Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/00 kr. 4
  • Wofɛre Ade?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wofɛre Ade?
  • Yɛn Ahenni Som—2000
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti na Mintumi Nka Me Ho Nkɔ Nnipa Mu Pii?
    Nyan!—1999
  • Mɛyɛ Dɛn Adi Fɛre So?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Aka Me Ho Akɔ Nnipa Mu Pii?
    Nyan!—1999
  • Monkɔ So Nka Onyankopɔn Asɛm No A Munsuro
    Yɛn Ahenni Som—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2000
km 7/00 kr. 4

Wofɛre Ade?

1 Sɛ yehu abofra bi sɛ ogyina ne maame anaa ne papa akyi wiawia n’ani hwɛ yɛn a, ɛnyɛ yɛn nwonwa. Ɛkame ayɛ sɛ abofra biara fɛre ade. Mpanyimfo pii mpo fɛre ade. Sɛ wofɛre sɛ wobɛkɔ asɛnka a, dɛn na wubetumi ayɛ?

2 Fɛre a Wubedi So: Ɛsɛ sɛ woma “komam nipa a wahintaw no” ho hia wo. (1 Pet. 3:4) Nya ɔdɔ a edi mu ma Yehowa ne wo mfɛfo nnipa. Gye tom koraa sɛ asɛnka adwuma a wobɛyɛ no yɛ akwan a ɛsen biara a wode bɛkyerɛ sɛ wowɔ ɔdɔ a edi mu no mu biako. Yɛ kokoam adesua ne nhyiamkɔ ho nhyehyɛe pa. Bɔ mpae daa hwehwɛ Yehowa mmoa. Ne mu gyidi a edi mu a wubenya no bɛma woanya ahotoso ne nnamyɛ a ‘ɛboro so a wode bɛka Onyankopɔn asɛm no a wunsuro.’—Fil. 1:14.

3 Mmu wo ho abomfiaa. Na ɛsɛ sɛ Timoteo ko tia su a ɛte saa. Paulo tuu Timoteo fo sɛ ‘ɔmmma obi mmmu n’aberante a ɔyɛ no abomfiaa,’ na ɔka kyerɛɛ no sɛ “Onyankopɔn amma yɛn ehu honhom, na mmom ahoɔden de.” (1 Tim. 4:12; 2 Tim. 1:7) Yehowa de Timoteo dii dwuma pii, na sɛ wunya Ne mu ahotoso a ɛfata a, ɔde wo nso bedi dwuma.—Dw. 56:11.

4 Bible mu asɛm a ɛwɔ Mateo 10:37 no boaa onuawa bi a ade a ɔfɛre no ama osuro ne kunu a ɔsɔre tia no no. Bere a ɔbɔɔ ne ho mmɔden no, asɛnka bɛyɛɛ mmerɛw maa no, na awiei koraa no ne kunu, ne maame, ne ne nua mmarima begyee nokware no!

5 Ahosiesie Ho Hia: Wo ho a wubesiesie no yiye ansa na woakɔ asɛnka no bɛma woanya ahotoso kɛse. Paw asɛm a wɔka kyerɛ a ɛnyɛ den fi Reasoning nhoma no anaa Yɛn Ahenni Som ahorow a atwam mu, na sua no yiye. Sɛ anka wobɛma nsɛm ahaw wo no, nya adwempa. Wo ne afoforo mmom nyɛ adwuma na woanya akokoduru. Kae sɛ nnipa pii a wokɔ wɔn fie no nso fɛre ade te sɛ wo ara. Ɛsɛ sɛ obiara te Ahenni asɛm no.

6 Sɛ wofɛre ade a, mma ɛnnhaw wo. Sɛ wobɔ wo ho mmɔden a, Yehowa bɛboa wo ma woayɛ ɔsɛmpakafo a ɔyɛ nnam. Ɛno bɛma w’ani agye wo som adwuma no ho.—Mmeb. 10:22.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena