So Wuhia Ɛsẽ A Wɔabɔ?
ƐSẼ a wɔabɔ, ade a wɔtaa di ho fɛw no, nyɛ aseseresɛm mma nnipa pii a wɔhyɛ bi no. Sɛ wo se ankasa nyinaa ye a, ebia ɛsẽ a wɔabɔ ho asɛm renhia wo. Nanso so ɛho renhia da sɛ wobɔ wo sẽ mpo a, nea wɔaka wɔ asɛm yi mu no bɛboa wo ma woahu nhyira a ɛsẽ a ɛte apɔw ye ma wo, na ɛbɛma woakɔ so ahwɛ no yiye—anyɛ yiye koraa no, sɛnea wubetumi.
Nanso dɛn nti na nnipa pii a wosusuwii sɛ wɔhwɛ wɔn sẽ yiye no hu da koro sɛ wɔn sẽ keka? Ɛsẽ mu yaresafo bɛka eyi akyerɛ wo. Sɛ nnipa di boro mfe 30 pɛ a, ade titiriw a ɛma ɛsẽ tutu ne ɛsẽ akyi nam mu nyarewa. Nanso, akwanhyia anaa sẽ porɔwee nti, obi sẽ betumi atutu.
Nanso sɛ wo sẽ no bi anaa ne nyinaa atutu a, so ɛho hia sɛ wobɔ no foforo?a Dɛn nti na ɛte sɛ nea ebinom sẽ a atutu no nhaw wɔn? So ɛsẽ a wɔabɔ yɛ aguade foforo a wɔhyɛ amanfo sɛ wɔntɔ?
Dɛn Nti na Wɔbɔ Ɛsẽ?
Sɛ yebebua asɛm yi a, ma yɛnhwɛ adwuma a yɛn sẽ yɛ. Ɛnyɛ sɛ ɛka yɛn animdua kɛkɛ. Sɛ yɛwesaw yɛn aduan a, ɛyam no ma anom mu nsu no tumi fra nea yɛawesaw no, na ɛma nipadua no twe mu aduannuru no. Nanso sɛ ɛsẽ kakraa bi na yɛwɔ anaa yenni bi koraa a, yentumi nwesaw aduan a yedi no yiye. Ɛnam a ɛyɛ den sɛ dompe a ɛsẽ no hyehyem no mpo ntumi nyɛ eyi sɛnea ɛsɛ. Ɛno nti na nnipa a wonni sẽ a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde kafe, tii, anaa anonne afoforo bi bɛmene aduan tumi nya yafunu yare ahorow no. Sɛ ɛsẽ kakraa bi mpo atutu a, aduan di ho ba asɛm efisɛ wɔtaa kwati nnuan dennen anaa nea ɛyɛ nhamahama a ehia sɛ wɔwesaw no yiye no.
Ɛsẽ boa yɛn nso ma yɛkasa, mfaso a yɛntaa nsusuw ho kosi sɛ ebi betutu ansa. Ɛboa tɛkrɛma ne anofafa ma ɛyɛ ɔkasa nnyigyei a ehia na wɔate nea wɔka no ase no. Sɛ nhwɛso no, wontumi nyɛ ɔkasa nnyigyei te sɛ asɛmfua bi mu ɛnne nnyigyei nkyerɛwde a etwa to no yiye. Ɛda adi sɛ woahu eyi sɛ woate sɛ obi a ne sẽ atutu kasa pɛn a. Enti, ɛsɛ sɛ obi a wabɔ ne sẽ ma ne tɛkrɛma ne ne sẽ no tumi bom yɛ adwuma na watumi ama nnyigyei no ayɛ yiye bio. Ɛwom sɛ ebia eyi begye bere de, nanso nea efi mu ba no taa ye sen bere a ɛsẽ no nyinaa atutu no.
Na bere a obi a wabɔ ne sẽ to dwom anaa ɔde n’ano bɔ afiri bi a wɔde bɔ dwom no nso ɛ? Wotumi yɛ nneɛma yi yiye denam ɛsẽ a wɔabɔ no a wɔbɛsakra no wɔ akwan horow so no so. Ɛbɛyɛ den yiye ama nnwontofo, agodifo binom, mmɛnhyɛnfo, asoafo, ne nnipa bi a wotwa wɔn mfonini de kyerɛ no sɛ wɔbɛyɛ wɔn nnwuma, sɛ wɔn sẽ atutu a.
Ɛsẽ a atutu nso ka obi animdua. Onipa no ano bu gu mu ma n’anim twe pua, na ɛma ɛyɛ te sɛ nea wabɔ akwakoraa anaa aberewa sen sɛnea ɔte ankasa. Eyi tumi ka ahotoso a obi ankasa wɔ, na ebetumi ahaw ebinom adwene mpo.
Ɛsẽ biako a etu betumi asɛe sɛnea wɔahyehyɛ ɛsẽ no. Yɛn sẽ biara dan ne yɔnko, te sɛ Romafo dan bi a wosi no kurukuruwa mu abo. Eyi kyerɛ sɛ wɔn “yɔnko” no tu a, ɛma ɛsẽ afoforo no keka. Saa keka a ɛkeka yi ma akwan bɛdeda ɛsẽ a aka no ntam, na ebetumi ama aduan ahyehyɛ ɛsẽ akyi nam no mu, na ɛtaa ma ɛsẽ akyi nam no hon. Ɛsẽ a ɛkeka no nso sɛe sɛnea wɔahyehyɛ ɛsẽ no, na ɛmma wontumi nwesaw ade yiye.
Nsonsonoe a Ɛda Ntam
Nsonoe titiriw a ɛwɔ ɛsẽ ankasa ne nea wɔabɔ ntam ne sɛ ɛsẽ ankasa no sisi abogye dompe no so denneennen. Eyi ma etumi suan, ɛtew, na ɛyam nnuan a yedi no yiye. Fam sẽ no de ahoɔden twiw soro de no anim.
Nanso, ɛsẽ a wɔabɔ ne nyinaa da ɛsẽ akyi nam no so kɛkɛ. Tumi a ahoɔden nnim a efi tɛkrɛma, afono, ne ade a wɔde aka afam nam no ho na ekura mu. Esiane sɛ ɛsẽ a nnipa ayɛ ase nyɛ den te sɛ nea wonya fi awo mu nti, etumi tutu ntɛm so.
Enti ɛsono sɛnea ɛsẽ a wɔabɔ di dwuma yiye ma obiara. Ɛsẽ a wɔabɔ biara nni hɔ a etumi di dwuma yiye sɛ ɛsẽ ankasa. Sɛnea abogye no kɛse ne ɛsẽ no ho nam te, ne adwene mpo a onipa a ɛhyɛ no kura, ne tumi a otumi sua sɛnea wɔde di dwuma no nyinaa yɛ nneɛma a ɛkyerɛ sɛnea wɔde ɛsẽ a wɔabɔ di dwuma yiye. Ɛsẽ a wɔabɔ mu sintɔ titiriw ne yi a etumi yi. Nanso, sɛ yɛka sɛnea ɛte ankasa a, wobetumi ayɛ ɛsẽ a wɔabɔ no ma ayɛ te sɛ ɛsẽ ankasa.
Ɛtɔ mmere bi a, nea ɛyɛ yaw ne sɛ gye sɛ obi ahyɛ ɛsẽ a wɔabɔ no bi ansa na wahu nyansa, adwin, ne mfaso a ɛwɔ ɛsẽ ankasa so no. Nnipa betumi ahwɛ ɛsẽ ankasa so abɔ bi de, nanso wontumi nyɛ ma ɛnyɛ adwuma yiye te sɛ ɛsẽ ankasa da.
Ebia wo tebea bɛma ahia sɛ wususuw ho anibere so sɛ ebia ehia sɛ wobɔ wo sẽ nyinaa anaa emu bi. Nokwarem no, wo na ɛsɛ sɛ wusi gyinae no, nanso nyansa wom sɛ wubesusuw ɛso mfaso horow ho. Ebetumi aboa wo ma woakwati aduan a ɛyam mu ɔhaw ahorow, ɛbɛboa wo ma woanya aduannuru a ɛfata, na ama wo kasa ayɛ papa. Na ebetumi ama w’anim dua ayɛ fɛ ankasa.
Nokwarem no, ɛwom sɛ wɔn a wɔhyɛ ɛsẽ a wɔabɔ taa di yaw wɔ wɔn sẽ ankasa a atutu no ho de, nanso ɛsẽ a wɔabɔ no ama wiase no mu nnipa ɔpepem pii anya abotɔyam, na wɔte nka sɛ wodi yiye.
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔ asɛm yi mu no. “ɛsẽ a wɔabɔ” kyerɛ ɛsẽ a nnipa ayɛ de si nea atutu no ananmu. Sɛ wo sẽ nyinaa atutu a, ɛnde ebehia sɛ wobɔ ne nyinaa. Nanso, sɛ ebi aka a, wubetumi abɔ nea atutu no. Asɛm yi de adwene si ɛsẽ a wɔabɔ ne nyinaa ne ne dodow bi a wɔabɔ a wotumi yi so.
[Adaka wɔ kratafa 26]
Wo sẽ ho Ka a Wobɛtew So
ƐSẼ mu yaresafo a wokohu no taa ma wɔbɔ ka kɛsẽ. Nanso, nneɛma bi a wɔahu a ebetumi aboa wo mma betumi ahyɛ wo nkuran.
New York Times bɔ amaneɛ se: “Nea ama Amerikafo pii sẽ nsisi so yiye na wɔn abogye akyinkyim betumi ayɛ nea yɛn nnuan a wɔasɔ ho yiye no de ba no.” Nkyerɛkyerɛ no ne sɛ aduan a ehia sɛ wɔwesaw no den “ma abogye no nyin (ɛma ɛtrɛw ma ɛsẽ biara nya baabi a ɛtrɛw sɛnea ɛsɛ si a ɛmfofɔre so) , na ɛma ɛsẽ a ɛrentu no nya baabi pa si, na ɛboa ma animdua ne ano no nyin.”
Abɔde ho nyansahufo bɔɔ mmɔden sɛ wobesi nkyerɛkyerɛ yi so dua denam nkontromfi a wɔma wɔn aduan a ɛyɛ den ne nea ɛyɛ mmerɛw no so. Dɛn na efi mu bae? Wɔn a wodii nnuan a ɛyɛ den a ehia sɛ wɔwesaw no den annya “abogye ne ɛsẽ mu nyarewa pii.” Enti ebetumi ayɛ nokware yiye sɛ nnuan a ɛyɛ den a ebehia sɛ wo mma wesaw no den a wode bɛma wɔn no bɛyɛ ɔkwan biako pɛ a wobɛfa so atew wo sẽ ho ka a wobɔ no so. Ɔkwan foforo a wobɛfa so ayɛ saa ne sɛ wobɛboa wo mma ma wɔde ayɛ wɔn su sɛ wobetwitwiw wɔn sẽ so daa.
[Mfonini wɔ kratafa 27]
Yɛn sẽ biara dan ne yɔnko. Sɛ wɔn “ayɔnkofo” nni hɔ a wɔbɛboa wɔn ma wɔasi wɔn sibea a, ɛnkyɛ ɛkeka na ɛka ɛsẽ afoforo