‘Ka Nyankopɔn Asɛm a Wunsuro’
1 Ɛtɔ mmere bi a wotwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛka wo gyidi ho asɛm bere a hokwan bue wɔ sukuu anaa adwuma mu no? Ɛyɛ den ma wo sɛ wubedi w’abusuafo ne w’afipamfo anaa ebia nnipa a wunnim wɔn adanse wɔ bɔnnɔ so? Dɛn na ɛbɛboa yɛn nyinaa ma yɛde hokwan biara a yebenya no ‘aka Nyankopɔn asɛm a yensuro’?—Filip. 1:14.
2 Ntwentwɛn Wo Nan Ase: Sɛ obi atwa atoro ato w’adamfo paa anaa wo busuani bi so a, so wobɛtwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛka bi ama no? Wɔasɛe Yehowa, yɛn Adamfo paa no din mfe pii ni. Yɛanya hokwan soronko sɛ yebedi yɛn Nyankopɔn kɛse no ho adanse! (Yes. 43:10-12) Ɔdɔ a emu yɛ den a yɛwɔ ma Yehowa no betumi aboa yɛn ma yɛadi fɛre anaa osuro so, na ebetumi aka yɛn ma yɛaka yɛn gyidi ho asɛm, na yɛrentwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛde akokoduru bedi nokware no ho adanse.—Aso. 4:26, 29, 31.
3 Kae sɛ asɛm a yɛka no yɛ asɛmpa. Wɔn a wotie no benya so mfaso daa. Yɛn adwene a yɛde besi bo a asɛnka adwuma no som so sen sɛ yɛde besi yɛn ankasa anaa yɛn atamfo so no bɛboa yɛn ma yɛde akokoduru aka asɛm no.
4 Afoforo Nhwɛso: Afoforo a wɔde nokwaredi aka Onyankopɔn asɛm akokoduru so no nhwɛso betumi ahyɛ yɛn den. Sɛ nhwɛso no, Henok de akokoduru kaa Yehowa atemmusɛm a ɔde bɛba nnebɔneyɛfo amumɔyɛfo so no ho asɛm. (Yuda 14, 15) Noa de nokwaredi kaa asɛm no kyerɛɛ nkurɔfo a na hwee mfa wɔn ho no. (Mat. 24:37-39) Afeha a edi kan Kristofo a na “wonsuaa nhoma na wɔyɛ mpapahwekwa no” kɔɔ so kaa asɛm no ɛmfa ho sɛ wohyiaa ɔsɔretia a emu yɛ den no. (Aso. 4:13, 18-20) Wɔn a nnɛ wɔanya Yehowa mu gyidi de adi nnipa ho suro so na wɔde nnamyɛ aka asɛm no asetra mu nsɛm wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu.
5 Yebetumi asusuw tete asomfo anokwafo a wohyiaa tebea a emu yɛ den no abrabɔ ho na yɛanya akokoduru. (1 Ahe. 19:2, 3; Mar. 14:66-71) Wɔnam ‘Nyankopɔn mmoa so nyaa akokoduru’ de kaa asɛm no a wɔansuro. Yɛn nso yebetumi ayɛ saa!—1 Tes. 2:2.