Mmofra Bisa Sɛ . . .
Mɛyɛ Dɛn Atumi ne Obi a Ɔte Akyirikyiri Ayɛ Aware Nhyehyɛe?
“Ná mikogyaa kuw bi a na wɔaba Yehowa Adansefo amanaman ntam nhyiam no kwan ma wɔsan kɔɔ wɔn ahɔhodan mu no nkyɛe. Meyɛe sɛ merebɛkɔ fie ara na kuw foforo nso bae. Enti migyinae ne wɔn kasae, na mihuu Odette. Akyiri yi, yehyiae bio wɔ dapɛn no mu. Yesii gyinae sɛ yɛbɛkyerɛw yɛn ho nkrataa, na bere a yɛnam nkrataa-kyerɛw so huu yɛn ho mfe kakraa bi akyi no, yefii ase yɛɛ aware nhyehyɛe.”—Tony.
WIASE no abɛyɛ baabi ketewaa bi. Nnansa yi, wimhyɛn bo a aba fam, telefon a ɛkɔ wiase baabiara, amenade a ɛkɔ ntɛmntɛm, ne Internet, abue hokwan afoforo ama adɔfo nkitahodi. Na wɔ akwan pii so no, ɛte sɛ nea aware nhyehyɛe a wɔne obi a ɔte akyirikyiri akwansin ɔhaha pii anaa mpempem pii yɛ mpo no fata—titiriw sɛ aware ho yɛ den wɔ obi kurom a.
Wɔ awarefo binom fam no, aware nhyehyɛe a wɔne obi a ɔte akyirikyiri yɛe no ayɛ nhyira. Tony ka sɛ: “Yɛaware mfe 16 ni a yɛn ani gye.” Ebinom mpo aka sɛ obi a ɔte akyirikyiri a wɔne no yɛ aware nhyehyɛe no tumi ma awarefo no hu wɔn ho wɔn ho bere a wɔmma ahoɔfɛ nnaadaa wɔn. Ɛmfa ho mfaso horow a ɛwɔ so sɛ wɔne obi a ɔte akyirikyiri bɛyɛ aware nhyehyɛe no, ɛde nsɛnnennen bi ba.
Hu a Mubehu Mo Ho
Ɛyɛ papa sɛ wubehu onii ko a wopɛ sɛ woware no no yiye sɛnea wubetumi biara. Nanso sɛnea okunu bi a wɔfrɛ no Frank fi n’ankasa suahu mu ka no, “ɛnyɛ mmerɛw sɛ wubehu nipa ko a ɔyɛ ankasa, ‘komam nipa a wahintaw no.’” (1 Petro 3:4) Doug, Kristoni foforo a ɔno nso ne obi a ɔte akyirikyiri yɛɛ aware nhyehyɛe gye tom sɛ: “Sɛ mibu kɔmpɔ a, mihu sɛ yɛanhu yɛn ho yɛn ho yiye.”
So wubetumi ahu sɛnea obi a ɔte akyirikyiri akwansin ɔhaha anaa mpempem pii te ankasa? Yiw, nanso egye mmɔdenbɔ soronko. Doug ka sɛ: “Ná yenni sika a yɛde bɛkasa wɔ telefon so, enti na obiara kyerɛw krataa biako dapɛn biara.” Nanso Joanne ne Frank behui sɛ krataa-kyerɛw nkutoo ntumi nni mmoa wɔn. Joanne ka sɛ: “Mfitiase no, yɛkyerɛw nkrataa, na afei yɛkasae wɔ telefon so. Afei Frank de afiri a wɔde kyere kasa menaa me. Ná dapɛn biara, yɛkasa gu kasɛt foforo so.”
Nokwaredi, Ɔkwan Koro Pɛ
Ɔkwan biara a mobɛfa so adi nkitaho no, ɛho hia sɛ mudi nokware. Kristoni ɔyere bi a wɔfrɛ no Ester ka sɛ: “Sɛ wudi atoro a, akyiri yi ɛbɛda adi na ɛbɛka mo ntam abusuabɔ no. Monka nokware nkyerɛ mo ho. Nnaadaa wo ho. Sɛ mo adwene nhyia wɔ biribi ho a, mummmu ani nngu so. Munsusuw ho.” Ɔsomafo Paulo de afotu pa ma sɛ: “Obiara nni ne yɔnko nokware.”—Efesofo 4:25; fa toto Hebrifo 13:18 ho.
Nsɛm bɛn sɛɛ na ɛsɛ sɛ mohwɛ susuw ho? Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ aware nhyehyɛe nyinaa susuw nsɛm te sɛ botae horow, abawo, sikasɛm ne akwahosan ho. Nanso nsɛm bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔhyɛ da susuw ho yiye. Sɛ nhwɛso no, sɛ moware a, ɛsɛ sɛ mo mu biako—anaa mo baanu nyinaa—tu. So wowɔ ɔpɛ sɛ wobɛyɛ saa, a ɛnhaw w’adwene? Woyɛ dɛn hu? So woatu pɛn anaasɛ woatew wo ho afi w’awofo ho akodi nna kakra wɔ baabi pɛn? Ná Joanne kunu a ɔbɛware no no pɛ sɛ wɔn nyinaa kɔsom sɛ adwumayɛfo a wɔatu wɔn ho ama wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no adwumayɛbea ti hɔ, wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi, no. Joanne ka sɛ: “Obisaa me sɛ ebia metumi atra dan ketewa mu, a minni sika pii anaa. Ná ɛsɛ sɛ yesusuw ho yiye.”
Sɛ wo ne obi a ofi ɔman foforo so na ɛreyɛ aware nhyehyɛe no a, so wowɔ ɔpɛ sɛ wobɛyɛ nsakrae agye amammerɛ foforo atom? Frank bisa sɛ: “So moafi ase renya mo baanu nyinaa amammerɛ mu anigye da biara da? Munsusuw nsɛm a ɛho hia yi ho wɔ mo nhyehyɛe no mfiase pɛɛ. Sɛ nneɛma da adi ntɛm a, ɛbɛboa—sen sɛ mode mo koma bɛma mo ho na sika pii nso akɔ mu ansa.” Yiw, nsonsonoe da ɔman bi mu a wobɛtra daa ne nna kakra a wode bɛkɔ akɔsra hɔ no ntam. So ɛho behia sɛ wusua kasa foforo? Wubetumi ayɛ nsrakrae wɔ asetram tebea a nsonsonoe kɛse wom no mu? Ɔkwan foforo so no, so ebetumi aba sɛ amammerɛ no na agye w’adwene kɛse na mmom ɛnyɛ sɛ w’ani gye onii no ho ankasa? Bere rekɔ so no, anigye a ɛte saa no ano bedwudwo. Nanso aware ka nnipa baanu bom daa.—Mateo 19:6.
Tony kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Abeawa bi a minim no a ofi wiase fã foforo waree obi a ofi Caribbean. Nanso wantumi annyina supɔw so asetra ano. Ɛhɔ yɛ hyew bere nyinaa, ma enti ɛbɔɔ no yare. Ná ɛsono ɛhɔ aduan, na n’ani gyinaa n’abusuafo. Enti wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛtra ɔbea no kurom. Nanso ɔbarima no bɛtee nka sɛ honam fam adedodowpɛ adi ɛhɔfo ti, na na wahwere abusuabɔ a emu yɛ den a ɔne n’abusuafo ne ne mfɛfo wɔ no. Mprempren, wɔn ntam atetew; ɔbarima no te ne kurom, na ɔbea no nso te ne kurom. Wɔn mma baanu no ahwere awofo baanu no dɔ ne wɔn ahobammɔ.”
Obi a ofi akyirikyiri wɔ ebia ɔman foforo mu a wobɛware no no de nsɛnnennen afoforo ba. So woasiesie wo ho ama akwantu ne nkitahodi ho ka a ɛkɔ soro a wobɛbɔ no? Lydia kaakae sɛ: “Ná Phil taa ka di agoru sɛ esiane sɛ ne telefon ho ka no dɔɔso dodo nti, ɛsɛ sɛ yɛware, nanso mprempren ɛsɛ sɛ yetua telefon ho ka a mebɔ wɔ me maame ho no!” Sɛ mmofra befi mu nso ɛ? Ebinom nyinyin a wonnim wɔn ankasa abusuafo papa, na mpo wontumi ne wɔn nkasa wɔ telefon so esiane sɛ wɔnte wɔn kasa nti! Eyi nkyerɛ sɛ wontumi nni nsɛnnennen a ɛtete saa so. Nanso ɛsɛ sɛ obi susuw nneɛma a ɛwɔ aware a ɛte saa mu a ɔde ne ho bɛkɔ akɔhyɛ mu no ho.—Fa toto Luka 14:28 ho.
Ɔbarima (anaa Ɔbea) no Te Dɛn Ankasa?
Wobɛyɛ dɛn ahu sɛ ebia w’adamfo no mfa nsɛm nsie na ɔka nokware turodoo? Mateo 7:17 ka sɛ: “Dua pa biara sow aba pa.” Ne saa nti, dɛn na ne nnwuma ma ɛda adi? So nea ɔka na ɔyɛ? So sɛnea n’asetra bere a atwam te no kyerɛ sɛ obetumi adu ne botae a ɔde asi n’ani so no ho? Ester kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nneɛma a yedii kan hui wɔ yɛn ho ne yɛn honhom fam botae ahorow. Ná ɔde mfe awotwe asom sɛ bere nyinaa sɛnkafo, na ɛno ma minyaa ahotoso sɛ ɔwɔ ɔpɛ ampa sɛ ɔbɛtoa so.”
Nanso sɛ ɛyɛ te sɛ nea onii a wo ne no ayɛ aware nhyehyɛe no de nneɛma resie wo nso ɛ. Mmu w’ani ngu asɛm no so nka sɛ ɛbɛyɛ yiye. Bisa nsɛm kɔ akyiri! Bisa sɛ ADƐN? Abebusɛm bi ka sɛ: “Ɔbarima komam agyinatu te sɛ nsu a emu dɔ, nanso nea ɔwɔ nhumu bɛsaw.” (Mmebusɛm 20:5) Abebusɛm foforo bɔ kɔkɔ sɛ: “Atetekwaa gye nsɛm nyinaa di, na onitefo hwɛ ne nantew mu yiye.”—Mmebusɛm 14:15.
Anim ne Anim
Ne nyinaa akyi no, wuntumi mfa krataa-kyerɛw ne telefon so nhu obi nkosi ase. Nea yebetumi ahyɛ no nsow no, ɔsomafo Yohane kyerɛw nkrataa bi kɔmaa ne nuanom Kristofo no. Ɛwom sɛ nkrataa a ɛtete saa no boae kɛse maa ɔdɔ a na ɛda wɔn ntam no mu yɛɛ den de, nanso Yohane kae sɛ: “Mewɔ nsɛm pii a anka mɛkyerɛw mabrɛ mo de, nanso mempɛ sɛ mede krataa ne adubiri mekyerɛw. Na m’ani da so sɛ mɛba mo nkyɛn na yɛde ano ne ano akasa.” (2 Yohane 12) Ɔkwan koro no ara so no, biribiara nsen sɛ wo ne obi bɛbɔ nkɔmmɔ tẽẽ. Ebetumi ayɛ papa mpo sɛ mo mu biako begye bere kakra de atu akɔ hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛbɛn. Eyi nso bɛma nea otu kwan no ahu sɛnea baabi a ebia ɛbɛyɛ ne fie foforo daakye no wim tebea ne ɛhɔnom asetra te.
Ɔkwan bɛn so na mubetumi anya bere a mubenya de abɔ no so mfaso kɛse? Monyɛ nneɛma a ɛma obiara su da adi. Munsua Onyankopɔn Asɛm mmom. Monhwɛ sɛnea mo mu biara nya kyɛfa wɔ asafo nhyiam ase ne asɛnka mu. Mommom nyɛ ofie nnwuma a wɔyɛ no daa te sɛ ofie asiesie ne aguadi. Sɛnea obiara yɛ n’ade wɔ tebea a adagyew nnim na ahokyere wom a mubehu no betumi ama moanya asuade pii.a
Afei nso ɛsɛ sɛ munya bere ne wɔn a wɔbɛba abɛyɛ mo nsenom no bɔ. Bɔ mmɔden sɛ wo ne wɔn benya abusuabɔ pa. Nea ɛte biara no, sɛ moware a, mo ne wɔn bɛbɔ abusua. So wunim wɔn? Wo ne wɔn ka? Joanne hyɛ nyansa sɛ: “Sɛ hokwan wɔ hɔ a, ɛyɛ papa sɛ abusua abien no nyinaa hyiam.” Afei Tony ka sɛ: “Sɛnea w’adamfo ne n’ankasa abusuafo di nsɛm no, saa ara na ɔne wo bedi.”
Sɛ́ ebia mudi nkitaho anim ne anim anaa denam telefon ne krataa-kyerɛw so no, kwati sɛ wobɛpere wo ho wɔ wo gyinaesi ahorow mu. (Mmebusɛm 21:5) Sɛ ɛbɛda adi sɛ mo baanu rentumi nware a, ɛnde ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ mubetwa aware nhyehyɛe no mu. (Mmebusɛm 22:3) Ɔkwan foforo so no, ebia na muhia bere pii na ama moatumi afi komam asusuw nneɛma ho a morenkata biribiara so.
Aware nhyehyeɛ a wɔne obi a ɔte akyirikyiri yɛ no betumi ayɛ den, nanso ebetumi ayɛ nea mfaso wɔ so. Sɛnea ɛte biara no, ɛyɛ aniberesɛm. Mpere wo ho. Munhu mo ho mo ho. Na sɛ afei musi gyinae sɛ mobɛware a, mo aware nhyehyɛe no bɛyɛ ade a mode anigye bɛkae, a munnu mo ho.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ wopɛ aware nhyehyɛe ho nsɛm pii a, hwɛ Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no nkratafa 255-60.
[Kratafa 23 mfonini]
Monhwɛ nhu sɛ mubesusuw nsɛm te sɛ botae ahorow, abawo, ne sikasɛm ho ntɛm wɔ mo abusuabɔ no mu
Nsɛmmisa a Wɔde Sɔ Adwene Hwɛ no Ho Mmuae
1. Wɔkaa kasa horow
2. Ngodua
3. Sur
4. Ɔbea nyansafo bi a ofi Tekoa
5. India
6. Ɔpopaw ne ohuannua
7. Wɔkae sɛ otu nkurɔfo aso sɛ “wɔnkwati mmara no nsom Nyankopɔn.” Efisɛ wanto Romafo mmara biara
8. Nna
9. Eldad ne Medad
10. Tapua
11. Alfa, beta, gamma, dɛlta
12. Twam guan no
13. Eliakim
14. Na ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wotutu wɔn anammɔn yiye na wɔbɔ mmɔden biara a wobetumi sɛ wɔremfom kwan wɔ afɔrebɔ adwuma a na wɔyɛ sɛ asɔfo no mu
15. Nun
16. Etbaal
17. Efraim
18. Eli
19. Ná wotumi ma ɔhyɛ ananmu bɛyɛ mmɔho anum
20. Kyeneduru
21. Ontumi nni atoro
22. Satan
23. Kyerebennyɛ hama
24. “Sɛ sika adwinne te, prako hwene mu”
25. Baanu