Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 12/8 kr. 22-23
  • So Ahunmu Asiane na Ɛbɛsɛe Yɛn Wiase Yi?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ahunmu Asiane na Ɛbɛsɛe Yɛn Wiase Yi?
  • Nyan!—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Amansan a Ɛwɔ Onyankopɔn Tumi Ase
  • Yɛn Asase Yi—Wɔyɛ Maa Atirimpɔw Bi
  • Wɔhyɛ Bɔ sɛ Adesamma Abusua no Bɛkɔ so Atra Hɔ Daa
  • Dɛn na Ɛbɛba Okyinnsoromma a Ɛne Asase So?
    Nkwa a Wubenya Akɔ Asase Foforo So
  • Onyankopɔn Ahyɛ Bɔ Sɛ Asaase Yi Bɛtena Hɔ Daa
    Nyan!—2023
  • Akyɛde A Ɛnsɛe Da A Efi Ɔbɔadeɛ No Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Wohwɛ a Wɔbɛsɛe Yɛn Asaase Yi?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 12/8 kr. 22-23

Bible No Adwene

So Ahunmu Asiane na Ɛbɛsɛe Yɛn Wiase Yi?

WƆ March 12, 1998, mu no, atesɛm nkrataa mu nsɛmti, TV so dwumadi ahorow, ne Internet a ɛma wohu aman horow mu nsɛm wɔ wiase nyinaa de asɛm bi a ɛyɛ hu too gua: “Okyinnsoromma ketewa a ne kɛse yɛ kilomita 1.5 reyɛ ne Asase apem mu.” Nyansahufo ne wɔn a wɔtee amanneɛbɔ no nyinaa ho peree wɔn sɛ wobehu asiane ankasa a ebetumi de aba. Nsoromma ho animdefo kae ntɛm ara sɛ mpemmu biara rentumi nsi.

Nanso, gyegyeegye no ama wɔanya adwene foforo bi. U.S.News & World Report kae sɛ: “Ɛbɛyɛ sɛ ade titiriw a amma akwanhwɛ no amma mu ne sɛ, ɛmfa ho sɛ na ɛyɛ hu no, nnipa pii ammu no ahodwiriwde ahe biara. Anka ɛsɛ sɛ adwene a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ yɛn a yɛte Asase yi so hwɛ nneɛma a ɛtete saa pii kwan—na yɛyɛ nhyehyɛe yɛ ho biribi no—yɛ nea atwam mfe du anaa nea ɛboro saa a abɛsen kɔ no de, nanso seesei nyansahufo ne amammuifo bi mpo susuw sɛ ɛwom sɛ asiane no sua de, nanso ɛyɛ paara.”

Nsoromma ho animdefo bi gye di sɛ, abɔde ahorow a ɛwɔ soro bɛyɛ 2,000 a ɛsoso yiye a ebetumi asɛe wiase nyinaa no nam kwan so ne asase rebɛpem mu anaasɛ ɛrebɛn no. Sɛ emu ketewaa biako mpo ne asase pem a, nhwehwɛmufo ka sɛ, nneɛma a ɛbɛsɛe no ne nneɛma a nuklea ɔtopae pii a wɔtow no bere koro mu betumi asɛe no bɛyɛ pɛ. Nea ebefi mpemmu a ɛte saa mu aba no bɛyɛ asiane kɛse ama yɛn kyinnsoromma yi ne nnipa ne mmoa a wɔtete so nyinaa.

Akwanhwɛ ne akontaabu a enni mu yi ho ade biako a wɔtaa bu ani gu so ne adwene a amansan Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn, kura no. (Dwom 8:3; Mmebusɛm 8:27) Wɔ Bible no mu no wada n’apɛde ne n’atirimpɔw ma asase ne adesamma abusua no adi pefee. So ɔbɛma kwan ma ahunmu asiane asɛe yɛn wiase yi?

Amansan a Ɛwɔ Onyankopɔn Tumi Ase

Esiane sɛ Yehowa ne ade nyinaa so tumfoɔ a Ɔbɔɔ amansan no nti, ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ ɔwɔ ahoɔden a edi ɔsoro abɔde ahorow dwumadi so no so tumi koraa. Ɔhene Salomo nyansafo no kae sɛ Yehowa de “[nhumu, NW] . . . de ɔsoro tim hɔ.” (Mmebusɛm 3:19) Odiyifo Yeremia kae sɛ Onyankopɔn “na ɔde ne nhumu de ɔsoro trɛw hɔ.”—Yeremia 51:15.

Yehowa ahyehyɛ akwan a mmara ne tumi a ɛma ɔsoro abɔde ahorow, te sɛ nsoromma, okyinnsoromma, nsoromma a etua dua, ne okyinnsoromma nketewa keka wɔn ho no nam so di dwuma. (Yesaia 40:26) Nanso, ɛte sɛ nea ɔma kwan ma nsoromma ne okyinnsoromma ahorow sakra n’akwan ma etumi sɛe a ɔmfa ne ho nnye mu bere nyinaa. Nea ɛka eyi ho ne ɔsoro abɔde ahorow bi mpemmu a ɛyɛ hu no. Nhwɛso biako a esii nnansa yi ne nsoromma a etua dua Shoemaker-Levy 9 a ɛne okyinnsoromma Jupiter pem mu July 1994 mu no.

Abotan ho nimdeɛ mu adanse wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ abotan akɛse fi soro bɛhwehwee asase yi so ansa na adesamma reba. Nanso so ahude a ɛte saa bɛsan asi bio wɔ yɛn kyinnsoromma a nnipa ahyɛ so ma yi so? Sɛ nhwɛso no, sɛ okyinnsoromma ketewa a ne kɛse yɛ kilomita 1.5 no ne yɛn asase yi pem mu a, dɛn na ebesi? Nsoromma ho nimdefo Jack Hills ka sɛ ahoɔden a ɛde bɛpem mu no bɛyɛ ɔtopae a ɛsɛee Hiroshima pasaa no ahoɔden mpɛn ɔpepem pii. Sɛ ɛtɔ po mu a, ɛpo beyiri afa nsase a ɛwɔ mpoano no nyinaa. Hills ka sɛ: “Ɛpo beyiri afa nkurow a ɛwɔ mpoano no nyinaa.” Ahude a ɛsen biara a ɛde bɛba ne adesamma abusua ase a ɛbɛtɔre koraa no. Ɔkwan bɛn so na ɔsɛe a wɔka ho asɛm yi ne yɛn Bɔfo no apɛde ma asase no hyia? Bible no kyerɛ sɛ okyinnsoromma yi wɔ gyinabea titiriw bi wɔ Yehowa atirimpɔw mu.

Yɛn Asase Yi—Wɔyɛ Maa Atirimpɔw Bi

Ɛde fa yɛn kyinnsoromma yi ho no, odwontofo no ka sɛ: “Ɔsoro yɛ [Yehowa, NW] soro, na asase de, ɔde ama nnipa mma.” (Dwom 115:16) Yesaia ka Yehowa ho asɛm sɛ nea “ɔnwenee asase . . . , ɔno na ɔde sii hɔ; wammɔ no hunu, na ɔnwenee sɛ wɔntra so.” (Yesaia 45:18) Asase yɛ agyapade a Yehowa de ama adesamma. Na esiane sɛ adesamma a wosuro Onyankopɔn no daakye a enni awiei ho asɛm wɔ yɛn Bɔfo no adwene mu nti, asase bɛkɔ so atra hɔ sɛ wɔn fie daa. Dwom 104:5 ma yɛn awerɛhyem sɛ: “[Yehowa, NW] de asase atim ne nnyinaso so, na anhim da biara da.”

Ampa, Onyankopɔn ama ho kwan ma asiane a ano yɛ den asisi yɛn kyinnsoromma yi so ma akunkum adesamma fã kɛse no ara. Asiane ahorow yi binom—te sɛ akodi, ɔkɔm, ne yaredɔm—yɛ nea nnipa adifudepɛ, nkwaseade, ne atirimɔdensɛm na ɛde ne nyinaa anaa ne fã bi aba. (Ɔsɛnkafo 8:9) Afoforo—te sɛ asasewosow, ogya bepɔw a ɛpaapae, nsuyiri, ne ahum—yɛ nea abɔde ahorow a atwa yɛn ho ahyia a adesamma nte ase nwie na ɛde ba. Nea ɛne Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw bɔ abira no, adesamma nyɛ pɛ bio; wɔyɛ abɔnefo. Enti, yentumi nhwɛ kwan saa bere yi sɛ Onyankopɔn bɛbɔ yɛn ho ban sɛ ankorankoro afi nea wɔfrɛ no asiane a efi abɔde no ho.

Nanso, Yehowa mmaa kwan da sɛ wɔde onipa asase so asetra bɛto asiane a ɛyɛ hu saa mu. Efi bere a wɔbɔɔ onipa no, ɛmmaa da wɔ abakɔsɛm mu sɛ asiane a efi abɔde bi de adesamma nyinaa asetra ato asiane mu.a

Wɔhyɛ Bɔ sɛ Adesamma Abusua no Bɛkɔ so Atra Hɔ Daa

Efi adesamma abakɔsɛm mfiase no, ayɛ yɛn Bɔfo no atirimpɔw sɛ nnipa ‘bɛyɛ asase so ma na wɔahyɛ so.’ (Genesis 1:28; 9:1) Wahyɛ bɔ sɛ “treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.” (Dwom 37:9, 11, 22, 29) Yehowa foa ne bɔhyɛ ahorow so sɛ: “Me tirimpɔw begyina, na nea ɛsɔ m’ani nyinaa mɛyɛ.”—Yesaia 46:10; 55:11; Dwom 135:6.

Bible no nka sɛ ɔhaw nketenkete a efi ahunmu rentumi nsi asase so koraa. Nanso, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa remma kwan mma ahunmu asiane biara ntwitware n’atirimpɔw ma asase ne adesamma ananmu. Yebetumi agyina Bible bɔhyɛ ahorow so anya awerɛhyem sɛ yɛn kyinnsoromma yi bɛyɛ nea yɛbɛkɔ so atra so daa—yiw, ɛbɛyɛ adesamma fie daa!—Ɔsɛnkafo 1:4; 2 Petro 3:13.

[Ase hɔ asɛm]

a Ná Noa bere so Nsuyiri no yɛ atemmu a efi Nyankopɔn, nanso Yehowa hwɛ maa nnipa ne mmoa bi nyaa wɔn ti didii mu.—Genesis 6:17-21.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena