Mmanana a Obi Benya Emu Anigye ne Nsɛnnennen
“M’ani gye sɛ meyɛ nana! Ɛma wunya mmanana ho anigye a wɔn adesoa anaa wɔn ho asɛyɛde nna wo so. Wutumi hu sɛ wowɔ nkɛntɛnso bi wɔ wɔn asetra so de, nanso ɛnyɛ wo na wusi gyinae a etwa to koraa ma wɔn. Wɔn awofo na wɔyɛ saa.”—Gene, a ɔwɔ mmanana.
DƐN na ɛma obi a ɔwɔ mmanana ani tumi gye saa? Nhwehwɛmufo da no adi sɛ nneɛma a awofo taa hwehwɛ fi wɔn mma hɔ no betumi de wantwiwantwi pii aba. Esiane sɛ nananom ntaa nhwehwɛ nneɛma a ɛte saa nti, wotumi ne wɔn mmanana ka paa. Sɛnea Arthur Kornhaber, M.D., kyerɛ no, wɔwɔ hokwan biara sɛ wɔdɔ wɔn mmanana efisɛ “wɔyɛ wɔn mmanana.” Nanabea bi a wɔfrɛ no Esther ka sɛ: “Wɔ me mma ankasa ho de, daa na m’ani wɔ biribiara a wɔyɛ so. Nanso bere a mabenya mmanana no, mete nka sɛ hokwan wɔ hɔ sɛ minya mmanana na medɔ wɔn kɛkɛ.”
Afei nso onyin ma nyansa ne nhumu pii. (Hiob 12:12) Nananom nyɛ mmerante ne mmabaa a wɔn ho nkokwawee bio, na mmom wɔanya mmofra ntetee mu suahu mfe pii. Esiane sɛ wɔasua nneɛma afi wɔn mfomso a wodii mu nti, wobetumi ahwɛ mmofra yiye asen bere bi a atwam.
Enti Oduruyɛfo Kornhaber ka sɛ: “Nananom ne mmanana ntam abusuabɔ pa a ɔdɔ wom ho hia na awo ntoatoaso abiɛsa no nyinaa anya abotɔyam. Saa abusuabɔ yi yɛ hokwan a wɔwo abofra ara pɛ na wanya, . . . agyapade a wɔn mpanyimfo agyaw ama wɔn a obiara a ɔwɔ abusua no mu no nya mu mfaso.” Saa ara na nsɛmma nhoma Family Relations nso ka sɛ: “Nananom a wonya dwuma a nananom di mu kyɛfa na wɔte ase no nya yiyedi ne awerɛhyem a emu yɛ den.”
Nananom Adwuma
Adwuma pa pii wɔ hɔ a nananom betumi ayɛ. Gene ka sɛ: “Wobetumi ayɛ mmoa ama wɔn mma awarefo. Misusuw sɛ, wɔnam saayɛ so betumi asiw tebea horow a emu yɛ den a awofo nkumaa hyia no bi ano.” Nananom betumi ayɛ pii de aboa mmanana no ankasa nso. Ɛyɛ nana na mpɛn pii no ɔka abakɔsɛm kyerɛ abofra ma no hu abusua mu abakɔsɛm. Nananom taa di dwuma titiriw de ɔsom bi gya abusua no.
Wɔ mmusua pii mu no, nananom yɛ afotufo a wotumi de ho to wɔn so. Jane a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm a edi kan no mu no ka sɛ: “Ebia na nneɛma bi wɔ hɔ a mmofra bɛka ho asɛm akyerɛ wo a wɔmpɛ sɛ wɔbɛka akyerɛ wɔn awofo.” Awofo ani taa gye mmoa a ɛte saa a wɔde ma no ho. Sɛnea nhwehwɛmu bi a wɔyɛe kyerɛ no, “mmofra a wonnyaa mfe aduonu mu dodow a wɔboro ɔha mu nkyem 80 bu wɔn nananom sɛ nnipa a wɔka wɔn kokoam nsɛm kyerɛ wɔn. . . . Mmanana a wɔanyinyin no pii kɔ so ne wɔn nananom a wɔbɛn wɔn paa no taa di nkitaho daa.”
Nana a ɔwɔ ɔdɔ no betumi ayɛ mmoa kɛse ama abofra a onnya ntetee a ɛsɛ wɔ fie. Selma Wassermann kyerɛw sɛ: “Me nanabea ne obi a odii dwuma a ɛho hia sen biara wɔ me ho wɔ me mmofraberem. Ɛyɛ me nanabea na ɔde ne ho gyee mu ma m’asetra nyaa nkɔso. Wamfa ne srɛ so a mɛda ankame me da, na sɛ ɔde me to so a, mete nka sɛ mewɔ ahobammɔ. . . . Ɛyɛ me nanabea nkyɛn na misuaa nneɛma a ɛho hia sen biara a ɛfa me ho—kyerɛ sɛ nnipa dɔ me enti me ho hia.”—The Long Distance Grandmother.
Abusua mu Nsɛnnennen
Nanso, ɛnkyerɛ sɛ sɛ obi benya mmanana a, entumi mfa nsɛnnennen ne ɔhaw mma. Sɛ nhwɛso no, ɔwofo bi kae akasakasa dennen a ɛsɔree wɔ ɔne ne maame ntam ɛdefa ɔkwan pa a wɔfa so ma abofra yi mframa ho. “Ɛmaa yɛn ntam yɛɛ basaa wɔ tebea a enye mma me koraa mu.” Sɛnea ntease wom no, awofo nkumaa pɛ sɛ wɔn awofo pene ɔkwan a wɔfa so tete wɔn mma no so. Enti nyansahyɛ a wɔn awofo fi adwempa mu de ma no betumi ayɛ te sɛ ɔkasatia a ɛsɛe ade.
Wɔ ne nhoma Between Parents and Grandparents mu no, Oduruyɛfo Kornhaber ka awofo baanu bi a wɔwɔ ɔhaw koro ho asɛm. Ɔwofo biako ka sɛ: “Da biara m’awofo hyɛ me so, na sɛ wɔammɛto me wɔ fie a, na wɔn bo afuw. . . . Wɔnnwene me ho—me nkate ne hokwan a mewɔ sɛ obi mfa ne ho nwurawura me nsɛm mu.” Ɔfoforo nso nwiinwii sɛ: “M’awofo pɛ sɛ wɔfa me babea ketewa. Wɔpɛ sɛ wohu Susie ho biribiara nnɔnhwerew aduonu anan da biara. . . . Yɛresusuw ho sɛ yebetu akɔtra baabi foforo.”
Ɛtɔ da bi nso a wɔbɔ nananom sobo sɛ wɔhyɛ wɔn mmanana bɔne denam akyɛde pii a wɔsesa ma wɔn no so. Nokwarem no, sɛnea home a yɛhome mframa yɛ awosu mu ade no, saa ara nso na ayamye te ma nananom, nanso ebinom yɛ ma no tra so. Nanso, ɛtɔ mmere bi a ahoɔyaw na ɛma awofo binom nwiinwii. (Mmebusɛm 14:30) Mildred ka n’anom asɛm sɛ: “Ná m’awofo yɛ katee wɔ me so, na na wɔhyɛ me so. Nanso wɔ wɔne me mma no fam de, woyi ayamye adi kyerɛ wɔn na [wɔma wɔyɛ nea wɔpɛ]. Ɛyɛ me ahi efisɛ wɔnsesaa ɔkwan a wɔfa so ne me di nsɛm no koraa.” Ɛmfa ho adwene anaa nsusuwii biara a ɛwɔ akyi no, ɔhaw pii betumi asɔre bere a nananom ankyerɛ obu amma nea awofo pɛ bere a wɔrekyɛ wɔn mmanana ade no.
Enti ɛsɛ sɛ nananom de anidahɔ di dwuma wɔ ɔkwan a wɔfa so da ayamye adi mu. Bible no da no adi sɛ ade papa mpo sɛ ɛtra so a, ebetumi ayɛ bɔne. (Mmebusɛm 25:27) Sɛ wunnim akyɛde ko a ɛbɛfata a, bisa awofo no. Wɔ saa kwan yi so no ‘wubehu sɛnea wɔde nnepa ma’—Luka 11:13.
Ɔdɔ ne Obu—Ano Aduru!
Awerɛhosɛm ne sɛ, nananom bi nwiinwii sɛ wɔnkyerɛ adwuma a wɔyɛ sɛ afie ahwɛfo ne mmofra agyigyefo no ho anisɔ. Afoforo nso te nka sɛ wɔmma wɔn nnya wɔn mmanana no ho kwan pii. Ebinom nso ka sɛ wɔn mma mpanyimfo no apo wɔn a wɔanka nea wɔde ayɛ wɔn mpo. Mpɛn pii no sɛ abusuafo da ɔdɔ adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho a, wobetumi akwati ɔhaw a emu yɛ den saa no. Bible no ka sɛ: “Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre, ne yam ye; ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw, . . . ɛnhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de, ne bo nhaw no. . . . Etie ade nyinaa, egye ade nyinaa di, enya ade nyinaa mu anidaso, ɛtɔ ne bo ase ade nyinaa mu.”—1 Korintofo 13:4, 5, 7.
Fa no sɛ woyɛ ɔwofo kumaa na Nanabea kaa asɛm bi a efi adwempa mu, nanso ɛhyɛ abufuw kyerɛɛ wo. So ntease wom sɛ wobɛma wo ‘bo afuw’? Anyɛ yiye koraa no, Bible no da no adi sɛ ɛyɛ Kristofo mmea mpanyimfo asɛyɛde sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ “mmabaa . . . ama wɔadɔ wɔn kununom ne wɔn mma, na wɔadwen adwempa, ahwɛ wɔn ho so, ayɛ wɔn afi yiye.” (Tito 2:3-5) Na so ɛnyɛ ade koro no ara na wo ne nananom no pɛ—nea ɛbɛma asi wo mma yiye paa? Esiane sɛ ‘ɔdɔ nhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de’ nti, ɛbɛyɛ papa sɛ wode w’adwene besi abofra no ahiade so—na ɛnyɛ w’ankasa atenka so. Eyi a wobɛyɛ no bɛboa ma moakwati sɛ “mobɛfrɛfrɛ ntɔkwaw aba mo ntam” wɔ asɛm ketewa biara ho.—Galatifo 5:26, NW ase hɔ asɛm.
Ampa, ebia wubesuro sɛ ayamye bebrebe bɛhyɛ wo ba no bɔne. Nanso mpɛn pii no, ɛnyɛ adwemmɔne mu na nana no fi yɛ ayamye no. Wɔn a wɔaben wɔ mmofra sohwɛ mu pii gye tom sɛ, ɔkwan a wo wofa so de ntetee ne nteɛso ma wo ba no nya nkɛntɛnso kɛse wɔ ne so sen nnakoro nnakoro a ne nana de ne ho gye ne nsɛm mu no. Oduruyɛfo bi de afotu ma sɛ: “Nsɛm bi a wode bɛyɛ serew no boa.”
Sɛ wowɔ ntease pa bi a enti ɛsɛ sɛ woma abofra sohwɛ ho nsɛm bi hia wo a, enni sɛ wusiw nkitaho a w’awofo anaa w’ase ne wo mma bedi no ho kwan. Bible no ka sɛ: “Wɔkwati agyinakɔ a, tirimpɔw yɛ ɔkwa.” (Mmebusɛm 15:22) Munsusuw nsɛm ho anibere so na ka w’ahiasɛm wɔ “ne bere mu.” (Mmebusɛm 15:23) Mpɛn pii no, ntease betumi ayɛ adwuma.
So wowɔ mmanana? Ɛnde obu a wobɛkyerɛ ama wo mmanana no awofo no ho hia. Nokwarem no, sɛ wote nka sɛ wo banana wɔ asiane mu a, ayamhyehye bɛma woasusuw sɛ ɛsɛ sɛ wokasa mu. Nanso bere a ɛyɛ ne kwan so sɛ wobɛdɔ wo mmanana na woama w’ani akũ wɔn ho no, ɛyɛ awofo—ɛnyɛ nananom—na asɛyɛde no da wɔn so sɛ wɔbɛtete wɔn mma. (Efesofo 6:4) Bible no hyɛ wo mmanana no sɛ wɔnkyerɛ obu na wɔnyɛ osetie mma wɔn awofo. (Efesofo 6:1, 2; Hebrifo 12:9) Enti bɔ mmɔden kwati sɛ wubeguan wɔn awofo ho ne afotu a wɔnsrɛɛ wo sɛ fa ma wɔn anaa wobɛma wɔatew wɔn awofo so atua.—Fa toto 1 Tesalonikafo 4:11 ho.
Ɛwom, ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw sɛ wubegyina nkyɛn, aka w’ano atom—na ebia woayɛ koom ahwɛ nea ebesi—na woama wo mma ayɛ wɔn adwuma sɛ awofo. Nanso sɛnea Gene ka no no, “sɛ wommisaa wo afotu a, ɛsɛ sɛ wugyae wɔn ma wɔyɛ nea wɔte nka sɛ eye ma wɔn mma no.” Jane ka sɛ: “Mehwɛ yiye sɛ menka sɛ, ‘Sei na ɛsɛ sɛ woyɛ no!’ Akwan horow pii wɔ hɔ a wɔfa so yɛ nneɛma, na sɛ woyɛ katee a, ebetumi de ɔhaw aba.”
Nea Nananom Betumi De Ama
Bible no ka mmanana a wubenya ho asɛm sɛ nhyira a efi Onyankopɔn hɔ. (Dwom 128:3-6) Ɛdenam wo mmanana ho a wubedwen so no, wubetumi anya nkɛntɛnso a tumi wom wɔ wɔn asetra so, na woaboa wɔn ma wɔanya gyinapɛn horow a ɛyɛ papa. (Fa toto Deuteronomium 32:7 ho.) Wɔ Bible mmere mu no, ɔbea bi a wɔfrɛ no Lois dii dwuma soronko de boaa ne banana, Timoteo, ma onyin bɛyɛɛ Onyankopɔn nipa a ɔda nsow. (2 Timoteo 1:5) Wubetumi anya anigye a ɛte saa ara bere a wo mmanana gye ntetee pa tom no.
Wobetumi nso anya ɔdɔ afi wo hɔ bere a ɛho hia. Nokwarem no, ebia na wo dɔ nyɛ nea akorɔkorɔ wom no bi. Nanso, wubetumi ada ɔdɔ pa adi denam ayamye, ne koma mu a wubefi asusuw wo mmanana ho no so. Nhoma kyerɛwfo Selma Wassermann ka sɛ: “Nea abofra no reka akyerɛ wo no ho anigye a wobɛkyerɛ no . . . bɛkyerɛ ɔkwan biara so sɛ wudwen ne ho. Otiefo pa a wobɛyɛ, n’ano a wuntwa bere a ɔrekasa, na wonyɛ katee—ne nyinaa kyerɛ obu, ɔdɔ ne anisɔ.” Wɔ banana fam no, ɔdɔ a ɛte saa no betumi ayɛ akyɛde a ɛsen biara a ne nana betumi de ama no mu biako.
Nea yɛaka ho asɛm de besi saa bere yi no fa nananom a wɔyɛ nananom adwuma ankasa ho. Nanso, nnɛyi nananom pii sõsõ adesoa a emu yɛ duru.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 16]
“Ɛyɛ me nanabea nkyɛn na misuaa nneɛma a ɛho hia sen biara a ɛfa me ho—kyerɛ sɛ nnipa dɔ me enti me ho hia”
[Kratafa 16 adaka]
Nneɛma a Ebetumi Aboa Nananom a Wɔwɔ Akyirikyiri
• Bisa awofo no ma wɔmfa wo mmanana no video anaa wɔn mfonini ahorow mmena wo.
• Kasa gu kasɛt so fa mena wo mmanana no. Wɔ mmofra nketewa fam no, kyere Bible mu nsɛm a wo ankasa akekan anaa nnwom a wɔto de gye mmofra agorɔ a woato agu kasɛt so na fa mena wɔn.
• Kyerɛw nkrataa ne postcards fa mena wo mmanana no. Sɛ ebetumi a, ɛne wɔn nni nkrataa-kyerɛw bere nyinaa.
• Sɛ wubetumi atua ka a, ɛne wo mmanana a wɔwɔ akyirikyiri no nni nkitaho wɔ telefon so. Sɛ worekasa akyerɛ mmofra nketewa a, fa nsɛmmisa a ɛba fam te sɛ, “Dɛn na wudii no anɔpa yi?” fi wo nkɔmmɔbɔ no ase.
• Sɛ ebetumi a taa sra wɔn ntiantiam.
• Ɛne awofo no nyɛ nhyehyɛe ma wo mmanana no mmɛsra wo wɔ wo fie. Yɛ nneɛma a ɛma anigye ho nhyehyɛe, te sɛ mmoa yɛmmea, tete nneɛma akorae, ne aturo mu a mobɛkɔ.
Nsɛmmisa a Wɔde Sɔ Adwene Hwɛ no Ho Mmuae
1. Sion Babea
2. Atalia
3. Tibni ne Omri
4. Peor
5. Gad
6. Nero
7. Nkyene
8. “Wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa”
9. Elul
10. Wɔkɔe sɛ wɔde ngo ne nnuru huamhuam rekosiesie n’amu no ma akyɛ
11. Bul
12. Ogyaee mmuadadi ne su, na ofii ase didii
13. Ná ahonhommɔne wɔ wɔn so
14. Ɛsow “asomdwoe aba a ɛyɛ trenee”
15. Patu
16. Trenee
17. Sɛ ɛyɛ hokwan, na nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ara na yɛreyɛ no
18. Otwaa honi no hyewee, na otuu no fii “ɔhemmaadi” so wɔ ahemman no mu
19. Ná ɛbɛma wɔanya ɔhome, efisɛ ne kɔndua yɛ mmerɛw, na n’adesoa yɛ hare
20. Bepɔw Nebo
[Kratafa 15 mfonini]
Nananom pii boa hwɛ wɔn mmanana
[Kratafa 17 mfonini]
Wantwiwantwi betumi asɔre wɔ akwan a wɔfa so tete abofra ho
[Kratafa 17 mfonini]
Nananom taa di dwuma wɔ abusua abakɔsɛm a wɔka kyerɛ mu