Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 11/8 kr. 17-19
  • Dɛn Nti na Mintumi Nka Me Ho Nkɔ Nnipa Mu Pii?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti na Mintumi Nka Me Ho Nkɔ Nnipa Mu Pii?
  • Nyan!—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Fɛre Ho Wɔ Asɛm no Mu
  • Fɛre—Ɔhaw a Abu So
  • Ɔhaw no Mu Yɛ Den
  • Ɔhaw Afoforo
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Aka Me Ho Akɔ Nnipa Mu Pii?
    Nyan!—1999
  • Mɛyɛ Dɛn Adi Fɛre So?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Wofɛre Ade?
    Yɛn Ahenni Som—2000
  • “Osetie Ye Sen Afɔre”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 11/8 kr. 17-19

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Dɛn Nti na Mintumi Nka Me Ho Nkɔ Nnipa Mu Pii?

“Sɛ woyɛ obi a ɔfɛre ade a, ɛyɛ ahometew. Ɛyɛ ehu kɛse a ɛsɛ sɛ wudi so. Ɛyɛ ahometew ankasa.”—Richard.a

“Bere a na merenyin no, na mefɛre ade paa. Ɛte sɛ nea na mako me ho dodo.”—Elizabeth a wadi mfe 18.

‘BIRIBI haw me anaa? Dɛn nti na mintumi nka me ho nkɔ nnipa mu pii?’ So ɛtɔ mmere bi a wubisa wo ho saa nsɛm yi? Te sɛ Richard, a yɛaka ne ho asɛm wɔ atifi hɔ no, sɛ wuhyia obi a wunnim no a, ebia ɛma ehu ka wo anaasɛ wo ho tumi popo. Sɛ wudu nnipa a wɔwɔ dibea mu a, ebia wo ho popo. Anaasɛ sɛ wɔma wo kwan sɛ kyerɛ w’adwene wɔ asɛm bi ho a, ebia woma nea afoforo bedwen afa wo ho no haw wo dodo ma enti wuntumi nkasa. Abeawa bi a wɔfrɛ no Tracey kae sɛ: “Ɛyɛ a ɛyɛ den yiye ma me sɛ me ne nnipa a minnim wɔn pii no bɛkasa.”

Dɛn koraa na ɛma obi nya nkate a ɛte saa? Ɔkwan biako a yɛbɛfa so adi ɔhaw no ho dwuma ne sɛ yebehu sɛnea ɛte ankasa. (Mmebusɛm 1:5) Ɔbea bi kae sɛ: “Na minnim nea enti a sɛ mewɔ nnipa mu a, me ho yeraw me no. Nanso afei a mahu nea enti a ɛte saa no, metumi ayɛ ho biribi.” Enti momma yɛnhwehwɛ nea enti a ɛyɛ den ma mmofra binom sɛ wɔbɛka wɔn ho akɔ nnipa mu no mu kakra.

Sɛnea Fɛre Ho Wɔ Asɛm no Mu

Ebia fɛre ne ade titiriw wɔ asɛm no mu. Bere a abofra a ɔka ne ho kɔ nnipa mu nya nnamfo pii no, abofra a ɔfɛre ade, na ɔnka ne ho nkɔ nnipa mu no bɛte nka sɛ wayɛ ankonam. Elizabeth a wadi mfe 18 no ka sɛ: “Bere a merenyin no, na mefɛre ade ankasa. Ɛte sɛ nea na mako me ho dodo.” Diane kae ɔhaw a ohyiae wɔ afe a edi kan koraa a ɔkɔɔ ntoaso sukuu no. “Na mempɛ sɛ afoforo behu me. Na mewɔ ɔkyerɛkyerɛfo bi a ɔmaa yɛkyerɛɛ sɛnea yɛte nka wɔ hu a afoforo behu yɛn no ho. Ɔma yɛpaw nɔma fi ohunu kosi anum so de kyerɛɛ yɛn adwene, a ohunu no kyerɛ sɛ wususuw sɛ ɛho nhia sɛ wobɛma afoforo ahu wo, na anum no kyerɛ sɛ wususuw sɛ ɛho hia sɛ wobɛma afoforo ahu wo. Mmabaa a wɔagye din wɔ sukuu no mu no nyinaa paw anum. Mepaw ohunu. Wɔ me fam no, ɛkame ayɛ sɛ na fɛre ne ade a ɛma mesuro sɛ afoforo behu me. Wompɛ sɛ afoforo behu wo anaasɛ nkurɔfo adwene bɛba wo so efisɛ wusuro sɛ ebia wɔrempɛ w’asɛm.”

Nokwarem no, nkate a ɛma obi fɛre ade kakra no nyɛ ade bɔne. Ade a ɛbɛn fɛre paa ne ahobrɛase—ɛma yegye yɛn mmerɛwyɛ ahorow tom. Wɔaka akyerɛ yɛn pefee wɔ Bible mu sɛ ‘yɛne yɛn Nyankopɔn nnantew wɔ ahobrɛase mu.’ (Mika 6:8) Ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ wobɛbɛn obi a ɔwɔ ahobrɛase anaa ɔfɛre ade kakra sen obi a ɔyɛ ahantan, ɔntew n’anim, anaasɛ ɔyɛ nhyɛso. Bere a ɛyɛ nokware sɛ “ɔkasa wɔ ne bere” no, ‘kommyɛ nso wɔ ne bere.’ (Ɔsɛnkafo 3:7) Ɛnyɛ den mma wɔn a wɔfɛre ade sɛ wɔbɛyɛ komm. Esiane sɛ wɔbɔ mmɔden ‘yɛ ntɛm tie, yɛ nyaa kasa’ nti, nkurɔfo taa kamfo wɔn sɛ wɔyɛ atiefo pa.—Yakobo 1:19.

Nanso, mpɛn pii no, abofra bi tumi yɛ dinn, fɛre ade anaasɛ ɔyɛ tebɔɔ araa ma ɛyɛ den ma no sɛ obenya nnamfo. Na tebea ahorow a ɛkɔ akyiri mu no, fɛre betumi de no aba tebea a ɔkyerɛwfo bi frɛ no “afiasenna a ɛmfata” mu—ɔtew ne ho fi nnipa ho.—Mmebusɛm 18:1.

Fɛre—Ɔhaw a Abu So

Sɛ wofɛre ade a, kae sɛ ɛyɛ ɔhaw a abu so ankasa. Wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ mmofra a wɔkɔ ntoaso sukuu ne kɔlege mu no, “sukuufo no mu ɔha biara mu 82 hui sɛ wɔ wɔn asetra mu mmere bi no, na wɔfɛre ade.” (Adolescence, a Eastwood Atwater kyerɛwee no) Na ebinom fɛre ade wɔ Bible mmere mu mpo. Ebia na ɛyɛ mmarima a na wɔwɔ dibea te sɛ Mose ne Timoteo no haw.—Exodus 3:11, 13; 4:1, 10, 13; 1 Timoteo 4:12; 2 Timoteo 1:6-8.

Susuw Saulo, tete Israel hene a odi kan no ho hwɛ. Mpɛn pii no, na Saulo yɛ ɔbarima a ɔwɔ akokoduru. Bere a n’agya mmoa no bi yerae no, Saulo de akokoduru fii adi kɔhwehwɛɛ wɔn. (1 Samuel 9:3, 4) Nanso bere a wɔde no yɛɛ ɔman no hene no, mpofirim ara ɔbɛfɛree ade. Sɛ anka Saulo bɛba abegyina nnipadɔm no anim no, okohintawee!—1 Samuel 10:20-24.

Ebia ɛbɛyɛ den sɛ yɛbɛte nea enti a na Saulo nni ahotoso no ase. Anyɛ yiye koraa no, Bible ka ne ho asɛm sɛ aberantewaa kokodurufo a ne ho yɛ fɛ. Efisɛ, “efi ne mmati so rekɔ no, ɔware sen obiara ɔman no mu”! (1 Samuel 9:2) Afei nso, na Onyankopɔn diyifo ahyɛ Saulo bɔ sɛ, Yehowa behyira n’ahenni sɛ ɔhene no so. (1 Samuel 9:17, 20) Wɔ eyi mu mpo no, na Saulo nnye ne ho nni. Bere a wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔbɛyɛ ɔhene no, ofi ahobrɛase mu buae sɛ: “Me de, meyɛ Benyaminni, na Israel mmusuakuw mu ketewaa no mu na mifi, na m’abusua ne Benyamin abusuakuw mu mmusua nyinaa mu ketewa. Na ɛdɛn nti na woka saa asɛm yi kyerɛ me?”—1 Samuel 9:21.

Sɛ na obi a ɔte sɛ Saulo nnye nni sɛ obetumi ayɛ biribi a, ɛnyɛ nwonwa sɛ ɛtɔ mmere bi a wunnye nni sɛ wubetumi ayɛ biribi. Sɛ aberante anaa ababaa no, woadu asetra mu bere bi a, wo nipadua sakra ntɛmntɛm. Afei na woresua sɛnea wɔyɛ ade sɛ ɔpanyin. Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa sɛ, ɛtɔ mmere bi a wobɛfɛre ade na ayɛ wo sɛ wuntumi nyɛ biribiara. Oduruyɛfo David Elkind kyerɛwee wɔ Parents nsɛmma nhoma no mu sɛ: “Sɛ mmofra du wɔn mpanyin afe so a, mfiase no wɔn mu pii fɛre ade, bere a wohyia nea mefrɛ no atiefo a wɔde adwene bu wɔn—atenka a ɛne sɛ nkurɔfo rehwɛ wɔn na wɔde wɔn ani asi wɔn ahosiesie ne wɔn nneyɛe so—no.”

Esiane sɛ mmerante ne mmabaa atipɛnfo taa ka wɔn ahosiesie ho asɛm nti, wɔn mu pii ma wɔn ahosiesie ho asɛm haw wɔn. (Fa toto 2 Korintofo 10:7 ho.) Nanso, ɛnyɛ papa sɛ obi de n’adwene besi n’ahosiesie so pii. Ababaa bi a wɔfrɛ no Lilia a ɔwɔ France no ka nea nankasa ahu wɔ asɛm yi ho sɛ: “Mihyiaa ɔhaw a mmofra pii hyia no. Nsawanini beguu m’anim! Worentumi mmɛn afoforo efisɛ wudwen sɛnea w’anim ayɛ no ho.”

Ɔhaw no Mu Yɛ Den

Esiane sɛ afoforo ntaa nte nnipa a wɔfɛre ade ase nti, ɛwom ara a ebetumi ama wɔayɛ ankonam. Adolescence nhoma no ka sɛ: “Ɛyɛ den yiye ma mmofra a wɔadu mpanyin afe so a wɔfɛre ade sɛ wobenya nnamfo, efisɛ afoforo taa nya wɔn nneyɛe no ho adwene a ɛnteɛ. Wɔtaa bu wɔn a wɔfɛre ade sɛ nnipa a wɔatew wɔn ho, wɔn ani ahaw, wɔn ani nnye, wɔredwen wɔn ho, wɔmpɛ nnipa, na wɔmpɛ agoru. Sɛ obi fa saa kwan no ara so ne wɔn di a, ebia ɛbɛma wɔayɛ ankonam kɛse, na wɔabotow.” Nokwarem no, eyi ma wɔn fɛre no yɛ kɛse mpo a wontumi nyɛ ho hwee, na ɛma adwene a ɛnteɛ a wɔwɔ sɛ afoforo bu wɔn animtiaa anaasɛ wɔmfa wɔn nyɛ hwee no mu yɛ den mmom.

Nokwarem no, esiane sɛ woayɛ “ahwɛde ama wiase” no denam Kristoni a woyɛ no nti, ɛsɛ sɛ wohwɛ sɛnea wubu afoforo no yiye. (1 Korintofo 4:9) Sɛ wo ne afoforo rekasa a, so wompɛ sɛ wobɛhwɛ wɔn anim? So sɛnea wotra ase anaa wugyina hɔ ne sɛnea wokeka wo ho no da no adi sɛ wopɛ sɛ ɛka wo nkutoo a afoforo mmɛn wo? Ɛnde hyɛ no nsow sɛ afoforo benya wo ho adwene a ɛnteɛ na wɔbɛtwe wɔn ho afi wo ho. Eyi betumi ama ayɛ den kɛse sɛ wubenya nnamfo.

Ɔhaw Afoforo

Nanso ade biako a ɛhaw adwene nso ne huammɔdi ho suro. Ampa, eye ankasa sɛ wobɛfɛre ade anaasɛ wunnye wo ho nni bere a woreyɛ biribi a wonyɛɛ bi da, na wonni ho nimdeɛ no. Nanso mmofra binom yɛ saa ma ɛkɔ akyiri dodo. Sɛ ababaa no, na Gail wɔ su bi a ɔno ankasa frɛ no nnipa ho suro. Ɔka sɛ: “Na memma mmuae wɔ sukuu mu. Mpɛn pii no, na wɔde haw m’awofo adwene sɛ: ‘Ɔmma ne nsa so. Ɔnkasa nnipa ho.’ Na mete nka sɛ ɛmfata sɛ meyɛ saa na na ɛhaw me. Nanso, mprempren mpo ɛda so ara yɛ me den.” Osuro a obi wɔ sɛ obedi afoforo huammɔ no betumi ahaw no. Aberante bi a wɔfrɛ no Peter ka sɛ: “Mempɛ sɛ medi mfomso. Minnye nni sɛ nea mereyɛ no teɛ ankasa.” Atipɛnfo fɛwdi a ɛyɛ anibere ne ɔkasatia betumi ama ehu aka abofra na wate nka sɛ ontumi nyɛ hwee.

Fekubɔ mu osuahu a obi nni nso yɛ ɔhaw foforo a abu so. Ebia ɛyɛ wo fɛre sɛ wobɛda wo ho adi akyerɛ obi a wunhyiaa no da, a adwene no ara ne sɛ wunnim nea wobɛka. Ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ ɛtɔ mmere bi a, wɔn a wɔn mfe akɔ anim mpo fɛre sɛ wɔbɛkɔ nnipa mu. Adwumawura bi a wɔfrɛ no Fred ka sɛ: “Wɔ adwumayɛ mu no, minim sɛnea mɛyɛ me nneɛma yiye. Sɛ mereka adwuma ho asɛm a, mente nka sɛ magyaw biribi a ɛbɛma obi aka me ho asɛmmɔne. Nanso sɛ me ne nnipa a wɔte saa ara rebɔ asetra mu nkɔmmɔ a, na mefɛre. Mehu sɛ nkɔmmɔ no ayɛ anihaw anaasɛ nkɔmmɔ hunu koraa a ɛnyɛ anigye papa.”

Sɛ wofɛre ade, wotew wo ho fi nnipa ho, anaasɛ wompɛ nnipa no, mfaso wɔ so sɛ wubesua sɛnea yɛka yɛn ho kɔ nnipa mu. Bible hyɛ Kristofo nkuran sɛ ‘wɔntrɛw wɔn nuadɔ mu’ na wonhu afoforo! (2 Korintofo 6:13) Nanso wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Yebesusuw eyi ho wɔ nea ɛbɛba akyiri yi no mu.

[Ase hɔ asɛm]

a Yɛasesa edin no bi.

[Kratafa 18 mfonini]

Mpɛn pii no wobu nnipa a wɔfɛre ade sɛ wɔatew wɔn ho

[Kratafa 18 mfonini]

Suro a mmofra binom suro sɛ wobedi afoforo huammɔ no ma wɔtew wɔn ho fi nnipa ho

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena