Yehowa Adansefo—Wɔde Akokoduru Gyinaa Nasi Ntua Ano
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ GERMANY HƆ
WONIM Yehowa Adansefo yiye esiane Onyankopɔn Asɛm, Bible, no a wokura mu pintinn nti. Mpɛn pii no, eyi gye akokoduru, na akyinnye biara nni ho sɛ ɛka wɔn asetra ne wɔne afoforo ntam abusuabɔ.
Sɛ nhwɛso no, Adansefo no wɔ obu a emu dɔ ma nnipa a wofi mmusua ne aman ahorow nyinaa mu. Wɔdɔ Onyankopɔn ne wɔn mfɛfo nnipa. (Mateo 22:35-40) Nokwarem no, wɔne ɔsomafo Petro a ɔkaa nea edi so yi no yɛ adwene koraa: “Nokwarem na mahu sɛ Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.”—Asomafo no Nnwuma 10:34, 35.
Wɔsan nim Yehowa Adansefo wɔ wiase nyinaa sɛ nnipa a wɔwɔ obu ma mmara, nhyehyɛe, ne atumfoɔ. Wɔmfa nyɛɛ wɔn botae da sɛ wɔbɛtew atua atia tumidi, na wɔrenyɛ saa da. Eyi te saa bere mpo a wɔtaa wɔn wɔ nsase bi so esiane sɛ wosi gyinae a asomafo no sii no bi nti no: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa.” (Asomafo no Nnwuma 5:29; Mateo 24:9) Bere koro no ara no, Adansefo no gye hokwan a afoforo wɔ sɛ wɔsom sɛnea wɔn ahonim kyerɛ wɔn no tom.
Akokoduru a Yehowa Adansefo de gyinae sɛ Kristofo wɔ Germany ne nsase foforo a Adolf Hitler dii so so no yɛ asɛm a ɛso bi nni. Asɛm titiriw bi a esii wɔ Berlin, Germany, wɔ 1933 mu no kyerɛkyerɛ akokoduru, ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn ne mfɛfo nnipa, ne obu a wɔwɔ ma mmara, nhyehyɛe, ne ɔsom mu ahofadi no mu.
Wɔannyae Wɔn Mudi Mu Amma Hitler
Bɛboro mfe 50 ni a Hitler mfe 12 atirimɔden nniso a eyiyii nnipa mu na edii awu no baa awiei. Nanso, saa Nasi nniso no piraa adesamma a ahyɛ wɔn awerɛhow de abesi nnɛ.
Abakɔsɛm kyerɛ sɛ akuw kakraa bi pɛ na wɔde akokoduru sɔre gyina kasa tiaa Nasi ahude no. Wɔn mu bi ne Yehowa Adansefo a wɔkaa wɔn ho asɛm sɛ “kuw ketewa a wokura [abrabɔ pa] mu pintinn wɔ ɔman a wɔyɛ wɔn ayayade mu no.” Abakɔsɛm akyerɛwfo a wobu wɔn ayɛ akokoduru a wɔde gyinae no ho kyerɛwtohɔ yiye.
Nanso, akasatiafo kakraa bi, a nnipa bi a kan na anka wɔyɛ Yehowa Adansefo ka ho, ka sɛ Adansefo no bɔɔ mmɔden sɛ wobegyae wɔn mudi mu ama Hitler nniso no wɔ ne mfe a edi kan no mu. Wɔkyerɛ sɛ Ɔwɛn Aban Asafo no ananmusifo bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ biribi de anya nniso foforo no anim dom nanso ankosi hwee, na anyɛ yiye koraa no wɔde nsa hyɛɛ abusua nyiyim ho adwene a na Nasifo kura a awiei koraa no ɛma wokunkum Yudafo ɔpepem asia no ase bere bi.
Saa ntwatoso a anibere wom yi yɛ atoro koraa. Nea edi so yi yɛ nsɛm a yɛresusuw ho no mu nhwehwɛmu a wɔde akokoduru ayɛ a egyina kyerɛwtohɔ a ɛwɔ hɔ ne nsɛm a abakɔsɛm akyerɛwfo aka afa ho so.
Sɛ Yɛhwɛ Yɛn Akyi A
Yehowa Adansefo de nnamyɛ ayɛ adwuma wɔ Germany bɛboro mfe 100 ni. Wɔ 1933 no, na Adansefo bɛyɛ 25,000 na wɔresom Yehowa Nyankopɔn na wɔrekyekyɛ Bible ho nhoma ahorow wɔ Germany nyinaa.
Ɛmfa ho ahofadi a German amanyɔ mmara de mae saa bere no, na Yehowa Adansefo ne nkurɔfo a wɔtaa keka wɔn ho nsɛmmɔne, a na nyamesom mu asɔretiafo titiriw na na wodi anim. Wɔ 1921 mu tɔnn na wɔbɔɔ Adansefo no a saa bere no na wɔfrɛ wɔn Ernste Bibelforscher (Bible Asuafo a Wɔyɛ Nsi) no sobo sɛ wɔne Yudafo amammui akuw a wotutu ɔman no ase no wɔ abusuabɔ. Wɔbɔɔ Bible Asuafo no sobo sɛ Kɔmunisfo ne “Yudafo mpapahwekwa” a wɔn ho yɛ hu, ɛwom sɛ wɔamfa adanse biara ankyerɛ da sɛ sobo no yɛ nokware de. Switzerlandni nyamekyerɛfo Karl Barth kyerɛw akyiri yi sɛ: “Sobo a wɔbɔ Yehowa Adansefo sɛ wɔne Kɔmunisfo wɔ abusuabɔ no betumi afi ntease bi a nkurɔfo annya anaasɛ wɔboa pa mpo na ɛyɛɛ saa.”
Asɔre nsɛmma nhoma bi a ɛwɔ Germany bɔɔ sobo sɛ Adansefo ne Yudafo nyinaa yɛ ɔman anidan akuw mu atirisopamfo. Bere a wɔrebua no, April 15, 1930, The Golden Age (nea wɔbɛfrɛɛ no Nyan! akyiri yi no) German kasa mu de no kae sɛ: “Yenni biribiara a yebegyina so aka sɛ atoro sobo yi yɛ ɔyaw—efisɛ yegye di sɛ anyɛ yiye koraa no, Yudani yɛ onipa a ɔsom bo te sɛ obi a ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Kristoni ara pɛ, nanso yennye asɔre no atoro sobo a ɛwɔ atifi hɔ no ntom efisɛ n’atirimpɔw ne sɛ ebebu yɛn adwuma no abomfiaa, te sɛ nea ɛnyɛ Asɛmpa no nti na yɛreyɛ, na mmom Yudafo nti.”
Enti, Abakɔsɛm ho ɔbenfo John Weiss kyerɛwee sɛ: “Ná Adansefo no nni Germanfo abusua ho ɔmampɛ honhom no bi, na saa ara na wonnii yaw mfehaha pii wɔ Yudafo a wɔannye anni no ho. Adansefo no kɔɔ so kuraa Kristofo mfiase gyidi a na ɛne hia a ehia sɛ wɔbɛhyɛ wɔn a wobetumi asakra aba Kristo nkyɛn no nyinaa nkuran no mu.”
Dɛn na Ɛbae Bere a Hitler Bedii Tumi No?
Wɔ January 30, 1933 no, wɔpaw Adolf Hitler sɛ Germany sodifo foforo. Mfiase no, Hitler aban no bɔɔ mmɔden kataa ne basabasayɛ ne kateeyɛ su no so. Enti, wɔ 1933 mfiase no, Adansefo no ne Germanfo foforo ɔpepem pii buu National Socialist Party (Ɔman Asetra Amanyɔkuw) no sɛ mmara kwan so tumidi a ɛwɔ hɔ saa bere no. Ná Adansefo no hwɛ kwan sɛ National Socialist (Nasi) aban no behu sɛ saa Kristofo kuw a wɔpɛ asomdwoe na wodi mmara so yi ntutu Ɔman no ase. Ná eyi nkyerɛ Bible nnyinasosɛm ahorow a wogyae mu siesie. Sɛnea ɛte wɔ nsase foforo so no, na Adansefo no pɛ sɛ wɔka wɔn ho a wɔmfa nhyehyɛ amammuisɛm mu no ho asɛm kyerɛ aban no.
Ɛbɛdaa adi ntɛm ara sɛ Yehowa Adansefo bɛka wɔn a Nasifo bɛyɛ wɔn atirimɔdenne no ho. Wɔkekaa Adansefo no ho nsɛmmɔne bio sɛ wɔka Kɔmunisfo ne Yudafo a wɔkyerɛ sɛ wɔayɛ atirisopam bi no ho. Ɔtaa no fii ase.
Dɛn nti na na aban a ɛyɛ foforo no betumi anya nyamesom kuw ketewa a ɛte saa ho abufuw? Abakɔsɛm kyerɛwfo Brian Dunn kyerɛ nneɛma atitiriw abiɛsa: (1) Adansefo no amanaman ntam dwumadi, (2) abusua mu nyiyim a wɔsɔre tia, ne (3) wɔn ho a wɔmfa nhyehyɛ Amansɛm mu. Esiane Kyerɛwnsɛm mu ntease ahorow a na German Adansefo no wɔ nti, wɔankyia Hitler, wɔantaa National Socialist Party no akyi, anaasɛ wɔannya Nasi sraadi dwumadi ahorow mu kyɛfa akyiri yi.—Exodus 20:4, 5; Yesaia 2:4; Yohane 17:16.
Ne saa nti, Adansefo no gyinaa polisifo ne SA (Hitler Sturmabteilung, anaa Nasi sum ase asraafo) no ahunahuna, nsɛmmisa, wɔn afie mu hwehwɛ, ne ayayade foforo ano. Wɔ April 24, 1933 no, aban mpanyimfo de wɔn nsa too Ɔwɛn Aban dwumadibea a ɛwɔ Magdeburg, Germany, no so too mu. Bere a polisifo no yɛɛ nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri na wɔannya adanse biara a ɛkyerɛ sɛ Adansefo no ayɛ bɔne, ne afei ɔhyɛ a na efi U.S. Ɔman Dwumadibea hɔ nti, wɔsan de wɔn agyapade maa wɔn. Nanso, ebeduu May 1933 no, na wɔabara Adansefo no wɔ Germany amantam pii mu.
Adansefo no De Akokoduru Gyina
Wɔ saa bere yi mfiase no, Hitler de ahwɛyiye daa ne ho adi baguam sɛ odi Kristosom mu akoten. Ɔkae sɛ ɔbɛma wɔanya ɔsom mu ahofadi, na ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔne Kristofo akuw no bedi nsɛm “wɔ atɛntrenee mu ankasa.” Nea ɛbɛyɛ na wɔagye no atom kɛse no, sodifo foforo no kyinkyinii asɔre ahorow mu. Eyi yɛ bere a na aman ahorow a akyiri yi wɔne German bedi ako no mu nnipa pii kyerɛɛ Hitler mmɔdenbɔ ho anigye.
Esiane sɛ na ɔhaw ahorow a emu reyɛ den wɔ Germany no haw Joseph F. Rutherford a na ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani saa bere no nti, ɔne Germany baa dwumadibea hɔ panyin, Paul Balzereit, sii gyinae sɛ wɔbɛyɛ ɔsatu bi de aka akyerɛ Sodifo Hitler, aban mpanyimfo, ne ɔmamfo sɛ Yehowa Adansefo ntutu Germanfo ne Ɔman no ase. Ɛda adi sɛ na Rutherford gye di sɛ Hitler nnim ntua a wɔde ba Yehowa Adansefo so no ho hwee anaasɛ ebia nyamesom akuw no aka Adansefo no ho nsɛmmɔne akyerɛ no.
Enti, Magdeburg dwumadibea no yɛɛ nhyiam de adesrɛ hokwan a German ɔmamma wɔ no dii dwuma. Wɔnam bere tiaa mu amanneɛbɔ bi so too nsa frɛɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ Germany nyinaa kɔɔ Wilmersdorfer Tennishallen wɔ Berlin, wɔ June 25, 1933. Ná wɔhwɛ nhyiamfo bɛyɛ 5,000 kwan. Ɛmfa ho basabasayɛ tebea no, nnipa bɛboro 7,000 na wɔde akokoduru kɔe. Nhyiamfo no yɛɛ tirimbɔ bi a wɔtoo din “Nokwasɛm Ho Mpaemuka.” Saa krataa yi sɔre tiaa anohyeto ahorow a wɔde aba Adansefo no dwumadi so no. Ɛkyerɛkyerɛɛ wɔn gyinabea mu pefee, na ɛpoo sobo a ɛne sɛ wɔne amanyɔkuw ahorow abom tutu ɔman ase biara. Ɛkae sɛ:
“Wɔabɔ yɛn atoro sobo akyerɛ aban yi mu atumfoɔ no . . . Yɛde nidi srɛ ɔman no mu atumfoɔ ne ɔmamma no sɛ wɔmfa nokwaredi nsusuw nokwasɛm ahorow a yɛaka wɔ ha yi ho.”
“Yɛne nnipa anaa nyamesom akyerɛkyerɛfo biara nni akasakasa, na mmom yɛpɛ sɛ yɛtwe adwene si nokwasɛm yi so sɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wogyina Onyankopɔn ne Kristo Yesu ananmu no na wɔtaa yɛn ankasa, na wɔretoto yɛn ano kyerɛ aban no.”
Ɛyɛ Nhyiam a Wɔde Da Akokoduru Adi Anaa Wɔde Gyae Nsɛm mu Siesie?
Ebinom kyerɛ seesei sɛ 1933 Berlin nhyiam ne “Nokwasɛm Ho Mpaemuka” no yɛ mmɔden a Adansefo mu atitiriw no bɔe sɛ wɔbɛtaa Nasi aban ne Yudafo a wɔtan wɔn ani no akyi. Nanso nea wɔka no nyɛ nokware. Egyina atosɛm ne nsɛm bi a wɔnkyerɛkyerɛ mu yiye so.
Sɛ nhwɛso no, akasatiafo kyerɛ sɛ Adansefo no de swastika frankaa siesiee Wilmersdorfer Tennishallen hɔ. Mfonini ahorow a wotwae wɔ 1933 nhyiam no ase no da no adi pefee sɛ wɔamfa swastika frankaa biara ansiesie asa no so. Wɔn a wɔkɔɔ bi no di adanse sɛ na frankaa biara nni asa no so.
Nanso, ebetumi aba sɛ na frankaa sisi ɔdan no so. Ná Nasi asraafo de asa no adi dwuma June 21, Wukuda a na edi nhyiam no anim no. Afei nso, ade rebɛkye ma wɔayɛ nhyiam no ara pɛ no, mmerantewaa pii bi ne SS akuw bi (Schutzstaffel, a mfiase no wɔn na na wɔyɛ Hitler awɛmfo a Wɔhyɛ Ntade Tuntum), SA, ne afoforo dii ahohurubere mu afahyɛ wɔ beae bi a ɛbɛn hɔ. Enti ɛbɛyɛ sɛ Adansefo a woduu hɔ Kwasida no bɛtoe sɛ wɔde swastika frankaa asisi ɔdan no ho.
Sɛ na wɔde swastika frankaa asisi ɔdan no ho, abrannaa so, anaa ɔdan no mu mpo a, anka Adansefo no renka hwee. Ɛnnɛ mpo, sɛ Yehowa Adansefo kogye aban dan tua ho ka yɛ hɔ asafo nhyiam anaa ɔmantam nhyiam a, wonnyi ɔman agyiraehyɛde a ɛwɔ hɔ no mfi hɔ. Nanso adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Adansefo no ankasa de frankaa sisii hɔ anaasɛ wɔkyiae.
Akasatiafo ka bio sɛ Adansefo no de German ɔman nnwom no na efii nhyiam no ase. Nokwarem no, Dwom 64 a n’asɛmti ne “Zion’s Glorious Hope” (Sion Anuonyam Anidaso), a na ɛwɔ Adansefo no nnwom nhoma mu na wɔde fii nhyiam no ase. Wɔhyehyɛɛ saa dwom yi mu nsɛm too no sɛ Joseph Haydn dwom a ɔhyehyɛe wɔ 1797 mu no. Anyɛ yiye koraa no, na dwom a ɛto so 64 no wɔ Bible Asuafo no nnwom nhoma mu fi 1905 mu. Wɔ 1922 mu no, German aban faa Haydn dwom no de Hoffmann von Fallersleben nsɛm bi kaa ho de yɛɛ wɔn man nnwom. Nanso, na Bible Asuafo a wɔwɔ Germany no da so to Dwom 64 no bere ne bere mu, te sɛ nea na Bible Asuafo a wɔwɔ aman foforo mu yɛ no ara.
Ná wontumi nka Sion ho dwom a wɔtoe no ho asɛm sɛ mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔbɛpata Nasifo no. Wɔ Nasifo a na wɔtaa Yudafo no nhyɛso ase no, asɔre ahorow a aka no yii Hebri nsɛmfua te sɛ “Yuda,” “Yehowa,” ne “Sion” fii wɔn nnwom ne nsɛm a wɔde yɛ wɔn asɔre mu. Yehowa Adansefo anyɛ saa. Afei nso, ɛda adi sɛ, na nhyiam no so ahwɛfo no nhwɛ kwan sɛ wɔnam dwom a ɛkamfo Sion a wɔbɛto so benya aban no anim dom. Nokwarem no, ɛbɛyɛ sɛ na nhyiamfo no bi mpɛ sɛ wɔto “Zion’s Glorious Hope” dwom no, efisɛ na nsɛm a Haydn de yɛɛ saa dwom yi no te sɛ ɔman nnwom no mu de no ara.
Wɔn Gyinabea a Wɔkyerɛkyerɛ Mu
Bere a na aban no wɔ nsakrae bere mu, na basabasayɛ aba ɔman no mu no, Adansefo no pɛe sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn gyinabea mu pefee. Adansefo no nam “Mpaemuka” no so daa no adi denneennen sɛ sobo a wɔbɔ wɔn sɛ wɔne Yudafo no wɔ sikasɛm anaa amammui mu nkitahodi no nyɛ nokware. Enti, krataa no kae sɛ:
“Yɛn atamfo bɔ yɛn atoro sobo sɛ yenya sika fam mmoa fi Yudafo hɔ de yɛ yɛn adwuma. Eyi yɛ atoro ankasa. Ebesi saa dɔn yi, Yudafo no mmaa yɛn sika ketewaa bi mpo sɛ yɛmfa nyɛ yɛn adwuma.”
Bere a ɛkaa sika ho asɛm wiei no, “Mpaemuka” no kɔɔ so kasa tiaa aguadi akɛse mu nneyɛe a ɛmfata. Ɛkae sɛ: “Ɛyɛ Yudafo aguadifo a wɔwɔ Britania-Amerika ahemman mu na wodi Gua De Pɛ Mfaso Akɛse de sisi aman pii mu nnipa.”
Ɛda adi pefee sɛ na saa asɛm yi mfa Yudafo nyinaa ho, na sɛ wɔante ase yiye ma enti ahaw obi a, yedi ho yaw. Ebinom aka sɛ Yehowa Adansefo nyaa kyɛfa wɔ ɔtan a wɔde baa Yudafo a na wɔtaa kyerɛkyerɛ ho ade wɔ German asɔre ahorow mu saa bere no mu. Eyi yɛ atoro koraa. Adansefo no nam wɔn nhoma ahorow ne wɔn abrabɔ so poo adwene biara a na etia Yudafo no na wɔkasa tiaa ayayade a na Nasifo de reyɛ Yudafo no. Akyinnye biara nni ho sɛ ayamye a woyii no adi kyerɛɛ Yudafo a wɔne wɔn traa nneduaban ahorow mu no yɛ adanse kɛse a ɛkyerɛ sɛ na saa sobo yi yɛ atoro.
“Mpaemuka” no kae sɛ Adansefo no dwumadi fa ɔsom ho nkutoo, na ɛkae sɛ: “Yɛn ahyehyɛde no nyɛ amammui de ɔkwan biara so. Yɛn de ne sɛ yɛde Yehowa Nyankopɔn Asɛm bɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo.”
“Mpaemuka” no kaee aban no wɔ n’ankasa bɔhyɛ ahorow ho nso. Adansefo no kuraa gyinapɛn ahorow bi a ɛkorɔn mu, na ɛbae sɛ German aban nso foaa so wɔ baguam. Nea na ɛka eyinom ho ne abusua mu gyinapɛn ahorow ne ɔsom mu ahofadi.
Wɔ eyi mu no, “Mpaemuka” no de kaa ho sɛ: “Sɛ obi hwɛ yɛn nhoma ahorow mu yiye a obehu sɛ yɛagye gyinapɛn papa a ɔman no aban a ɛwɔ hɔ ayɛ no atom asi so dua denneennen wɔ yɛn nhoma ahorow no mu, na yɛada no adi sɛ Yehowa Nyankopɔn bɛhwɛ ma nnipa a wɔdɔ trenee nyinaa adu saa gyinapɛn papa yi ho wɔ bere a ɛsɛ mu.”
Enti, Adansefo no annyina Nasi Amanyɔkuw no akyi da. Bio nso, ɛdefa nyamesom mu ahofadi a wɔde bedi dwuma ho no, wɔammɔ wɔn tirim sɛ wobegyae wɔn baguam asɛnka no.—Mateo 24:14; 28:19, 20.
Sɛnea amanneɛbɔ a ɛwɔ 1974 Yearbook of Jehovah’s Witnesses mu kyerɛ no, German Adansefo bi abam bui sɛ “Mpaemuka” no ankyerɛkyerɛ nsɛm mu yiye. So baa dwumadibea panyin, Paul Balzereit, na ɔgow krataa no mu nsɛm mu? Dabi, efisɛ German nkyerɛwee no a wɔde totoo Engiresi de ho no da no adi sɛ eyi nte saa. Adanse kyerɛ sɛ nea na ebinom a wɔnka ho na wɔhyehyɛɛ “Mpaemuka” no adwene yɛ wɔn na ɛma wɔkekaa saa nsɛm no. Ebetumi aba nso sɛ gyae a Balzereit gyaee ne mudi mu mfe abien akyi pɛ no ka ho bi na wɔkekaa saa nsɛm no.
Yenim seesei sɛ wɔbaraa Yehowa Adansefo a wɔwɔ Germany no Memeneda, June 24, 1933, ɛda a na ade rebɛkye ma wɔayɛ Berlin nhyiam no. Nhyiam no so ahwɛfo ne polisifo tee eyi ho asɛm nna kakraa bi akyi. Esiane basabasayɛ tebea ne nitan a na Nasi mpanyimfo reda no adi nti, ɛyɛ nea ɛda nsow sɛ wotumi yɛɛ nhyiam no. Ɛnyɛ nea wɔka gugu mu sɛ Adansefo 7,000 a wɔkɔɔ nhyiam no fi akokoduru mu de wɔn ahofadi too asiane mu na ɛyɛɛ saa.
Wɔ nhyiam no akyi no, Adansefo no kyekyɛɛ “Mpaemuka” no mfuamfua ɔpepem 2.1. Wɔkyeree Adansefo bi ntɛm ara de wɔn kɔɔ adwumayɛban mu. Enti, Nasi aban no daa n’atirimɔden ne ne basabasayɛ su adi koraa, na ankyɛ na ɔde ɔtaa kɛse baa Kristofo kuw ketewa yi so.
Ɔbenfo Christine King kyerɛwee sɛ: “Nasifo no behui sɛ atirimɔden nhyɛso no antumi anka Adansefo no anhyɛ.” Ɛte sɛ nea “Mpaemuka” no kae no: “Yehowa Nyankopɔn tumi korɔn, na tumi biara nni hɔ a ebetumi ne no adi asi.”a
[Ase hɔ asɛm]
a Yɛrennya baabi nkyerɛw abakɔsɛm mu kyerɛwtohɔ a ɛwɔ krataa yi mu nyinaa. Nanso, wubetumi anya ho nsɛm nyinaa afi wɔn a wɔkyerɛwee no hɔ bere a wubisa no. Video kasɛt a ɛfa ntua no ho a wɔato din Jehovah’s Witnesses Stand Firm Against Nazi Assault (Yehowa Adansefo Gyina Pintinn Wɔ Nasi Ntua Ano) a wobɛhwɛ no nso bɛma woahu pii.
[Kratafa 13 mfonini ahorow]
Nhyiam a Yehowa Adansefo kɔe wɔ Tennishallen wɔ 1933 mu no ho mfonini ankasa