Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g85 12/8 kr. 7-10
  • Dɛn Na Ɛma Obi Yɛ Nsɛmmɔnedifo?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Na Ɛma Obi Yɛ Nsɛmmɔnedifo?
  • Nyan!—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛmmɔnedifo​—Wɔn a Wɔadi Wɔn Nsɛmmɔne anaa Wɔn a Wodi Afoforo Nsɛmmɔne?
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wɔpaw Nea Enye Bere a Edi Kan No?
  • Bere a Wɔagu Aba No
  • Dɛn na Yesua Fi Ɔdebɔneyɛfo Bi Hɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Nsɛmmɔnedi—So Ano Aduru Bi Wɔ Hɔ?
    Nyan!—1985
  • So Mfaso Wɔ Nsɛmmɔnedi So?
    Nyan!—1985
  • Bere a na Nsɛmmɔnedi Nni Hɔ
    Nyan!—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1985
g85 12/8 kr. 7-10

Dɛn Na Ɛma Obi Yɛ Nsɛmmɔnedifo?

“NÁ MIGYE di sɛ nsɛmmɔnedifo nneyɛe yɛ ntawntawdi ahorow a akɔ so wɔ ne mu a efi tete yaw ne nneɛma ahorow a wɔde kamee no mfiase no mu ba ho sɛnkyerɛnne . . . Na misusuw sɛ nnipa a wɔdan kɔ nsɛmmɔnedi so no yɛ wɔn a wohu adwenem basabasayɛ, asetra mu tebea a ɛhyɛ wɔn so anaa n’abien nyinaa mu amane. Na mihu nsɛmmɔnedi sɛ sɛ ɛnyɛ nea wobetumi de anoyi ama wɔ ho mpo a, ɛyɛ nea mfomso biara nni ho, nea efi ohia buroburo, ahotɔ a enni hɔ, ne abasamtu a adi wɔn asetra so no mu ba.” (Inside the Criminal Mind) (Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.) Na ɛno ne adwenemyare ho ɔdenimfo Stanton Samenow adwene ansa na ɔrefi ase abisabisa nsɛmmɔnedifo ɔhaha pii nsɛm no.

Wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ nea enti a obi ba bɛyɛ nsɛmmɔnedifo mu no, adwenemyare ho adenimfo ne abenfo afoforo da ntease ahorow nti a ɛte saa adi​—adwuma a wonnya nyɛ, sukuu a wɔnkɔ nnu akyiri, abusua a ɛyɛ katee, aduan pa a wonnya nni, adwenem nhyɛso ahorow, ne afoforo a ɛka ho. Bere a ebia eyinom betumi ayɛ nea ɛma ɛba saa no, yɛrentumi mmu yɛn ani ngu nokwasɛm foforo so​—nnipa ɔpepem pii tumi gyina tebea horow yi ano da biara a wɔnnan nkɔ nsɛmmɔnedi so sɛ ɛne ano aduru.

Nsɛmmɔnedifo​—Wɔn a Wɔadi Wɔn Nsɛmmɔne anaa Wɔn a Wodi Afoforo Nsɛmmɔne?

Bere a wayɛ nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri yi akyi no, Ɔdenimfo Samenow faa ɔkwan foforo so. Ɔkyerɛw sɛ: “Ntease a ɛwɔ eyi mu ne sɛ nsɛmmɔnedifo paw sɛ wobedi nsɛmmɔne. Nsɛmmɔnedi te onipa no mu na nea ɛma ɛba saa ne ɔkwan a ɔfa so dwene, ɛnyɛ tebea a atwa ne ho ahyia no.” (Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.) “Nsɛmmɔnedifo na ɔma nsɛmmɔne ba​—ɛnyɛ beae a enye a wɔte, awofo pa a wonni, television, sukuu, nnubɔne, anaa adwuma a wonnya nyɛ.”

Eyi maa ɔsakraa adwene a na ɔwɔ wɔ nsɛmmɔnedifo adwene ho no. Ɔtoa so sɛ: “Wɔ bu a yebuu nsɛmmɔnedifo no sɛ wɔn a wɔadi wɔn nsɛmmɔne no ho no, yehui sɛ wɔn mmom na wodi afoforo nsɛmmɔne a wɔn ankasa na wofi wɔn pɛ mu paw asetra kwan a wɔnam so no.” Enti ɔka sɛ, sɛ́ yɛde anoyi dɛdɛɛdɛ bɛma wɔ nsɛmmɔnedifo no nneyɛe ho mmom no, ɛsɛ sɛ yɛma ohu n’ankasa asɛyɛde.​—Hwɛ Kratafa 9, “Sɛnea nsɛmmɔnedifo a Wasen ne Kɔn Te.”

Ɔtemmufo Lois Forer a ɔwɔ Pennsylvania a ɔka nsakrae a ɛsɛ sɛ ɛba wɔ asotwe a wɔde ma wɔ Amerika ho asɛm no kyerɛwee sɛ, “Adwene a manya yi gyina gye a wogye di sɛ onipa biara nneyɛe ho asodi da ne so no so.”​—Criminal and Victims, kratafa 14

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wɔpaw Nea Enye Bere a Edi Kan No?

Ɛdefa asemmisa yi ho no, Ɔbenfo Samenow nyaa ntease tiawa bi: “Nneyɛe fi nsusuwii mu na ɛba titiriw. Nea edi akoten wɔ biribiara a yɛyɛ mu ne nsusuwii.” Enti, ɔkwan bɛn so na nsɛmmɔnedifo nneyɛe no betumi asesa? Obua sɛ: “Ɛsɛ sɛ nsɛmmɔnedifo no sua sɛ obehu na afei wagyae ɔkwan a ɔfa so susuw nneɛma ho a akyerɛ ne nneyɛe kwan mfe pii no.” (Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.) Saa ntease tiaa yi ne Bible nkyerɛkyerɛ hyia.

Sɛ nhwɛso no, Bible ɔkyerɛwfo Yakobo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Wɔsɔ obiara hwɛ a, na ɛyɛ n’ankasa akɔnnɔ a egyigye na ɛdaadaa no na ɛsɔ no hwɛ; ansa na akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne.” (Yakobo 1:14, 15) Wɔ ɔkwanfoforo so no, ɔkwan a yɛfa so yɛ ade no gyina sɛnea yesusuw nneɛma ho no so. Akɔnnɔ bɔne yɛ nea efi nsusuwii mu na ɛba. Bɔne anaa nsɛmmɔnedi yɛ nea efi akɔnnɔ a ɛnteɛ ne nea enye a wɔpaw mu na ɛba.

Paulo twe adwene si nsusuwii so sɛ ɛne ade titiriw a ɛma obi sakra ne nipasu denam ka a ɔkaa “adwene honhom” no ho asɛm no so. (Efesofo 4:23) Jerusalem Bible no de saa nkyekyem no ba sɛɛ sɛ: “Ɛsɛ sɛ woyɛ w’adwene foforo denam honhom mu nsakrae so.” Saa ara na nnɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ nsakrae kɛse wɔ nsusuwii mu, efisɛ “nsɛmmɔnedi fi ɔkwan a obi fa so susuw nneɛma ho mu na ɛba.”​—Inside the Criminal Mind .

Eyi ma asemmisa no da so ara sɔre sɛ, Ɛyɛɛ dɛn na nsɛmmɔnedifo no nyaa adwene a enye wɔ asetra mu yi bere a edi kan no?

Bere a Wɔagu Aba No

“Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so, na sɛ onyin nso a, ɔremfi ho.” (Mmebusɛm 22:6) Saa Bible mu asɛm yi kyerɛ asɛm no fibea ankasa. Ano aduru ne sɛ ‘wɔbɛtete abofra no,’ ɛnyɛ bere a wayɛ aberante no, na mmom mfitiase no​—bere a ɔyɛ abofra no. Dɛn nti na ɛho hia sɛ wobefi ase bere a abofra no nnyinnii no? Efisɛ nsusuwii ne nneyɛe fi ase wɔ mmofra mu ne wɔ mmofraase.

Ampa, wɔde su horow bi a enye hyɛ abofra mu wɔ awo mu esiane sɛ wɔwo yɛn nyinaa a yɛnyɛ pɛ nti. (Romafo 5:12) Sɛnea Bible ka no: “Agyimisɛm kyekyere abofra koma ho.” Nanso, kyerɛwsɛm no de ka ho sɛ: “Nteɛso abaa bɛma afi ne ho.”​—Mmebusɛm 22:15.

Nsɛmmɔnedifo pii bɔ mmɔden sɛ wobebu wɔn ho bem wɔ wɔn nneyɛe no mu denam nneɛma ahorow a enyaa wɔn so tumi wɔ wɔn mmofraase a wɔbɛkasa atia no so, wonunu wɔn awofo, akyerɛkyerɛfo, ne afoforo. Ɔbenfo Samenow da adwene a ɛbɔ eyi abira adi: “Nsɛmmɔnedifo ka sɛ awofo, mfɛfo, sukuu ahorow, ne adwumawuranom pow wɔn, nanso nsɛmmɔnedifo no ntaa nka nea enti a wɔpow no no. Sɛ́ abofra mpo no, na ɔyɛ obi a ɔdɛɛdɛe ne asobrakye, na dodow a ɔkɔɔ so nyinii no, dodow no ara na odii atoro kyerɛɛ n’awofo, owiaa wɔn nneɛma sɛee no, na ohunahunaa wɔn. Ɔmaa asetra bɛyɛɛ den wɔ fie . . . Ɛyɛ nsɛmmɔnedifo no mmom na ɔpow n’awofo na ɛnyɛ wɔn na wɔpow no.”​—Hwɛ kratafa 8, “Sɛnea Abofra a Ɔde Nsɛmmɔnedi Bɛyɛ N’adwuma te.”

Yiw, nsɛmmɔnedi nneyɛe aba no yɛ nea wɔtaa gu wɔ mmofraase na ɛtɔ bere bi a ɛda adi sɛ awofo a wɔyɛ katee ma enya nkɔso. Ɔbenfo Patterson a ɔyɛ adwene ne nneyɛeho ɔdenimfo wɔ Oregon Social Learning Centre gye tom sɛ “asoɔden pii yɛ nea ebetumi anya nkɔso esiane awofo ho a ɛnkokwawee nti.” Ɔdan adwene kɔ awofo a “wontumi nkura mmara a emu da hɔ mu, nhwɛ mma wonni so a wontumi nni mfomso nketewaa mpo ho dwuma a ɔhwe nka ho” so.

Ɔbenfo Samenow de ba awiei sɛ: “Abofra a ɔyɛ nsɛmmɔnedifo dan a ɔdan fi nea awofo ne ɔmanfo hwɛ kwan ho no yɛ nea pii wom sen twe a ɔtwe ne ho ara kwa. Ofi ase ntɛm araa ma bere a onnya nkɔɔ sukuu mpo no, nsusuwii ahorow ba a ɛba bɛyɛ nsɛmmɔnedifo no asetra kwan.” (Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.) Esiane eyi nti, nneyɛe ne adwene ho abenfo binom redan wɔn adwene aba nsɛmmɔnedi ano a wobesiw wɔ mmofra mu no so mprempren denam mmoa a wɔde ma awofo ne mmofra a wobetumi ahyia asoɔden ho ɔhaw no.

Nsɛmmɔnedi, nea ɛde ba ne ano aduru a wobetumi anya yɛ biribi a ɛho asɛm ka nyɛ mmerɛw. So adwuma a ɛdɔɔso a wobenya ayɛ ne tebea a atwa wɔn ho ahyia a eye bɛma ebinom asakra? So afiase adan pii a ɛsosoe ne ano aduru? So polisifo pii a wobenya bɛma nsɛmmɔnedi ano abrɛ ase? Nokwarem no, so nsɛmmɔnedi ano aduru a eye bi wɔ hɔ ankasa wɔ yɛn mprempren adesamma abusua no mu?

[Box/Pictures on page 8]

Sɛnea Abofra a Ɔde Nsɛmmɔnedi Bɛyɛ N’adwuma Te

Sɛ́ abofra no, nsɛmmɔnedifo no yɛ obi a n’asɛm yɛ den a ɔhwɛ kwan sɛ afoforo begye nea ɔpɛ biara atom. Ɔyɛ nneɛma ahorow a asiane wom, ɔhaw ahorow kyekyere no, na afei ɔhwɛ kwan sɛ wobeyi no afi mu na wɔde afiri no.

Awofo no na wɔba bɛyɛ wɔn a wodi kan wɔ nnipa pii a odi wɔn nsɛmmɔne no mu.

Abofra no ma ɛyɛ den kɛse sɛ wɔne no bedi nkitaho. Ɔmpɛ sɛ asetra kwan a ɔnam so no bɛyɛ nea n’awofo hu. Obu nea ɔyɛ sɛ ɛmfa wɔn ho.

Ɔsoɔdenfo no taa di atoro tenteenten a ɛma atorodi no ba bɛyɛ te sɛ wɔrehyɛ no. Nanso atorodi no yɛ nea ɔwɔ so tumi kɛse. Ɛnyɛ abofra no awofo afotu ne tumi nko na obu no animtiaa na mmom wɔn asetra kwan, ɛmfa ho sɛnea wɔn asetra ne sikasɛm tebea te. Wɔ ne fam no, nea asetra fa bo nyinaa ne sɛ obegye n’ani.

Sɛ mmofra afoforo wɔ abusua no mu a, wɔn nua ɔsoɔdenfo yi haw wɔn, osisi wɔn, ɔfa nneɛma a ɛyɛ wɔn de, na ommu wɔn bere a wɔde nteɛso bi rebɛma no no.

Ɔsoɔdenfo no paw sɛ ɔde ne ho bɛbɔ mmofra a wɔyɛ nneɛma a asiane wom a wɔabara no ho.

Ɔsoɔdenfo no pow sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase ahyɛ obi foforo tumidi ase. Ɔpaw sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ biribi a ɛyɛ anigye kɛse mmom mu, mpɛn pii nea etia mmara.

Mmofra yi awofo ntaa nhu faako a wɔn ba no wɔ, a ɛnyɛ anibiannaso nti, na mmom esiane suma a abofra no tumi de ne nneyɛe suma nti.

Ɔsoɔdenfo no gye na ɔntaa mma. Onnim nea adamfofa yɛ, efisɛ ahotoso, nokwaredi, ne adekyɛ yɛ nea ɛne n’asetra kwan nhyia.

Ɔsoɔdenfo no asetra fã ne asanom a efi ase ansa na wayɛ aberante mpo no.

Nsɛmmɔnedifo no pow sukuu bere tenten ansa na apow no. Ɔde sukuu yɛ beae a odi ne nsɛmmɔne anaasɛ nea ɔde kata so. Nea afoforo bu sɛ ɛyɛ nea ɛbɛma wɔatɔ ɔhaw mu no yɛ nea ohu sɛ ɛbɛma ne su no anya nkɔso. (Yɛsrɛ wo hyɛ no nsow sɛ nneɛma yi biako anaa abien pɛ nyɛ nea ɛkyerɛ sɛ abofra bi de nsɛmmɔne bɛyɛ n’adwuma. Nanso baabi a pii ho asɛm wom no de, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ no yiye.)

[Kratafa 9 adaka]

Sɛnea Nsɛmmɔnedifo a Wasen Ne Kɔn Te

Wɔ wɔn komam no, nsɛmmɔnedifo mpɛ adwuma. Nsɛmmɔnedifo adwuma a egye ntɛmpɛ kɛse ne nsɛmmɔnedi, na ɛnyɛ adwuma a ɔbɛyɛ daa.

Ɔwɔ adwene sɛ n’ahokokwaw ne n’akyɛde a ɛda nsow no ma ɔyɛ soronko wɔ afoforo a wɔaka ho.

Sɛ nkurɔfo pene nea ɔpɛ so nkutoo a na obu wɔn. Sɛnea obu ne na no mpo dan fi onipa pa so kɔ onipa bɔne so ntɛm ara a egyina sɛnea ne na no bu no no so.

Nsɛmmɔnedifo ntaa mmu ne ho sɛ obi ho asodi da no so na ɔntaa nka sɛ ne nneyɛe no fi n’ankasa.

Ahantan a ɛwɔ ne mu no yɛ nea ɛma ɔde mpi pow sɛ obegye atom sɛ ɔtɔ sin.

Nsɛmmɔnedifo no mpɛ sɛ abusua mufo afoforo bisa ne nneyɛe ho asɛm.

Nsɛmmɔnedifo no nim nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ. Sɛ ɛyɛ nea eye ma no a, odi mmara so.

Sɛnea ɛte wɔ biribi foforo biara ho no, nsɛmmɔnedifo no de nyamesom di n’ankasa atirimpɔw ahorow ho dwuma.

Nsɛmmɔnedifo no hyɛ da dwene n’asɛm ho yiye na ama ayɛ nea n’ani da so sɛ ɛbɛyɛ asɛm a ntease wom a ɛfa nea enti a ɔyɛɛ nea ɔyɛe no ho.

Nsɛmmɔnedifo no mmu obi a odii no nsɛmmɔne no sɛ obi a wahaw no koraa. Ɔno ankasa ne obi a wɔhaw no esiane sɛ wɔakyere no nti.

(Nsɛm a ɛwɔ nkratafa 8 ne 9 no gyina Inside the Criminal Mind so.)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena