Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g85 12/8 kr. 4-6
  • So Mfaso Wɔ Nsɛmmɔnedi So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Mfaso Wɔ Nsɛmmɔnedi So?
  • Nyan!—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti Na Nsɛmmɔnedi Nya Nkɔso?
  • So Nsɛmmɔnedi Yɛ Asiane Ankasa Ma Wo?
    Nyan!—1985
  • Bere a na Nsɛmmɔnedi Nni Hɔ
    Nyan!—1998
  • Dɛn Na Ɛma Obi Yɛ Nsɛmmɔnedifo?
    Nyan!—1985
  • Mmɔden a Wɔrebɔ sɛ Wɔbɛma Nsɛmmɔnedi Afi Hɔ
    Nyan!—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1985
g85 12/8 kr. 4-6

So Mfaso Wɔ Nsɛmmɔnedi So?

New York Ɔsoafo Koch kae sɛ, “Obiara nni hɔ a ofi adi kodi nsɛmmɔne esiane sɛ ɔkɔm de wɔn nnɛ nti. Enti dɛn nti na nkurɔfo di nsɛmmɔne kɛse saa?” Ɔtoaa so sɛ: “Esiane sɛ ɛyɛ nea ebetumi aba sɛ wɔrenkyere no nti. Sɛ wodi nsɛmmɔne ahorow 500,000 anaasɛ nea ɛboro saa a, wɔn mu 100,000 pɛ na wɔkyere wɔn na wɔn mu ɔha biara mu 2 pɛ na wɔkɔ afiase. Ɛnonom . . . hyɛ wɔn nkuran.”

ƐWOM, Ɔsoafo Koch adwenkyerɛ no yɛ ɔhaw a ɛyɛ hwanyann kɛse​—nea ɛde nsɛmmɔnedi ba​—no fã biako pɛ. Nanso, ɛyɛ asɛm a ɛyɛ nokware. Sɛ nsɛmmɔnedifo kuw a wowɔ ɔman biara so gye di sɛ ɛyɛ den sɛ wobetumi akyere wɔn a, ɛyɛ nea ɛda adi sɛMpɛn pii nea ɛkanyan nkurɔfo ma wodi nsɛmmɔne titiriw ne sika a wɔbɛpɛ sɛ wonya. Wɔtɔn nneɛma a wowia no gye sika ntɛm ara. N’a nnwuma a sika wom kɛse sen biara nnɛ wɔ wiase no mu biako ne nea ɛwɔ he? Ɛho adwene bi ni: “Sɛ adwumayɛkuw bi wɔ hɔ a ɛtɔn cocaine nnɛ wɔ United States a, anka dɔla ɔpepepem 30 a ebenya afe biara no bɛma abɛyɛ nea ɛto so ason wɔ adwumayɛkuw 500 a edi yiye no mu.” (The New York Times) Na ɛno yɛ aduru biako pɛ​—cocaine! Sɛ anka yebetumi aka sika a ɛkɔ wɔ nnubɔne ho aguadi mu wɔ wiase nyinaa no nyinaa abom a, dodow a yebenya no bɛyɛ ahodwiriw kɛse. Nsɛmmɔnedi ne nnubɔne ma nkurɔfo nya mfaso akɛseakɛse wɔ wiase nyinaa. Wɔn a nnubɔne tɔn ama wɔabɛyɛ adefo akɛseakɛse no resisi adan ne afie akɛseakɛse a ɛyɛ fɛ ama wɔn ho. Wɔ wɔn fam no, nsɛmmɔnedi ho wɔ mfaso. Nanso ɔkwan bɛn so na wɔfa wɔn ho di wom?

Dɛn Nti Na Nsɛmmɔnedi Nya Nkɔso?

Wɔ nneɛma ahorow nti a nsɛmmɔnedi nya nkɔso no mu no, biako da adi titiriw​—sintɔ bi a ɛwɔ aman ahorow pii atemmu ho nhyehyɛe mu. Ɛne dɛn? Bible no ka sɛ: “Esiane sɛ nneyɛe bɔne ho atemmu mma ntɛm nti na nnipa si wɔn bo di nsɛmmɔne no.” (Ɔsɛnkafo 8:11, The New English Bible) Ebia saa asɛm a wɔkae tete no yɛ nokware kɛse nnɛ mpo, bere a wɔ wiase afã horow pii no atemmu ho nsɛm a ɛkyɛ no yɛ nea ɛdom nsɛmmɔnedifo no. California mmaranimfo bi kae sɛ: “Anoyi a eye sen biara mu biako ne nsɛm a wɔredi a wɔma ɛkyɛ.” Ɛho nsɛm a wɔkae no yɛ kakraa bi na ɛtɔ bere bi a anigye a wɔwɔ sɛ wobeyi no atɛn no ano brɛ ase esiane ɔhaw ahorow a ɛde aba wɔn a wɔadi wɔn nsɛmmɔne no so no nyinaa nti.​—Hwɛ kratafa 6, “Nsɛmmɔnedi Mu Atɛnkyea Nhyehyɛe No.”

Wɔ pii fam no, nsɛmmɔnedi reyɛ nea mfaso wɔ so​—kɛse. Na henanom na wotua ho ka no? Ɔmanfo na wotua, titiriw no wɔn a wɔn akatua nkɔ soro wɔ ɔman no mu a wonni ahobammɔ kɛse no. Amerika Mmarahyɛ Baguani, D’Amato, kae wɔ krataa bi a ɔde kɔmaa mfɛfo New Yorkfo mu sɛ: “dɛm ketewaa bi aba wɔ nkɔso a nsɛmmɔnedi renya no mu.” Nanso ɔde kaa ho sɛ: “Yɛda so ara de krado akɛse toto yɛn apon mu. Yɛda so ara suro sɛ yebepue anadwo akɔ beae a wɔtɔn ade anaasɛ asɔre mpo. Sɛ yepue a, yɛhwɛ sɛ yɛbɛfa baabi a nnipa pii wɔ, na kɔ ara na akɔ so ayɛ nea ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ yɛafa ‘akorɔnfo sika’ bi. Nneɛma ahorow pii wɔ hɔ a ɛhaw yɛn mprempren, nneɛma ahorow a na anka yensuro. Ɛtɔ bere bi a ehu ka yɛn araa ma yɛbɛyɛ sɛ nnipa a wɔda afiase, bere a wɔn a ɛsɛ sɛ wɔda afiase no fa wɔn ho di.”

Nanso dɛn nti na ebinom de nsɛmmɔnedi ayɛ wɔn abrɔbɔ? So ohia, ɔkɔm, ne adwuma a wonnya nyɛ ne ade titiriw nti a ɛma wɔyɛ saa?

[Kratafa 6 adaka]

Nsɛmmɔnedi Mu Atɛnkyea Nhyehyɛe No

Ntotoho a edidi so a ɛfa sɛnea nsɛmmɔnedi ka nsɛmmɔnedifo no ne nea odi no nsɛmmɔne no ho no gyina asɛm bi a wotintimii wɔ The Daily Oklahoman mu a Oklahoma aban mmaranimfo panyin, Mike Turprin siesiei so.

NSƐMMƆNEDIFO NO

Obetumi apaw ne ɔpɛ​—sɛ́ obedi nsɛmmɔne anaasɛ ɔrenni.

Sɛ odi nsɛmmɔne no a, ebia (1) wobehu no na wɔakyere no (ɛyɛ nea ebetumi aba,

ɛyɛ bɛyɛ anum biara mu biako wo Amerika)

(2) wɔrenkyere no na ebia ɔbɛkɔ so ara adi nsɛmmɔne.

Bere a Wɔakyere No

1. Ɛsɛ sɛ wɔma ohu hokwan ahorow a ɔwɔ.

2. Sɛ opirae bere a ɔredi nsɛmmɔne no anaasɛ bere a wɔrekyere no no a, wɔma nnuruyɛfo bɛhwɛ no ntɛm ara.

3. Sɛ ɔrentumi mfa mmaranimfo a, wɔma no bi.

4. Wobetumi adi no agyinam ma wɔagyae no.

Bere a Wonnya Nnii N’asɛm

1. Wɔma no aduan ne dabere.

2. Nhoma, TV, ne agoru ahorow wɔ hɔ.

3. Wɔyɛ no aduru, a nnubɔne ne asanom ho afotu ka ho.

Bere a Wɔredi N’asɛm

1. Wɔma no aban mmaranimfo biako.

2. Obetumi asrɛ ma wɔatew n’asotwe no so.

3. Obetumi ama asɛm a wɔredi no akyɛ na wɔasesa beae a wɔredi asɛm no.

4. Obetumi afa akwan horow so amma adanse a ɛwom anna adi anaasɛ woagyaa no.

5. Sɛ wobu no fɔ (nsɛmmɔne ahorow no mu ɔha biara mu 3 pɛ na ɛma wobu obi fɔ) a, obetumi de asɛm no akɔdan.

Asotwe a Wɔde Bɛma

1. Ebia ɔrenkɔ afiase​—asotwe afoforo pii wɔ hɔ.

Asotwe

1. Sɛ wɔde no kɔto afiase a, obedidi kwa a dabere ka ho bio.

2. Ɔwɔ hokwan sɛ ɔyare biara a ɛhaw no no wɔbɛsa ama no a aban na otua ho ka.

3. Obetumi atoa ne nhomasua so na wanya nsaanodwuma

4. Nhyehyɛe ahorow a ɛbɛboa no ma wasakra wɔ hɔ.

5. Sɛ obu bra pa na ɔyɛ adwuma pa a, wobetumi ayi no ntɛm.

Bere a Wɔayi No

1. Mmoa ho nhyehyɛe ne bosea a wɔbɛbɔ no wɔ hɔ.

Nea Efi Mu Ba

Ɔfã kɛse no ara san kodi nsɛmmɔne.

NEA WODII NO NSƐMMƆNE NO

Onni hwee a ɔbɛyɛ​—obi a ohu nsɛmmɔnedi ho amane a ɔmpɛ.

Bere a Wɔakyere Nsɛmmɔnedifo No

1. Sɛ opirae a, ɔno ankasa na otua n’ayaresa ho ka. Ebia ebepira no wɔ adwene mu wɔ ne nkwa nna nyinaa mu.

2. Ɔno ara na ɔbɛtɔ nneɛma a wɔawie no bi asi ananmu.

3. Sikasɛm mu ahokyere a ebefi nsɛmmɔnedi no mu aba yɛ n’ankasa asɛm.

4. Bere a ɔsɛe de hwehwɛ wɔn a wɔhwɛ ma mmara yɛ adwuma hɔ mmoa.

5. Wɔntaa mmɔ no asɛm no nkɔso ho amanneɛ.

Bere a Wonnya Nnii Asɛm No

1. Ɔno ankasa na obetua lɔre a ɔde bɛkɔ asennibea ne polisifo nkyɛn no ho ka. Ɔhwere bere a ɔde bɛyɛ adwuma ne ebia adwuma akatua mpo.

2. Wɔmma ɔnte asɛm no nkɔso ho asɛm ara.

Bere a Wɔredi Asɛm

1. Bio nso, ɔno ankasa na obetua ne lɔre akatua. Ɛsɛ sɛ otua obi a ɔbɛhwɛ ne mma anaa ofie nneɛma foforo ho ka.

3. Ɛsɛ sɛ ɔsan ha asɛm a esii no kyerɛ na obua nsemmisa ahorow a emu yɛ den. Ɔyɛ ɔdansefo ara kwa.

4. Mmaranimfo a ɔbɔ nkuro no gyina aban ananmu, ɛnyɛ nea wodii no nsɛmmɔne no. Wɔntaa nnye sika biara mma nea wodii no nsɛmmɔne no.

5. Onni hokwan biara sɛ ɔbɛsan de asɛm no akɔdan, sɛ wogyae nsɛmmɔnedifo no mpo a.

Asotwe a Wɔde Ma

1. Onni ano wɔ gyinaesi, srɛ a wɔsrɛ, anaa asotwe no mu. 2. Wɔntaa mfrɛ no mpo bere a wɔde asotwe no rebɛma no.

Bere a Wɔayi No

1. Ne koma ntaa ntɔ ne yam wɔ nsɛmmɔnedi ho “atemmu” nhyehyɛe no ho.

2. Osuro sɛ nsɛmmɔnedifo a wɔayi no no bɛyɛ no bɔne bio atua ka.

3. Ebia ɔbɛkɔ so akae wɔ ne nkwa nna a aka nyinaa mu.

Nea Efi Mu Ba

Onni obu mma nhyehyɛe a ɛkyerɛ obu wɔ hokwan ahorow a nsɛmmɔnedifo wɔ no ho na ebu ani gu nea wodii no nsɛmmɔne no ahiade ahorow so no bio.

[Kratafa 5 mfoni]

Nnubɔne​—nea ɛma wonya sika kɛse wɔ wiase nnɛ no mu biako

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena