Ɛkaa Ne Koma
Gloria Adame kyerɛwee sɛ: “Ná yɛyɛ abusua a emu mmofra yɛ 13, mmarimaa 4 ne mmeawa 9. Ná ɛyɛ 1984.Paapa san baa fie wɔ Mexico, na nea obehui ne sɛ bere a ofii fie kɔyɛɛ adwuma wɔ United States no, yɛn abusua no fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no. N’ani annye ho koraa, na ofii ase sɔre tiaa yɛn. Ɛte sɛ nea ne koma kɔɔ so yɛɛ den da biara da.
“Ná yɛdɔ yɛn papa yiye, na na yɛpɛ sɛ onya nimdeɛ a ɛma nkwa a yɛn nsa reka no mu mfaso. Da biara da no, yɛbɔɔ Yehowa mpae anibere so srɛɛ no sɛ ommue kwan mma yɛn mma yɛne Paapa mmɔ Yehowa atirimpɔw ho nkɔmmɔ. Yehowa tiee yɛn adesrɛ no efisɛ ɔmaa yɛn akokoduru ma yehyiaam anwummere biara wɔ asa so hɔ, baabi a na Paapa tra anwummere biara hwɛ television no. Ɛhɔ na na me maame ne yɛn mmeawa no hyia kenkan daa asɛm no.
“Ná Maame na ɔhwɛ nkɔmmɔbɔ no so, na na sɛ yɛkenkan nkyerɛkyerɛmu no wie a, nea mpaebɔ adu ne so no bɔ mpae. Sɛ yɛn nuabea kaakyire Marie, a na wadi mfe anum pɛ no bɔ mpae a, na ɔsrɛ no anibere so sɛ: ‘Yehowa, mesrɛ wo ka me Papa koma na ɔno nso mmɛyɛ wo Dansefo.’ Ɛte sɛ nea na Paapa ntie, efisɛ na obue TV no denneennen. Nanso, bere kɔɔ so no, ofii ase dwom no, kosii sɛ odum no anadwo bi koraa.
“Saa anwummere no, sɛnea na yɛyɛ daa no, Maame bisaa onii ko a ɔkenkan kyerɛwsɛm no. Nea ɛyɛɛ yɛn nwonwa kɛse no, Paapa kae sɛ: ‘Ɛyɛ mea.’ Yɛn ho dwiriw yɛn nanso yɛanka hwee. Maame anka hwee na wammisa asɛm biara, na mmom ɔde Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa nhomawa no maa no. Bere a ɔkenkan Bible kyerɛwsɛm no wiei no, Maame bisaa onii ko a ɛsɛ sɛ ɔbɔ mpae. Paapa kae sɛ, ‘ɛyɛ mea.’
“Yɛtɔɔ mum. Eduu mpaebɔ no mfinimfini no, na yentumi nkora yɛn nusu so. Paapa nso fii ase sui, na ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔmfa mfiri no sɛ waka Ne ho abususɛm. Ɔsrɛɛ Maame nso sɛ ɔmfa mfiri no sɛ ɔsɔre tiaa yɛn.
“Enti wɔ 1986 no, ɔsɔretia a efi yɛn papa hɔ no gyaee. Wɔ 1990 no, yɛn abusua no tu kɔɔ Texas wɔ United States. Bere bi akyi no, Paapa hyiraa ne nkwa so maa Yehowa de nsu mu asubɔ yɛɛ ho sɛnkyerɛnne, sɛnea yɛn mmea no mu baason yɛe no. Wɔ April 1997 no, wɔpaw Paapa sɛ Kristoni panyin. Ɛde besi nnɛ no, daa asɛm no a yebesusuw ho sɛ abusua no yɛ ade a ɛho hia yɛn kɛse, na mpae a yɛbɔ Yehowa no ne yɛn abusua no fapem.”
[Kratafa 31 mfonini]
1. Mmabea baanan a wɔyɛ akwampaefo wɔ Mexico. Marie na odi anim no
2. Juanita ne Isaac Adame, ne wɔn mma no bi. Gloria na otwa to pɛɛ wɔ nifa so no