Tumi a Video Ahorow a Edi Adanse no Wɔ
1 “Yɛn babarima hwɛɛ video no ansa na ɔrenantew. Ɔhwɛɛ mpɛn pii. Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yɛwɔ nnwinnade a ɛma yɛn mma nya Yehowa ho dɔ!” Video bɛn na ɔwofo a ɔyɛ Kristoni yi reka ho asɛm no? Nea n’asɛmti ne Noah—He Walked With God no. Ɛna bi a ɔnyɛ Ɔdansefo a ne babarima ahwɛ Noah video no wɔ obi fie no de ntoboa $90 (₵630,000) menaa baa dwumadibea no bisae sɛ ebia yɛwɔ video foforo bi ma mmofra anaa. Video ahorow a Yehowa ahyehyɛde no yɛ no nya mmofra ne mpanyin nyinaa so tumi kɛse.
2 Wɔ Abusua no Mu: Bere a Adansefo abusua bi hwɛɛ Jehovah’s Witnesses Stand Firm Against Nazi Assault no wiei no, ɛna no kae sɛ: “Madwennwen sɛnea Yehowa maa nnipa a wɔba fam tumi gyinaa nneɛma a ɛyɛ nwonwa ano ho da mũ nyinaa! Ɛno ho a masusuw no ama makae sɛnea m’ankasa me haw ahorow sua koraa no. Video yi a yɛne yɛn mma ahwɛ no aboa wɔn ma wɔahu pefee sɛ ehia sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so. Esiane sɛ akyiri yi yɛne wɔn susuw ho nti, yɛaboa yɛn mmabea ma asiesie wɔn yiye na ama wodi nhyɛso ne ɔtaa biara a ebia wobehyia no ho dwuma.”
3 Wɔ Sukuu: Ɔdansefo abarimaa bi yii Stand Firm video no fã bi kyerɛɛ n’adesuakuw mufo sɛ amanneɛbɔ bi fã. Ná ɔkyerɛkyerɛfo no aka dedaw sɛ ɔmpɛ Adansefo asɛm. Bere a ɔhwɛɛ video no wiei no, ɔkae sɛ: “Eyi asakra sɛnea mibu Yehowa Adansefo no koraa. Mehyɛ bɔ sɛ bere foforo a wɔbɛba me pon ano no, metie wɔn na mefi ase ne wɔn asua Bible no!” Dɛn na ɛsakraa adwene a na okura wɔ yɛn ho no? Ɔkae sɛ ɛyɛ yɛn “nokware dɔ ne nokwaredi.”
4 Wɔ Asɛnka Mu: Onuawa bi hyiaa ɔbea bi a na ɔmpɛ sɛ ogye nhoma, ɛwom sɛ na ɔwɔ yɛne yɛn gyidi ho nsɛmmisa de. Onuawa no san de Jehovah’s Witnesses—The Organization Behind the Name video no kɔɔ ɔbea no nkyɛn koyi kyerɛɛ ɔne ne kunu. Wɔn baanu nyinaa ani gyee yiye na wɔpenee so sɛ wobesua Bible no. Esiane sɛ wodii wɔn adanse yiye nti, wofii ase yɛɛ Onyankopɔn apɛde wɔ wɔn asetra mu. So wode yɛn video ahorow no redi dwuma ma atumi asow aba a ɛsɛ sɛ ɛsow no?