Ɛyɛɛ Dɛn Na Ɛbae?
“ƐYƐƐ dɛn na atirimɔden nniso te sɛ Nazi Third Reich tumi bedii tumi wɔ wiase no mu aman a anya nkɔanim kɛse wɔ sikasɛm mu na wɔn ani abue kɛse no mu biako mu?” Abakɔsɛm kyerɛwfo J. Noakes na obisaa asɛm a ɛkanyan adwene yi bere a ɔrekyerɛw asɛm bi wɔ nsɛmma nhoma a wɔfrɛ no History Today mu no. Ebia yebetumi de ɛho asɛm kakraa bi a yenim no abua.
Ɛnyɛ Adolf Hitler na ɔtew Nazi Amanyɛkuw no. Wɔ 1919 mu no, Anton Drexler a ɔyɛ ɔtomfo a ɔyɛ krado wɔ Munich no tew Germany Adwumayɛfo Amanyɛkuw (Deutsche Arbeiterpartei) no. Afe biako akyi no, wɔsakraa ne din frɛɛ no Germany Ɔman Sohyialist Adwumayɛfo Amanyɛkuw (National-sozialistische Deutsche Arbeiterpartei) , na wɔ 1921 mu no, Hitler bɛyɛɛ ne kannifo. Akyiri yi Drexler twee ne ho fii amanyɛkuw no ho esiane sɔre a ɔsɔre tiaa Hitler nti. Wonyaa asɛmfua “Nazi” no fii amanyɛkuw no din asɛmfua a edi kan no mu.
Wɔ 1923 mu no, Hitler ne amanyɛkuw no dii nkogu bere a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobetu aban no agu no, na wɔde Hitler too afiase. Ɔkyerɛw ne nhoma a wɔfrɛ no Mein Kampf (M’apereperedi) no wɔ saa bere no mu. Ɔdaa amanyɛkuw no botae ne nkyerɛkyerɛ ahorow atitiriw adi wom, na ɔfrɛ ne botae titiriw no sɛ “yɛ a wɔbɛyɛ nnipa no ɔman no de.” Sɛnea ɛbɛyɛ a obedu botae yi ho no, ɔkae sɛ, “asetra mu afɔrebɔ biara nni hɔ a ɛyɛ kɛse dodo.” Ɔkyerɛwee sɛ, ɛsɛ sɛ Ɔman no da ne ho adi sɛ “ɛbɛbɔ bere bi a ne tenten yɛ mfirihyia apem ho ban.”
Mfiase no wɔammu nea na Hitler ne n’amanyɛkuw no reyɛ no aniberesɛm. Kasa a ɔkasa wɔ ahohoahoa kwan so no maa Germani ɔkyerɛwfo Kurt Tucholsky kae wɔ saa bere no mu sɛ: “Onipa no nte ase; ɛno ara ne dede kwa a ɔyɛ no.” Akyinnye biara nni ho sɛ Tucholsky kasa maa nnipa pii. Nanso na onipa no te ase na na ɔbɛyɛ pii asen dede ara kwa.
Nea Ɛmaa Nazi Nniso No Bedii Tumi
Na Germanfo ahaw bere a wodii nkogu wɔ Wiase Ko I akyi. Wobuu anohyeto ahorow a emu yɛ den a wɔnam Versailles Apam no so de maa wɔn no sɛ ɛyɛ nea emu yɛ den tra so na ɛnteɛ. Na wonni amammui mu kannifo a ɔyɛ den. Na sikasɛm nhyehyɛe no sɛe dapɛn biara. Ahokyere a ɛbaa wiase nyinaa no ma woyii nnipa ɔpepem pii fii adwuma mu. Na abasamtu ne ehu kɛse amma nkurɔfo anya anigye wɔ asetra mu.
Ɛdenam nsɛm a ɛsɛe adwene ho ɔsatu a etu mpɔn so no, Nazi ahyehyɛde no tumi boaboaa ɔmanfo no ano yɛɛ wɔn nnipa a wofi wɔn pɛ mu sɛ wobedi n’amammui mu botae horow ho dwuma. Ɔman no ani gyee daakye ho bɔhyɛ akɛse no ho. Ɔde suro a ɔman no suro komunism no dii dwuma de dii n’ankasa atirimpɔw ahorow ho dwuma. Ɛmaa sraadi ho nhyehyɛe a ɛwɔ Prussia no nyaa nkɔso foforo. Amanyɛkuw no maa mmerante ne mmabaa nyaa anigye, wɔde wɔn ho hyɛɛ akokobirisɛmdi mu, wonyaa nnamfo na wɔn tirim yɛɛ wɔn dɛ wɔ te a wɔtee nka sɛ wɔn ankasa renya kyɛfa wɔ German man a ɛwɔ tumi kɛse a wɔresan akyekye no mu.
Bere a Hitler bedii ade akyi mfe asia pɛ no, ɔkaa ne nkonimdi ahorow ho asɛm wɔ ɔkasa a ɔmae wɔ April 28, 1939 mu no mu. Nea ɛka eyinom ho ne basabasayɛ a wama agyae, nneɛma a wɔyɛ a wama anya nkɔso, nya a wama obiara anya adwuma ayɛ ne anohyeto ahorow a Versailles Apam no de maa wɔn a wɔayi afi hɔ no. Afei ɔde kaa ho sɛ: “Mede amansin ahorow a wogye fii yɛn nsam wɔ 1919 mu no asan ama Reich no . . . Na mama Germanfo asan anya wɔn mfirihyia apem biakoyɛ a abakɔsɛm ka ho asɛm no na . . . meyɛɛ eyi a manhwie mogya angu ma enti mamma me nkurɔfo ne afoforo anhu amane a ɔko de ba no.”
Wɔ Sebastian Haffner nhoma a wɔfrɛ no Anmerkungen zu Hitler (Nsɛm a Wɔkaa Fa Hitler Ho) no mu no, ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ wɔ Germanfo fam no, “na Hitler ho yɛ nwonwa—‘obi a Onyankopɔn asoma no.’” Enti Hitler nkonimdi ahorow a nsɛm a ɛsɛe adwene a ɔdaa no adi wɔ nyansam no ka ho na ɛmaa Nazi Amanyɛkuw no benya nnipa no so tumi kɛse na wofii ase yɛɛ amanyɛkuw no sɛ nyamesom kuw no. Ankyɛ biara, amanyɛkuw no botae horow no akyi a ɛsɛ sɛ wogyina bɛyɛɛ asɛyɛde “kronkron.”
Eyi boa yɛn ma yɛte nea William Shirer kyerɛwee wɔ ne nhoma The Nightmare Years no mu no ase kɛse: “Nnipadɔm no anigye a ɛtra so no maa me ho dwiriw me mpo sen bere a midii kan huu sodifo otirimɔdenfo no . . . Bere a obegyinaa abrannaa no so bere tiaa bi na ohinhim ne nsa no, wɔn ani gye traa so. Mmea pii totɔɔ piti. Nnipadɔm no tiatiaa mmarima ne mmea so bere a wotwiw kɔɔ wɔn anim sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu wɔn mesia no yiye no. Saa na na ɔte ma wɔn.”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]
Nazifo no boaboaa ɔmanfo no ano yɛɛ wɔn nnipa a wofi wɔn pɛ mu yɛ ade
[Kratafa 5 mfoni]
Germani ɔkyerɛwfo biako ka sɛ, wɔ nnipa pii fam no, “Onyankopɔn na ɔsomaa” Hitler