Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 6/14 kr. 12-13
  • Ɛsẽ Akyi Kuro—Ebi Betumi Ayɛ Wo?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛsẽ Akyi Kuro—Ebi Betumi Ayɛ Wo?
  • Nyan!—2014
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛsẽ Akyi Kuro Ho Nsɛm
  • Deɛ Ɛkɔfa Ɛsẽ Akyi Kuro Ba ne Emu Haw
  • Ɛsẽ Akyi Kuro—Wobɛyɛ Dɛn Ahu na Woasa?
  • So Wuhia Ɛsẽ A Wɔabɔ?
    Nyan!—1993
Nyan!—2014
g 6/14 kr. 12-13
Papa bi ne ne ba retwitwi wɔn sẽ

Ɛsẽ Akyi Kuro—Ebi Betumi Ayɛ Wo?

ƐSẼ akyi kuro yɛ yare a ɛhaw nnipa bebree wɔ wiase. Ɛho adeɛ baako a ɛyɛ hu ne sɛ ɛrehyɛ aseɛ a, anhwɛ a worenhu. Koowaa krataa bi kyerɛ sɛ, saa kuro yi bi betumi ayɛ wo sẽ ase nso, na etumi “yɛ nnipa pii.” Ɛka ka ho sɛ, sɛ obi nya yare no bi a, “ɔfa yaw ne amanehunu mu; ontumi nnidi yiye na ne ho ntɔ no. Eyinom nyinaa de ɔhaw bɛto nkurɔfo ne amamfoɔ so.” (International Dental Journal) Ɛsẽ akyi kuro tumi yɛ obiara; enti ɛho asɛm yi bɛboa wo na woabɔ wo ho ban.

Ɛsẽ Akyi Kuro Ho Nsɛm

Ɛsẽ akyi kuro ba nkakrankakra. Sɛ ɛrefi ase a, wubehu sɛ wo sẽ akyi ahono. Ɛtɔ da a wubehu sɛ wo sẽ akyi retu mogya. Sɛ woretwitwi wo sẽ anaasɛ woreyiyi wo sẽ mu a, mogya ba; ebi wɔ hɔ nso a, ɛno ara tumi tu mogya. Afei nso sɛ dɔkota rehwɛ wo sẽ na mogya ba a, deɛ ɛkyerɛ ne sɛ wo sẽ akyi ahyɛ aseɛ reyɛ kuro.

Sɛ ɛtra ha a, na nneɛma a ekurakura wo sẽ no mu te sɛ wo sẽ dompe ne wo sẽ akyi nam no afi ase resɛe. Eyinom nyinaa, ebia wunhu kosi sɛ wo sẽ akyi bɛyɛ kuro. Ɛba no saa a, wo sẽ akyi nam paapae; wubehu sɛ wo sẽ kẽka, kwan abɛdeda wo sẽ mu, w’anom yi nka, wo sẽ akyi awewe ama wo sẽ ayɛ atentenatenten, na wo sẽ akyi tu mogya.

Deɛ Ɛkɔfa Ɛsẽ Akyi Kuro Ba ne Emu Haw

Nneɛma bebree na ɛkɔfa ɛsẽ akyi kuro ba. Deɛ ɛtaa kɔfa ba paa ne mmoawammoawa bi a wodidi ɛsẽ ase; wobɛhwɛ na agyaw efĩ wɔ wo sẽ ase. Sɛ woanyiyi a, ebetumi ama wo se akyi ahono. Afei ɛsẽ no yiyi ma efĩ da aseɛ. Wei ma mmoawammoawa no didi kɔ mu, na ɛsɛe wo sẽ akyi dompe ne wo sẽ akyi nam. Efĩ da aseɛ saa a, afei na awo atare so denneennen. Ɛyɛ denneennen saa a, mmoawammoawa ba ho enti ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobɛwaawae. Ɛba saa a, mmoa no didi kɔ wo sẽ akyi nam no mu sɛe no.

Nneɛma foforo nso wɔ hɔ a ebetumi ama wo sẽ akyi ayɛ kuro. Ebi nie: asanom bebrebe, sigaretnom, adwennwene, nnuro bi a ano yɛ den, ne nyinsɛn. Afei nso sɛ obi nya nsanyare anaa ontwitwi ne sẽ yiye, anaa onya asikyireyare na wanhwɛ ne ho yiye a, ne nyinaa betumi ama ne sẽ akyi ayɛ kuro.

Sɛ obi sẽ akyi yɛ kuro a, etumi kɔfa ɔhaw foforo brɛ no. Etumi ma n’anom yɛ no yaw ma ne sẽ nso tutu, ɛno nti ontumi nwesa aduane yiye nte ne dɛ. N’ano tumi bu gu mu ma ɛsɛe ne kasa. Bio nso nhwehwɛmu kyerɛ sɛ, sɛ obi sẽ akyi yɛ kuro a, etumi bɔ no yare.

Ɛsẽ Akyi Kuro—Wobɛyɛ Dɛn Ahu na Woasa?

Wobɛyɛ dɛn ahu sɛ wo sẽ akyi ayɛ kuro? Nneɛma a yɛaka ho asɛm yi, ebia wubehu bi. Sɛ wuhu bi a, bɔ mmɔden kohu ɛsẽ dɔkota ma ɔnhwɛ mma wo.

Enti yetumi sa ɛsẽ akyi kuro? Sɛ wuhu no ntɛm a, yetumi sa. Nanso sɛ wotwɛn ma wo sẽ akyi nam no sɛe a, deɛ adɔkotafoɔ betumi ayɛ ara ne sɛ, baabi a asɛe adu no, wobesiw ano na anka wo sẽ akyi dompe. Adɔkotafoɔ a wɔhwɛ sẽ wɔ mfiri bi a wotumi de waawae deɛ awo atare so denneennen no nyinaa.

Sɛ dɔkota biara nni hɔ a ɔbɛhwɛ wo sẽ ama wo mpo a, ehia sɛ wobɔ wo ho ban na saa yare bɔne yi bi anyɛ wo. Ade titiriw a wobɛyɛ de abɔ wo ho ban ne sɛ wobɛtaa atwitwi wo sẽ na woatwitwi no yiye.

TWITWI WO SẼ YIYE

Ɔbaa bi retwitwi ne sẽ

Sɛ woantwitwi wo sẽ koraa a, ɛnyɛ mprenu da koro. Ebinom wɔ hɔ a ehia sɛ wɔtwitwi wɔn sẽ boro saa; wɔdidi wie biara a ehia sɛ wɔtwitwi wɔn sẽ na wɔannya yare no bi

Fa brɔɔhye a ano yɛ mmerɛw twitwi wo sẽ; woretwitwi a, fa fi soro bra fam nkakrankakra

Ɔbaa bi reyiyi ne sẽ mu

To wo bo ase yiyi wo sẽ mu da biara. Wubetumi de brɔɔhye a yɛahyɛ da ayɛ anaa duaa ayiyi wo sẽ mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena