Nyamesom a Ɛwɔ Nnɛyi Poland
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ POLAND HƆ
WONIM Polandfo wɔ wiase nyinaa sɛ nkurɔfo a wɔpɛ nyamesom yiye. Nokwarem no, ɔman no mu nnipa ɔha biara mu 95 na wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Roma Katolekfo.
Wobu nyamesom mu afahyɛ ahorow aniberesɛm wɔ saa man yi mu, na ɛyɛ ɔman no atetesɛm fã titiriw. Wɔ nkuraase titiriw no, nyamesom mu nnapɔnna tumi yɛ anigye ankasa, bere a wɔn a wodi no pam ho ntade hyɛ, na nkurɔfo de wɔn ho hyɛ agodie ahorow mu no.
Nsɛm ho amanneɛbɔfo taa ka afahyɛ a ɛtete saa ne akwan a wotu kɔhwɛ ɔsom ho nneɛma a agye din ne aperenten a wotu no ho asɛm. Saa ara na asubɔ, asɔre mu aware, ahotefo da, ne Awurade adidi kronkron a edi kan no yɛ afahyɛ ahorow a wobu no kɛse.
Wɔ 1978 mu no, Karol Wojtyła, a ofi Poland, bɛyɛɛ Pope John Paul II. Eyi kanyan Katoleksom ho anigye bio wɔ Poland. Nnipadɔm de anigye hyia wɔn man muni no bere biara a ɔkɔsra n’asase a wɔwoo no wɔ so no.
Saa nyamesom mu nneɛma yi nyinaa ma nnipa a wonni Poland no te nka sɛ Polandfo wɔ gyidi a emu yɛ den a wɔda no adi wɔ baguam. Nanso, wɔ Poland no, asɔremma pii nneyɛe ne wɔn suban a ɛresakra no ho asɛm haw Katolek asɔre mpanyimfo ne afoforo a wohu no.
Adwene a Polandfo Kura
Katolek asɔfo mpanyimfo a wɔwɔ Poland no ananmusifo atitiriw ne nsɛnkyerɛwfo ne asetra ho nhwehwɛmufo kura adwene soronko wɔ tebea a Katoleksom wom wɔ nnɛyi Poland no ho. Asɔre mpanyimfo no taa ka nsɛm a anibere wom de ka nsɛmmɔnedi a ɛreyɛ kɛse, abrabɔ ho gyinapɛn a ɛresɛe, ne asɔre nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe ho anigye a ɛso retew no ho asɛm. Nsɛm a wɔka no pii gyina asɛmmisa, Nkɛntɛnso bɛn na Roma Katolek som a agye din no renya wɔ nnipa no da biara da asetra mu? So.
Sɛ nhwɛso no, Poland Sɔfo Panyin Józef Glemp huu adwene a ɛredi nkurɔfo ti kɛse no, na ɔkaa hia a ehia sɛ wɔsɔre tia abosonsom ho mframa a ɛrebɔ wɔ ɔman no mu no. Wɔ Katolek nsɛmma nhoma Ład mu no, sɛnkyerɛwfo Wojciech Chudy de tebea no ho nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri ho amanneɛbɔ mae. Ɔkae sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ yesusuw asɛm a ahaw nyamesom mu asɔfo, nnipa fekubɔ ho animdefo, ne adwene ne nneyɛe ho animdefo mfe pii—mpaapaemu a ɛda nyamesom ne da biara asetra ntam no—ho. Wutie nkyerɛkyerɛ, nanso sɛ wufi asɔredan mu ara pɛ a, na wo werɛ afi Onyankopɔn Asɛm. Wohyɛn wiase foforo mu, wiase a yedi mu apere da biara da, baabi a wobɔ wo bra te sɛ nea Onyankopɔn nni hɔ koraa no.’
Ɔsɔfo panyin Henryk Muszyński a ɔyɛ Episcopal Bagua titrani abadiakyiri no de ka ho sɛ: “Asɛmpa no ntumi nsesaa yɛn wɔ komam. Polandfo yɛ Kristofo wɔ nnipa dodow mu nkutoo. Ɛyɛ den sɛ worennye ntom sɛ nnipa dodow no ara bu Kristosom sɛ amammerɛ na ɛnyɛ nyamesom.”
Gyinapɛn a Ɛsesa—Abrabɔ a Ɛsesa
Nsɛm a ɛtete saa no kyerɛ sɛ nsakrae kɛse a aba wɔ ɔmanfo gyinapɛn ne abrabɔ mu no haw asɔre no ananmusifo atitiriw no. Ade biako ne sɛ, ɛte sɛ nea nneɛma foforo resi nneɛma a kan no na wobu no ɔsom mu ahofama ankasa no ananmu.
Sɛ yɛbɛyɛ mfatoho a, wɔ nnipa fekubɔ ho nhwehwɛmu bi mu no, Polandfo kae sɛ ade a ɛho hia sen biara wɔ asetra mu ne abusua no, na nea edi hɔ ne nokwaredi, atɛntrenee, ayamye, ne ahotoso. Nneɛma a ɛfa Onyankopɔn ne nyamesom ho na ɛtoo so 16. Nea afi eyi mu aba ne nnipa pii a wɔnkɔ asɔre, wɔ nnipa pii a wɔka sɛ wɔyɛ gyidifo no mpo mu.
Akontaabu a ɛkyerɛ sɛnea nnipa pii rebu ani agu asɔre nkyerɛkyerɛ so no nso haw Poland asɔfo mpanyin no. Sɛ nhwɛso no, wɔ ɔsom ho nsɛm mu nhwehwɛmu bi a Irena Borowik a ɔwɔ Jagielloński Sukuupɔn mu, yɛe mu no, wɔn a wobuaa nsɛm no mu ɔha biara mu 50 pɛ na wɔkae sɛ wogye owu akyi asetra di, ɔha biara mu 47 na na wosusuw sɛ ɛsɛ sɛ wɔma asɔfo kwan ma wɔware, na ɔha biara mu 64 na wɔpenee awaregyae so.
Nhwehwɛmu foforo a wotintim ho asɛm wɔ Wprost nsɛmma nhoma mu no kyerɛe sɛ “Polandfo ɔha biara mu 69 na wɔkasa tia anohyeto a wɔde aba nnuru a wɔde siw nyinsɛn ano so no, ɔha biara mu 56 na wɔmpene bara a wɔabara nyinsɛn a wotu gu no so, na ɔha biara mu 54 na wɔpene ɔbarima ne ɔbea nna a edi aware anim so.” Saa akontaabu yi kyerɛ asɔre no mufo adwene a enhyia wɔ nneɛma ho seesei.
Asɔre no nyaa obu kɛse wɔ mfe aduonu a atwam no mu esiane dwuma titiriw a edi de sɔre tiaa Kɔmunis nniso nti. Nanso seesei, ɛte sɛ nea asɔre no ho a ɛkɔ so de hyɛ amammuisɛm ne asetra mu nsɛm mu no rehyɛ ebinom abufuw, na ɛde mpaapaemu kɛse aba asɔremma ne asɔre mpanyimfo no ntam.
Dɛn Ne Ano Aduru Ankasa?
Ansa na wɔreyɛ amammuisɛm mu nsakrae titiriw wɔ 1989 mu no, na aban no adi kan ahyɛ abrabɔ ho mmara pɔtee bi. Saa mmara no mu dodow no ara nni hɔ seesei. Amammui nhyehyɛe foforo de dodow amammu ne ankorankoro ahofadi aba, nanso ama wɔredi ako nso sɛ wobegyina wɔ aguadi ho nhyehyɛe a wosi akan wom a wɔama ho kwan no ano. Nnipa pii te nka wɔ ha sɛ na Poland man no nyɛɛ ahoboa biara mmaa nsakrae kɛse a ɛte saa. Ná dɛn na atoto?
Sɛ obi betumi adi yiye wɔ abrabɔ ne honhom fam wɔ ɛnnɛ wiase mu a, na ɛhwehwɛ gyidi a egyina biribi a ɛho hia sen ɔsom ho nneɛma anaa afahyɛ ahorow so. Ɛsɛ sɛ ankorankoro biara nya gyidi a egyina ntease a ɔwɔ wɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible, mu so pintinn.
Pope John Paul II ankasa kaa hia a ehia sɛ Kristofo kenkan Kyerɛw Kronkron no daa ho asɛm nnansa yi. Ɔhyɛɛ nkurɔfo nkuran sɛ “wɔne Onyankopɔn Asɛm nnya nkitahodi a emu yɛ den daa.” Ɔde kaa ho sɛ: “Kyerɛw Kronkron no a obi besua kan no yɛ ade a ɛho hia ma gyidini: ɛyɛ anammɔn a edi kan a wotu wɔ antweri bi so, a nea edi hɔ ne nneɛma ho a wosusuw, ne mpaebɔ a efi koma mu.” Pope no hyɛɛ “obiara a ɔrehwehwɛ nokware no . . .” nkuran sɛ “ɔnkɔ so mfa Nkwa Asɛm mu abodoo nsiesie ne nipadua da biara.”
Afeha dunkron a atwam no, bere tenten ansa na asetra rebɛyɛ den na agyigya sɛnea ɛte seesei no, Yesu Kristo srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmɔ n’asuafo ho ban mfi nneɛma a atwa wɔn ho ahyia a ɛbɛma wɔayɛ mmerɛw wɔ honhom fam no ho. Ɔbɔɔ mpae sɛ: “Yɛ wɔn kronkron wɔ nokware no mu; w’asɛm yɛ nokware.” (Yohane 17:17) Na nea enti a Bible “yɛ nokware” ne sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm, ɛnyɛ nnipa de. Ɔsomafo Paulo kyerɛw asafo bi sɛ: “Munyaa Onyankopɔn kaseɛ asɛm no yɛn nkyɛn no, mugyei, ɛnyɛ sɛ nnipa asɛm, na mmom sɛ Onyankopɔn asɛm, sɛnea ɛte ampa.”—1 Tesalonikafo 2:13.
Esiane sɛ Bible yɛ “Onyankopɔn Asɛm,” na “ɛyɛ nokware” nti, ebetumi de nea yehia na yɛayɛ den wɔ saa wiase yi mu ama. Bible ka sɛ: “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso ne trenee mu yɛn. Na Onyankopɔn nipa ayɛ pɛ a wɔasiesie no koraa ama nnwuma pa nyinaa.”—2 Timoteo 3:16, 17.
Nnipa komapafo ne mmadwemma a wɔwɔ Poland ne wiase nyinaa rehu sɛ Bible no a wɔn ankasa besua no ma wonya nea wobegyina so pintinn anya Onyankopɔn ne n’atirimpɔw mu gyidi. Saa gyidi yi na ɛma wonya ahoɔden de bu bra pa sɛ Kristofo wɔ ɛnnɛ wiase a abrabɔ resɛe kɛse yi mu.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 16]
“Polandfo yɛ Kristofo wɔ nnipa dodow mu nkutoo.”—Poland sɔfopanyin bi
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 17]
Nnipa pii rebu ani agu asɔre no nkyerɛkyerɛ so
[Asase mfonini wɔ kratafa 15]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
POLAND