Bere a Anidaso ne Ɔdɔ Sa
CANADANI abeawa bi a wadi mfe 17 kyerɛw nea enti a ɔpɛ sɛ owu no too hɔ. Nea ɛka nneɛma foforo ho no, ɔkyerɛw sɛ: ‘Ankonamyɛ ne me daakye ho suro; te a mete nka ankasa sɛ meba fam sen me mfɛfo adwumayɛfo; nuklear akodi; mframa a ɛsɔn owia ahoɔden so a wɔsɛe no; me ho nyɛ fɛ koraa, enti merennya kunu da, na mɛkɔ so ayɛ ankonam daa; misusuw sɛ biribi pa bi nni hɔ a metumi anya, dɛn nti na ɛsɛ sɛ metwɛn kosi sɛ ɛbɛto me; ebeyi adesoa no afi obiara so; obiara renhaw me bio.’
So eyi betumi ayɛ nneɛma a enti mmofra rekunkum wɔn ho no bi? Wɔ Canada no, “sɛ kar akwanhyia da nkyɛn a, ahodɔmdi ne ade a seesei ɛma nnipa dodow no ara wu.”—The Globe and Mail.
Ɔbenfo Riaz Hassan a ɔwɔ Flinders Sukuupɔn mu wɔ Australia Kesee fam no ka wɔ ne nhoma “Unlived Lives: Trends in Youth Suicide” mu sɛ: “Asetra mu nsɛm pii ka ho bi titiriw na mmofra a wɔadu wɔn mpanyin afe so di wɔn ho dɔm. Saa nneɛma yi ne mmofra pii a wonnya adwuma nyɛ; nsakrae a aba Australiafo abusua mu; nnuru a wɔnom no pii na wɔde di dwuma ɔkwammɔne so; mmofra basabasayɛ a ɛrenya nkɔanim; adwenemhaw; ne ntetewmu kɛse a abɛda ‘ahofadi a wɔde ano ka’ ne ahofadi a wɔhyɛ da nya ntam.” Nhoma no ka bio sɛ nea efi nhwehwɛmu bebree a wɔayɛ mu aba no ada no adi sɛ nkurɔfo pii nni daakye ho anidaso, na ɛka sɛ “mmofra pii wɔ wɔn daakye ne wiase de ho suro. Wohu wiase a nuklea akodi ne efĩ asɛe no, na wɔasɛe nneɛma a atwa yɛn ho ahyia, abusua a mfiridwuma mu nimdeɛ ama wɔayɛ nnipa a mfaso nni wɔn so na wonnya adwuma nyɛ wom.”
Sɛnea Gallup nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ mmofra a wɔadi fi mfe 16 kosi 24 mu kyerɛ no, nneɛma foforo a ɛma mmofra di wɔn ho dɔm ne kwan kɛse a ɛrebɛda asikafo ne ahiafo ntam, ɔwofo-biako mmusua a ɛredɔɔso, akode pii a wɔde di dwuma, mmofra a wɔto wɔn mmonnaa ne “daakye ho anidaso a wonni” koraa.
Newsweek bɔ amanneɛ sɛ wɔ United States no, “akode a abu so no betumi ayɛ ade titiriw a enti [mmofra a wɔadu wɔn mpanyin afe so di wɔn ho dɔm]. Nhwehwɛmu bi a ɛde mmofra a wɔadu wɔn mpanyin afe so a wonni adwenemhaw nso wodi wɔn ho dɔm totoo mmofra a wonni wɔn ho dɔm ho no daa nsonsonoe biako pɛ adi: afie a etuo a wɔapoma wom. Nnipa pii kura adwene sɛ tuo nkum nnipa.” Na atuo a wɔapomapoma wɔ afie ɔpepem pii mu!
Osuro ne abusua a wonnwen afoforo ho betumi aka mmofra a wɔwɔ saa tebea no mu ma wɔadi wɔn ho dɔm. Susuw ho hwɛ: Basabasayɛ a wɔyɛ tiaa mmofra a wɔadi mfe 12 kosi 19 no boro nsɛmmɔne a wɔde dii nnipa nyinaa no so mmɔho abien. Maclean’s nsɛmma nhoma bɔɔ amanneɛ sɛ, nhwehwɛmu daa no adi sɛ “mmabaa a wɔadi fi mfe 14 kosi 24 no na wɔtaa yɛ wɔn ayayade. Mpɛn pii no, mmea titiriw na nnipa a wɔka sɛ wɔdɔ wɔn tow hyɛ wɔn so kunkum wɔn.” Dɛn na afi mu aba? Eyi ne osuro afoforo “ma ahotoso a saa mmeawa yi wɔ sɛe na wɔbɛte nka sɛ wonni ahobammɔ.” Wɔ nhwehwɛmu bi mu no, ɛkame ayɛ sɛ wɔn a wɔato wɔn mmonnaa pɛn a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu baasa biara mu biako na wɔasusuw ho sɛ wobedi wɔn ho dɔm.
Amanneɛbɔ bi a efi New Zealand ka ade foforo a ɛma mmofra di wɔn ho dɔm ho asɛm sɛ: “Honam fam ade dodowpɛ ne wiase no su horow a ɛma nkurɔfo susuw sɛ yiyedi kyerɛ ahonya, ahoɔfɛ, ne tumi no ma mmofra te nka sɛ wɔn ho nni mfaso koraa na nkurɔfo mfa wɔn nyɛ hwee.” Nea ɛka ho no, The Futurist ka eyi sɛ: “[Mmofra] wɔ nkate a emu yɛ den sɛ wɔn nsa bɛka nea wɔpɛ ntɛm, wɔpɛ biribiara na wɔpɛ no ntɛm. TV so dwumadi a wɔn ani gye ho ne nea wɔyɛ nneɛma a ɛmfata wom. Wɔpɛ sɛ wɔyɛ nnipa a wɔn ho yɛ fɛ, wɔhyɛ ntade a aba so, na wɔwɔ sika ne din, na wɔnyɛ adwuma mmrɛ pii sɛ nnipa a wohu wɔn no ara.” Akwanhwɛ akɛse a ɛte saa a entumi nnya mmamu na wonnu ho no ma wohyia abasamtu, na ebetumi ama wɔadi wɔn ho dɔm.
So Ɛyɛ Su a Egye Nkwa?
Shakespeare kyerɛwee sɛ: “Ɔdɔ ma awerɛkyekye te sɛ owia a ɛbɔ wɔ osutɔ akyi.” Bible ka sɛ “Ɔdɔ to ntwa da.” (1 Korintofo 13:8) Saa su no mu na mmofra a wɔtaa di wɔn ho dɔm ho haw—mmofra a wɔpɛ sɛ afoforo dɔ wɔn na wɔne wɔn di nkitaho no—ano aduru wɔ. The American Medical Association Encyclopedia of Medicine ka sɛ: “Mpɛn pii no nnipa a wodi wɔn ho dɔm no te nka sɛ wɔayɛ ankonam koraa, na ɛtɔ mmere bi a, sɛ wonya hokwan ka ho asɛm kyerɛ otiefo a ɔwɔ tema ne ntease a anka wɔrenni wɔn ho dɔm.”
Mmofra taa pɛ sɛ nkurɔfo dɔ wɔn kɛse na wɔpɛ wɔn asɛm. Eyi ho dwuma a wobedi no bɛyɛ den da biara da wɔ wiase a asɛe na ɔdɔ nnim yi mu—wiase a mmofra nni ano koraa wom no. Po a awofo po mmofra esiane abusua mu mpaapaemu ne awaregyae nti no betumi ayɛ ade a ɛma mmofra a wɔadu mpanyin afe so di wɔn ho dɔm. Na po a wɔpo mmofra no gu ahorow pii.
Susuw awofo a wɔntaa ne wɔn mma ntra fie tebea no ho hwɛ. Maame ne Paapa de wɔn ho hyɛ adwuma anaa anigyede mu a mmofra no nka ho. Ɛda adi sɛ nsɛm a wɔka kyerɛ wɔn mma pefee ne sɛ wɔapo wɔn. Sɛnkyerɛwfo ne nhwehwɛmufo a wagye din Hugh Mackay ka sɛ “awofo rebɛyɛ ahopɛfo ankasa. Wosusuw wɔn ho kan sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkɔ so akura wɔn asetra kwan mu. . . . Sɛ yɛbɛka no pefee a, nkurɔfo nni mmofra ho adwempa. . . . Asetra yɛ den araa ma enti nkurɔfo susuw wɔn nkutoo ho.”
Afei, wɔ aman bi mu no, ebia mmarima a wɔyɛ asisifo no rempɛ sɛ wobehu wɔn sɛ wɔregyigye wɔn mma. Sɛnkyerɛwfo Kate Legge ka ho asɛm ma ɛfata sɛ: “Mpɛn pii no mmarima a ɔman adwuma agye wɔn adwene taa pɛ nkwa so kora anaa odumgya adwuma sen sɛ wobegyigye wɔn mma . . . Wɔpɛ adwuma a ɛyɛ den a ɔkasa nnim a ɛne sɛ wɔbɛko atia atamfo mmom sen sɛ wɔbɛyɛ adwumaden de ahwɛ afoforo.” Na nokwarem no, nnwuma a ɛyɛ den sen biara a nnipa yɛ no biako ne ɔwofoyɛ. Ɔwofoyɛ adwuma a wɔnyɛ no yiye no te sɛ abofra a wɔpo no ara pɛ. Ne saa nti, wo babarima anaa wo babea betumi ayɛ obi a ommu ne ho na onni ntetee pa. The Education Digest ka sɛ: “Sɛ mmofra nni wɔn ho adwempa a, wɔrennya biribi a wobegyina so asisi gyinae a ɛbɛboa wɔn ankasa.”
Ebetumi De Abasamtu Aba
Nhwehwɛmufo gye di sɛ abasamtu yɛ ade titiriw a ɛma mmofra di wɔn ho dɔm. Gail Mason a ɔkyerɛw nsɛm fa mmofra ahodɔmdi ho wɔ Australia no kae sɛ: “Wosusuw sɛ abasamtu yɛ ade biako a ɛma mmofra di wɔn ho dɔm kɛse sen adwenemhaw. Ɛtɔ mmere bi a wɔkyerɛ abasamtu ase sɛ adwenemhaw ho sɛnkyerɛnne biako. . . . Mpɛn pii no, ɛma mmofra abam bu wɔ wɔn daakye ho, na ne titiriw no, wɔn daakye sikasɛm: na wɔ ɔkwan bi so no wɔn abasam tu wɔ wiase nyinaa tebea ho nso.”
Nokwaredi ho nhwɛso pa a ɔman mu akannifo nyɛ no ka mmofra ma wɔn ankasa nso mmu ɔbra pa. Enti su a wobenya ne sɛ, “Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mehaw me ho?” Harper’s Magazine ka sɛnea mmofra tumi hu nyaatwomyɛ no ho asɛm sɛ: “Nokwarem no, mmofra, a wotumi hu nyaatwomyɛ ntɛm no, yɛ akenkanfo pa—nanso ɛnyɛ nhoma ho. Nea wɔkenkan no ntɛm ne asetra mu nsɛnkyerɛnne a efi wiase a ɛsɛ sɛ wɔtra mu mu no.” Na dɛn na saa nsɛnkyerɛnne no da no adi? Nhoma kyerɛwfo Stephanie Dowrick ka sɛ: “Yɛntee nsɛm pii mfaa sɛnea yɛbɛtra ase ho sɛɛ da. Yennii yiye anaa yensuaa nhoma sɛɛ da, nanso abasamtu wɔ baabiara.” Na amammui ne nyamesom mu atitiriw no mu kakraa bi na wɔyɛ nhwɛso pa. Dowrick bisa nsɛntitiriw kakra yi: “Ɔkwan bɛn so na yɛnam nya nyansa, yɛ asetram nsakrae, na yetumi gyina amanehunu a ntease nnim mpo ano? Ɔkwan bɛn so na yenya ɔdɔ wɔ wiase a pɛsɛmenkominya, aniammɔho ne adifudepɛ ayɛ no ma yi mu?”
Wubenya nsɛmmisa yi ho mmuae wɔ yɛn asɛm a edi hɔ no mu, na ɛbɛyɛ wo nwonwa.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]
“Mmofra pii wɔ wɔn daakye ne wiase de ho suro”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 7]
“Ɛtɔ mmere bi a, sɛ wonya hokwan ka ho asɛm kyerɛ otiefo a ɔwɔ tema ne ntease a anka wɔrenni wɔn ho dɔm”
[Kratafa 6 adaka]
Nneɛma Bi a Ɛkyerɛ sɛ Obi Pɛ sɛ Odi ne Ho Dɔm
• Ɔyare kɔdaanna, ne kɔn nnɔ aduan
• Ɔtew ne ho fi afoforo ho, ɔtaa hyia akwanhyia
• Oguan fi fie
• Ne tebea sesa mpofirim
• Ɔnom nnubɔne anaa mmosa tra so
• Ne bo taa fuw na odi akakabensɛm
• Ɔka owu ho nsɛm; ɔkyerɛkyerɛw dɔmdi ho nsɛm; ɔyɛ basabasayɛ ho mfonini, titiriw nea ɛfa obi dɔmdi ho
• Obu ne ho fɔ
• N’abam bu, odwennwen, n’adwenem haw no, ɔtaa su
• Ne nneɛma a ɔde kyekyɛ
• Ontumi mfa n’adwene nsi asɛm so nkyɛ
• N’ani nnye anigyede ho
• Ɔkasa tia ne ho
• Ɔde ne ho hyɛ nna mu ɔbrasɛe mu
• Ne mmɔdenbɔ so tew mpofirim wɔ sukuu mu, ɔntaa nkɔ sukuu
• Ɔdɔm sum ase kuw anaa basabasayɛ kuw bi
• N’ani gye na wahaw
Egyina Teens in Crisis (Amerika Sukuu So Ahwɛfo Fekuw) ne Depression and Suicide in Children and Adolescents, a Philip G. Patros ne Tonia K. Shamoo tintimii so
[Kratafa 7 mfonini ahorow]
Ɔdɔ ne mmɔborohunu betumi aboa mmofra ma wɔakyerɛ nkwa ho anisɔ