Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 10/8 kr. 3-4
  • Ɛhe na Ɔman a Nsɛmmɔnedi Nnim no Wɔ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛhe na Ɔman a Nsɛmmɔnedi Nnim no Wɔ?
  • Nyan!—1996
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Nsɛmmɔnedi Yɛ Asiane Ankasa Ma Wo?
    Nyan!—1985
  • Mmɔden a Wɔrebɔ sɛ Wɔbɛma Nsɛmmɔnedi Afi Hɔ
    Nyan!—1996
  • Afotu Pa Bɔ Obi Ho Ban Fi Nsɛmmɔnedi Ho
    Nyan!—1980
  • Nsɛmmɔnedi Ho Akodi mu Nkogudi
    Nyan!—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1996
g96 10/8 kr. 3-4

Ɛhe na Ɔman a Nsɛmmɔnedi Nnim no Wɔ?

Ná n’ayi yɛ ayi akɛse a wɔayɛ wɔ Moscow wɔ mfe pii a atwam no mu biako. Nnipa mpempem too santen wɔ akwan ho de daa obu a edi akyiri adi kyerɛɛ Russiani kumaa bi a owudifo akorabo ma owuu ɔpatuwu wɔ March 1, 1995 no. Wɔhyɛɛ da tow Vladislav Listyev, a wɔpaw no sɛ sɛnkyerɛwfo a ɔsen biara wɔ 1994 afe no mu a na wagye din kɛse wɔ television so, no tuo kum no wɔ n’abobow ano.

NEA ennu adapɛn abiɛsa wɔ ɛno akyi, wɔ March da a ɛto so 20 no, na Tokyo asase ase keteke adwuma no reyɛ n’adwuma anɔpa a adagyew nnim na mframa a awuduru wom bɛfaa mu. Nnipa pii wuwui; na afoforo pii pirapiraa kɛse.

Afei wɔ April da a ɛto so 19 no, Oklahoma Kuropɔn no bɛyɛɛ beae a wɔn a wɔhwɛ television wɔ wiase de wɔn ani sii. Wɔde ehu hwɛɛ bere a adwumayɛfo a wɔboa nkurɔfo wɔ asiane mu yiyii afunu a atetew fii aban dan a amumɔyɛfo topae bi sɛee no afabo mu no. Nnipa 168 na wowuwui.

Wɔ afe yi June awiei no, ɔtopae a ɛte saa a wɔtoe wɔ baabi a ɛbɛn Dhahran, Saudi Arabia, kunkum Amerikafo 19 na bɛyɛ 400 pirapirae.

Nsɛm anan a esisii yi kyerɛ sɛ nsɛmmɔnedi reda adi wɔ akwan foforo so. Amumɔyɛsɛm a ɛyɛ hu rebɛka nsɛmmɔnedi a “yenim” no ho kɛse. Na nsɛm anan a esisii no nyinaa—a emu biara wɔ sɛnea ɛte no—kyerɛ sɛnea nsɛmmɔnedi betumi aka obiara. Sɛ́ wowɔ fie, adwumam, anaa abɔnten so no, nsɛmmɔnedi betumi aka wo. Nokwarem no, nhwehwɛmu bi a Britaniafo yɛe daa no adi sɛ ɛkame ayɛ sɛ Britaniafo baanan biara mu baasa susuw sɛ nsɛmmɔnedi bi betumi aka wɔn seesei asen sɛnea na ɛte wɔ mfe du a atwam no. Ebia tebea no te saa ara wɔ baabi a wote no.

Ɔmamma a wodi mmara so hwɛ kwan sɛ wobenya aban bi a ɛnyɛ sɛ ebesiw nsɛmmɔnedi ano kɛkɛ, na mmom ɛbɛyɛ nea ɛsen saa. Wɔpɛ aban bi a ɛbɛma ɛto atwa ankasa. Na bere a sɛ yɛde sɛnea nsɛmmɔnedi a ɛkɔ so toto ho a, yebetumi aka sɛ aban ahorow bi tumi siw ano sen afoforo no, tebea no nyinaa kyerɛ sɛ nnipa aban redi nkogu wɔ mmɔden a ɛrebɔ sɛ ebesiw nsɛmmɔnedi ano no mu. Nanso, ɛnyɛ ade a entumi mma mu, anaasɛ ɛyɛ Anidaso hunu sɛ wubegye adi sɛ ɛrenkyɛ na aban de nsɛmmɔnedi aba awiei. Nanso aban bɛn na ɛbɛyɛ saa? Na bere bɛn?

[Adaka/Asase mfonini wɔ kratafa 4, 5]

WIASE A NSƐMMƆNEDI AYƐ MU MA

EUROPA: Italiafo nhoma bi (“Hokwan no ne Ɔkorɔmfo No”) kae sɛ bere tiaa bi mu no, na agyapade a wɔsɛee no wɔ Italy “dodow adu baabi a na [bere bi] wosusuw sɛ entumi mma saa no.” Ukraine, a ɛyɛ kan Soviet Union adehyeman no bɔɔ amanneɛ sɛ nsɛmmɔnedi 490 na ɛkɔɔ so wɔ emu nnipa 100,000 biara mu wɔ 1985, na eduu 922 wɔ 1992 mu. Ɛkɔ so nya nkɔanim. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Russia atesɛm krataa (“Akyinnye ne Nokwasɛm Ahorow”) kyerɛwee sɛ: “Yɛpɛ sɛ yɛtra ase—sɛ yɛbɛtra nkwa mu—sɛ yebenya yɛn ti adidi mu wɔ bere a emu yɛ hu yi mu . . . keteke foro ho suro—etumi huan si fam anaasɛ wotumi sɛe no; wimhyɛn foro ho suro—wɔtaa kyere emufo sie anaasɛ etumi hwe ase; keteke a ɛfa asase ase foro ho suro—esiane pem a ɛpempem anaa atopae a wobetumi atotow wom nti; mmɔnten so nnantew ho suro—mfomtuo betumi abɔ wo anaasɛ wobetumi awia wo, ato wo mmonnaa, aboro wo, anaasɛ wɔakum wo; kar mu tra ho suro—ogya betumi atɔ mu, wobetumi atow ɔtopae wom, anaasɛ wɔawia; ofie, adidibea, anaa aguadi adan abrannaa so nantew ho suro—wobetumi apira wo anaasɛ wɔakum wo wɔ emu biara mu.” Na Hungary nsɛmma nhoma HVG de Hungary kuropɔn bi a emu yɛ anika totoo “Mafia [nsɛmmɔnedifo kuw] adwumayɛbea ti” ho kae sɛ, mfe abiɛsa a atwam no mu no, ayɛ “baabi a nsɛmmɔnedi foforo biara nya ne mfiase . . . Ehu a aka nkurɔfo reyɛ kɛse bere a wohu sɛ polisifo nyɛɛ ahoboa biara sɛ wɔbɛko atia Mafiafo no.”

AFRIKA: Daily Times a ɛwɔ Nigeria bɔɔ amanneɛ sɛ “sukuupɔn ahorow” a ɛwɔ Afrika Atɔe fam man bi mu rehyia “ahude bi a sum ase kuw bi mufo de ba: adu baabi a ɛkame ayɛ sɛ ɛmma wontumi nsua ade papa.” Ɛtoaa so sɛ: “Emu retrɛw kɛse ara ma akowie nnipakum ne agyapade a wɔsɛe no mu.” Wɔ Afrika man foforo ho no, The Star a ɛwɔ South Africa bɔɔ amanneɛ sɛ: “Basabasayɛ abien na ɛwɔ hɔ: ɔmanfo ntam akodi, ne amumɔyɛsɛm a esisi daa. Nea edi kan no so ahuan koraa, nea ɛto so abien no anya nkɔanim.”

OCEANIA: Australia Nsɛmmɔnedi Asoɛe no buu akontaa sɛ wɔbɔ nsɛmmɔnedi a ɛkɔ so wɔ hɔ ho ka, “anyɛ yiye koraa no dɔla ɔpepepem 27 afe biara, anaasɛ aka kakra na wɔbɔ ɔbarima, ɔbea ne abofra biara ho ka $1600.” Eyi yɛ “ɔman no sika a enya nyinaa mu bɛyɛ ɔha mu nkyem 7.2”

AMERIKA: The Globe and Mail a ɛwɔ Canada no bɔɔ amumɔyɛsɛm a anya nkɔanim wɔ Canada wɔ nnansa yi mfe 12 a edidi so mu ho amanneɛ, na eyinom nyinaa “ka ho bi na ama basabasayɛ anya nkɔanim ɔha mu nkyem 50 wɔ mfe du a atwam no mu no.” Afei nso, El Tiempo a ɛwɔ Colombia bɔɔ amanneɛ sɛ wɔkyeree nnipa 1,714 siei nnansa yi afe bi mu wɔ Colombia, “dodow a ɛboro nkurɔfo a wɔkyeree wɔn siei wɔ wiase no fã a aka no de so mmɔho abien wɔ bere koro no ara mu.” Sɛnea Mexico Atemmu Asoɛe kyerɛ no, wɔtoo mmonnaa nnɔnhwerew anan biara wɔ n’ahenkurow mu nnansa yi afe bi mu. Ɔkasamafo bi daa no adi sɛ ankorankoro agyapade nsom bo ahe biara wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu. Ɔde baa awiei sɛ: “Yɛte awo ntoatoaso bi a yɛde biribi yɛ adwuma na afei yɛtow kyene mu.”

WIASE NYINAA: The United Nations and Crime Prevention nhoma no ka sɛ “nsɛmmɔnedi anya nkɔanim yiye wɔ wiase nyinaa wɔ 1970 ne 1980 mfe no mu.” Ɛka sɛ: “Nsɛmmɔnedi a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ dodow kɔɔ anim fi bɛyɛ ɔpepem 330 wɔ 1975 mu koduu bɛyɛ ɔpepem 400 wɔ 1980 mu, na wobu akontaa sɛ eduu ɔpepepem fã wɔ 1990 mu.”

[Mfonini ho Nsɛm Fibea]

Asase Mfonini ne Okyinnsoromma: Mountain High Maps® Copyright © 1995 Digital Wisdom, Inc.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

Asase a ɛwɔ nkratafa 3, 6, ne 9: NASA mfonini

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena