Hena na Ɔbɛbɔ Yɛn Mma Ho Ban?
ƐYƐ anigye sɛ yebehu sɛ ɛnnɛ wogye tom sɛ mmofra a wɔyɛ wɔn basabasa yɛ ɔhaw a ɛwɔ wiase nyinaa. Adeyɛ a nyansa wom te sɛ Stockholm Wiase Bagua a Wɔde Reko Atia Nna mu Adapaade a Wɔde Mmofra Yɛ nhyiam a aman 130 mu ananmusifo na wɔkɔɔ bi no, ayɛ ɔhaw yi ho biribi.
Nea ɛka ho bio no, aman binom rehyehyɛ mmara atia akwan a wotu kɔbɔ aguaman ne mmofra ho mfonini a wɔde kanyan nna ho akɔnnɔ. Ebinom mpo rekyerɛkyerɛw wɔn a wonim wɔn sɛ awengaa no din, na wɔamma mmofra ammɛn wɔn.
Afei nso ebinom hwehwɛ mmofra yiyedi denam mmara a wɔhyehyɛ de bɔ wɔn ho ban so. Na aman ne ankorankoro bi nso regyae aguade a wɔbɔ mmofra paa ma wɔyɛ no tɔ.
Ɛwom sɛ yɛn nyinaa ani gye mmɔden a ɛte saa a wɔrebɔ sɛ wobeyi basabasa a wɔyɛ mmofra afi hɔ no ho de, nanso ɛsɛ sɛ yɛde asɛm no to nea ɛda na yegye tom sɛ basabasa a wɔyɛ mmofra no agye ntini paa wɔ nnipa asetra mu. Ɛbɛyɛ nea ntease nnim sɛ yebesusuw sɛ ɔkwan tiawa te sɛ mmarahyɛ, bɛma yɛanya ahobammɔ a edi mũ ama yɛn mma. Wɔahyehyɛ mmara pii, nanso ɔhaw no da so ara wɔ hɔ. Mmara pii a wɔahyehyɛ na wɔde abɔ hokwan a mmofra fi awo mu wɔ no ho ban no ma ɛda adi pefee sɛ wiase no mu mpanyimfo yɛ mpanyin bɔne.
Ɛnyɛ mmara ne ade titiriw a ɛbɛbɔ mmofra ho ban. Ade biako a ɛbɛma yɛahu ne sɛ yɛbɛhwɛ nea afi mmara a emu yɛ den te sɛ nea Amanaman Nkabom Bagua Ma Mmofra Hokwan no hyehyɛe a aman pii ananmusifo de wɔn nsa ahyɛ ase no mu aba. Wɔadi ho adanse kɛse sɛ sikasɛm mu ahokyere ahyɛ ɔman mpanyimfo yi mpo pii ma wontumi nyɛ pii mfa nsiw basabasayɛ a wɔde ba wɔn mmofra so no ano. Mmofra a wɔyɛ wɔn basabasa da so ara yɛ ɔhaw kɛse wɔ aman ahorow mu.
Awofo Betumi Ayɛ Pii
Mmofra ntetee a etu mpɔn yɛ adwuma kɛse. Egye nneɛma a wɔde bɔ afɔre. Nanso ɛsɛ sɛ awofo a wodwen wɔn mma ho no hwɛ hu sɛ wɔmfa wɔn mma no mmom mmɔ afɔre. Maclean’s nsɛmma nhoma no ka sɛ mpɛn pii no, “wobu mmofra ntetee sɛ biribi a wɔyɛ de gyigye wɔn ani.” Obi betumi atow agode bi akyene anaa wagyae biribi a ɔyɛ de gyigye n’ani, nanso mmofra ntetee yɛ asɛyɛde a efi Nyankopɔn hɔ.
Akyɛde a ɛsom bo sen biara a wubetumi de ama wo ba no biako ne sɛ wobɛyɛ ɔwofo pa, efisɛ ɛbɛboa no ama wanya anigye ne ahobammɔ wɔ ne mmofraberem. Ahobammɔ a ɛte saa no nnyina asetra anaa sikasɛm mu gyinabea so. Nea wo ba hia ne sɛ w’ani bekũ ne ho—wobɛdɔ no, wobɛma no awerɛhyem bere a ne koma atu, na woanya bere ama no. Wo ba ani gye ho sɛ wobɛto anansesɛm akyerɛ no, ɔpɛ sɛ woyɛ nhwɛso ma no, na ɔpɛ sɛ wufi ɔdɔ mu teɛ ne so.
Ɛdefa nna mu ɔbra pa ho no—awofo, mo ne mo mma nni no ahobrɛase mu na monkyerɛ obu mma wɔn adwene ne wɔn nipadua. Mmofra tumi hu nneɛma a ɛne abrabɔ ho gyinapɛn a wɔn awofo akyerɛ wɔn no nhyia ntɛmpa ara. Ehia sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn ade wɔ fie ne abɔnten nyinaa. Sɛ woanyɛ saa a, onipa foforo bɛyɛ ama wo, na ebia nea ebefi mu aba no bɛhaw wo. Kyerɛkyerɛ mmofra nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ bere a obi retwetwe wɔn akɔ abrabɔ bɔne mu no. Ma wonhu dwuma a wɔn awode di, na kyerɛ wɔn sɛ ɛnsɛ sɛ obi goru ho. Kyerɛ wɔn nea wɔnyɛ bere a obi pɛ sɛ ɔyɛ wɔn basabasa no.
Ɛsɛ sɛ bere nyinaa wuhu baabi a wo mma wɔ ne nipa a ɔka wɔn ho. Henanom ne wo ba nnamfo paa? Sɛ wunni hɔ a, henanom na wɔhwɛ wo mma? Wubetumi anya wɔn mu ahotoso? Ɛno nso nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔwofo dwen adwemmɔne ma obiara. Ɛsɛ sɛ wuhu sɛnea mpanyimfo a wɔbɛn wo ba no te ankasa, a womma sɛnea wɔte wɔ nnipa ani so no nnaadaa wo.
Susuw sɛnea awofo binom koma bubu bere a, wɔn ani bɛba wɔn ho so no, na asɔfo, akyerɛkyerɛfo, anaa abusuafo mpo a wogye wɔn di ayɛ wɔn mma basabasa no ho hwɛ. Ɛbɛyɛ papa sɛ wo ɔwofo no bebisa wo ho sɛ, ‘So m’asɔre pene basabasa a wɔyɛ mmofra no so anaa wɔkatakata so? So me som no kura abrabɔ fam nnyinasosɛm a ɛkorɔn mu denneennen?’ Nsɛmmisa a ɛtete saa ho mmuae betumi aboa wo ma woasi gyinae a nyansa wom de abɔ wo mma ho ban.
Nanso nea ɛsen ne nyinaa no, bɔ mmɔden boa wɔn ma wommehu Ɔbɔadeɛ no nnyinasosɛm na wonnya ho anigye, na aboa abɔ wɔn ho ban afi asiane ho. Sɛ mmofra hu sɛ wɔn awofo kyerɛ obu ma abrabɔ ho nnyinasosɛm a ɛkorɔn a, ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ wobedi nhwɛso pa yi akyi.
Ano Aduru Koro Pɛ
Nokwasɛm ne sɛ, mmara ne asotwe a emu yɛ den mu biara ntumi mmɔ yɛn mma ho ban ankasa. Ɔbɔadeɛ no ankasa nam N’asɛm Bible a efi honhom mu no so betumi ama wɔabɔ ɔbra a ɛho tew denam nnipa a wɔte sɛ mmoa a ɔbɛsesa wɔn adwene ma wɔabɛyɛ ɔmanfo a wɔwɔ ɔdɔ na wobu bra pa wɔ baabiara so.
Wɔada no adi dedaw sɛ ebetumi ayɛ yiye. Nnipa pii agyae wɔn kan ɔbrasɛe asetra kwan no. Seesei wɔde adanse a aniwa tua rema sɛ Onyankopɔn Asɛm wɔ tumi. Nanso ɛmfa ho sɛ eyi yɛ ade pa no, abɔnefo adapaafo no mu fã kɛse no ara rensesa. Ɛno nti na Yehowa Nyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɛrenkyɛ obeyi wɔn a wɔyɛ yɛn mmofra basabasa no nyinaa afi asase so—wɔne wɔn nyansapɛ, wɔn akɔnnɔ bɔne, ne wɔn adifudepɛ nyinaa.—1 Yohane 2:15-17.
Afei wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu, a ohia befi hɔ no, mmofra nyinaa bɛtɔ wɔn bo ase anyin a obiara rempoopoo wɔn, ade a Onyankopɔn de akyɛ wɔn fi awo mu no. Ɛnyɛ basabasa a wɔde yɛ mmofra nkutoo na ɛbɛba awiei na mmom nneɛma a nkurɔfo kae a ɛma asetra yɛ mfonoe nnɛ no nyinaa nso bɛba awiei: “Wɔrenkae kan de no na ɛremma koma mu bio.”—Yesaia 65:17.
Enti wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu no, Yesu Kristo nsɛm yi benya mmamu ankasa: “Momma mmofraa no kwan, na munnsiw wɔn me nkyɛn ba ho kwan; na eyinom sɛɛ na ɔsoro ahenni [a ebedi asase, adesamma Paradise fie no so no] yɛ wɔn dea.”—Mateo 19:14.
[Kratafa 9 mfonini]
Boa wo mma ma wonsua Ɔbɔadeɛ no atirimpɔw ne ne nnyinasosɛm ahorow
[Kratafa 9 mfonini]
Fa anifere kyerɛ wo mma nea wɔnyɛ bere a obi de nna puapua wɔn no
[Kratafa 9 mfonini]
Ɔwofo pa a wobɛyɛ no yɛ akyɛde a ɛsom bo ma wo mma
[Kratafa 10 mfonini ahorow]
Wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu no, mmofra nyinaa bɛtɔ wɔn bo anyin yiye