Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 3/8 kr. 3-4
  • So Woka Ɔsom Ho Asɛm?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Woka Ɔsom Ho Asɛm?
  • Nyan!—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nneɛma Ho Koma a Wonni Bu Pii Abam
  • Mɛyɛ Dɛn Ahu Nokware Som?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Yɛn Ho A Yɛde Bɛhyɛ Ɔsom Kronn Mu Ama Nkwagye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nyamesom—Asɛm a Wɔmmɔ So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • So Ɔsom Biara Ye Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 3/8 kr. 3-4

So Woka Ɔsom Ho Asɛm?

“Mesrɛ wo, ma yɛnka asɛm foforo. Nneɛma abien na mempɛ sɛ meka ho asɛm koraa—ɔsom ne amammuisɛm!”

“Migyae ɔsom ho asɛm ma me yere ne mmofra no.”

“Mempɛ sɛ mɛka ɔsom ho asɛm seesei. Mifii asɔre baa fie nkyɛe.”

SO WOTAA te nsɛm a ɛtete sɛɛ? Ebinom mpɛ sɛ wɔbɛka ɔsom ho asɛm efisɛ wosusuw sɛ ɛno yɛ wɔne Onyankopɔn ntam asɛm. Yesu ankasa kae sɛ: “Na wo de, wobɔ mpae a, hyɛn wo piam, na to wo pon mu bɔ w’agya a ɔwɔ kokoam no mpae, na w’agya a ohu kokoam no betua wo ka.”—Mateo 6:6.

Nanso, Yesu ne n’asuafo no anka sɛ ɛnsɛ sɛ yɛka ɔsom ho asɛm wɔ baguam koraa. Wɔkaa ɔsom ho nsɛm pii wɔ baguam a na wonsuro, na eyi na ɛmaa wɔn nkyerɛkyerɛ no mu trɛw kɔɔ wiase nyinaa no. (Asomafo no Nnwuma 1:8; Kolosefo 1:23) Nokwarem no, ɛnyɛ obiara na ɔpɛe sɛ ɔne wɔn bɛbɔ nkɔmmɔ, na wɔn a wotiee wɔn no binom adwenem yɛɛ wɔn nnaa.

Ɛnnɛ nso, ɛsono sɛnea obiara pɛ sɛ ɔka ɔsom ho asɛm ne sɛnea wobu ɔsom wɔ ɔman biara mu. Sɛ nhwɛso no, wɔ Atɔe Fam aman pii mu no, nkurɔfo ani gye honam fam nneɛma ho pii—nhomasua, adwumayɛ, agumadi, kɔmputa, TV, ne nneɛma afoforo. Wɔ aman afoforo mu no, nkurɔfo taa wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛka wɔn gyidi horow ho asɛm. Nanso, ɛmfa ho baabi a nkurɔfo fi no, nneɛma sisi wɔ wɔn a kan no na wɔn ani nnye ɔsom ho no asetram ma wɔsan susuw wɔn honhom fam ahiade ho.

Nneɛma Ho Koma a Wonni Bu Pii Abam

Ebia na wɔn a wɔmpɛ sɛ wɔka ɔsom ho asɛm no ahu anaa wɔaka ho asɛm ma akowie akyinnyegye a emu yɛ den mu pɛn. Ɔkasafo bi a wagye din kae sɛ, “Ɔsom mu adwene a enhyia de akasakasa pii ba sen amammuisɛm mu de.” Kan Amerika ɔmampanyin abadiakyiri Richard M. Johnson nso kae sɛ: “Ɔsom mu nnamyɛ ma adesamma nya adwemmɔne pii; na sɛ yɛanhwɛ yiye a, ɛbɛma yɛayɛ bɔne kɛse bere a yesusuw sɛ yɛde resom Onyankopɔn no.”

So ɛyɛ wo nwonwa sɛ wuhu sɛ wɔde ade a ɛkorɔn na ɛfata te sɛ Bible nkyerɛkyerɛ kanyan adwemmɔne, kateeyɛ ne nitan? Nokwarem no, ɛnyɛ Bible nkyerɛkyerɛ no na ɛmma pii ani nnye ɔsom ho. Mmom no, ɛyɛ sɛnea wɔmmfa nni dwuma yiye no nti. Sɛ nhwɛso no, susuw Kristosom ho.

Yesu Kristo a Ɔde Kristosom Sii Hɔ no nam ɔkasa ne nhwɛso so hyɛɛ ɔdɔ a yebenya ama Onyankopɔn ne yɛn mfɛfo ho nkuran sen sɛ anka ɔbɛhyɛ afoforo ho koma a wonni ne kateeyɛ ho nkuran. Ɔkwan a Kristo ne n’akyidifo no faa so yɛɛ wɔn som adwuma no ne sɛ wɔne afoforo susuw nsɛm ho na wɔdan wɔn ti. (Mateo 22:41-46; Asomafo no Nnwuma 17:2; 19:8) Wɔbɔɔ mpae maa wɔn atamfo ne wɔn a na wɔsɔre tia wɔn nso.—Mateo 5:44; Asomafo no Nnwuma 7:59, 60.

Nokware som siesie adwene ne koma, na ɛka nkurɔfo bom. Enti, wɔn a wofi komam hwehwɛ nokware no nim sɛ ɔsom ho asɛm a ɛfata a wɔbɛka betumi ayɛ nea mfaso pii wɔ so, sɛnea yebehu no.

[Kratafa 3 adaka]

Nea Nnipa A Wɔagye Din Aka

“Sɛ Yesu na wɔnam ne so hu Onyankopɔn a, ɛnde ehia sɛ n’akyidifo ka ho asɛm kyerɛ afoforo”—Ben Johnson, nyamesɛm ho ɔbenfo a ɔwɔ Columbia Nyamekyerɛ Sukuu mu.

“Yesu kyerɛkyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnkɔka asɛmpa no nkyerɛ nkurɔfo. Ahyɛde Kɛse no hwehwɛ sɛ yɛka asɛm no wɔ wiase nyinaa. Awurade hyɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnka asɛm no maa nyinaa.”—Kenneth S. Hemphill, Southern Baptist Asoɛe Ma Asɔre Nkɔso kwankyerɛfo panyin.

“Sɛ yɛanni nkurɔfo adanse a, yɛrentumi nyɛ Kristofo papa. . . . Wɔhyɛ Kristofo nyinaa sɛ wɔnyɛ asɛmpatrɛwfo ne adansefo.”—Pope John Paul II.

“Asɛnkafo bebree . . . ani gye asɔredan akɛseakɛse a wobesisi ne baabi a wɔbɛkɔ akɔsom bere foforo ho sen sɛ wɔbɛka asɛm a edi mu na nkurɔfo ani nnye ho a ɛwɔ Asɛmpa no mu no.”—Cal Thomas, nhoma kyerɛwfo ne sɛnkyerɛwfo.

“Ɛsɛ sɛ yɛbɔ nkurɔfo apon mu . . . Sɛnea (Yehowa) Adansefo ne afoforo binom yɛ no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ nkurɔfo nkyɛn kɔka Yesu Kristo ho Asɛmpa no.”—Thomas V. Daily, Katolek sɔfo panyin.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena