Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g85 12/8 kr. 10-12
  • Nsɛmmɔnedi—So Ano Aduru Bi Wɔ Hɔ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmɔnedi—So Ano Aduru Bi Wɔ Hɔ?
  • Nyan!—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Nsɛmmɔnedifo Betumi Asakra?
  • Sɛnea Nsɛmmɔnedi Bɛba Awiei
  • Dɛn Na Ɛma Obi Yɛ Nsɛmmɔnedifo?
    Nyan!—1985
  • Bere a na Nsɛmmɔnedi Nni Hɔ
    Nyan!—1998
  • So Mfaso Wɔ Nsɛmmɔnedi So?
    Nyan!—1985
  • So Nsɛmmɔnedi Yɛ Asiane Ankasa Ma Wo?
    Nyan!—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1985
g85 12/8 kr. 10-12

Nsɛmmɔnedi​—So Ano Aduru Bi Wɔ Hɔ?

ESIANE sɛ nsɛmmɔnedi ka yɛn nyinaa wɔ ɔkwan a ɛyɛ tẽe anaa nea ɛnyɛ tẽe so nti, asemmisa no da so ara wɔ hɔ sɛ, So ano aduru bi wɔ hɔ? Ɔtemmufo Richard Neely a ɔwɔ West Virginia Asennibea Kunini no hyɛ nyansa sɛ: “Nea ɛde nsɛmmɔnedi ba no a wobeyi afi hɔ kyerɛ adesamma abusua no a wɔbɛsan ahyehyɛ wɔ ɔkwan a ɛso so a kakraa bi na‘mobɛpɛ sɛ mmɛ saa.” (Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.) Ɔka sɛ “nyansahu mu nimdeɛ anaa amammui mu ɔpɛ a wɔde beyi nea ɛde nsɛmmɔnedi ba no afi hɔ no nni hɔ.”

Dɛn nti na ɛte saa? Ɔka sɛ nnipa a nsɛmmɔnedi ka wɔn kɛse, wɔn a “wɔtete mmeae ahorow a nkyereso wɔ na ɛhɔ ayɛ fi” no ne wɔn a wonni amammui mu tumi kɛse no. Ɔtemmufo Neely ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ wɔn a wodi wɔn nsɛmmɔne no nyɛ nnipakuw a wɔn ani gye ho.” Enti wonni amammuisɛm mu tumi ahe biara. Wɔn a wɔwɔ amammui mu ɔpɛ no ntaa ntra mmeae a nsɛmmɔnedi taa kɔ so kɛse no​—wɔntra ɔmanfo kar mu na saa ara na wɔntete mmeae ahorow a nkyereso ne efi wɔ. Eyi te saa titiriw wɔ wiase no fã kɛse no ara. Enti nnipadɔm kɛse a wɔn akatua nkɔ soro no na mpɛn pii wohu nsɛmmɔnedi ne amammuisɛm mu nyaatwom ho amane.

Nanso ade titiriw foforo siw nkɔso a ɛbɛbawɔ nsɛmmɔnedi a wɔko tia no mu​—nnipa su ankasa. “Akɔnnɔbɔne, anibere, basabasayɛ, ne ahomaso yɛ awosu mu ade a ɛwɔ nkurɔfo mu,” saa na Ɔtemmufo Neely ka. Nokwasɛm no ada adi fi bere a Kain kum ne nua Habel no.​—Genesis 4:3-11.

Nanso, bɔne a ɛwɔ nnipa mu ho asɛm no yɛ nea nnɛyi adwene ne nneyɛe ho adenimfo pow sɛ wobegye atom. Wɔ nsɛm bi a Nyan! nsɛnkyerɛwfo bisabisaa Ɔbenfo Samenow mu no, ɔkae sɛ: “Nnipa a wosua adwenemyare ho ade no pii nnyee asɛm a ɛfa bɔne ho no ntoom.”

Nanso, nsɛmmɔnedifo pii mpɛ sɛ wobegyae wɔn ‘akɔnnɔbɔne, anibere, ne basabasayɛ’ no. Enti wɔpow sɛ wobegye ano aduru ne nsakrae ho nhyehyɛe ahorow atom. Sɛ nhwɛso no, wɔ California no, nneduafo no pow ano aduru biara a wɔde ma wɔn no.

So Nsɛmmɔnedifo Betumi Asakra?

Nanso nsɛmmɔnedifo binom apene so sɛ wobegye nsakrae ho nhyehyɛe ahorow atom. Wɔ Abenfo Yochelson ne Samenow nhyehyɛe mu no, wɔfaa ɔkwan a emu yɛ den so. Wɔbɔ amanneɛ sɛ: “Yɛda no adi pefee sɛ wɔ yɛn fam no, biribiara nni nsɛmmɔnedifo no asetra mu a ɛsɛ sɛ ɔkora so. Ntade foforo a ɔbɛhyɛ agu dedaw a nkekae wom so nyɛ nea ɛdɔɔso; ɛsɛ sɛ obu ntade dedaw no sɛ nea ɛho agu fĩ a ɔyare wom na afei oyi fi hɔ na ɔsɛe no. Ɛsɛ sɛ nsɛmmɔnedifo no yi ne kwan dedaw no fi hɔ na ogye asɛyɛde tom wɔ ɔkwan biara so.”

Saa ara na wɔ Bible mu no ɔsomafo Paulo tu fo sɛ: “Munyi onipa dedaw no ne ne nneyɛe nngu, na monhyɛ onipa foforo a wɔyɛ no foforo kɔ nimdeɛ mu nea ɔbɔɔ no no suban so no.”​—Kolosefo 3:9, 10.

Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wobetumi ayɛ nsakrae no yɛ nea wɔma ɛda adi denam Paulo ankasa asɛm a ɔkae bere a wabobɔ nnipa horow a wɔrennya Onyankopɔn Ahenni no ​—nguamman, awifo, apoobɔfo, ne afoforo​—din akyi no so. Ose: “Sɛnea anka mo mu bi te ne no; na afei wɔaguare mo, na wɔatew mo ho . . . Awurade Yesu Kristo din ne yɛn Nyankopɔn honhom mu.” (1 Korintofo 6:9-11) Ɛnnɛ Yehowa Adansefo bɛyɛ ɔpepem abiɛsa wɔ hɔ a na ɛsɛ sɛ wɔn mu pii no ara yɛ nsakrae ahorow wɔ wɔn nsusuwii mu. Na ebinom yɛ nsɛmmɔnedifo ansa na wɔreyɛ nsakrae

Wɔn mu biako ne obi a na anka owia dɛnkyɛmmo asɛm a epuei wɔ April 8, 1984 Nyan! mu no. Na ɔyɛ obi a ɔde nsɛmmɔnedi ayɛ n’adwuma wɔ London, England. Bere a awiei koraa ogye toom sɛ obesua Bible no na wahyɛ “onipa foforo” no, ɔde ne ho maa polisifo na ɔkaa bɔne ahorow a wayɛ kyerɛe. Bere a wakɔda afiase mfirihyia anum akyi no, ofii hɔ bae sɛ obi a wasakra. So ɛyɛɛ mmerɛw maa no? Obua sɛ:

“Nsakrae a meyɛe wɔ m’asetra mu no nyɛ nea na ɛyɛ mmerɛw. Wɔ ntɔkwawko akyi no, na adwuma a ɛyɛ den ankasa a mayɛ pɛn ne sɛ mɛhohoro me kar ho. Afei de ɛsɛ sɛ metra ase yɛ adwuma nnɔnhwerew awotwe da biara. . . Na nhyehyɛe yɛ nea mennwene bi ho da wɔ m’asetra mu. Na afei de nneɛma a wɔyɛ no pɛpɛɛpɛ wɔ asetra mu ho hia. Na bere nyinaa mede ahantan bu nteɛso biara a wɔde ma me animtiaa. Afei de na ɛho hia sɛ migye nokwasɛm no tom sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na me kwan betumi ayɛ nea ɛteɛ.​—Fa toto “Sɛnea Nsɛmmɔnedifo a Wasen Ne Kɔn Te” a ɛwɔ kratafa 9 no ho.

Nanso ɔyɛɛ nsakrae ahorow no. So na mmɔdenbɔ no fata? Obuae sɛ: “Merenka sɛ ayɛ nea ɛyɛ mmerɛw ama me. Nso ayɛ nea eye.”

Nanso dɛn nti na obi bɛpɛ sɛ ɔsakra n’asetra ma ɛne Bible nnyinasosɛm ahorow hyia? Efisɛ ade a ano yɛ den a ɛkanyan no wɔ hɔ​—daa nkwa wɔ paradise asase so hokwan no. Ɛno ne bɔ a Yesu hyɛɛ nsɛmmɔnedifo a na ɔrewu wɔ ne nkyɛn no, bere a ɔkae sɛ: “Nokware mise wo sɛ nnɛ, wobɛka me ho paradise hɔ” no. (Luka 23:43) Ɛwom, ɔdebɔneyɛfo no rentumi nkɔ so ntra asase so Paradise no so sɛ ɔdebɔneyɛfo na mmom sɛ obi a wasakra.

Nanso ɛmfa ho sɛnea ebia nsakrae ho nhyehyɛe bi bɛyɛ yiye no, tete asɛm no da so ara yɛ nokware sɛ: “Wubetumi de ɔpɔnkɔ akɔ nsu ho, nanso worentumi nhyɛ no mma ɔnnom. Wɔn a wɔde nsɛmmɔnedi ayɛ wɔn adwuma no mu pii ani nnye nsakrae ho. Ɛnde so wiase nsɛmmɔnedi no ano aduru biara nni hɔ? Ano aduru wo hɔ​—nea emu yɛ den.

Sɛnea Nsɛmmɔnedi Bɛba Awiei

Bible no kyerɛe sɛ bere bi bɛba a amanehunu a ano yɛ den bɛba adesamma abusua no so. Wɔ eyi mu no, nea Yesu kae kaa ho ne ‘amumɔyɛ a ɛbɛdɔɔso.’ (Mateo 24:12) Ɔsomafo Paulo hyɛɛ nkɔm sɛ “nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo, sikapɛfo, . . . awofo asɛm ho asoɔdenfo, . . . wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, wɔn a wonni dɔ, . . . wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa.”​—2 Timoteo 3:1-5.

Bere a nsɛmmɔnedi ne bɔneyɛ akɛse anaa nketewa ka adesamma bere nyinaa no, ɛyɛ efi afe 1914 a emu yɛ den no so na Bible nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa wiase yi nneɛma nhyehyɛe a asɛe no awiei ho no aba mu wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so. (Fa toto Mateo 24, Luka 21, Marko 13, ne Adiyisɛm 6:1-8 ho.) Enti, bere a Onyankopɔn trenee Ahenni nniso no bɛyɛ ade atia n’atamfo wɔ asase so no abɛn. Wɔn a wɔka ho ne nsɛmmɔnedifo a wɔboapa de nsɛmmɔnedi yɛ wɔn adwuma no, efisɛ “wɔn a wɔnteɛ no rennya Onyankopɔn ahenni no.”​—1 Korintofo 6:9.

Enti sɛ obi mpɛ sɛ ɔbɛsakra a, dɛn ne nea ɛwɔ hɔ ma no? Bible no bua sɛ: “Wobeyi nnebɔneyɛfo hɔ . . . aka kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ.” Yiw, ɛrenkyɛ wobeyi nsɛmmɔnedi nyinaa afi asase so​—sɛ́ ɛyɛ nyamesom, amammui anaa asetra mu de. Wɔn a Onyankopɔn ko Harmagedon a ɛbɛma asase so atew no rensɛe wɔn ne “wɔn a wɔtwɛn [Yehowa] no, wɔn na wobenya asase no adi . .. na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”​—Dwom 37:9-11; Adiyisɛm 16:14, 16.

Eyi nkutoo ne ɔkwan a wɔbɛfa so, efisɛ Bible no ka sɛ: “Wɔdom ɔbɔnefo a, onsua trenee; atɛntrenee asase so na odi amumɔyɛsɛm.” (Yesaia 26:10) Onyankopɔn “ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu” no ne adesamma haw a ɛne nsɛmmɔnedi ne bɔne no ano aduru koro pɛ a edi mũ​—na wɔ saa nhyehyɛe no mu no wɔn a wɔpaw trenee no nkutoo na wɔbɛtra mu.​—2 Petro 3:13.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 10]

“Nea ɛde nsɛmmɔnedi ba no a wobeyi afi hɔ kyerɛ adesamma abusua no a wɔbɛsan ahyehyɛ wɔ ɔkwan a ɛso so a kakraa bi na wɔbɛpɛ sɛ wɔyɛ saa”

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 11]

“Nnipa a wosua adwenemyare ho ade no pii nsusuw asɛm a ɛfa bɔne ho no ho”

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 11]

‘Nsɛmmɔnedifo no asetra kwan biara nni hɔ a ɛsɛ sɛ wɔkora so. Ɛsɛ sɛ oyi ne kwan dedaw no fi hɔ na ogye asɛyɛde tom wɔ kwan biara so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena