Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 10/8 kr. 20-21
  • Sɛnea Yɛbɛpaw Aware Mu Ɔhokafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Yɛbɛpaw Aware Mu Ɔhokafo
  • Nyan!—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nhwɛ Ahoɔfɛ Nkutoo
  • ‘Ware Awurade Mu Nko’
  • Awaregye
  • Onyankopɔn Akwankyerɛ A Wogyina So Paw Aware Mu Ɔhokafo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Aware—Akyɛde a Efi Ɔdɔ Nyankopɔn Hɔ
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
  • Aware Betumi Agyina Wɔ Nnɛ Wiase Yi Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Ɔsom Biako Mu Aware—Dɛn Nti na Ɛho Hia?
    Nyan!—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 10/8 kr. 20-21

Bible No Adwene

Sɛnea Yɛbɛpaw Aware Mu Ɔhokafo

WOBISAA ƆBEA HOKWAFO BI SƐ, “SO WUDWEN AWARE HO?” OBUAE NTƐMSO SƐ, “MIDWEN HO KƐKƐ? ƐHAW ME NSO.”

SAA asɛm tiawa a ɔbea yi kae no da sɛnea ebinom ani gye ho kɛse sɛ wobenya wɔn adɔfo ne ahokafo no adi. Nnipa pii bu aware mu ɔhokafo a wobenya no sɛ ahiade titiriw wɔ asetram. Enti, wɔ wiase nyinaa no, wɔayɛ nhyehyɛe a enni ano a wosusuw sɛ ebetumi aboa ma obi anya aware mu ɔhokafo. Nanso, wɔ wiase no fa kɛse no ara mu no, aware a ɛsɛe no dodow bunkam nea egyina no so.

Wɔ Atɔe fam aman mu no, nnipa a wɔwɔ hɔ no ankasa na wɔpaw wɔn ahokafo. Nanso, wɔ Asia ne Afrika mmeae bi no, wɔda so ara gye aware ma afoforo. Ɛnsɛ sɛ yebu emu biara adewa. Gyinae bi wɔ hɔ a sɛ obi si wɔ asetram a ebetumi ama n’ani agye na ebi nso betumi ama wadi awerɛhow. Awarepa betumi ama obi anya anigye ne akomatɔyam kɛse. Ɔkwan foforo so no, aware bɔne betumi ama obi adi yaw ne awerɛhow.—Mmebusɛm 21:19; 26:21.

Te sɛ afoforo no, nokware Kristofo nso pɛ sɛ wɔn aware yɛ nea anigye ne akomatɔyam wom. Nanso wɔpɛ sɛ wɔsɔ Onyankopɔn ani na wɔhyɛ no anuonyam nso. (Kolosefo 3:23) Sɛ Ɔbɔadeɛ ne aware Hyehyɛfo no, Onyankopɔn nim nea ehia yɛn kɛse ne nea eye ma yɛn nso. (Genesis 2:22-24; Yesaia 48:17-19) Afei nso, wahu aware a eye ne nea enye pii wɔ mfe mpempem pii a nnipa de atra ase no mu. Onim nea eye ma yɛn ne nea enye. (Dwom 32:8) Ɔde nnyinasosɛm a emu da hɔ na ebetumi aboa Kristoni biara ma wasi gyinae pa ama wɔ N’asɛm Bible mu. Nnyinasosɛm yi bi ne dɛn?

Nhwɛ Ahoɔfɛ Nkutoo

Wɔ mmeae a ankorankoro na wɔpaw wɔn aware mu ɔhokafo no, ebia wonnye bere pii mfa nhu nea wɔbɛware no no na etumi ba sɛ wɔn nnamfo anaa wɔn abusuafo mpo na wɔka wɔn ho asɛm kyerɛ wɔn. Mpɛn pii no, ahoɔfɛ na ɛma obi nya obi ho dɔ. Ɛwom sɛ eyi yɛ nkate a emu yɛ den na ɛyɛ ne kwan so de, nanso Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ sɛ yɛrebɛware a, yensusuw nneɛma pii ho nsen ahoɔfɛ nkutoo.

Mmebusɛm 31:30 ka sɛ: “Osoowayɛ yɛ nnaadaa, na ahoɔfɛ yɛ ahuhude; ɔbea a osuro [Yehowa, NW] na wobeyi no ayɛ.” Ɔsomafo Petro kaa “komam nipa a wahintaw no, honhom a edwo na ɛyɛ komm ade a ɛmporɔw na ne bo yɛ den Onyankopɔn anim” ho asɛm. (1 Petro 3:4) Yiw, honhom fam su a nipa a wobɛware no no kura—n’ahofama ne ɔdɔ a ɔwɔ ma Onyankopɔn ne su ahorow a okura sɛ Kristoni—no ho hia koraa sen ahoɔfɛ. Ɛho hia sɛ wugye bere de paw obi a ɔfata, obi a wo ne no kura honhom fam botae biako na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛsow Onyankopɔn honhom aba no nso. Eyi bɛboa kɛse ma w’aware ayɛ anigye.—Mmebusɛm 19:2; Galatifo 5:22, 23.

‘Ware Awurade Mu Nko’

Nipa a wopɛ sɛ woware no a wo ne no kura botae biako no ho hia kɛse. Aware nna fam koraa, enti ehia sɛ awarefo no nyinaa yɛ nsakrae wɔ wɔn suban ne wɔn nneyɛe mu. Ɛyɛ nokware sɛ dodow a wo ne nipa no adwene hyia no, dodow no ara na mutumi yɛ nsakrae yi.

Eyi boa ma yɛte nea enti a ɔsomafo Paulo tuu Kristofo fo sɛ wɔne “wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro” no ase. (2 Korintofo 6:14) Na Paulo nim sɛ obi a ɛsono ne gyidi ne ntease a ɔwɔ wɔ Bible nnyinasosɛm ho a yɛbɛware no no betumi de asɛm aba. Enti, Afotu a ɛne sɛ ‘yɛnware Awurade mu nko’ no fata. (1 Korintofo 7:39) Ɛda Onyankopɔn adwene adi. Wɔn a wotie asɛm no yiye no nhyia ɔhaw ne nsɛnnennen pii.—Mmebusɛm 2:1, 9.

Awaregye

Na mmeae a wɔda so gye aware ma obi no nso ɛ? Sɛ nhwɛso no, ebinom abu akontaa ahu sɛ, wɔ India anaafo fam no, ɛyɛ awofo na wogye aware ɔha biara mu 80 ma wɔn mma. Sɛ awofo a wɔyɛ Kristofo bedi amammerɛ yi akyi anaasɛ wɔrenyɛ saa no gyina wɔn ankasa so. Ɔkwan biara so no, aware a ɛtete sɛɛ no tumi gyina, sɛ wɔma honhom fam nneɛma ho hia wɔn kɛse wom a.

Wɔn a wɔpɛ aware a wogye ma no ka sɛ eye efisɛ wɔn a wɔn ho akokwaw na wodi aware yi anim. Kristoni panyin bi a ɔwɔ Afrika kae sɛ: “Awofo binom susuw sɛ esiane sɛ wɔn mma nnyinyinii na wonni osuahu nti, wonnye nni sɛ wobetumi apaw ɔhokafo a ne ho akokwaw honhom mu.” Ɔhwɛfo kwantufo bi a ɔwɔ India nso ka sɛ: “Mmofra nni osuahu wɔ asetram ma enti ebia wobegyina wɔn nkate so na asisi gyinae.” Awofo susuw sɛ esiane sɛ wɔn na wonim wɔn mma yiye nti, wɔn na wobetumi apaw obi a ɔfata paa ama wɔn. Wɔn nso na wobetumi ahu aberante ne ababaa a wɔrebɛware no adwene yiye.

Nanso, sɛ awofo amfa Bible nnyinasosɛm anni dwuma a, nsɛm betumi ahaw wɔn akyiri yi sɛ awarefo no hyia nsɛnnennen a. Esiane sɛ mpɛn pii no wɔn a wɔrebɛware no ntumi nnya bere pii mfa nhu wɔn ho yiye nti, nsɛmnsɛm betumi asɔre. Na sɛnea agya bi a ɔyɛ Kristoni a ɔwɔ India kyerɛkyerɛ mu no, sɛ ɛba saa a, “wɔde asodi no bɛto awofo no so.”

Ɛsɛ sɛ awofo a wɔyɛ Kristofo a wɔrekogye aware ama wɔn mma no susuw adwene ko a wɔde yɛ saa no ho. Sɛ obi gyina honam fam nneɛma ne anuonyam a obenya so hwehwɛ ɔhokafo a, ɛde nsɛm ba. (1 Timoteo 6:9) Enti, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔregye aware no bisa wɔn ho nsɛm yi, ‘So me gyinaesi no bɛma wɔn a wɔreware no anya anigye na wɔadi yiye wɔ honhom mu? Anaasɛ meyɛ saa na ama abusua no anya din anaa agyapade anaasɛ sika?’—Mmebusɛm 20:21.

Afotu a Bible de ma no mu da hɔ na mfaso wɔ so nso. Sɛ yɛrepaw aware mu ɔhokafo a, ɛsɛ sɛ yɛma suban pa a ɔwɔ ne ne honhom fam gyinabea no ho hia yɛn kɛse, ɛmfa ho ɔkwan a wɔfa so ware yi mu nea yɛbɛpaw no. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛde anuonyamhyɛ brɛ Yehowa Nyankopɔn a Ɔyɛɛ aware nhyehyɛe no na wɔn a wɔreware no betumi anya honhom fam nhyɛase pa. (Mateo 7:24, 25) Eyi betumi de anigye ne akomatɔyam aba aware no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena