Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 2/8 kr. 31
  • ‘Adwenem Nyarewa Ho Nsɛnnennen’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Adwenem Nyarewa Ho Nsɛnnennen’
  • Nyan!—1999
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adwene Mu Yare Atu Atese Wɔ Wiase Baabiara
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2023
  • Deɛ Ɛsɛ sɛ Wuhunu Fa Adwenemyareɛ Ho
    Nyan!—2014
  • Nea Ɛkyerɛ Sɛnea W’akwahosan Bɛyɛ—Nea Wubetumi Ayɛ
    Nyan!—1995
  • Onyankopɔn Ahyɛ Bɔ Sɛ Adwene Mu Yare Nyinaa Befi Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2023
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 2/8 kr. 31

‘Adwenem Nyarewa Ho Nsɛnnennen’

Canada Fekuw ma Amanaman Ntam Akwahosan no krataa bi a wɔato din Synergy mu asɛm bi ka sɛ: “Ɛmfa ho nkɔanim akɛse a yɛanya wɔ ayaresa ahorow pii mu no, adwenem nyarewa abɛyɛ asɛnnennen wɔ wiase nyinaa.”

Amanneɛbɔ bi kyerɛe sɛ wɔ wiase nyinaa no, nnipa 4 mu 1 biara wɔ adwene, nkate, anaa nneyɛe mu yare bi. Nhwehwɛmu foforo kyerɛe sɛ, sɛ ayarefo 3 biara kohu ɔyarehwɛfo a, nea ɛde wɔn mu 1 kɔ hɔ ne adwenemhaw anaa adwennwene. Nhwehwɛmufo ka sɛ saafo yi dodow rekɔ soro.

Dɛn ntia? Harvard Sukuupɔn no Asoɛe ma Ayaresa a Wɔhwɛ Obi Nsɛm Tebea Ma No no nhwehwɛmu bi ka sɛ nyarewa bi te sɛ adwenemhaw, adammɔ, ne tirimka redɔɔso efisɛ “nnipa pii nyin du baabi a ɛmma ɛnyɛ den sɛ wobenya bi.” Nanso ɛnyɛ nyin a nkurɔfo nyin kyɛ nkutoo na ama aba saa. Sikasɛm mu ahokyere ne nnɛyi asetra mu dadwen nso ka ho.

Ɛbɛyɛ dɛn na tebea a anidaso nnim yi asesa? Abenfo ka sɛ ɛsɛ sɛ wɔde adwenem ayaresa di ayaresa ahorow pii no kan efisɛ “ɛka nneɛma a etwa to koraa a aka a esiw nnipa nkɔso kwan no ho.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena