Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 10/8 kr. 32
  • Betie Asɛm a Ɛma Wonya Anidaso Pa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Betie Asɛm a Ɛma Wonya Anidaso Pa
  • Nyan!—1999
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bra Betie Baguam Ɔkasa a Ɛne “Gyidi ne Wo Daakye”
    Nyan!—1997
  • “Onyankopɔn a Yɛne No Bɛnantew Bɛma Yɛanya Nhyira Nnɛ De Akosi Daa”
    Nyan!—2004
  • Bra na Betie Baguam Asɛm No:
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Bra, Betie Baguam Ɔkasa a Wuntua Hwee“Ɔkwan Biako Pɛ a Wɔfa so Kɔ Daa Nkwa Mu”
    Nyan!—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 10/8 kr. 32

Betie Asɛm a Ɛma Wonya Anidaso Pa

BAGUAM kasa a wɔato din “Wɔyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo—Sɛnea Wɔahyɛ Ho Nkɔm No,” a wɔbɛma wɔ Yehowa Adansefo “Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm” Ɔmantam Nhyiam ase no bɛma wɔate saa asɛm yi. Nnipa pii wɔ anidaso sɛ adesamma benya nhyira wɔ afe 2000 a ɛreba no mu.

Sukuupɔn bi mu ɔbenfo bi kae sɛ, “mfirihyia apem a yerebɛhyɛn mu no bɛma yɛade yɛn ho afi afeha bi a ɔhaw ankasa wom ho.” Maclean’s nsɛmma nhoma no kae sɛ, “ɛwom sɛ afe 2000 no bɛyɛ kalanda so afe foforo kɛkɛ de, nanso ebetumi ayɛ mfe foforo a ɛyɛ anigye bi mfiase.” Nanso, osuahu a yɛanya no da no adi sɛ eyi rentumi nyɛ yiye.

Nnipa adi nkogu bere nyinaa wɔ mmɔden a wɔabɔ sɛ wɔbɛma yɛanya “asetra foforo” no mu. Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn atumi anya bɔhyɛ a Onyankopɔn de mae bɛboro mfe 1,900 a atwam ni a ɛse: “Hwɛ, meyɛ ade nyinaa foforo” no mu gyidi? (Adiyisɛm 21:5) Wɔde eyi ho ntease a edi mu bɛma wɔ baguam kasa a ɛyɛ anigye yi mu. Wubetumi akɔ beae a ɛbɛn wo akotie bi, efisɛ efi December mu no, wɔbɛma no wɔ nhyiam horow a wɔbɛyɛ wɔ Ghana nyinaa no ase.

Sɛ wopɛ sɛ wuhu baabi a wɔbɛyɛ nhyiam yi bi a ɛbɛn wo a, hu Yehowa Adansefo a wɔwɔ baabi a wote no, anaasɛ kyerɛw wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi no. Yɛn nsɛmma nhoma a ɛka eyi ho Ɔwɛn-Aban, no de mmeae a wɔbɛyɛ nhyiam no bi wɔ Ghana ne United States address ama wɔ February 15, 1999 de no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena