Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 12/8 kr. 13-14
  • Abɔfo Ho Anigye Kɛse a Nkurɔfo Kyerɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abɔfo Ho Anigye Kɛse a Nkurɔfo Kyerɛ
  • Nyan!—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Abɔfo Anya Din
  • Wɔn Ho Nsɛm Wɔ Nhoma Pii Mu
  • Sɛnea Abɔfo Betumi Aboa Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛm no Mu Nokwasɛm a Wɔhwehwɛ
    Nyan!—1999
  • So Wowɔ Ɔbɔfo A Ɔbɔ Wo Ho Ban?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Mmoa a Yenya Fi Onyankopɔn Abɔfo Hɔ
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 12/8 kr. 13-14

Abɔfo Ho Anigye Kɛse a Nkurɔfo Kyerɛ

“Yɛn ‘nyinaa’ wɔ abɔfo a wɔkyerɛ yɛn kwan na wɔbɔ yɛn ho ban . . . Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase sɛ mmofra na yenya wɔn mu ahotoso koraa na yenya ɔdɔ ma wɔn a, wobehyira yɛn kɛse. Wɔne yɛn di agoru. Wɔhwɛ yɛn so. Wɔsa yɛn yare, wɔde wɔn nsa ka yɛn, wɔkyekye yɛn werɛ, na daa wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde nea yehia bɛma yɛn.”—Asɛm yi fi “Angel Letters” nhoma no mu.

ƐSƐ sɛ wugye tom sɛ nnipa pii ani gye abɔfo ho nsɛm a ɛte sɛ eyi ho. Sɛnea adwene a ebinom wɔ wɔ nea wɔfrɛ no “honhom fam nneɛma ho adwene foforo,” ho da no adi no, anyɛ yiye koraa no, yɛn mu biara wɔ ne bɔfo biako, a n’asɛyɛde ne sɛ ɔbɛma yɛn ani agye na wabɔ yɛn ho ban. Wɔka sɛ ɔbɔfo a ɔbɔ wo ho ban no ho yɛ den kɛse na ɔwɔ ɔdɔ. Ɔnhwehwɛ sɛ wobɛyɛ osetie ama no anaa wobɛsom no, ɔremmu wo atɛn na ɔrenka w’anim da. Daa ɔka wo ho na ɔpɛ sɛ esi wo yiye, na ɔwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ ɔbɛma wo nsa aka nea wopɛ biara. Nnipa a wɔte ase nnɛ no pii gye nsɛm a ɛtete sɛɛ di ankasa.

Nokwarem no, abɔfo mu gyidi a nkurɔfo wɔ no nyɛ ade foforo. Abɔfo akɔ so adi dwuma pii wɔ nkurɔfo som ahorow mu fi teteete. Eyi da adi wɔ adwinni, mfonini ne nnwom ahorow mu. Na wɔayɛ abɔfo a wɔfrɛ wɔn Kerubim mfonini de asiesie tete Yudafo ntamadan mu ne wɔn asɔrefie hɔ. Wɔde abɔfo mfonini pii asiesie Kristoman asɔredan bebree mu. Yehu abɔfo mfonini ne wɔn ahoni pii wɔ tete nneɛma akorae.

Sɛnea Abɔfo Anya Din

Abɔfo anya din kɛse nnansa yi wɔ nsase binom so. Wɔtaa ka abɔfo ho asɛm wɔ sini ahorow mu sɛ nnipa a wɔawuwu na wɔaba asase so rebɛyɛ nneɛma pa. Wɔ sini biako bi mu no, abɔfo boaa bɔɔlbɔ kuw bi a na anka wɔreyɛ adi nkogu. Wɔ sini foforo bi mu nso, aberante bi bɔfo boaa no ma otumi dii obi a okum ne mpena werɛ. Wɔka abɔfo a wɔde mmoa ma ho nsɛm pii wɔ U.S. television dwumadi ahorow mu.

Abɔfo ho nnwom abu so. Wɔ mfe kakra a abɛsen kɔ mu wɔ United States no, wɔaka ɔbɔfo ho asɛm wɔ nnwom a agye din paa no 10 biara 1 mu. Ebeduu 1990 mfe no mfinimfini no, na wɔabue “sotɔɔ a wɔtɔn abɔfo ho nneɛma wom” bɛboro 120 wɔ America. Nneɛma a wɔtɔn wɔ sotɔɔ ahorow yi mu ne abɔfo ahoni, agude a wɔde abɔfo adi adwini wɔ ho, pɛnsere ne nhoma a wɔayeyɛ abɔfo mfonini wɔ ho—ne nneɛma a mmofra de di agoru a wɔayeyɛ abɔfo mfonini wɔ ho. Wɔkyerɛkyerɛ sɛnea wobetumi ne abɔfo adi nkitaho wɔ nhyiam horow a wɔyɛ ne nkrataa ahorow mu. Wɔka abɔfo a wɔne afoforo di nkitaho ho ho asɛm wɔ nsɛmma nhoma, atesɛm nkrataa ne TV dwumadi ahorow mu.

Wɔn Ho Nsɛm Wɔ Nhoma Pii Mu

Nhoma pii nso ka wɔn ho nsɛm. Wɔ nhomatɔnbea kɛse bi a ɛwɔ New York City no, wɔtɔn nhoma ahorow a ɛsono emu biara a ɛka abɔfo ho nsɛm, na ne titiriw no nea ɛfa abɔfo a wɔbɔ nkurɔfo ho ban ho bɛboro 500 wɔ hɔ. Nhoma ahorow yi ma wɔn a wɔkenkan no hu sɛnea wobetumi ahu abɔfo a wɔde ahobammɔ ma no, ahu wɔn din, ne wɔn akasa, na wɔahwehwɛ mmoa afi wɔn hɔ. Nhoma yi ka sɛnea abɔfo boa afoforo wɔ ahokyere bere mu, sɛnea wɔbɔ nkurɔfo ho ban wɔ kar kwan mu, sɛnea wɔsa yare bɔne, kyekye wɔn a wɔn werɛ ahow werɛ, ne asraafo a wɔbɔ wɔn ho ban wɔ akono, ho nsɛm pii. Abɔfo yi yɛ nnwuma a ɛtete saa a “wɔnhwehwɛ sɛ obi benu ne ho, asakra anaasɛ obegye nkyerɛkyerɛ bi atom” ansa. Nanso yɛntaa nhu sɛ “abɔfo a wɔkyerɛ sɛ wɔne afoforo di nkitaho yi” boa wɔn ma wɔyɛ nsakrae wɔ wɔn asetram. Anigye kakraa bi pɛ na wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔne abɔfo anya nkitahodi no nya.

Sɛ obi werɛ how anaasɛ ɔkɔ ahokyere mu a, ɛyɛ a obu nsɛm a ɛtete sɛɛ sɛ asɛmpa. Nanso so yebetumi de yɛn ho ato nsɛm a ɛtete saa so? So ɛho hia?

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 14]

Nnipa pii ka sɛ wɔne abɔfo adi nkitaho pɛn

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena