no nea edi kan. Akyiri no mekɔɔ Yehowa Adansefo ɔmantam nhyiam bi ase. Mitwaa me ho hwɛɛ ade yiye, na mede ahwɛ ahu sɛ́ asafo ahorow a woaba nhyiam no ase no kura saa gyidi koro no ara anaa. Wodii me so nkonim bere a mihuu honhom anaa su a ɛte saa ne gyidi ne onuadɔ kɛse a ɛwɔ wɔn a wɔba nhyiam no ase nyinaa ho no. Awiei no, ɛno akyi afe pɛpɛɛpɛ a mede fii nyamekyerɛ sukuu no mu no wɔbɔɔ me asu.”
Sɛnea ɔsomafo Paulo kyerɛwee no: “Na Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wom, na ano yɛ nnam, sen nkrate anofanu biara, na ehwirow mu kodu sɛ ɛpaapae ɔkra ne honhom, akwaa ne hon mu, na ɛyɛ koma nsusuwii ne adwene temmufo.” (Heb. 4:12) Ebetumi asakra nkurɔfo asetra. Emu nokware no bue adwene ne koma no ani, na ɛma onipa nya atirimpɔw ankasa wɔ asetra mu ne anidaso ma daakye. Wɔn a wɔde nokwaredi sua no nya ɔdɔ ma wɔn mfɛfo nnipa. Saa ɔdɔ yi ne nea edi kan a ɛtwetwe wɔn a wɔde nokwaredi hwehwɛ Onyankopɔn no. Yesu kae sɛ eyi bɛyɛ nokware bere a ɔkae sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo,”—Yoh. 13:35.
Enti “asɛmpa” a Yehowa Adansefo pae mu ka no renya kwan wɔ Italiafo pii komam. Yehowa Adansefo asafo ahorow 42 a ɛwɔ Roma mprempren ne afei nso nea ɛboro 1,200 a ɛyɛ asafo ahorow a ɛwɔ Italia nyinaa no renyin na wɔrenya nkɔso. Nnipa a wɔn dodow boro 111,000 na wɔbaa Adansefo no nhyiam horow a wɔyɛe wɔ Roma ne Milan no ase! Wɔbɔɔ 2,288 asu na wɔabɛka ho ama wɔatrɛw “asɛmpa” no mu ama nnipa pii a wosuro Onyankopɔn a wɔwɔ Italia no.