Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 12/8 kr. 31
  • Wodii Wɔn Bɔhyɛ So!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wodii Wɔn Bɔhyɛ So!
  • Nyan!—1999
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Hyɛ Wo Ho Den na Hyɛ Afoforo Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Tumi a Video Ahorow a Edi Adanse no Wɔ
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • Adwuma A Ebetumi Ama Wani Agye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Mɛyɛ Dɛn Ne Me Kyerɛkyerɛfo Ntam Ayɛ Kama?
    Mmabun Bisa Sɛ
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 12/8 kr. 31

Wodii Wɔn Bɔhyɛ So!

ANTONIO, a ɔwɔ n’afe a etwa to wɔ ntoaso sukuu mu no pɛe sɛ odi n’adesuakuw no mufo adanse. Enti ɔsrɛɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ɔkyerɛ wɔn abakɔsɛm ho nneɛma no sɛ wonyi Jehovah’s Witnesses Stand Firm Against Nazi Assault video no ma wɔnhwɛ. Ɛwom sɛ na ɔkyerɛkyerɛfo no ani nnye adwene a ɛte saa ho de, nanso ɔkae sɛ sɛ ade kye a, obeyi video no.

Antonio kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mfitiase no, na ɔkyerɛkyerɛfo no bu video no sɛ nea mfaso biara nni so; nanso bere a ohui sɛ abakɔsɛm ho animdefo a wɔagye din reka Yehowa Adansefo a wɔde wɔn kɔɔ nneduaban ahorow mu ho asɛm no, ɔkyerɛɛ ho anigye kɛse. Bere a woyii video no wiei no, ɔdaa me ase.”

Wɔ wɔn adesua a edi hɔ mu no, ɔkyerɛkyerɛfo no bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ Yehowa Adansefo a na saa bere no wɔfrɛ wɔn Bibelforscher wɔ Germany no dwumadi mu; nanso ohui sɛ ɛyɛ papa sɛ ɔbɛma Antonio ayɛ saa. Antonio kyerɛkyerɛɛ Adansefo no adwuma a wɔyɛ wɔ ɔmanfo no mu ne wɔn nkyerɛkyerɛ binom mu. Ɔde n’asɛm no baa awiei sɛ: “Nokwarem no, sɛ nkurɔfo antie yɛn na wɔka wɔn apon hwe mu, anaasɛ wɔankenkan yɛn nhoma ahorow no a, yɛn asɛm a ɛsom bo no so remma wɔn mfaso biara.”

Wɔn a Antonio ne wɔn gyina no nyinaa gyee asɛm a ɔkae no toom, na ɔkyerɛkyerɛfo no de nyansahyɛ bi maa wɔn. Ɛne sɛ, sɛ Adansefo no ba wɔn nkyɛn a, ade a edi kan koraa a wɔbɛyɛ ne sɛ wobetie wɔn na wɔagye wɔn nhoma ahorow no bi. Adesuakuw no kaa video no ho asɛm kyɛe kakra. Hwɛ sɛnea Antonio ani gyei bere a akyiri yi ohui sɛ ne mfɛfo sukuufo no pii kurakura Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma reba sukuu na wɔn mu biara de anigye reka akyerɛ no sɛ: “Woahu, madi me bɔhyɛ so!”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena