Wɔpow Nazi-Sɛm—Henanom?
“MONKAMFO Hitler!” ne nsɛm a na wɔhwɛ kwan sɛ obi de bekyia afoforo wɔ Hitler Third Reich nniso no ase. Nanso sɛnea Frankfurter Allgemeine Zeitung kyerɛ no, nkurɔfo pii de “Fuhrer no totoo anansesɛm anaa nyamesom mu nnipa ho.” Enti nkyia no bɛkyerɛɛ biribi titiriw a ɛsen obu a ɛfata a wɔkyerɛ ma sodifo bi no koraa.—Hwɛ Romafo 13:7.
Bio nso, Hitler hoahoaa ne ho sɛ “Ɔman Sohyialist Ahemman” no bedi mfirihyia apem. Ɛdenam saa yɛ so no, ɔde ne ho totoo Mesia a Bible no ka ne ho asɛm no ho, efisɛ na Yesu Kristo ahyɛ nniso bi a ebedi asase no so tumi mfirihyia apem ho bɔ.—Hwɛ Adiyisɛm 20:4, 6.
Wɔ Hitler man a na polisifo di tumi wom no mu no, na asiane wom sɛ obi bɛka Nazi botae horow a onnye ntom no ho asɛm wɔ baguam. Ɛyɛ bere a nniso ne nhyehyɛe ne nneɛma ahorow a ɛyɛe ma ɛtraa so no bɛdaa adi nkutoo, ne titiriw no, bere a ɛdaa adi sɛ wɔadi nkogu wɔ ɔko no mo ansa na gye a wonnye ntom no dan ɔsɔretia.
Saa ɔsɔretia no baa awiei wɔ July 20, 1944 mu bere a anka wɔrekum Hitler no. Ná wɔn a wɔka ho no mu binom agye Nazi nniso atom mfitiase no anaasɛ na wɔaboa kɛse. Mfirihyia 40 akyi pɛpɛɛpɛ wɔ July 20, 1984 mu no, wɔkaa Hitler ho asɛm kɛse bio bere a Federal Republic of Germany ɔman soafo panyin no kasae wɔ nhyiam bi a wɔyɛe de hyɛɛ wɔn a wokunkum wɔn anaasɛ wɔtwee wɔn aso wɔ ɔkwan bi so bere a wɔantumi ankum no akyi no anuonyam ase no.
Ɔsɔretia a Efi Asɔfo Hɔ Nso Ɛ?
Asɔre akannifo a na wɔwɔ Germany wɔ saa bere no mu no nso ɛ? So wɔsɔre tiaa Hitler ne Nazi nniso? Su bɛn na Katolek asɔfo yii no adi? Ɛdefa Katolek Sɔfo Panyin Konrad Graf Preysing ho no, nsɛnkyerɛwfo Klaus Scholder kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔ saa bere no mu no, na Graf Preysing a ɔda so ara yɛ ɔsɔfo panyin a ɔwɔ Eichstatt no yɛ nnipa kakraa bi a efi mfiase no wohui sɛ Third Reich no yɛ nniso a ɛde asiane bɛba a ebedi nsɛmmɔne no mu biako.” (Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.) Na wonim sɔre a ɔsɔre tia no. Nanso afoforo a na wɔwɔ Germany Katolek Asɔfo Mpanyin Kuw no mu a ne titrani a wɔfrɛ no ɔsɔfo panyin Bertram ka ho no ampɛ sɛ wɔbɛkasa atia Nazi nniso no. Wɔboae mmom. Enti Scholder kɔ so sɛ: “Sɛ obi susuw nsɛm a esisii kan no ho a, ebia obehu sɛ ontumi nkyerɛkyerɛ nokware a odii [maa Hitler ne Nazi-sɛm] no mu, yiw, onnya ho koma mpo.”
Wɔ Protestantfo mu no, ɔsɔfo Martin Niemöller na wɔkaa ne ho asɛm mpɛn pii sɛ ɔne obi a asɔre tiaa Nazi nniso no denneennen. Nanso ɔkyerɛwfo H. S. Brebeck ka sɛ “asɛm biako a amma wannye Hitler amammui mu botae horow no antom ne: ‘Hena na ɛsɛ sɛ ɔyɛ Asɔre no so panyin? Asɔre no ankasa anaa Amanyɛkuw no?’ Nanso ɔboae wɔ amammui fam.” Bere a Niemöller wui wɔ 1984 mu no, Frankfurter Allgemeine Zeitung kae sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ, te sɛ Protestantfo akannifo nyinaa a wɔwɔ Germany no, mfiase no, ogyee kyekye a wɔbɛsan akyekye Germany a na wɔpɛ wɔ Hitler ahenni ase no toom.”
Nea ɛyɛ anigye saa ara ne amanneɛbɔ bi a Deutsches Allgemeines Sonntagsblatt (wɔsan tintimii wɔ Engiresi kasa mu wɔ The German Tribune mu) de too gua a ɛfa Europa Baptistfo Kuw nhyiam a wɔyɛe wɔ Hamburg, Germany wɔ 1984 mu no ho no. Ɛka sɛ: “Wɔ bere a edi kan mu no, wɔkyerɛkyerɛ su a Baptist Asɔre no daa no adi wɔ Third Reich no nniso ase no mu kyerɛe. Ɛde besi nnɛ no, asɔre ahorow a ɛwɔ ɔman no mu no mpɛ sɛ wobedi ɔhaw a ɛho asɛm yɛ ka nã yi ho dwuma. Nanso wɔ nhyiam no ase no, asɔre no fã a ɛwɔ ɔman no mu no panyin yɛɛ ‘mpaemuka’ bi . . . : ‘Yɛanyi yɛn anim anka ko a wɔko tiaa [Nazi-sɛm] no ho . . . na enti yɛantumi anni Onyankopɔn mmara ahorow no so. Ɛyɛ yɛn aniwu sɛ yɛn asɔre no fã a ɛwɔ Germany no gyee amammui adwene a na ɛwɔ hɔ saa bere no toom na antumi anna akokoduru kɛse adi amfa anko amma nokware ne atɛntrenee.’”
Nokware ahorow da no adi sɛ asɔfo kakraa bi na wɔkasa tiaa Hitler nniso no. Mpɛn pii nea ɛkanyan wɔn a wɔyɛɛ saa mpo no ne abasamtu ne asɔre mu nnaadaa na ɛnyɛ nsɛm a egyina Bible no so. Nokware no ne sɛ, wɔn mu fã kɛse no ara anhu abirabɔ a ɛwɔ mmɔden a wɔbɔe sɛ wobegye Mesia a Yesu yɛ no atom na wɔ bere koro no ara mu no, wɔateɛm sɛ “monkamfo” amammui mu atoro mesia ne ne “mfirihyia apem nniso” no. Wɔn asɔre mma no dii wɔn nhwɛso bɔne a ennyina kyerɛw nsɛm so no akyi—na wohuu amane.—Fa toto Mateo 15:14 ho.
Wɔn a Wɔannyae Nsɛm Mu
Nanso na kuw biako bi wɔ Germany a ɛde akokoduru kuraa Kristofo nnyinasosɛm mu. Na saa kuw no ne Yehowa Adansefo. Esiane sɛ na Adansefo no nte sɛ asɔfo no ne wɔn akyidifo no nti, wɔannye Hitler ne Nazifo no antom. Wɔampene so sɛ wobebu Onyankopɔn mmara ahorow so. Wɔannyae afã biara a Kristofo nni wɔ amammuisɛm mu no mu. (Hwɛ Yesaia 2:2-4; Yohane 17:16; Yakobo 4:4.) ‘Wɔankamfo’ Hitler na saa ara na wɔanka sɛ nkwagye fi no sɛnea asɔfo no ne wɔn asɔre mma no mu fã kɛse no ara yɛe no.
Mmom no, Yehowa Adansefo ne ɔsomafo Petro yɛɛ adwene bere a ɔkaa Yesu Kristo ho asɛm sɛ: “Na nkwagye nni obiara mu, nanso din foforo nni ɔsoro ase a wɔde ama wɔ nnipa mu a ɛsɛ sɛ wogye yɛn nkwa wɔ mu” no. (Asomafo no Nnwuma 4:12; hwɛ Dwom 118:8, 9; 146:3 nso.) Wɔn mu biara anhwie mogya angu efisɛ wɔanko amma Hitler, na wɔampene so sɛ wɔbɛyɛ n’asraafo nso.—Yohane 13:35; 1 Yohane 3:10-12.
Esiane sɛ Yehowa Adansefo annyae nsɛm mu ansiesie na wɔannye Hitler ne Nazi nniso antom nti, wɔtaa wɔn na wɔde wɔn mu mpempem pii kɔɔ adwumayɛban ahorow mu. Anna Pawelczynska a ɔyɛ Polandni asetra mu nsɛm ho ɔbenfo ne obi a onnyaa nkwa wɔ Auschwitz adwumayɛban a wokunkum nkurɔfo wom a egyee dimmɔne no mu no, kaa wɔn gyidi a emu yɛ den ne wɔn mudi mu a wokurae bere a wɔyɛɛ wɔn ayayade no ho asɛm. Ɔrekyerɛw ho asɛm wɔ ne nhoma Values and Violence in Auschwitz no mu no, ɔkae sɛ na Yehowa Adansefo yɛ “kuw bi a wokura adwene a emu yɛ den na wodii nkonim wɔ ko a wɔko tiaa Nazi nniso no mu.” Ɔkaa wɔn ho asɛm sɛ wɔyɛ “supɔw bi a ɛwɔ ɔman bi a edi nsɛmmɔne mu a etumi ko tiaa ɔman no denneennen.”
Ɔde kaa ho sɛ: “Wɔde akokoduru a ɛte saa ara traa adwumayɛban a ɛwɔ Auschwitz no mu. Wotumi maa wɔn mfɛfo nneduafo no nyaa obu maa wɔn . . . nneduafo a wɔyɛ amansɛmdifo ne SS mpanyimfo no mpo. Na obiara nim sɛ Yehowa Adansefo biara nni hɔ a ɔbɛyɛ biribi a wɔhyɛ no sɛ ɔnyɛ a ɛne ne nyamesom mu gyidi bɔ abira no.” Ɔde baa awiei sɛ: “Yehowa Adansefo ko peree wɔn gyidi a ɛmpene ɔko ne basabasayɛ nyinaa so no denam ahyɛde horow a wɔde maa wɔn a wɔanni so no so.”
Dabi, Yehowa Adansefo annye Hitler ne ne Third Reich no antom. Wɔamfa wɔn ho anto Nazi nniso anaasɛ amammui nhyehyɛe foforo biara a ɛwɔ wiase yi mu no so. Wɔpow onipa nniso de hwehwɛɛ biribi a eye kyɛn so. Enti, esiane sɛ wɔnte sɛ asɔfo no ne wɔn akyidifo no nti, wɔanyɛ nnipa a Nazi nniso kunkum wɔn wɔ honhom mu.
Biribi a Eye Kyɛn So
Saa ara na nnɛ, Yehowa Adansefo mfa wɔn ho nto amammui adwen horow biara so. Wɔpow amammui adwen horow yi de hwehwɛ biribi a eye kyɛn so a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ: nniso bi a wahyehyɛ a ɛde trenee nhyehyɛe foforo bi bɛba, nea ebedi adesamma haw ahorow nyinaa ho dwuma. Saa nniso biako a ebedi asase no so nyinaa no ne Onyankopɔn Ahenni a wɔde asi soro dedaw wɔ ne Mesia Kristo Yesu ase no.—Mateo 6:9, 19; 2 Petro 3:13.
Hitler maa ne radio so ɔkasa a edi kan wɔ February 1, 1933 mu. Ɔrehoahoa ne ho wɔ sɛnea ɔbɛsakra Germany ho no, ɔde baa awiei denam n’atiefo a ɔsrɛɛ wɔn sɛ wɔmma ɔne n’amanyɛkuw no bere na afei wonnyina nneɛma a ebefi mu aba no so mmu wɔn atɛn. Mfirihyia dumien akyi no, ne “mfirihyia apem nniso” no baa awiei wɔ animguase mu. Ná wɔabu ne nniso no atɛn: Ná ɛyɛ asiane, efisɛ bere a ɔko no baa awiei no, na ɛde amanehunu kɛse aba ne man, ne nkurɔfo ne wiase no so a ɛkame ayɛ sɛ wontumi nhu sɛnea ɛte.
Hwɛ sɛnea Bible no Mesia Kristo Yesu Mfirihyia Apem Nniso no yɛ soronko! Wɔ n’awiei no, sɛ wɔde adesamma ne asase no—toto tebea a asɛe a ɛwɔ hɔ nnɛ no ho a—ɛbɛyɛ den sɛ wobehu. W’ankasa kenkan ɛho nkyerɛkyerɛmu wɔ Bible no mu wɔ Adiyisɛm 21:4, 5. Afei yɛ nnipa a wɔyɛ pɛ a wɔrenya asetra mu anigye akosi ase wɔ paradise asase bi a nsɛmmɔnedi, ɔko, amammui adwene a epira afoforo ne biribi foforo biara a ebetumi asɛe wɔn anigye no ho mfonini wɔ w’adwene mu! Afei hu sɛ wo nso wubetumi ayɛ wɔn a wɔwɔ saa mfonini a ɛyɛ fɛ no mu no biako!—Yesaia 35:1-7; 65:17-25; 1 Yohane 2:17.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 9]
Na Katolek ne Protestantfo asɔfo pii mpɛ sɛ wɔbɛkasa atia Nazi nniso no
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 12]
Mfirihyia Apem Nniso no ankasa bɛba denam Onyankopɔn Ahenni so
[Kratafa 9 mfoni]
Asɔfo no hwiee mogya gui de boaa Hitler
[Kratafa 11 mfoni]
Wɔde Yehowa Adansefo mpempem pii (a Johannes Hanns a ne mfonini wɔ atifi hɔ no ka ho) kɔɔ adwumayɛban ahorow mu esiane sɛ wɔannye Nazi nniso atom nti, wɔn mu pii wuwui sɛnea owu ho adansedi krataa yi kyerɛ no
[Kratafa 13 adaka]
“Mede hwɛ, anadwo adehu no mu ara, na hwɛ, obi a ɔte sɛ onipa ba nam ɔsoro mununkum mu reba, na oduu nea ne nna akyɛ no nkyɛn, na wɔma ɔbɛn n’anim. Na ɔno na wɔde tumi ne anuonyam ne ahenni maa no ma aman, nkurɔfo, ne ɔkasa horow nyinaa som no; ne tumi yɛ daa tumi a ɛrentwam da, na n’ahenni yɛ nea ɛrensɛe da. ‘Me, Daniel, me honhom fontan me, me honam mu, na anisoadehu no haw me. Mitwiw mebɛn wɔn a wogyina hɔ no mu biako, na mibisaa no eyi nyinaa ase; na ɔka kyerɛɛ me, na ɔma mihuu nneɛma no nkyerɛase. Mmoa akɛse yi a wosi anan yi yɛ ahene baanan a wobefi asase so asɔre agyina. Na ɔsorosoroni no ahotefo bɛfa ahenni no, na wɔanya ahenni no daa daa mmeresanten.”—Daniel 7:13-18.