Monkɔ So Nka Onyankopɔn Asɛm No A Munsuro
1 Bere a wohuu nnam a Yesu de kasae no, Yerusalemfo no kae sɛ: “Ɛnyɛ oyi ne nea wɔrehwehwɛ no akum no no. Na hwɛ ɔkasa pefee.” (Yoh. 7:25, 26) Yesu yɛɛ nhwɛso sɛ Onyankopɔn Asɛm no ho sɛnkafo a onsuro. Ná Onyankopɔn ama no adwuma sɛ ɔnyɛ, ma enti ɔremma onipa ho suro mma ehu nka no mma ɔnka n’ano ntom. Ɔde akokoduru a ɛte saa ara hyɛɛ n’asuafo anokwafo no mu. Wɔn nhyiam a etwa to no ase no, ɔhyɛɛ asuafo no sɛ wɔnka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm no na wɔnkyerɛkyerɛ wɔ mmeae nyinaa. Wɔyɛɛ saa wɔ akokoduru so.—Mat. 28:19, 20; Aso. 1:8.
SO YƐKASA A YENSURO?
2 Ɛnnɛ, wɔ yɛn man yi mu no, yenhyiaa ɔtaa a emu yɛ den te sɛ nea afeha a edi kan Kristofo hyiae no. Nanso, ebia ehu a ɛba wɔ anifere kwan so bɛsɔ wo ahwɛ kɛse. Sɛ nhwɛso no, so wusuro sɛ wo ne ahɔho bɛkasa? Anaa so wusuro sɛ wobɛyɛ sankɔhwɛ a wote nka sɛ worenhu nea wobɛka? Ebinom suro sɛ wɔbɛyɛ asasesin a adefo wom mu adwuma. Mpɛn pii mmofra fɛre sɛ wɔbɛka Ahenni no ho asɛm akyerɛ mmofra afoforo. Saa ara na ebinom suro sɛ wɔne adwuma mpanyimfo anaa mfɛfo adwumayɛfo bɛkasa. Dɛn ne ano aduru? Asomafo no bɔɔ mpae hwehwɛɛ ɔsoro mmoa. (Aso. 4:29) Satan bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma yɛasuro, ɔbɛsɛe ɔpɛ a pɛsɛmenkominya nnim a yɛwɔ sɛ yɛbɛboa afoforo no. Nanso yebetumi anya awerɛhyem sɛ, sɛ yɛde asɛmpa no kɔ afoforo nkyɛn a, Yehowa bɛboa yɛn.—2 Be. 20:15; Aso. 4:31.
3 Wɔ January mu no, yebetumi anya adwuma yi mu kyɛfa denam Survival Into a New Earth nhoma foforo a ekura nkratafa 192 no a yɛde bɛma wɔ afie afie no so. Eyi yɛ nhoma foforo na ɛsɛ sɛ yetumi de ma nea onim akenkan ne nea onnim akenkan biara a ɔwɔ yɛn asasesin no mu wɔ akokoduru so ne anigye mu. Ɛwom, yɛpɛ sɛ yenya nhoma ahorow a ɛwɔ ɔman yi mu kasa horow no bi mu no bi wɔ yɛn nneɛma mu sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ ofiewura no pɛ nhoma bi a ɛwɔ kasa foforo mu a, yebetumi ama ne nsa aka bi. Nanso yɛpɛ sɛ yesi Survival nhoma no so dua titiriw.
4 Ɛsɛ sɛ ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛde nhoma yi bɛma. Wubehu sɛ Nkɔmmɔbɔ Asɛmti, So Wɔbɛsɛe Asase wɔ Nuklea Ɔko Mu? no yɛ nhoma no ti a edi kan a ɛne, Dɛn na Ɛbɛba Okyinsoromma a ɛne Asase So? no mu nsɛm a wɔatwa no tiaa. Ɛsɛ sɛ eyi ma ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛde nhoma a yɛde rema no bɛtõa mu. Kyerɛwnsɛm a ɛwɔ Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no mu no nyinaa yɛ nea wɔde adi dwuma wɔ nhoma no ti yi mu a Kyerɛwnsɛm afoforo te sɛ Dwom 104:4, Yesaia 45:18, Dwom 37:9, 29 ne Adiyisɛm 21:1-5 ka ho. Sɛ ɛyɛ nea woasua Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no yiye a, ebia wobɛpɛ sɛ wode Kyerɛwnsɛm afoforo a wɔde ama wɔ nhoma no mu no di dwuma de sakra w’asɛm no mu. Wubehu sɛ ɛma asɛm no yɛ dɛ.
5 Nhoma no ti abien da nsɛm bi adi a ɛyɛ mmerɛw sɛ wubetumi de adi dwuma anaa wobɛka mu asɛm tiawa wɔ sankɔhwɛ mu. Ti abiɛsa a ɛne, Mprempren Nhyehyɛe no Bɛtra Hɔ Bere Tenten Ahe? no yɛ nsɛm a eye a wɔde fi ofie Bible adesua ase na wɔtoa so kɔ ti anan a ɛne, Asetra Ko a Ɛretwɛn Wɔn a Wobegye Wɔn Nkwa, no mu. Enti yebetumi de nhoma foforo yi adi dwuma fi nsrahwɛ a edi kan pɛɛ no mu akosi ofie Bible adesua a wofi ase yɛ ne wɔn a wɔte sɛ nguanten a wɔkyerɛ wɔn kwan ba Yehowa ahyehyɛde no mu ma nkwagye no so. Sɛnea ɛbɛma wo ho akokwaw wom ankasa no, yɛhyɛ nyansa sɛ wo ne afoforo mmobɔ Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no ne nhoma a yɛde rema no so ansa na moafi adi akɔ asɛnka. Eyi bɛma woanya ahotoso kɛse wɔ ofie no mu na ahyɛ wo den ma woaka asɛm no a wunsuro.
6 Kwasida a edi kan ne Memeneda a ɛto so abien ne anan wɔ ɔsram biara mu yɛ asɛnka nna atitiriw. Yɛhyɛ nyansa sɛ hyɛ da yi saa nna yi si hɔ ma asɛnka adwuma. Hyɛ no nsow sɛ wɔahyɛ nna yi agyirae wɔ Asafo kalenda no so ma ɛkae yɛn sɛ ɛsɛ sɛ yenya hokwan atitiriw bi ma ɔsom adwuma no.
7 Yɛn atirimpɔw nti a yɛka asɛm no yɛ nea ɛsen nhoma a yebegyaw ama anigyefo ara kwa. Sɛ yɛbɛyɛ asuafo a, na ɛsɛ sɛ yɛyɛ sankɔhwɛ. Monsan ntoa nkɔmmɔbɔ no so denam adwene a wobɛtwe asi nsrahwɛ a edi kan no so aka nneɛma a mobɔɔ ho nkɔmmɔ no bi ho asɛm no so. Nya biribi pɔtee bi wɔ w’adwene mu fi nhoma a wopɛ sɛ wode di dwuma no mu. Eyi bɛma onipa no ahu bo a nhoma no som na ebia ɛbɛma woanya hokwan ayɛ Bible adesua ho ɔyɛkyerɛ
8 Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yehu sɛ nnipa pii regye nokware no! Ɛdenam Onyankopɔn Asɛm no a yɛka a yensuro so no, yɛkyerɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne ne ba no. Anigye a yebenya wɔ asɛnka adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa yi ho bɛboa yɛn ma yɛako atia Satan ntua ahorow na yɛakyerɛ sɛ yɛayɛ ‘nnam aboro so a sɛ yɛka Onyankopɔn Asɛm no a, yensuro.’—Fil. 1:14.