Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 4/8 kr. 30
  • So Wotwɛre Wo Se?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wotwɛre Wo Se?
  • Nyan!—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Wuhia Ɛsẽ A Wɔabɔ?
    Nyan!—1993
Nyan!—1998
g98 4/8 kr. 30

So Wotwɛre Wo Se?

EFI tete na sɛ nnipa ho yeraw wɔn a wɔtwɛre wɔn se. Bible taa de setwɛre di dwuma de ka anibere anaa ahoyeraw ho asɛm. (Hiob 16:9; Mateo 13:42, 50) Wɔ ɛnnɛ wiase a abufuw ne ahoyeraw ahyɛ mu ma yi mu no, nnipa ɔpepem pii na wɔtwɛre wɔn se ankasa, na wɔn mu dodow no ara nnim sɛ wɔyɛ saa. Wɔn se betumi ahi.

Dɛn nti na nnipa binom twɛre wɔn se? Nea ɛde ba no dɔɔso, na wonnya ntee ase nwiei. Nanso wɔ nsɛm bi mu no, ɛda adi sɛ ahoyeraw na ɛde ba. UC Berkeley Wellness Letter ka sɛ: “Nnipa a wɔtwɛre wɔn se no taa ka sɛ wɔrehyia aware anaa sikasɛm mu nsɛnnennen, wɔreyɛ wɔn sɔhwɛ a etwa to, wosuro sɛ wɔn nnwuma befi wɔn nsa, anaasɛ wɔwɔ nhyɛso ase.” Nneɛma foforo a etumi de ba ne soro ne fam se a ensi so yiye, kɔdaanna, anaa mmosa a wɔnom. Enti, Wellness Letter hyɛ nyansa sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ ɔhaw no tew mmosa a wɔnom so; wɔyɛ nneɛma nketenkete bi ma wɔn bo tɔ wɔn yam te sɛ nsuɔhyew a wobeguare; anaasɛ wɔne adamfo anaa ɔfotufo bi a wɔwɔ ne mu ahotoso bɛbɔ wɔn nsɛm a ɛhaw wɔn ho nkɔmmɔ ansa na wɔakɔda.

Ebia wubehu sɛ woretwɛre wo se anaasɛ woreka wo se twiw so awia. Nanso wobɛyɛ dɛn ahu sɛ woyɛ eyi bere a woada no? Ɛtɔ mmere bi a setwɛre a etumi ka obi hɔ a wɔfrɛ no nna mu setwɛre no yɛ dede ma etumi nyan obi a ɔda ɔdan koro no ara mu. Wubetumi anyan a wuti pae wo wɔ wo moma so, anaa ebia w’apantan reka twiw so reyɛ dede.a Wo se sesɛwfo betumi ahu mpo sɛ wo se ahi. Obetumi ahyɛ wo nyansa wɔ nneɛma bi a wobɛyɛ ma wo ho atɔ wo te sɛ biribi a wode bɛhyɛ wo se anadwo. Ɛwom sɛ wɔnyɛ ade a wode bɛhyɛ w’anom yi wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma woagyae wo se twɛre de, nanso ebetumi abɔ wo se ho ban na ankɔ so ansɛe. Sɛnea ɛte biara no, ma wo bo ntɔ wo yam! Dodow a wobɛhaw no, dodow no ara na wubetumi atwɛre wo se.

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, yɛsrɛ sɛ hwɛ June 22, 1991, Engiresi Nyan!, nkratafa 20-2.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena