Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 11/8 kr. 30
  • So Woahu Apataa a Ɔrenantew Pɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Woahu Apataa a Ɔrenantew Pɛn?
  • Nyan!—1999
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Armero Ayera Wɔ Asase Mfonini So!”
    Nyan!—1986
  • Anwonwade wɔ Po Kɔkɔɔ no Ase
    Nyan!—1994
  • Chile Adeyɛ Bi Kanyan Kristofo Dɔ
    Nyan!—1992
  • Bɛhwɛ Nsumunam Gua a Ɛso Sen Biara
    Nyan!—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 11/8 kr. 30

So Woahu Apataa a Ɔrenantew Pɛn?

ƐSƐ W’ANI! Ná migyina ɔwora bi ano rehwɛ nea misusuw sɛ ɛyɛ atare a emu nsu ayow no. Nanso akyiri yi mibehui sɛ emu nsu nyowee. Ná nsu mu nam soronko bi rebu afuni wom. Ɔkwan bɛn so na na wɔyɛ soronko? Na wɔn mu biara tenten mmoro nsateakwaa asia. Na wɔyɛ mpataa.

Ɛwom sɛ ka a yɛbɛka sɛ mpataa renantew na wɔrehuruhuruw no te sɛ nea yɛbɛka sɛ asono nso retu ara de, nanso saa pɛpɛɛpɛ na mihui. Nanso ɛbɛyɛ dɛn na apataa atumi asɔre agyina, anantew, anaasɛ wahuruw—yiw, anaasɛ wahome mpo—bere a onni nsu mu no?

Wɔfrɛ apataa a mihui yi aniapoo. Nea ɛma mpataa yi da nsow no ne wɔn aniwa pɔtwepɔtwee a etumi keka kɔ mu no. Ade foforo a ɛma aniapoo da nsow nso ne wɔn abon a ɛma wotumi fa atɛkyɛ mu no—sɛnea onipa de dua hyɛ ne mmɔtoam nantew ara pɛ. Nanso ɔkwan bɛn na aniapoo fa so huruw? Saa apataa soronko yi tumi gyina ne dua so huruw kɔ soro bɛyɛ anammɔn abien. Aniapoo yɛ adwumayɛfo a wɔn ho akokwaw nso, wotumi de wɔn abon di dwuma sɛ sofi de tu bɔn wɔ atɛkyɛ mu.

Aniapoo wɔ biribi a ɔde kora mframa so—afẽ a ɛwɔ ne tirim no, na ɛma no nya nsu pii bere a “ɔrehuruhuruw” wɔ akwaweɛ so no. Sɛ mframa a wakora so wɔ ne mu no sa a, ɔsan kɔpɛ mframa wɔ atɛkyɛ no mu.

Sɛ wowɔ Africa anaa Asia baabi a ɔwora wɔ na sɛ wunsuro ntontom ne owia a ɛbɔ a, dɛn nti na wommɔ mmɔden nkɔhwɛ nsu mu nam a wotumi huruw wɔ atɛkyɛ mu yi bi? Ɛno ansa na wo nso wubetumi aka sɛ woahu nsu mu nam a otumi nantew!—Wɔkyerɛw mae.

[Mfonini Ahorow Fibea wɔ kratafa 30]

Background: Jane Burton/Bruce Coleman Inc.

Inset images: Photographed by Richard Mleczko

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena