Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 12/8 kr. 31
  • Hohoro Wo Nsa na Popa Ho!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hohoro Wo Nsa na Popa Ho!
  • Nyan!—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Wobɛyɛ na Woanya Apɔmuden
    Nyan!—2015
  • 2. Ma Biribiara Ho ntew
    Nyan!—2012
  • Akwan 6 a Wobɛfa So Abɔ W’akwahosan Ho Ban
    Nyan!—2003
  • Onipa a Ɔsen Biara no Fi Ahobrɛase Mu Som
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 12/8 kr. 31

Hohoro Wo Nsa na Popa Ho!

YƐYƐ dɛn nya ɔpakum ne nyarewa foforo? Sɛnea U.S. Abenfo Fekuw a Ɛhwɛ Siw Nyarewa Ano kyerɛ no, anyɛ yiye koraa no nyarewa a ɛte saa a yenya no mu ɔha biara mu 80 na efi yɛn nsa ho, na ɛnyɛ mframa mu. Nokwarem no, wobu nsa ho hohoro sɛ ɔkwan titiriw biako pɛ a wɔnam so betumi asiw yare a ɛtrɛw ntɛmntɛm ano. Nanso, ɛnyɛ bere nyinaa na nnipa pii hohoro wɔn nsa bere a wɔakɔ tiafi so anaasɛ wɔahem anaa bere a wɔrebeso aduan mu no. Nokwarem no, afoforo pii taa hohoro wɔn nsa wɔ mmere a ɛtete saa no mu. Nanso yare a obi betumi anya no mfi hɔ bere a ɔhohoro ne nsa ho biarabiara no.

Nsa ho a wɔpopa no yiye nso ho hia saa ara. Nhwehwɛmufo a wɔwɔ Westminster Sukuupɔn mu wɔ England no hui sɛ, nnipa pii mpopa wɔn nsa ho yiye bere a wɔahohoro awie no, titiriw bere a wɔde mframahyew a efi afiri mu ba ma wɔn nsa ho wo no. Nnipa pii wie wɔn nsa ho popa wɔ wɔn ntade mu. Eyi betumi ama ɔyare mmoawa a wɔn ho yɛ hu a aka wɔn nsa ho no atrɛw. Sɛnea nhwehwɛmufo kyerɛ no, ɛyɛ papa sɛ wobɛpopa wo nsa ho yiye, sɛ ɛbɛyɛ yiye a nya nkrataa bi a sɛ wɔde popa nsa ho wie a wɔtow kyene, anaasɛ mpopaho a ani tew a obiara mfa nnii dwuma.

U.S. Asoɛe Ahorow a Ɛhwɛ Siw Nyarewa Ano Bɔ Ho Ban no de nsa ho hohoro ho afotu a edidi so yi ma:

• Fa nsu a ɛyɛ hyew ne samina hohoro wo nsa bere nyinaa. Sɛ ɛnyɛ dorobɛn mu nsu na wode hohoro wo nsa, na mmom egu kankyee mu a, bere biara a wode bedi dwuma no, twitwiw mu na fa aduru a ekum mmoawa gu mu. Mpopaho a afɔw ntumi mpopa nsa ho yiye.

• Hohoro wo nsa ho yiye ma entwa ahuru, na kɔ so hohoro ma no nni anibu 15 anaa nea ɛboro saa. Hohoro wo nsa akyi, emu, ntam ne mmɔwerɛw mu.

• Fa dorobɛn mu nsu a ɛyɛ hyew hohoro wo nsa.

• Fa mpopaho a ani tew a sɛ wɔde popa nsa ho wie a wɔtow kyene anaa mpopaho a obiara mfa nnii dwuma popa wo nsa ho, na kwati sɛ wode wo nsa a woapopa ho no beso dorobɛn nsa anaasɛ ade a wɔde mpopaho sɛn so no mu.

• Fa mpopaho no kata wo nsa ho ansa na woato dorobɛn no mu.

• Ɛsɛ sɛ mmofra gyina baabi a ɛbɛma wɔn nsa adu dorobɛn no ano. Boa abofra no ma ɔnyɛ nea ɛwɔ atifi hɔ no nyinaa, na w’ankasa nso hohoro wo nsa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena