Nananom “Foforo” a Wɔaba
“Akwaaba Ba Nanabea ne Nanabarima Fie—Yɛkorɔkorɔ Mmofra Bere a Woretwɛn No.” Saa na wɔakyerɛw abɔ Gene ne Jane fie kwan ano.
NANSO, sɛ wokɔ mu a, worenhu awarefo a wɔn mfe akɔ anim a wɔtete wɔn asɛsɛgua so wɔ hɔ. Mmom no, wubehu awarefo a wɔn ho yɛ den a wɔwɔ wɔn mfe 40 mu. Sɛ anka wɔbɛpo dwuma a wodi sɛ ‘akora ne aberewa’ koraa no, Gene ne Jane fi ahosɛpɛw mu gye wɔn asɛyɛde sɛ nananom no tom. Gene ka sɛ: “Yiw, ɛyɛ asetra mu nsɛnkyerɛnne nketenkete a ɛkyerɛ sɛ worenyin no mu biako, nanso eyi yɛ akatua a wubenya afi wo mma a wobɛtete wɔn no mu biako—mmanana.”
Tete abebusɛm bi ka sɛ: “Nkwakoraa abotiri ne mma mma.” (Mmebusɛm 17:6) Mpɛn pii no nananom ne mmanana taa nya ɔdɔ ne abusuabɔ a emu yɛ den bi ma wɔn ho. Na sɛnea nsɛmma nhoma Generations kyerɛ no, “Amerika nnipa dodow a wɔyɛ nananom no dɔɔso sen bere biara.” Dɛn ntia? Nsɛmma nhoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Efi nyin a nnipa nyin kyɛ ne nsakrae foforo a ɛrekɔ so wɔ abusua asetra mu no. Nsakrae a aba wɔ nnipa dodow a wɔwo wɔn ne dodow a wowu mu no kyerɛ sɛ, sɛ wobu akonta a, wɔn a wɔanyinyin mu nkyem anan mu abiɛsa bɛtra ase ahu wɔn mmanana . . . Mmasiriwa dodow no ara benya mmanana bere a wɔadi mfe 45.”
Wɔabenya nananom a wɔn tebea yɛ soronko wɔ nsase binom so. Wɔn mu pii renya kyɛfa kɛse wɔ wɔn mmanana hwɛ mu. Sɛ nhwɛso no, Gene ne Jane babarima ne wɔn asebea agyae aware na mmara hwehwɛ sɛ wɔn baanu nyinaa hwɛ wɔn ba no bi. Jane kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛhwɛ yɛn banana no bere a yɛn babarima no kɔ adwuma no.” Sɛnea nhwehwɛmu bi kyerɛ no, sɛ wɔkyekyem a, nananom a wɔwɔ United States a wɔhwɛ wɔn mmanananom de bɛyɛ nnɔnhwerew 14 na ɛhwɛ wɔn dapɛn biara. Sɛ wɔkeka bom a, bere a wɔde di dwuma afe biara no yɛ dɔla ɔpepepem 29 adwuma!
Anigye bɛn na wɔn a wɔwɔ mmanananom nnɛ no nya? Nsɛnnennen bɛn na wohyia? Nsɛm a edidi so no bebua nsɛmmisa yi.