Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 3/8 kr. 10
  • Nkabom a Ɛyɛ Nwonwa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkabom a Ɛyɛ Nwonwa
  • Nyan!—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti A Onyankopɔn Ma Kwan Ma Amanehunu Ba A Mihui No Sesaa M’asetra
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Nhyiam a Ɛtwetwe Yɛn Kɔ Ɔdɔ ne Nnwuma Pa Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Ɛkaa Ne Koma
    Nyan!—1998
  • Bere Bɛn na Wɔkyerɛw Yesu Ho Nsɛm Too Hɔ?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 3/8 kr. 10

Nkabom a Ɛyɛ Nwonwa

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ BRITAIN HƆ

NÁ BRUCE adi mfe abien wɔ 1945 mu bere a ne maame Marie huu no nea etwa to. Bere a Marie gyaee aware no, wɔde Bruce sohwɛ hokwan maa ne papa wɔ mmara kwan so. Marie hyɛɛ ne ho so sii gyinae sɛ ɔrentwe ho manso biara efisɛ ɛbɛyɛ papa ama ne babarima no sɛ ne papa ne ne papa yere foforo no bɛtete no. Bere bi akyi no, wante Bruce nka bio.

Mfe bi akyi no, Marie san waree woo ɔbabarima foforo, nanso ɔkɔɔ so dwen Bruce ho. Ɛhe na na ɔwɔ? Dɛn na ayɛ no?

Bere a Bruce papa wui wɔ 1976 mu no, Marie kɔɔ n’ayi no bi. Na Bruce a saa bere yi wayɛ aberante fɛfɛ a ɔwɔ ne mfe 30 mu no wɔ hɔ a na ɔne ne papa yere te. Esiane sɛ na Marie da so te nka sɛ Bruce gye di sɛ ne maame ankasa ne ne papa yere no nti, osusuwii sɛ ɛbɛyɛ atirimɔdensɛm sɛ ɔbɛda ne ho adi akyerɛ no, titiriw wɔ bere a ɛte saa mu. Sɛ na Marie nim sɛ Bruce papa anhwɛ no bere a ɔsan waree no, na mmom ne nanabea na ɔtetee no a, anka ɔyɛɛ n’ade wɔ ɔkwan foforo so koraa.

Bɛyɛ saa bere yi na Marie hyiaa Sue, Yehowa Adansefo no mu biako, na ɔpenee so ntɛm ara sɛ ɔne no bɛyɛ ofie Bible adesua. Saa bere no ara, asɛm a ɛne asɛm hyia, Bruce ne ne yere ne Sue kunu Alan fii ase suaa Bible no. Nanso, ankyɛ na esiane yare nti Marie gyaee n’adesua no tu fii hɔ.

Yehowa Adansefo kohuu Marie bio wɔ 1995 mu. Ofii ne Bible adesua no ase bio, na onyaa nkɔso ntɛmntɛm. Bere a Marie bɛnee asubɔ no, ɔkaa Bruce ho asɛm kyerɛɛ Kristoni panyin bi. Ɔpanyin no hwehwɛɛ asɛm no mu hui sɛ ɛnyɛ sɛ Bruce ne n’abusua yɛ Yehowa Adansefo nko, na mmom sɛ Bruce yɛ ɔpanyin wɔ Marie kurom asafo bi mu!

Na Bruce asafo mu mpanyimfo a aka no suro. Sɛ na wɔka kyerɛ Bruce sɛ ne maame rebegye asubɔ wɔ da koro nhyiam titiriw a na wɔrebɛyɛ no ase a, na ɔbɛyɛ n’ade dɛn? So na onim mpo sɛ ɔte ase? Nanso, bere a Bruce tee asɛm no pɛ na ɔyɛɛ ntɛm ne n’abusua kohyiaa Marie. Awerɛkyekye nsɛm a Bruce kae bere a ɔyɛɛ ne maame atuu ne sɛ: “Nea atwam no nkɔ, nea aka wɔ yɛn anim wɔ nokware no mu na ehia!”

Wɔ March 1996 mu—Bruce—bɔɔ Marie a saa bere no na wadi mfe 78 no asu wɔ Yehowa Adansefo East Pennine Nhyiam Asa a ɛwɔ England no so. Hwɛ sɛnea Bruce ani gyei sɛ onyaa ne maame sɛ ne honhom fam nuabea!

[Kratafa 10 mfonini]

Bruce ne ne maame

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena