Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 4/8 kr. 18-21
  • Bere a Nananom Dan Awofo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere a Nananom Dan Awofo
  • Nyan!—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adwennwen ne Ahoyeraw a Ɛwom
  • Mmofra a Wɔn Bo Afuw
  • Ɔhaw no Ano a Wubegyina
  • Tra a Yɛbɛtra Abom Wɔ Ɔdɔ Mu
    Nyan!—1995
  • Mmanana a Obi Benya Emu Anigye ne Nsɛnnennen
    Nyan!—1999
  • Dɛn Ne Ɔhaw Ahorow no Bi?
    Nyan!—1995
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Me ne Me Nananom Nya Abusuabɔ Pa?
    Nyan!—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 4/8 kr. 18-21

Bere a Nananom Dan Awofo

“Ná afei na mapɔn nhyiam fi Ahenni Asa so aba fie. Obi bɔɔ ɔpon no mu denneennen, na bere a mekɔhwɛe no na ɛyɛ polisifo baanu a wokura mmofra baanu a wɔn ti nhwi atwa mpɛsɛmpɛsɛ na wɔn ho ayɛ fĩ sɛnea wonguaree asram dodow bi na wogyina ɔpon no akyi. Ná ɛyɛ den sɛ wubehu sɛ wɔyɛ mmofra! Ná wɔyɛ me mmanana, na wɔn maame—a nnubɔne nom aka ne hɔ—ato wɔn asaworam. Ná meyɛ okunafo, na na m’ankasa mewɔ mmofra baasia dedaw. Nanso na mintumi nka sɛ minnye wɔn.”—Sally.a

“Me babea bisaa me sɛ ebia metumi agye ne mma kosi sɛ obesiesie n’asetra kwan anaa. Ná minnim sɛ ɔnom nnubɔne. Ewiee ase no, na meretete ne mma baanu no. Mfe bi akyi no, me babea no san woo abofra foforo. Ná mempɛ sɛ megye no, nanso me ba no babarima srɛɛ me sɛ, ‘Nanabea, enti yɛrentumi nnye biako pɛ yi nso?’”—Willie Mae.

BERE bi na wɔka sɛ ɛyɛ “anigyede a asɛyɛde biara nka ho” sɛ obi benya mmanana. Nanso ɛnte saa bio. Wɔ United States nkutoo no, ebinom bu akontaa sɛ mmofra bɛboro ɔpepem abiɛsa ne wɔn nananom na ɛte. Na wɔn dodow no kɔ ara na ɛrekɔ anim.

Dɛn na ɛde tebea a ɛhaw adwene yi aba? Mmofra a wɔn awofo agyae aware betumi akowie wɔn nananom nkyɛn tra mu. Na saa ara na ɛte wɔ mmofra a wɔto wɔn asaworam anaa wɔn awofo yɛ wɔn ayayade no fam. Nsɛmma nhoma Child Welfare ka sɛ esiane sɛ nnubɔne a ne nom ka awofo hɔ mma wontumi nni wɔn asɛyɛde horow ho dwuma nti, ‘cocaine rema wɔahwere awo ntoatoaso bi.’ Mmofra ɔpepem pii nso wɔ hɔ a “wonni awofo” esiane asaworam a awofo to wɔn, awofo wu, ne adwene mu yare a ɛka awofo nti. Mmofra a AIDS kunkum wɔn awofo nso betumi akodi wɔn nananom nsam.

Mmofra hwɛ ho asɛyɛde a ɛbɛba abɛtɔ obi so bere a wayɛ abasiriwa anaa ne mfe akɔ anim wɔ “nna bɔne no” mu no betumi ayɛ adesoa kɛse. (Ɔsɛnkafo 12:1-7) Nnipa pii nni ahoɔden a ɛbɛma wɔn ani aku mmofra nketewa ho bere nyinaa. Nananom binom nso hwɛ wɔn ankasa awofo mpanyimfo. Bere koro no ara ebinom nso yɛ akunafo anaa wɔagyae aware, na ɛsɛ sɛ wodi nneɛma ho dwuma a ɔhokafo biara mmoa nka ho. Na wɔn mu pii hu sɛ wonni sika a ɛsɛ a wɔde bedi adesoa a ɛte saa ho dwuma. Wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe mu no, sɛ woyi nananom a wɔhwɛ mmofra so 10 biara gyina hɔ a, emu 4 yɛ nea wɔn akatua nso hwee. Sally ka sɛ: “Ná mmofra no yareyare. Ná ɛsɛ sɛ mehyɛ me ho tua sika pii de tɔ nnuru. Mannya sika a ɛsõ biara amfi aban hɔ.” Ɔbea panyin bi ka sɛ: “Ná ɛsɛ sɛ mede sika a wɔde ma wɔn a onyin ama wɔagyae adwuma a minyae no hwɛ me mmanananom.”

Adwennwen ne Ahoyeraw a Ɛwom

Ɛnyɛ nwonwa sɛ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe daa no adi sɛ “mmanana hwɛ de adwennwen pii brɛɛ nananom, na nananom 60 a wobisabisaa wɔn nsɛm wɔ nhwehwɛmu no mu ɔha mu nkyem 86 kae sɛ wɔte nka sɛ ‘adwennwen da wɔn so anaa wɔn ho yeraw wɔn mpɛn pii.’” Nokwarem no, wɔn mu pii ka sɛ ɛka wɔn akwahosan. Elizabeth, ɔbea bi a na ɔhwɛ ne ba babea a na onnii mfe aduonu ka sɛ: “Ɛkaa me wɔ honam fam, adwenem, ne honhom fam.” Willie Mae a ɔwɔ komayare ne mogya mmoroso no ka sɛ: “Me duruyɛfo gye di sɛ efi mmofra tete ho adwennwen.”

Nnipa pii nsiesiee wɔn ho mmaa asetra mu nsakrae a mmanana ntetee hwehwɛ no. Nana bi ka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a mintumi nkɔ baabiara. Me tirim renteɛ me . . . sɛ megyaw wɔn ama obi foforo, enti sɛ anka mɛkɔ baabi anaa mɛyɛ biribi no, migyae kɔ anaa migyae dekode no yɛ.” Ɔfoforo nso ka bere a obenya ama ne ho no ho asɛm sɛ “ebi nni hɔ.” Nnipa mu a wontumi nkɔ ne ankonamyɛ taa ba. Nanabea bi kae sɛ: “Wɔ yɛn atipɛnfo mu no, yɛn nnamfo dodow no ara nni mmofra [nkumaa] enti mpɛn pii no sɛ wɔto nsa frɛ yɛn a yɛnkɔ efisɛ yɛn mmofra [mmanana no] nka nsa a wɔato afrɛ yɛn no ho.”

Nea ɛyɛ yaw nso ne nkate fam nhyɛso horow no. Asɛm bi a ɛwɔ U.S.News & World Report mu ka sɛ: “Aniwu ne afodi ama wɔn [nananom] mu pii di yaw sɛ wɔn ankasa mma antumi antete wɔn mma—na wɔn mu pii nunu wɔn ho, a wonhu baabi a wodii mfomso sɛ awofo no. Nea ɛbɛyɛ na wɔama wɔn mmanana anya ofi a ahobammɔ ne ɔdɔ wom no, ɛsɛ sɛ nananom yi wɔn adwene fi wɔn ankasa mma a wɔyɛ anuɔdensɛm anaa nnubɔne nom aka wɔn hɔ no so.”

Nhwehwɛmu biako bɔ amanneɛ sɛ: “Wɔn mu nkyem anan mu biako ne akyiri . . . kae sɛ anigye a ɛwɔ wɔn aware mu no so atew esiane mmofra a wɔhwɛ wɔn no nti.” Mpɛn pii no, okununom titiriw, taa te nka sɛ wɔagyaw wɔn mu, bere a wɔn yerenom de wɔn ho hyɛ mmofra no hwɛ mu kɛse no. Ɛyɛ a okununom bi te nka sɛ wɔrentumi nnyina ateetee no ano. Ɔbea bi ka wɔ ne kunu ho sɛ: “Otwi faa yɛn so kɔe. . . . Misusuw sɛ ɔtee nka sɛ wɔaka no ahyɛ.”

Mmofra a Wɔn Bo Afuw

U.S.News & World Report ka sɛ: “Nea ɛma adwennwen no yɛ kɛse koraa ne sɛ, mmofra binom a [nananom] nya wɔn no ka wɔn a mmoa ho hia wɔn yiye, wɔayɛ bosaa, na wɔn bu afuw paa wɔ ɔman no mu no ho.”

Susuw Elizabeth ba babea no ho. Abofra no papa gyaw no wɔ ɔkwan bi ntwea so, baabi a na Elizabeth yɛ adwuma sɛ obi a ɔhwɛ mmofra ma wotwa kar kwan mu. Elizabeth ka sɛ: “Ɔyɛ abofra a abufuw ahyɛ ne so. Wɔadi no aborɔ.” Sally mmanana no nso wɔ yaw a ɛte saa ara mu. “Me banana no bo afuw. Ɔte nka sɛ obiara mpɛ n’asɛm.” Agya ne ɛna a wɔwɔ ɔdɔ a abofra benya no yɛ ne kyɛfa bi wɔ awo mu. Susuw ho sɛnea abofra bɛte nka bere a wɔtow no kyene, to no asaworam, anaa wɔpo no no! Saa atenka yi a yɛbɛte ase no ne ade a ebetumi aboa ama yɛne mmofra a wɔn suban nyɛ fɛ no adi nsɛm ntoboaseɛ mu. Mmebusɛm 19:11 ka sɛ: “Onipa nimdeɛ twentwɛn n’abufuw ase.”

Sɛ nhwɛso no, abofra a wɔato no asaworam betumi ako atia mmɔden a wobɔ sɛ wobɛhwɛ no no. Ehu ne dadwen a abofra no wɔ ho ntease a wubenya no betumi aboa wo ma wo ne no adi no mmɔborohunu mu. Ebia gye a wubegye ehu a aka no no atom na woama no awerɛhyem sɛ wobɛyɛ nea wubetumi biara ahwɛ no no, betumi ama ehu a aka no no afi hɔ.

Ɔhaw no Ano a Wubegyina

‘Mete yaw ne awerɛhow nka. Enni sɛ anka eyi to yɛn.’ Saa na nana bi a ɔhwɛ mmofra kae. Sɛ wowɔ tebea a ɛte saa mu a, wubetumi ate nka saa ara. Nanso tebea no nyɛ nea asɛe koraa. Ade biako ne sɛ, onyin betumi ama wo nipaduam ahoɔden so atew de, nanso sɛ ɛba nyansa, boasetɔ ne osuahu fam a, onyin yɛ ademude. Ɛnyɛ nwonwa sɛ, nhwehwɛmu bi daa no adi sɛ, “mmofra a wɔn nananom nkutoo na ɛtetee wɔn no bra si yiye, sɛ wɔde toto mmofra a wɔn ankasa awofo biako na ɔtete wɔn no ho a.”

Bible no hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛmfa yɛn dadwen ne yɛn haw nyinaa nto Yehowa so, efisɛ odwen yɛn ho.’ (1 Petro 5:7) Enti bɔ no mpae daa sɛ ɔmma wo ahoɔden ne akwankyerɛ, sɛnea odwontofo no yɛe no. (Fa toto Dwom 71:18 ho.) Fa w’adwene si w’ankasa honhom fam ahiade so. (Mateo 5:3) Kristoni bea bi ka sɛ: “Kristofo nhyiam horow ne asɛmpa a meka kyerɛɛ afoforo no boaa me ma mitumi gyinae.” Sɛ ebetumi a, bɔ mmɔden sɛ wobɛkyerɛkyerɛ wo mmanana no Onyankopɔn akwan. (Deuteronomium 4:9) Akyinnye biara nni ho sɛ Onyankopɔn begyina wo mmɔdenbɔ akyi ma woatete wo mmanana wɔ “[Yehowa, NW] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.”—Efesofo 6:4.b

Nsuro sɛ wobɛhwehwɛ mmoa. Mpɛn pii no nnamfo betumi ayɛ mmoa, titiriw wɔ Kristofo asafo no mu. Sally ka sɛ: “Ná anuanom a wɔwɔ asafo no mu no de mmoa ma kɛse. Sɛ m’aba mu bu a, wɔkanyan me bio. Ebinom mpo boaa me wɔ sika fam.”

Mmu w’ani ngu mmoa a ebia wubetumi anya afi aban hɔ no so. (Romafo 13:6) Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, sɛnea nsɛm a wobisabisaa nananom bi daa no adi no, “wɔn mu dodow no ara nnim mmoa a ɛwɔ hɔ anaa baabi a wobetumi anya afi.” (Child Welfare) Asetra mu nsɛm ho adwumayɛfo ne nnwumakuw a wɔwɔ mpɔtam hɔ a wɔboa mpanyimfo betumi akyerɛ baabi a wubetumi anya mmoa.

Mpɛn pii no, nananom a wɔhwɛ mmofra no yɛ wɔn a wɔwoo wɔn wɔ “mmere a emu yɛ den” yi mu. (2 Timoteo 3:1-5) Anigyesɛm no ne sɛ, saa mmere a emu yɛ den yi yɛ sɛnkyerɛnne a edi adanse sɛ ɛnkyɛ Onyankopɔn de ne ho begye nsɛm mu, na wabɔ “asase foforo” a tebea horow a ɛrehaw mmusua pii nnɛ no betwam. (2 Petro 3:13; Adiyisɛm 21:3, 4) Ɛnkosi saa bere no, ɛsɛ sɛ nananom a wɔhwɛ mmofra yɛ nea wobetumi biara wɔ wɔn tebea no ho. Nnipa pii renya nkɔso kɛse wɔ wɔn mmɔdenbɔ no mu! Kae bere biara sɛ wɔ abasamtu nyinaa akyi no, wubetumi anya anigye. Asɛm no ne sɛ, wubetumi anya anigye bere a wuhu wo mmanana sɛ wɔabɛyɛ teefo a wɔdɔ Onyankopɔn no! So ɛno renyɛ mfaso a w’adwumaden de aba?

[Ase hɔ nsɛm]

a Yɛasesa edin no bi.

b Nea Ɛde Abusua mu Anigye Ba nhoma (Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii) no kura Bible nnyinasosɛm pii a mfaso wɔ so a nananom a wɔhwɛ mmofra so betumi de atete wɔn mmanana.

[Kratafa 20 adaka]

Mmara mu Nsɛm

Sɛ́ wobɛfa mmara kwan so anya wo mmanana ahwɛ wɔn anaasɛ wonyɛ saa no yɛ asɛm a egye ahwɛyiye na ehia sɛ wodi ho dwuma nyansam. Mary Fron, a ɔyɛ onimdefo wɔ asɛm yi ho no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔ ɔkwan bi so no, sɛ mmara amfa abofra sohwɛ anhyɛ wo nsa a, wunni ne so tumi pii. Mpɛn pii no, awofo ankasa betumi aba abɛfa abofra anaa mmofra no bere biara a wɔpɛ. Nanso nananom pii mpɛ sɛ wobegye mmara kwan so tumi a ɛbɛma abofra hwɛ abedi wɔn nsam, efisɛ ɛno bɛhwehwɛ sɛ wogyina asɛnnibea di adanse sɛ wɔn ba no mfata sɛ ɔwofo.”—Good Housekeeping.

Sɛ mmara amfa abofra sohwɛ anhyɛ nananom nsa a, mpɛn pii no ɛyɛ den sɛ wobenya sukuu anaa ayarehwɛ mpo ama wɔn mmanana no. Nanso, abofra sohwɛ tumi a wubenya no mmara kwan so no betumi ayɛ ade a egye sika ne bere na ɔbrɛ wom. Na sɛ wo nsa ka mpo a, etumi kowie sɛ nananom rennya sika fam mmoa biara mfi aban hɔ bio. Enti Child Welfare nsɛmma nhoma no tu nananom fo sɛ “wɔnhwehwɛ mmara mu afotu mfi mpɔtam hɔ mmaranimfo bi a ne ho akokwaw wɔ ɔman no abusua mmara, mmofra sohwɛ, ne abofra yiyedi ho nsɛm mu nkyɛn.”

[Kratafa 11 adaka]

Nea Ɛwom a Wubesusuw Ho

Sɛ wuhu sɛ abofra bi wɔ ahokyerɛ mu—titiriw wo ho nnipa ankasa—a ɛyɛ awerɛhosɛm. Na Bible no hyɛ Kristofo sɛ wɔnhwɛ ‘wɔn ankasa nnipa.’ (1 Timoteo 5:8) Nanso, wɔ tebea horow pii mu no nyansa wom sɛ nana no besusuw ho yiye ansa na waso asɛyɛde a ɛte saa mu. (Mmebusɛm 14:15; 21:5) Ɛsɛ sɛ osusuw nea ɛwom no ho.—Fa toto Luka 14:28 ho.

Fa mpaebɔ susuw ho: So wowɔ honam, nkate, honhom fam ahoɔden, ne sika a wode bedi asɛyɛde yi ho dwuma? Sɛn na wo hokafo te nka wɔ tebea no ho? So ɔkwan bi wɔ hɔ a wubetumi afa so ahyɛ abofra no awofo nkuran anaa woaboa wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn ankasa betumi ahwɛ wɔn ba no? Awerɛhosɛm ne sɛ, awofo a wɔn aso awu yi binom kɔ so di ɔbrasɛe akyi kɛkɛ. Nanabea bi de awerɛhow ka sɛ: “Migyee ne mma pii. Nanso ɔkɔɔ so nom nnubɔne na ɔwoo mmofra pii kaa ho. Ɛkoduu baabi a na ɛsɛ sɛ meka sɛ mintumi bio!”

Nanso, sɛ woka sɛ wonhwɛ wo mmanana no nso a, dɛn na ɛbɛto wɔn? Sɛ wuhu sɛ afoforo a ebi mpo a wonnim wɔn wɔ baabiara na wɔrehwɛ wɔn a, so ɛrenhaw wo dodo? Na mmofra no honhom fam ahiade nso ɛ? So afoforo betumi atete wɔn sɛnea Onyankopɔn gyinapɛn te? Ebia ebinom bɛka sɛ ɛmfa ho nsɛnnennen a ɛwom nyinaa no, wonni hwee yɛ sɛ wobeso asɛyɛde no mu.

Eyinom yɛ ahiasɛm a ɛho dwumadi yɛ den, na ɛsɛ sɛ ankorankoro biara si n’ankasa gyinae.

[Kratafa 19 mfonini]

Ɛyɛ den ma nananom pii sɛ wobetumi adi nea mmofra nketewa tete hwehwɛ no ho dwuma

[Kratafa 20 mfonini]

Nananom a wosuro Onyankopɔn no betumi anya ahotoso sɛ Yehowa begyina wɔn mmɔdenbɔ no akyi

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena